Yosua
Chapter 1
Onyankopɔn De Dwumadie Hyɛ Yosua Nsa
1 Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose ɔboafoɔ no sɛ, 2 “Afei a me ɔsomfoɔ Mose awuo no, ɛsɛ sɛ wodi me nkurɔfoɔ no anim kɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so. [1]2.15 Mose 34.3 3 Mehyɛ wo bɔ a mehyɛɛ Mose no sɛ, baabiara a wode wo nan bɛsi no bɛyɛ asase a mede ama woɔ. 4 Ɛfiri Negeb ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Lebanon mmepɔ a ɛwɔ atifi fam, ɛfiri Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apueeɛ fam kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam, ne Hetifoɔ asase nyinaa. 5 Obiara rentumi nsɔre ntia wo wɔ wo nkwa nna nyinaa. Sɛdeɛ na meka Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennya wo na merempa wʼakyi da. 6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wobɛdi me nkurɔfoɔ yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.
7 “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim wɔ biribiara a woyɛ mu. 8 Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie. 9 Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”
Yosua Kyerɛ Deɛ Israelfoɔ Nyɛ
10 Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofoɔ no sɛ, 11 “Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade , mo Onyankopɔn, de ama mo no.”
12 Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua no fa nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 13 “Monkae ahyɛdeɛ a Awurade ɔsomfoɔ Mose maa mo no: ‘ Awurade , mo Onyankopɔn, rema mo ahomeɛ na ɔde asase yi ama mo.’ 14 Mo yerenom, mo mma ne mo anantwie bɛtena Yordan apueeɛ fam ha. Nanso, mo akofoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bɛdi mmusuakuo a aka no anim atware Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ 15 nkɔsi sɛ Awurade bɛma wɔn ahomeɛ sɛdeɛ wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bɛdi asase a Awurade , mo Onyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apueeɛ fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa mo no, bɛyɛ mo atenaeɛ.”
16 Wɔbuaa Yosua sɛ, “Deɛ woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ. 17 Yɛbɛyɛ ɔsetie ama wo sɛdeɛ yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Onyankopɔn, nni wʼakyi sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no. 18 Obiara a ɔbɛte wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛdeɛ mu biara so no, wɔnkum no. Enti, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru!”
Chapter 2
Rahab Bɔ Akwansrafoɔ Ho Ban
1 Afei, Yosua somaa akwansrafoɔ baanu wɔ kɔkoam firii Israelfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titire ne deɛ atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu kɔduruu odwamanfoɔ bi a ne din de Rahab fie na wɔtenaa hɔ anadwo no.
2 Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” 3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.”
4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ. 5 Adeɛ reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apono mu no na wɔkɔeɛ, nso manhunu baabi a wɔfaeɛ. Sɛ moyɛ ntɛm ti wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” 6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.) 7 Enti, ɔhene asomafoɔ no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafoɔ no wɔ ɛkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan atwareeɛ hɔ. Asomafoɔ no firii hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apono mu.
8 Ansa na akwansrafoɔ no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɛdan no atifi ne wɔn kɔkasaeɛ sɛ, 9 “Menim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa. 10 Yɛate sɛdeɛ Awurade maa Ɛpo Kɔkɔɔ no weeɛ ma monyaa ɛkwan faa mu ɛberɛ a mofirii Misraim no. Na yɛnim sɛdeɛ moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no ne sɛdeɛ mosɛee wɔn nkurɔfoɔ pasaa no. 11 Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na Awurade , mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase.
12 “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me sɛ, ɛsiane sɛ maboa mo enti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafoɔ adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so sɛ, 13 moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me maame, me nuammarima ne nuammaa ne wɔn mʼabusuafoɔ nyinaa.”
14 Mmarima no penee so kaa sɛ, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yɛbɛdi yɛn bɔhyɛ so.”
15 Esiane sɛ wɔsii Rahab fie sii kuro no ɔfasuo so enti, ɔde ahoma sianee wɔn faa mpomma mu ma wɔsii fam. 16 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnwane mfa bepɔ so ɔman no so. Momfa mo ho nsie nnansa kɔsi sɛ atifoɔ no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsane wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.”
17 Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban 18 na mmom, gya ahoma kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mpomma ano no na ma wʼabusuafoɔ a ɛyɛ wʼagya, wo maame, wo nuammarima ne wɔn mmusuafoɔ nyinaa mmɛhyɛ efie no mu a wɔnnkɔ baabiara. 19 Sɛ wɔpue si abɔntene a, wɔbɛkum wɔn nyinaa na obi rentumi mmɔ yɛn soboɔ sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ efie yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso rentene ne nsa wɔ wɔn so. 20 Na sɛ wodi yɛn hwammɔ deɛ a, ntam yi renkyekyere yɛn wɔ ɛkwan biara so.”
21 Ɔbaa no buaa sɛ, “Mepene mo nhyehyɛeɛ no nyinaa so.”
Ɔgyaa wɔn ɛkwan wɔ ɛberɛ a ahoma kɔkɔɔ no sɛne efie no mpomma no ano.
22 Akwansrafoɔ no kɔɔ bepɔ asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atifoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan no so baabiara, sane kɔɔ wɔn kurom a wɔanhunu akwansrafoɔ no wɔ baabiara. 23 Afei akwansrafoɔ baanu no siane firii bepɔ asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua. 24 Wɔkaa sɛ, “Ampa ara Awurade de asase no nyinaa bɛma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.”
Chapter 3
Israelfoɔ Twa Asubɔnten Yordan
1 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa tu firii Sitim kɔduruu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa. 2 Nnansa akyi no, Israelfoɔ ntuanofoɔ no faa atenaeɛ hɔ nyinaa 3 maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no so Awurade , mo Onyankopɔn Apam Adaka no a, monni wɔn akyi. 4 Esiane sɛ momfaa ha da no enti, wɔbɛkyerɛ mo ɛkwan. Momma akwansini fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.”
5 Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monnwira mo ho, ɛfiri sɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu.”
6 Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ, “Mompagya Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno enti wɔsiim.
7 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ, mɛhyɛ aseɛ ayɛ wo kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahunu sɛ, meka wo ho sɛdeɛ na meka Mose ho no. 8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ moduru Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnante nkɔ nsuo no mu kakra na monnyina.’ ”
9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Mommra mmɛtie asɛm a Awurade , mo Onyankopɔn aka. 10 Ɛnnɛ mobɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Hewifoɔ, Perisifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ ne Yebusifoɔ. 11 Monnwene ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne dea no bɛdi mo anim de mo atware Asubɔnten Yordan. 12 Afei, monyiyi nnipa dumienu a ɔbaako biara firi mmusuakuo dumienu no mu. 13 Asɔfoɔ no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si nsuo no mu ara pɛ, asuo no bɛtwa afiri atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”
14 Ɛberɛ a nnipa no sɔree sɛ wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim. 15 Na ɛyɛ otwaberɛ mu enti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfoɔ a wɔso Adaka no nan sii asuo no ano pɛ, 16 asuo no ano hyɛɛ aseɛ boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na asuo a ɛwɔ anafoɔ no nso tene kɔguu Nkyene Ɛpo no mu kɔsii sɛ asuo no subɔnhwa no weeɛ. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no. 17 Saa ɛberɛ no mu, asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subɔnhwa no mfimfini ma nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛnee wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.
Chapter 4
Aboɔ Dumienu Nkaeɛdum
1 Ɛberɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, 2 “Yiyi mmarima dumienu firi ɔmanfoɔ no mu a ɔbaako biara firi abusuakuo no bi mu 3 na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔmfa aboɔ dumienu mfiri Yordan mfimfini nifa so wɔ baabi a na asɔfoɔ no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmɛgu baabi a mobɛtena anadwo yi.”
4 Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ no mu no a ɔbaako biara firi abusuakuo bi mu no, 5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔdi Awurade , mo Onyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɛboɔ nto ne batiri so sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no dodoɔ te, 6 na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo sɛ, ‘Saa aboɔ yi ase kyerɛ sɛn’ a, 7 monka nkyerɛ wɔn sɛ, Yordan asutene no twaeɛ wɔ Awurade apam adaka no anim. Ɛberɛ a Awurade apam adaka no twaa Yordan asutene no, asuo no weeɛ. Saa aboɔ yi bɛyɛ nkaedeɛ ama Israelfoɔ daa nyinaa.”
8 Enti, mmarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa aboɔ dumienu firii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɛboɔ baako biara gyina hɔ ma abusuakuo baako, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ baabi a wɔtenaa hɔ anadwo no na wɔsii nkaeɛdum wɔ hɔ. 9 Yosua nso de aboɔ dumienu sii nkaeɛdum wɔ Yordan mfimfini wɔ baabi a na asɔfoɔ a wɔso apam Adaka no gyina hɔ. Ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
10 Asɔfoɔ a na wɔso adaka no gyinaa asuo no mfimfini hɔ ara kɔsii sɛ Awurade ahyɛdeɛ a ɔnam Mose so de maa Yosua no, wɔyɛɛ ne nyinaa. Saa ɛberɛ no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asuo no kɔsii ne konkɔn so. 11 Na ɛberɛ a obiara duruu asuo no fa hɔ no, asɔfoɔ no nso de Awurade adaka no tware kɔɔ ɛfa hɔ bi. 12 Na akofoɔ a wɔahyɛ wɔn akodeɛ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu, Gad abusuakuo mu ne Manase abusuakuo fa mu akofoɔ no dii Israelfoɔ no anim twaa Yordan sɛdeɛ Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. 13 Saa akofoɔ yi, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔtwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.
14 Saa ɛda no, Awurade yɛɛ Yosua kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfoɔ de obuo ne anidie maa no sɛdeɛ wɔde obuo ne anidie maa Mose no.
15 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, 16 “Hyɛ asɔfoɔ a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, wɔmfiri subɔnhwa no mu hɔ mmra.” 17 Enti, Yosua hyɛɛ wɔn. 18 Na ɛberɛ a asɔfoɔ a wɔso Awurade apam adaka no firii subɔnhwa no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan sane ka sram so tɛntɛntɛn te sɛ kane no.
19 Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so edu no nnipa no foro firii Yordan kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Gilgal, Yeriko apueeɛ. 20 Gilgal hɔ na Yosua boaa aboɔ dumienu a wɔde firi Asubɔnten Yordan mu baeɛ no ano. 21 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Daakye bi mo mma bɛbisa sɛ, ‘Saa aboɔ yi kyerɛ sɛn?’ 22 Na mo nso moaka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛha ne beaeɛ a Israelfoɔ twaa Yordan wɔ asase wesee so no.’ 23 Awurade , mo Onyankopɔn, maa nsuo no wee wɔ mo anim na ɔkɔɔ so ma ɛweeɛ ara kɔsii sɛ mo nyinaa twareeɛ, sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no weeɛ ara kɔsii sɛ yɛn nyinaa twareeɛ. 24 Ɔyɛɛ yei sɛdeɛ aman a wɔwɔ ewiase nyinaa bɛhunu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade , mo Onyankopɔn, daa nyinaa.”
Chapter 5
1 Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan awe wɔ Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn.
Israelfoɔ Sane Yɛ Apam No Ho Amanneɛ
2 Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛ twerɛboɔ sekammoa na fa twa Israelfoɔ no twetia bio.” 3 Enti, Yosua yɛɛ twerɛboɔ sekammoa no de twitwaa Israelfoɔ nyinaa twetia wɔ Aaralot kokoɔ so.
4 Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, ɛfiri sɛ, mmarima a na wɔanyinyini a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔfirii Misraim no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so. 5 Nnipa a wɔtu firii Misraim baeɛ no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia. Nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ ɛserɛ no so wɔ Otukorɔ berɛ no mu no deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia. 6 Israelfoɔ no kyinkyinii wɔ ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii sɛ mmarima a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri sɛ, wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade , na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn nan rensi asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no. 7 Enti Yosua twitwaa wɔn mmammarima a wɔntwaa wɔn twetia no twetia wɔ ɛberɛ a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Yeinom yɛ wɔn a na wɔanyinyini a wɔtumi si wɔn agyanom anan mu no. 8 Ɔtwaa mmarima no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔgyee wɔn ahome wɔ atenaeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.
9 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguaseɛ no afiri mo so.” Ɛno enti, wɔfrɛ beaeɛ hɔ Gilgal de bɛsi ɛnnɛ.
10 Ɛberɛ a Israelfoɔ no wɔ Gilgal atenaeɛ hɔ wɔ Yeriko asase parada no so no, wɔdii Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Saa bosome no na wɔde kae ɛberɛ a wɔtu firii Misraim no. 11 Ɛda no ara, wɔhyɛɛ aseɛ dii apiti ne aburoo a wɔtwa firii asase no so a wɔakye. 12 Mana amma ɛda no na wɔanhunu bi nso bio. Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ.
Awurade Sahene Hyia Yosua13 Ɛberɛ a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn no, ɔpagyaa nʼani hunuu ɔbarima bi a ɔkura akofena rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no sɛ, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfoɔ?”
14 Na ɔbarima no buaa sɛ, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade asraadɔm so safohene.” Yosua tee yei no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ anidie mu na ɔkaa sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ, ɛdeɛn na wopɛ sɛ wo ɔsomfoɔ yɛ?”
15 Awurade asraadɔm safohene no buaa sɛ, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ deɛ ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
Chapter 6
Wɔfa Yeriko
1 Wɔtotoo Yeriko apono mu pampee, ɛfiri sɛ na wɔsuro Israelfoɔ no. Wɔamma obiara ɛkwan ma wankɔ mu anaa wamfiri adi.
2 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Mede Yeriko, ɛhɔ ɔhene ne ɛhɔ akofoɔ nyinaa ahyɛ wo nsa. 3 Ma wʼasraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkorɔ ɛda biara nna nsia. 4 Asɔfoɔ baason a obiara kura nnwennini abɛn bɛdi Adaka no anim. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mprɛnson, a asɔfoɔ no rehyɛn nnwennini mmɛn no. 5 Sɛ mote sɛ asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no dendeenden ma ɛkyɛre a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasuo nyinaa bɛdwiri agu fam, na nnipa no bɛtumi ato ahyɛ kuropɔn no so.”
6 Na Yosua frɛɛ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Awurade Apam Adaka no na mo mu baason nni animu a obiara kura nnwennini abɛn.” 7 Enti, ɔhyɛɛ nnipa no sɛ, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bɛdi Awurade adaka no anim.”
8 Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wieeɛ no, asɔfoɔ baason a wɔkura nnwennini mmɛn no hyɛɛ aseɛ bɔɔ nsra wɔ Awurade anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no dii wɔn akyi. 9 Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na ebi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔso Adaka no akyi wɔ ɛberɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no. 10 Yosua hyɛɛ sɛ, “Monnteam na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfiri mo anom, kɔsi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ monteam na moateam.” 11 Enti, ɛda no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho prɛko. Na afei obiara sane kɔɔ atenaeɛ hɔ kɔhomee anadwo no.
12 Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa Awurade Adaka no bio. 13 Asɔfoɔ baason a wɔkurakura nnwennini mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim wɔ ɛberɛ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔkurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ no rehyɛne wɔn mmɛn no. 14 Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho prɛko, na wɔsane kɔɔ atenaeɛ hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia.
15 Ɛda a ɛtɔ so nson no, Israelfoɔ no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiaeɛ, sɛdeɛ wɔayɛ dada no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mprɛnson. 16 Ne mprɛnson so no, ɛberɛ a asɔfoɔ no hyɛnee wɔn mmɛn dendeenden ma ɛkyɛreeɛ no, Yosua hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monteateam! Na Awurade de kuropɔn no ama mo! 17 Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade . Odwamanfoɔ Rahab ne nʼafifoɔ nko na ɛsɛ sɛ wɔgyaa wɔn, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ akwansrafoɔ no ho ban. 18 Mommfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa. 19 Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ no yɛ kronkron ma Awurade , enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekoradan mu.”
20 Ɛberɛ a nnipa no tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, wɔteateaam dendeenden sɛdeɛ wɔbɛtumi. Prɛko pɛ Yeriko afasuo no dwiri guu fam maa Israelfoɔ no firi afanan nyinaa to hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfaeɛ. 21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie, nnwan, mfunumu ne biribiara.
22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafoɔ baanu no sɛ, “Monni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ odwamanfoɔ no fie na monkɔfa no ne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra.” 23 Mmeranteɛ no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne maame, ne nuammarima ne abusuafoɔ a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa baeɛ. Wɔde abusuafoɔ no nyinaa kɔsiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfoɔ atenaeɛ.
24 Afei, Israelfoɔ no hyee kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhye no yɛ deɛ wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ. Wɔde ne nyinaa kɔsiee Awurade fie adekoradan mu. 25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka odwamanfoɔ Rahab ne nʼabusuafoɔ a na wɔka ne ho wɔ efie no, ɛfiri sɛ, ɔde akwansrafoɔ a Yosua somaa wɔn Yeriko no sieeɛ. Enti, ɔte Israelfoɔ mu bɛsi ɛnnɛ.
26 Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “ Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio.
“Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ,
na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.”
27 Na Awurade kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.
Chapter 7
Ai Di Israel So Nkonim
1 Nanso, Israel anni nokorɛ wɔ nneɛma a wɔgya maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuu Israelfoɔ no yie. Akan yɛ Karmi a ɔfiri Simri efie mu, na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuo mu no babarima.
2 Yosua somaa ne nnipa no bi firi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apueeɛ a ɛbɛn Bet-Awen no.
3 Wɔsane baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kuro no sua enti, ɛrenhia nnipa mpenu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.” 4 Enti, wɔde akofoɔ bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ nanso wɔdii Israelfoɔ no so pasaa. Ai mmarima 5 taa Israelfoɔ no firi kuropɔn no ɛpono ano kɔsii Sebarim, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia a na wɔredwane afiri akono wɔ nsianeeɛ bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfoɔ no ma wɔbotoeɛ.
6 Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kɔsii anwummerɛ. 7 Afei, Yosua su frɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade , adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wonim sɛ Amorifoɔ no bɛkunkum yɛn? Sɛ yɛnim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara. 8 Awurade , seesei a Israelfoɔ adwane afiri wɔn atamfoɔ anim yi, asɛm bɛn na menka? 9 Na sɛ Kanaanfoɔ ne nnipa a aka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wɔbɛtwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn ase afiri asase yi so. Na afei ɛdeɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛseɛ a ɛwɔ animuonyam no?”
10 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Sɔre! Adɛn enti na wode wʼanim abutu hɔ saa? 11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wɔnnya mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. 12 Ɛno enti na Israelfoɔ adi nkoguo na wɔredwane afiri wɔn atamfoɔ anim. Seesei deɛ, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.
13 “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara nkɔdwira ne ho mma ɔkyena, na saa na Awurade , Israel Onyankopɔn seɛ: Ao, Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔgya ma Awurade no ahinta mo mu. Morentumi nni mo atamfoɔ so da kɔsi sɛ moyi saa nneɛma no firi mo mu.
14 “ ‘Adekyeɛ mu no, abusuakuo biara bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuakuo a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuo no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ efie a ne ho wɔ asɛm no. Awieeɛ no, efie a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako. 15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no, wɔbɛhye no ne nʼagyapadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ deɛ ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ”
Akan Bɔne
16 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuo no baa Awurade anim, na wɔyii Yuda abusuakuo no. 17 Afei Yuda mmusuaban baa anim, na wɔyii Serafoɔ. Afei Sera efie biara baa Awurade anim, na wɔyii Simri efie. 18 Na Simri efie baa mmaako mmaako na wɔyii Akan, Karmi ba.
19 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ, “Me ba, fa animuonyam ma Awurade , Israel Onyankopɔn, na ka nokorɛ. Ka wo bɔne ne deɛ wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”
20 Akan buaa sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade , Israel Onyankopɔn. 21 Mehunuu atadeɛ ngugusoɔ fɛfɛ bi a wɔkra firii Babilonia, [1] dwetɛ kilogram mmienu ne fa ne sikakɔkɔɔ poma baako a ano si gram ahanum ne aduɔson (570). Mʼani bereeɛ enti, mefaeɛ. Mede asie fam wɔ me ntomadan mu, na dwetɛ no deɛ, ɛhyɛ fam kyɛn nkaeɛ no.”
22 Enti, Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wɔtutuu mmirika kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu awifodeɛ no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛdeɛ Akan kaeɛ no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn. 23 Wɔtasee nneɛma no firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ Awurade anim.
24 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atadeɛ ngugusoɔ no, sikakɔkɔɔ poma no, ne mmammarima, ne mmammaa, nʼanantwie, ne mfunumu, ne nnwan, ne ntomadan ne nʼagyapadeɛ nyinaa na wɔde no baa Akɔr bɔnhwa mu. 25 Yosua bisaa Akan sɛ, “Adɛn enti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, Awurade de ɔhaw bɛbrɛ wo.”
Na Israelfoɔ nyinaa sii Akan ne nʼabusuafoɔ aboɔ, hyee wɔn amu no. 26 Wɔsoaa aboɔ guu Akan funu so hɔree no esie a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Enti, na wɔafrɛ saa beaeɛ hɔ Akɔr Bɔnhwa no. Afei, Awurade bo dwoeɛ.
Chapter 8
Israelfoɔ Di Ai So
1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro anaasɛ mma wʼakoma nntu. Fa wʼasraadɔm no nyinaa na kɔto hyɛ Ai so, ɛfiri sɛ, mede Aihene, ne nkurɔfoɔ, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo. 2 Wobɛsɛe wɔn sɛdeɛ wosɛee Yeriko ne ne ɔhene no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, motumi fa asadeɛ ne anantwie no. Ma wʼasraafoɔ no nkɔtɛ kuropɔn no akyi.”
3 Na Yosua ne Israel akodɔm no siim sɛ wɔrekɔto ahyɛ Ai so. Yosua yii akodɔm ɔpeduasa, somaa wɔn anadwo, 4 hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtɛ wɔ atɛeɛ a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko. 5 Sɛ yɛn asraafoɔ no to hyɛ Ai so a, Ai mmarima bɛfiri adi abɛko, sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no, na yɛbɛdwane. 6 Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛfiri kuropɔn no mu. Na wɔbɛka sɛ ‘Israelfoɔ no redwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’ 7 Afei mobɛfiri mo atɛeɛ hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, ɛfiri sɛ, Awurade , mo Onyankopɔn de bɛma mo. 8 Monto kuropɔn no mu ogya sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Monim deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.”
9 Enti, wɔfirii hɔ anadwo no kɔtɛɛ Bet-El ne Ai atɔeɛ fam ntam. Nanso, Yosua deɛ, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ anadwo no.
10 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua nyanee nʼakodɔm maa wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofoɔ ka wɔn ho. 11 Wɔkɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ai atifi fam a bɔnhwa da wɔne kuropɔn no ntam. 12 Anadwo no, Yosua somaa akodɔm mpem enum sɛ wɔnkɔtɛ Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. 13 Enti, ɔmaa akodɔm no mu fa kɛseɛ gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛfoɔ no bi nso wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. Yosua ankasa deɛ, ɔtenaa bɔnhwa no mu anadwo no.
14 Aihene hunuu sɛ Israelfoɔ no wɔ bɔnhwa no fa nohoa no, ntɛm so, ɔne nʼakodɔm nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfoɔ no, to hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na ɔnnim sɛ atɛfoɔ bi wɔ kuropɔn no akyi. 15 Yosua ne ne Israel akodɔm no dwane kɔɔ ɛserɛ no so yɛɛ sɛdeɛ Aifoɔ no adi wɔn so, 16 enti Aifoɔ no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfoɔ no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa firii kuropɔn no mu. 17 Anka obi biara wɔ Ai anaa Bet-El a wankɔtaa Israelfoɔ, na wɔgyaa kuro no maa ano daa hɔ.
18 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Fa wo pea no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ noɔ no. 19 Yosua nyamaa atɛfoɔ no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu ogya.
20 Aifoɔ no hwɛɛ wɔn akyi hunuu sɛ wisie kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ so no danee wɔn ani taa wɔn. 21 Ɛberɛ a Yosua ne Israelfoɔ a wɔaka no hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuropɔn no, na wisie ayɛ kumɔnn wɔ ewiem no, wɔdanee wɔn ho bɛto hyɛɛ Aifoɔ no so. 22 Israelfoɔ a na wɔwɔ kuropɔn no mu firii akyire hyɛɛ aseɛ kunkumm atamfoɔ no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛn mu na wɔn nyinaa wuwuiɛ. Anka obi biara. 23 Ai ɔhene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua.
24 Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kunkumm Ai mmarima a wɔpue firii kuropɔn no mu wieeɛ no, wɔsane kɔɔ kuropɔn no mu kɔkunkumm wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa. 25 Enti ɛda no, wɔkunkumm nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumienu. 26 Yosua sɔɔ ne pea no mu saa ara kɔsii sɛ obiara a ɔte Ai no, wɔsɛee no pasaa. 27 Anantwie ne agyapadeɛ a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfoɔ no ankasa faeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no.
28 Enti, Ai bɛdanee mmubuiɛ esie ne asase bonini de bɛsi ɛnnɛ. 29 Yosua sɛnee Ai ɔhene wɔ dua bi so gyaa no dua no so kɔsii anwummerɛ. Owia kɔtɔeɛ no, Israelfoɔ no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no ɛpono ano. Wɔhyɛɛ aboɔ esie wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Wɔhyɛ
Awurade Apam No Mu Den30 Yosua sii afɔrebukyia maa Awurade , Israel Onyankopɔn, wɔ Ebal bepɔ so. 31 Ɔdii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu sɛ, “Fa aboɔ a wɔntwaeɛ na wɔmfaa adwinnadeɛ nsensenee ho si afɔrebukyia ma me.” Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade wɔ afɔrebukyia no so. 32 Na Yosua twerɛɛ Mose Mmara no guu afɔrebukyia no aboɔ no so wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ no rehwɛ no. 33 Afei, Israelfoɔ nyinaa, ahɔhoɔ ne ɔmanfoɔ, ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ ne atemmufoɔ nyinaa, wɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmienu. Ekuo baako gyinaa Gerisim bepɔ ayaase ɛnna ekuo baako nso gyinaa Ebal bepɔ ayaase. Akuo mmienu yi dii nhwɛanimu. Na Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade ɔsomfoɔ Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyiraa Israelfoɔ no teɛ.
34 Afei, Yosua kenkanee nhyira ne nnome nsɛm a Mose atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu no kyerɛɛ wɔn. 35 Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ no teɛ no nso ka ho.
Chapter 9
Gibeonfoɔ Daadaa Israelfoɔ
1 Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. (Yeinom ne Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ahemfo a na wɔtete mmepɔ nsase a ɛwɔ atɔeɛ fam mmepɔ ayaase ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoano kɔsi Lebanon atifi fam mmepɔ so tɔnn.) 2 Saa ahemfo yi boaa wɔn akodɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfoɔ.
3 Nanso Gibeonfoɔ tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, 4 wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotokuo a atete ne mmoa nwoma nsã nkotokuo a ayɛ dada na wɔatetɛ mu soaa wɔn mfunumu. 5 Wɔhyehyɛɛ ntadeɛ dada ne mpaboa a akyɛre na wɔapempam. Afei wɔfaa burodo a abɔ ntu sɛ wɔn aduane. 6 Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.”
7 Israelfoɔ no buaa saa Hewifoɔ [1] yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ monnte mmɛn ha? Ɛfiri sɛ, sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”
8 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”
Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?”
9 Wɔbuaa sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade , mo Onyankopɔn no kɛseyɛ ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. 10 Afei yɛate deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no). 11 Ɛno enti, yɛn mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma akwantuo tenten. Monkɔhyia Israelfoɔ na mompae mu nka sɛ, “Yɛn nkurɔfoɔ bɛyɛ wɔn asomfoɔ na mompere asomdwoeɛ.” ’ 12 Yɛresi mu no, na burodo yi yɛ hyeehyeehye a ɛfiri fononoo mu. Nanso sɛdeɛ mohunu no, akyenkyene na abɔ ntu. 13 Saa mmoa nwoma nsã nkotokuo yi, ɛberɛ a yɛde nsã guu mu no na ɛyɛ foforɔ, nanso seesei, apaapae ayɛ dada. Na yɛn ntadeɛ ne mpaboa nso, ɛsiane akwantuo tenten enti, atete.”
14 Enti, Israelfoɔ no hwehwɛɛ wɔn burodo no ho nanso wɔammisa Awurade . 15 Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam no na Israel mpanimfoɔ no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu.
16 Nnansa akyi no, nokorɛ no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfoɔ no te bɛn. 17 Enti, Israelfoɔ no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no wɔduruu wɔn nkuro no so. Saa nkuro no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. 18 Nanso, Israelfoɔ no anto anhyɛ nkuro no so, ɛfiri sɛ, na wɔn mpanimfoɔ aka ntam akyerɛ Awurade , Israel Onyankopɔn.
Esiane Apam no enti, Israelfoɔ no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanimfoɔ no. 19 Na mpanimfoɔ no buaa sɛ, “Yɛaka ntam wɔ Awurade , Israel Onyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. 20 Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yɛbu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo bɛfu yɛn. 21 Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asuo ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfoɔ no dii ɛbɔ a wɔahyɛ Gibeonfoɔ no so.
22 Na Yosua frɛɛ Gibeonfoɔ mpanimfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na motwaa atorɔ kyerɛɛ yɛn? Adɛn enti na mokaa sɛ mote akyirikyiri asase so wɔ ɛberɛ a mote yɛn mu pɛɛ? 23 Nnome mmra mo so! Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, mobɛbu nnua, atwe nsuo de akɔ me Onyankopɔn fie.”
24 Wɔbuaa Yosua sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Awurade , mo Onyankopɔn hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yɛsuroo sɛ mobɛkum yɛn. Ɛno enti na ɛma yɛyɛɛ saa. 25 Seesei yɛdan mo. Deɛ mosusu sɛ ɛyɛ ma mo biara no, monyɛ.”
26 Yosua amma Israelfoɔ no ankum wɔn. 27 Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfoɔ no yɛɛ nnuabufoɔ ne asukɔfoɔ maa Israelfoɔ ne Awurade afɔrebukyia no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wɔnsi no no. Saa nhyehyɛeɛ no wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Chapter 10
Israel Di Atɔeɛ Fam Ahemfo So
1 Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ ɔhene, sɛdeɛ wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ ɔhene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfoɔ ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam, na wɔayɛ baako. 2 Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene. 3 Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 4 “Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.”
5 Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so.
6 Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.”
7 Enti, Yosua ne Israel akodɔm nyinaa firii Gilgal sɛ wɔrekoboa Gibeonfoɔ. 8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”
9 Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu. 10 Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn wɔ Aseka ne Makeda. 11 Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane wɔ ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii sɛ wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no.
12 Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ,
“Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so
na ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.”
13 Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn,
kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so.
Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa?
Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no. 14 Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn.
15 Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ.
Yosua Kum Ahemfo Baanum
16 Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. 17 Yosua tee sɛ wɔahunu wɔn no, 18 ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛseɛ nsi ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfoɔ no nnwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. 19 Mo a moaka no nso, montaa atamfoɔ no na monkunkum wɔn mfiri akyire. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkuro so, ɛfiri sɛ, Awurade , mo Onyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.”
20 Enti, Yosua ne Israel akodɔm toaa so kunkumm wɔn, tɔree akodɔm enum no ase ma ɛkaa ɛdɔm no kakra bi a wɔtumi dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. 21 Afei, Israelfoɔ no sane baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel.
22 Afei, Yosua kaa sɛ, “Monyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” 23 Enti, wɔkɔyii ahemfo baanum no firi ɔbodan no mu baeɛ: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. 24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no sɛ, “Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no.
25 Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ, “Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, Awurade rebɛyɛ yei atia mo atamfoɔ nyinaa.” 26 Yosua kunkumm ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua enum so kɔsii anwummerɛ.
27 Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnyiyi ahemfo no amu no mfiri nnua no so na wɔnkɔto wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛɛ mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛseɛ mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Israelfoɔ Sɛe Anafoɔ Fam Nkuropɔn
28 Ɛda no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kumm obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ ɔhene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Ɔkumm Makedahene te sɛ deɛ ɔkumm Yerikohene no.
29 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so. 30 Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ ɔhene no maa wɔn. Wɔkunkumm obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefoɔ fua po. Na Yosua kumm Libnahene sɛdeɛ ɔkumm Yerikohene no.
31 Yosua ne Israelfoɔ no firi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔto hyɛɛ wɔn so. 32 Na ne nnanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfoɔ. Ɛhɔ nso, wɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no. 33 Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakodɔm baa sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kumm no sɛee nʼakodɔm no nyinaa.
34 Ɛnna Yosua ne ne Israel akodɔm no kɔɔ Eglon kɔto hyɛɛ so. 35 Wɔde ɛda koro faa kuro no dommum na ɛhɔ nso, wɔkumm obiara wɔ kuropɔn no mu sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis.
36 Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so, 37 faa hɔ ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Eglon no, wɔkunkumm ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka.
38 Afei, wɔsane wɔn akyi kɔto hyɛɛ Debir so. 39 Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no.
40 Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ Awurade , Israel Onyankopɔn, hyɛɛ no. 41 Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen [1] kɔduruu Gibeon. 42 Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri sɛ, na Awurade , Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ.
43 Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.
Chapter 11
Israelfoɔ Di Amantifi Ahemfo So
1 Ɛberɛ a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wɔdidi so yi nkra dendeenden: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene; 2 ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bɔnhwa a ɛda Galilea anafoɔ fam; ahemfo a wɔwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔeɛ fam; 3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ; Amorifoɔ ahemfo ne Hetifoɔ ahemfo ne Perisifoɔ ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifoɔ mmepɔ asase so; ne Hewifoɔ a wɔwɔ nkuro a ɛwɔ Hermon bepɔ ase wɔ Mispa asase so. 4 Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn akodɔm no nyinaa, apɔnkɔ dodoɔ ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano anwea. 5 Wɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ asuo a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel.
6 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hye wɔn nteaseɛnam no.”
7 Na Yosua ne nʼakodɔm kɔɔ Merom asuo no ho kɔto hyɛɛ wɔn so mpofirim. 8 Na Awurade ma wɔdii wɔn atamfoɔ no so nkonim. Israelfoɔ no taa wɔn ara kɔsii Sidon Kɛseɛ ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bɔnhwa no mu wɔ apueeɛ fam, kɔsii sɛ atamfoɔ no akofoɔ baako mpo anka. 9 Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no nan, sane hyee nteaseɛnam no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.
10 Yosua sane nʼakyi bɛgyee Hasor kuro no faeɛ, kumm ɛhɔ ɔhene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.) 11 Israelfoɔ no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu ogya.
12 Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ, hyɛɛ no pɛpɛɛpɛ. 13 Mmom, Yosua anhye kuropɔn biara a ɛsi esie so gye Hasor. 14 Na Israelfoɔ no faa asadeɛ ne anantwie a wɔwɔ nkuro mmubuiɛ no mu nanso wɔkumm emu nnipa no nyinaa. 15 Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ no no, dii deɛ Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.
16 Enti, Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔ ɔman, Negeb, Gosen asase, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, Israel mmepɔ ne nsase tata faeɛ. 17 Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ deɛ ɛfiri Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir wɔ atifi fam toaso kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔ Hermon ase wɔ Lebanon bɔnhwa mu. Yosua kunkumm nsase no so ahemfo nyinaa, 18 wɔ mmerɛ tenten akokoakoko mu. 19 Kuro biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam gye sɛ Hewifoɔ a wɔte Gibeon no. Wɔdii wɔn a aka no nyinaa so nkonim. 20 Awurade pirim wɔn akoma ma wɔko tiaa Israelfoɔ wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ wɔ ne wɔn yɛ asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ. Enti wɔsɛee wɔn pasaa a ahummɔborɔ biara nni mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
21 Saa ɛberɛ no mu, Yosua tɔree Anak asefoɔ a na wɔte bepɔ nkuro Hebron, Debir, Anab ne bepɔman Yuda ne Israel nyinaa ase. Ɔkumm wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkuro no pasaa. 22 Wɔn mu fua koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod.
23 Enti, Yosua faa asase no nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuo no. Enti awieeɛ no asase no so dwoeɛ.
Chapter 12
Ahemfo A Wɔdii Wɔn So Wɔ Yordan Apueeɛ Fam
1 Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.
- Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
6 Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no.
Yordan Apueeɛ Fam Ahemfo A Wɔdii Wɔn So
7 Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ, 8 a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.
Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:
9 Yerikohene | baako /tr> |
Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene | baako /tr> |
10 Yerusalemhene | baako /tr> |
Hebronhene | baako /tr> |
11 Yarmuthene | baako /tr> |
Lakishene | baako /tr> |
12 Eglonhene | baako /tr> |
Geserhene | baako /tr> |
13 Debirhene | baako /tr> |
Gederhene | baako /tr> |
14 Hormahene | baako /tr> |
Aradhene | baako /tr> |
15 Libnahene | baako /tr> |
Adulamhene | baako /tr> |
16 Makedahene | baako /tr> |
Bet-Elhene | baako /tr> |
17 Tapuahene | baako /tr> |
Heferhene | baako /tr> |
18 Afekhene | baako /tr> |
Lasaronhene | baako /tr> |
19 Madonhene | baako /tr> |
Hasorhene | baako /tr> |
20 Simronhene | baako /tr> |
Aksafhene | baako /tr> |
21 Taanakhene | baako /tr> |
Megidohene | baako /tr> |
22 Kedeshene | baako /tr> |
Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene | baako /tr> |
23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene | baako /tr> |
amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene | baako /tr> |
24 Tirsahene | baako |
Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako. |
Chapter 13
Asase Aka
1 Ɛberɛ a Yosua [1] bɔɔ akɔkoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Worebɔ akɔkoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.
2 “Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifoɔ ne Gesur,
- Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no, de kɔsi Afek, kɔduru Amorifoɔ ɛhyeɛ so
- Lebanon nyinaa wɔ apueeɛ fam, de firi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔ ase, de kɔsi Hamat fam.
6 “Mmepɔ asase a ɛfiri Lebanon kɔsi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfoɔ nsase nyinaa ka ho. Mɛtu saa nnipa no nyinaa afiri asase no so na mede ama Israelfoɔ. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfoɔ sɛ agyapadeɛ sononko sɛdeɛ mahyɛ wo no. 7 Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfoɔ agyapadeɛ wɔ ɛberɛ a worekyekyɛ mu ama mmusuakuo nkron no ne Manase abusua fa no.”
Wɔkyekyɛ Yordan Apueeɛ Fam Asase Mu
8 Manase abusua no mu fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ deɛ, na wɔanya wɔn agyapadeɛ wɔ Yordan apueeɛ fam, ɛfiri sɛ na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no de saa asase no ama wɔn dada.Lewi Abusuakuo Agyapadeɛ
Ruben Abusuakuo Asase
15 Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo mu.Gad Abusuakuo No Asase
24 Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu:Asase A Wɔde Maa Manase Abusuakuo Fa No
29 Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no mu.32 Yeinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛɛ ɛberɛ a na ɔwɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apueeɛ fam. 33 Nanso, Mose amma Lewi abusuakuo no asase biara, ɛfiri sɛ, na Awurade , Israel Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapadeɛ.
Chapter 14
Yordan Atɔeɛ Fam Asase No Mu Kyekyɛ
1 Israelfoɔ mmusuakuo nkaeɛ no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Eleasa, [1] Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo ntuanofoɔ no de maa wɔn. 2 Saa mmusuakuo nkron ne fa yi nam ntontobɔ so na wɔnyaa wɔn agyapadeɛ no sɛdeɛ Awurade faa Mose so hyɛɛ no. 3 Na Mose ama mmusuakuo mmienu ne fa no nsase sɛ wɔn agyapadeɛ wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam dada. 4 Yosef abusuakuo no deɛ, na abɛyɛ mmusuakuo mmienu a wɔn ne Manase ne Efraim. Lewifoɔ no deɛ, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkuro a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ so adidi. 5 Enti, asase no mu kyekyɛ no, wɔgyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.
Kaleb Bisaa Nʼasase Ase
6 Wɔtuu asomafoɔ firi Yuda abusuakuo mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn onipa, a ɛfa me ne wo ho wɔ ɛberɛ a na yɛwɔ Kades-Barnea no. 7 Ɛberɛ a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no somaa me firi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfeɛ aduanan. Mesane mʼakyi na mefiri akoma pa mu bɛkaa deɛ mehunuiɛ nyinaa, 8 nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔɔ no, hunahunaa nnipa no, tuu wɔn aba mu sɛ wɔnntu wɔn nan nnsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu deɛ, mede me ho nyinaa dii Awurade , me Onyankopɔn akyi. 9 Enti saa ɛda no, Mose hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Kanaan asase a wokɔnantee so yi bɛyɛ wo ne wʼasefoɔ agyapadeɛ sononko daa nyinaa, ɛfiri sɛ, wofiri wʼakoma nyinaa mu adi Awurade , me Onyankopɔn akyi.’
10 “Afei, sɛdeɛ wohunu yi, Awurade ahwɛ me so yie mfeɛ aduanan enum firi ɛberɛ a Mose hyɛɛ saa bɔ yi wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nenam ɛserɛ so no. Ɛnnɛ madi mfeɛ aduɔwɔtwe enum. 11 Me ho yɛ den ɛnnɛ te sɛ ɛda a Mose somaa me no na mɛtumi atu kwan akɔ ɔko ano seesei te sɛ kane no. 12 Enti merebisa na wode bepɔ asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafoɔ no, yɛhunuu sɛ Anakfoɔ tete nkuropɔn akɛseɛ a wato ɔfasuo afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afiri asase no so sɛdeɛ Awurade kaa no.”
13 Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapadeɛ. 14 Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefoɔ dea, ɛfiri sɛ ɔde nʼakoma nyinaa dii Awurade Israel Onyankopɔn akyi. 15 (Kane no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfoɔ mu okunini kɛseɛ pa ara bi.)
Na akokoakoko firii asase no so.
Chapter 15
Yuda Abusuakuo No Asase
1 Asase a wɔde maa mmusua a wɔbom yɛ Yuda abusuakuo no kɔduruu Edom ɛhyeɛ so wɔ anafoɔ fam, na Sin ɛserɛ so na ɛkɔpem.
- Atifi fam ɛhyeɛ no firi beaeɛ a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Ɛpo no mu,
Yeinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuo no ahyeɛ.
Asase A Wɔde Maa Kaleb
13 Awurade hyɛɛ Yosua sɛ ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no. 14 Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefoɔ no firii hɔ.
15 Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kuro Debir (a kane no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no. 16 Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” 17 Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
18 Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa firii nʼafunumu so sii fam no, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
19 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hyira me bio. Woayɛ adom ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase.
Nkuro A Ɛbɛyɛɛ Yuda Agyapadeɛ
20 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuo no agyapadeɛ.
- Kabseel ne Eder ne Yagur,
- Estaol ne Sora ne Asna.
- Samir ne Yatir ne Soko,
- Bet-Araba, Midin ne Sekaka,
63 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yuda abusuakuo no antumi antu wɔn enti, Yebusifoɔ ne Yuda abusuakuo no tenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ.
Chapter 16
Efraim Ne Manase Agyapadeɛ
4 Yosef mmammarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapadeɛ.
Asase A Wɔde Maa Efraim
5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapadeɛ.
- Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri hɔ kɔ Bet-Horon Soro,
10 Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te hɔ sɛ nkoa bɛsi ɛnnɛ.
Chapter 17
1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔeɛ fam no maa Manase abusuakuo no fa a ɔyɛ Yosef babarima panin no asefoɔ. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apueeɛ fam no ama Makir abusua no dada, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔkofoni kɛseɛ. (Na Makir yɛ Manase babarima panin ne Gilead agya.) 2 Asase a ɛda Yordan atɔeɛ fam no, wɔde maa mmusua nkaeɛ a wɔwɔ Manase abusuakuo mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.
3 Nanso, Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no na ɔnni mmammarima. Mmom, na ɔwɔ mmammaa baanum. Na wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 4 Saa mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ, “ Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuo mu no agyapadeɛ.”
Enti, Yosua maa wɔne wɔn agyanom agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no. 5 Ɛno enti Manase agyapadeɛ bɛyɛɛ nsasetea edu a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho, 6 ɛfiri sɛ, Manase asefoɔ a wɔyɛ mmaa no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapadeɛ. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefoɔ a wɔyɛ mmarima nkaeɛ no).
12 Nanso, Manase asefoɔ no antumi amfa saa nkuro yi. Wɔantumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte hɔ no. 13 Akyire yi, ɛberɛ a Israelfoɔ nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso, wɔampamo wɔn amfiri asase no so.
14 Yosef asefoɔ baa Yosua nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woama yɛn asaseta baako pɛ wɔ ɛberɛ a Awurade ama yɛn ase adɔre?”
15 Yosua buaa sɛ, “Sɛ Efraim bepɔ asase no sua ma mo dea, monkɔdɔ kwaeɛ a Perisifoɔ ne Refaimfoɔ te so no.”
16 Na wɔbuaa sɛ, “Bepɔ so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔwɔ bepɔ no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bɔnhwa ho ahyia no wɔ nnadeɛ nteaseɛnam na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.”
17 Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ no sɛ, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den enti, mobɛnya nsasetam no bi aka baako no ho. 18 Wɔde kwaeɛ a ɛda bepɔ no so no bɛka mo ho. Monnɔ asase no sɛdeɛ mobɛtumi biara na montena hɔ. Ɛwom sɛ Kanaanfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam, nanso mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mobɛtumi apamo wɔn afiri bɔnhwa no mu.”
Chapter 18
Asase A Aka No Mu Kyekyɛ
1 Afei a asase no abɛdi Israelfoɔ nsam no, Israelfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo [1]1 Sam 4.1-111 Be 21.29 na wɔsii hyiadan. 2 Nanso, na aka mmusuakuo nson a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn.
3 Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade , mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no? 4 Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii hɔ soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no. 5 Akwansrafoɔ no bɛkyekyɛ asase no mu nson, na wɔremfa Yuda asase a ɛda anafoɔ fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. 6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te wɔ Awurade , yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara. 7 Nanso, Lewifoɔ no rennya asase biara. Wɔn dwumadie sɛ Awurade asɔfoɔ no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nso renya asase no bi bio, ɛfiri sɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no dada.”
8 Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.” 9 Mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu nson, twerɛɛ nkuro a ɛwɔ asase no nkyekyɛmu biara so. Wɔsane kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenaeɛ hɔ.
10 Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ sɛ abusuakuo biara fa.
Asase A Wɔde Maa Benyamin
11 Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no.Nkuro A Wɔde Maa Benyamin
21 Nkuro a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo na ɛdidi soɔ yi:- Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis,
Chapter 19
Asase A Wɔde Maa Simeon
1 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ Simeon abusuakuo no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia. 2 Na deɛ ɛdidi soɔ yi ne Simeon agyapadeɛ:- Beer-Seba, Seba ne Molada,
Asase A Wɔde Maa Sebulon
10 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no nsam.- Sebulon agyapadeɛ ɛhyeɛ no hyɛ aseɛ wɔ Sarid.
Asase A Wɔde Maa Isakar
17 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so ɛnan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no nsam. 18 Nʼahyeɛ nenam saa nkuro yi so:- Yesreel, Kesulot ne Sunem,
- Nkuro dunsia ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
Asase A Wɔde Maa Aser
24 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so enum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no nsam. 25 Nʼahyeɛ no fa saa nkuro yi so:- Helkat, Hali, Beten ne Aksaf,
- Nkuro aduonu mmienu ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
Asase A Wɔde Maa Naftali
32 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nsia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no nsam.- Nkuro dunkron ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
Asase A Wɔde Maa Dan
40 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nson no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no nsam. 41 Nkuro a na ɛwɔ Dan agyapadeɛ mu no bi yɛ:- Sora, Estaol ne Ir-Semes,
Asase A Wɔde Maa Yosua
51 Yeinom ne agyapadeɛ a ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne mmusuakuo mpanimfoɔ no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan ɛpono no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuo no. Enti, ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awieeɛ.
Chapter 20
Dwanekɔbea Nkuropɔn
1 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, 2 “Afei, ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnyiyi dwanekɔbea nkuropɔn no sɛdeɛ mehyɛɛ Mose no. 3 Obiara a wanhyɛ da na ɔbɛkum obi no tumi dwane kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho adwaa, sɛdeɛ owufoɔ no abusuafoɔ no ntumi ntɔ okum no so were. 4 Sɛ onipa a wanhyɛ da na ɔkum obi no duru kuropɔn no bi so a, ɔnkɔhunu kuropɔn no mu mpanimfoɔ wɔ kuropɔn no ɛpono ano na ɔnkyerɛ wɔn deɛ ɛsiiɛ. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma ɔwura kuropɔn no mu, na wɔne no tena. 5 Sɛ owufoɔ no abusuafoɔ ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanimfoɔ no yi okumfoɔ no ma, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛsiane. 6 Nanso, ɛsɛ sɛ okumfoɔ no tena kuropɔn no mu na ɔmanfoɔ di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ okumfoɔ no kɔ so tena kuro no mu, ɛfiri sɛ, owuo no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akɔsi sɛ ɔsɔfopanin a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no a asɛm no siiɛ no bɛwu. Ɛno akyi, okumfoɔ no wɔ ho kwan sɛ ɔsane kɔ ne kurom.”
7 Nkuropɔn a ɛdidi so yi na wɔyiyi yɛɛ hɔ dwanekɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔ asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so. 8 Na Asubɔnten Yordan apueeɛ fam nso a ɛtwam firi Yeriko no, saa nkuropɔn a ɛdidi soɔ yi na wɔyiyii sɛ dwanekɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ ɛserɛ pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuo dea no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuo asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuo no asase. 9 Yeinom ne nkuropɔn a wɔyiyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne wɔn teɛ no. Obiara a wanfiri boapayɛ mu ankum ɔfoforɔ no, ɔtumi kɔpɛ dwanekɔbea wɔ saa nkuropɔn yi mu biara so. Sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so a wɔn a wɔrepɛ aweretɔ nsa renka awudifoɔ no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfoɔ asɛnniiɛ abɛyi wɔn ho ano.
Chapter 21
Nkuro A Wɔde Maa Lewifoɔ
1 Afei, Lewifoɔ abusua mu ntuanofoɔ kɔɔ ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo a aka mu ntuanofoɔ nkyɛn. 2 Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase sɛ, “ Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkuro na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwie.”
3 Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔde nkuro a ɛdidi soɔ yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ.
8 Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ.
- Gibeon, Geba,
20 Kohat [1] abusua nkaeɛfoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nso, wɔde saa nkuro yi ne adidibea a ɛfiri Efraim abusua nkyɛn maa wɔn:
- Elteke ne Gibeton,
- Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ mmienu.
27 Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuo no fa bi no nso, wɔnyaa nkuro mmienu ne wɔn adidibea
- firii Manase abusua fa no nkyɛn.
- Nkuro no ne Golan a ɛwɔ Basan (dwanekɔbea kuropɔn) ne Beestra.
- Kision, Daberat,
- Misal, Abdon,
- Kedes a ɛwɔ Galilea (dwanekɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkuro mmiɛnsa ne wɔn adidibea.
34 Lewifoɔ nkaeɛ a wɔyɛ Merari abusua no nso, wɔnyaa saa nkuro yi a
- ɛfiri Sebulon abusuakuo nkyɛn:
- Yokneam, Karta,
- Beser, Yahas,
- Ramot a ɛwɔ Gilead (dwanekɔbea kuropɔn), Mahanaim,
41 Nkuro dodoɔ ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifoɔ no nyinaa yɛ aduanan nwɔtwe. 42 Na kuro biara wɔ adidibea da ho.
43 Enti, Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfoɔ no, na wɔdii so nkonim, tenaa hɔ. 44 Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim. 45 Bɔhyɛ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu.
Chapter 22
Apueeɛ Fam Mmusuakuo No Sane Ba Efie
1 Afei, Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nyinaa. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moayɛ sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ hyɛɛ mo sɛ monyɛ no na moadi ɔhyɛ asɛm biara a mehyɛ maa mo no so. 3 Ɛwom sɛ dwumadie no agye berɛ tenten bi deɛ, nanso moampa mmusuakuo a aka no akyi. Moato mo bo ase adi mmara a Awurade , mo Onyankopɔn hyɛ maa mo no so de abɛsi ɛnnɛ. 4 Na seesei Awurade , mo Onyankopɔn ama mmusuakuo a aka no ahomegyeɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. Enti, monkɔ mo nkyi wɔ asase a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no de maa mo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no so. 5 Monhwɛ yie na monni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ Awurade , mo Onyankopɔn. Monnante nʼakwan nyinaa so, monni nʼahyɛdeɛ so, monni no nokorɛ na momfa mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no.”
6 Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie. 7 Mose de Basan asase a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no maa Manase abusuakuo fa no. Abusuakuo no fa a aka no nso, wɔde asase no fa a ɛda Yordan atɔeɛ fam no maa wɔn. Yosua regya wɔn kwan no, ɔhyiraa wɔn, 8 kaa sɛ, “Agyapadeɛ bebrebe a moanya afiri mo atamfoɔ nkyɛn no, mo ne mo abusuafoɔ a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwie dodoɔ ne nnwan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ ne aduradeɛ no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.”
9 Enti, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no gyaa Israelfoɔ nkaeɛ no hɔ wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Wɔhyɛɛ wɔn akwantuo ase sɛ wɔresane akɔ wɔn ankasa asase a ɛwɔ Gilead, asase a na ɛyɛ wɔn dea dada a Awurade hyɛɛ Mose ma ɔde maa wɔn no so.
10 Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wɔbɛtwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia kɛseɛ bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no. 11 Israelfoɔ a wɔaka no tee sɛ wɔasi afɔrebukyia wɔ Gelilot wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, wɔ Kanaan asase so no, 12 wɔn nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo, siesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔko atia wɔn nuanom.
13 Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtuu nnipa a ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas tua wɔn ano kɔɔ Gilead. Wɔtwaa asubɔnten no sɛ wɔne Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no rekɔkasa. 14 Nnipa a wɔtuu wɔn no yɛ mpanimfoɔ edu a obiara gyina hɔ ma Israel mmusuakuo edu no mu baako, na ɔsane yɛ ɔkandifoɔ ma Israel mmusua no mu baako.
15 Na wɔduruu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sɛ, 16 “ Awurade asafokuo nyinaa pɛ sɛ wɔhunu deɛ enti a moredi Israel Onyankopɔn no hwammɔ. Adɛn enti na motumi dane mo ho firi Awurade ho, kɔsi afɔrebukyia de tia no? 17 Bɔne a yɛyɛɛ no Peor no nnɔɔso mmaa yɛn anaa? Yɛnnwiraa yɛn ho mfirii ho, ɔyaredɔm a ɛbɛtɔɔ Awurade asafokuo no nyinaa so akyi no mpo. 18 Nanso ɛnnɛ yi, moretwe mo ho afiri Awurade ho sɛ morenni nʼakyi?
“ ‘Sɛ mosɔre tia Awurade ɛnnɛ a, ɔkyena ne bo bɛfu yɛn nyinaa. 19 Sɛ mosusu sɛ efi aka mo asase enti afɔrebukyia ho hia mo a, ɛnneɛ mommɛka yɛn ho wɔ asuogya ha wɔ faako a Awurade ne yɛn te wɔ nʼAsɔrefie na yɛne mo bɛkyɛ yɛn asase mu. Na monnsɔre nntia Awurade na mommfa afɔrebukyia foforɔ a moasi ama mo ho so ntwe yɛn nkɔ atuateɛ mu. Awurade , yɛn Onyankopɔn nokorɛ afɔrebukyia yɛ baako pɛ. 20 Ɛberɛ a Akan a ɔfiri Serah abusua mu nam korɔno a ɔbɔɔ wɔ nneɛma a wɔayi asi hɔ ama Awurade , nam so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antwe Israel manfoɔ nyinaa aso? Ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛsiane bɔne no enti ɔwuiɛ.’ ”
21 Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no buaa mpanimfoɔ no sɛ, 22 “ Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Yɛansi afɔrebukyia no sɛ yɛde retia Awurade . Sɛ saa na yɛayɛ a, ɛnnɛ, momfa yɛn ho nkyɛ yɛn. Nanso Awurade nim na Israel nyinaa nso nhunu sɛ, 23 yɛnnsii afɔrebukyia mmaa yɛn ho sɛ yɛrefiri Awurade nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so nso. Sɛ yei enti na yɛsii afɔrebukyia no a, Awurade no ankasa ntwe yɛn aso.
24 “Yɛasi saa afɔrebukyia yi, ɛfiri sɛ yɛsuro sɛ daakye bi mo asefoɔ bɛbisa yɛn asefoɔ sɛ, ‘Tumi bɛn na mowɔ sɛ mobɛsom Awurade , Israel Onyankopɔn? 25 Awurade de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfoɔ ne ne nkurɔfoɔ ntam ɛhyeɛ. Monni kyɛfa wɔ Awurade mu!’ Enti, mo asefoɔ bɛma yɛn asefoɔ agyae Awurade som.
26 “Ɛno enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsi afɔrebukyia, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, 27 na mmom sɛ nkaeɛdum. Ɛbɛbɔ yɛn asefoɔ ne mo asefoɔ nkaeɛ sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom Awurade wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na daakye bi no, mo asefoɔ rentumi nka nkyerɛ yɛn asefoɔ no sɛ, ‘Monni kyɛfa wɔ Awurade mu.’
28 “Sɛ wɔka sei a, yɛn asefoɔ bɛtumi aka sɛ, ‘Monhwɛ Awurade afɔrebukyia sɛso a yɛn agyanom siiɛ. Wɔansi amma ɔhyeɛ afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae adeɛ a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ Awurade mu.’
29 “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia Awurade , anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri ne ho akɔsi yɛn ankasa afɔrebukyia ama ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ anaa afɔrebɔ. Awurade , yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne Ahyiaeɛ Ntomadan anim no so na wɔdi saa dwuma no.”
30 Ɔsɔfoɔ Pinehas ne mpanimfoɔ edu no tee nsɛm yi firii Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa hɔ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. 31 Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas buaa wɔn sɛ, “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ Awurade wɔ yɛn ntam, ɛfiri sɛ, monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛdeɛ yɛsusuiɛ no, mmom moagye Israel nkwa afiri ɔsɛeɛ a anka Awurade de reba wɔn so.”
32 Afei, Pinehas, ɔsɔfoɔ Eleasa babarima ne mpanimfoɔ edu no firii Ruben ne Gad mmusuakuo no nkyɛn wɔ Gilead sane kɔɔ Kanaan asase so kɔbɔɔ Israelfoɔ no amaneɛ. 33 Na Israelfoɔ no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, wɔyii Onyankopɔn ayɛ na wɔanka ɔko a wɔbɛko atia Ruben ne Gad ho asɛm bio.
34 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ too afɔrebukyia no edin sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ Awurade yɛ yɛn nso Onyankopɔn.
Chapter 23
Yosua Ne Israel Di Nkra
1 Mfeɛ bebree twaam a Awurade maa Israelfoɔ no ahotɔ a wɔn atamfoɔ no mu biara anha wɔn bio. Yosua a afei na wanyini yie no 2 frɛɛ mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Seesei, mabɔ akɔkoraa. 3 Moahunu biribiara a Awurade , mo Onyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade , mo Onyankopɔn ako atia mo atamfoɔ. 4 Mede amanaman no nsase a yɛnnya nnii soɔ ne deɛ yɛadi soɔ ama mo sɛ mo agyapadeɛ, ɛfiri Asubɔnten Yordan kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam no. 5 Saa asase yi bɛyɛ mo dea, ɛfiri sɛ, Awurade , mo Onyankopɔn bɛpamo nnipa a wɔtete so seesei no nyinaa. Mobɛsi wɔn anan mu atena hɔ, sɛdeɛ Awurade , mo Onyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.
6 “Enti, monyɛ den! Monhwɛ na monni nkyerɛkyerɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfiri ho kwan biara so. 7 Monhwɛ yie sɛ mo ne nnipa foforɔ a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn. 8 Na monni Awurade , mo Onyankopɔn no nokorɛ sɛdeɛ moayɛ abɛsi ɛnnɛ yi.
9 “Ɛfiri sɛ, Awurade apamo amanaman akɛseɛ a wɔyɛ dene ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim. 10 Mo mu biara bɛtumi atu atamfoɔ apem agu, ɛfiri sɛ, Awurade , mo Onyankopɔn ko ma mo sɛdeɛ wahyɛ bɔ no. 11 Enti, monhwɛ yie na monnɔ Awurade , mo Onyankopɔn no.
12 “Nanso sɛ motwe mo ho firi ne ho, na mone saa amanaman yi nkaeɛfoɔ a wɔwɔ mo mu yi di awadeɛ a, 13 ɛnneɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade , mo Onyankopɔn rempamo wɔn mfiri mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ afidie ama mo, ɔyea wɔ mo mfe mu ne kasɛɛ a ɛhyɛ mo aniwa mu, na wɔbɛtɔre mo ase afiri asase pa yi a Awurade , mo Onyankopɔn de ama mo yi so.
14 “Ɛrenkyɛre biara mɛwu, sɛdeɛ obiara korɔ no. Mo akoma mu no monim sɛ ɛbɔ biara a Awurade , mo Onyankopɔn hyɛeɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu! 15 Nanso, sɛdeɛ Awurade , mo Onyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moannyɛ ɔsetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afiri saa asase pa a ɔde ama mo yi so. 16 Sɛ mobu Awurade , mo Onyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforɔ a, nʼabufuo bɛhye mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afiri asase pa a ɔde ama mo no so.”
Chapter 24
Wɔti
Awurade Apam No Mu1 Na Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim.
2 Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade , Israel Onyankopɔn seɛ nie: Mo tete agyanom, Tera a ɔyɛ Abraham agya ne Nahor tenaa Asubɔnten Eufrate agya nohoa na wɔsomm anyame foforɔ. 3 Nanso, mefaa mo agya Abraham firii asase a ɛda Eufrate agya hɔ de no baa Kanaan asase so. Mefaa ne ba Isak so maa nʼasefoɔ dɔɔso. 4 Mede Yakob ne Esau maa Isak. Mede Seir bepɔman no maa Esau, ɛnna Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim.
5 “Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfoɔ no so na akyire yi, meyii mo firii hɔ ma monyaa ahofadie. 6 Ɛberɛ a mo agyanom duruu Ɛpo Kɔkɔɔ ho no, Misraimfoɔ no de wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔkafoɔ taa wɔn. 7 Mosu frɛɛ Awurade no, mede esum bɛtoo mo ne Misraimfoɔ no ntam, memaa Ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mode mo ani hunuu deɛ meyɛeɛ. Afei motenaa ɛserɛ so mfeɛ bebree.
8 “Mede mo baa Amorifoɔ asase so wɔ Yordan apueeɛ fam. Wɔne mo koeɛ, nanso memaa modii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase. 9 Na Moabhene Sipor babarima Balak hyɛɛ aseɛ ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam sɛ ɔnnome mo. 10 Nanso, mantie no, na mmom mema ɔhyiraa mo, na megyee mo firii Balak nsam.
11 “Na motwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfoɔ pii nso ko tiaa mo a Amorifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ka ho. Nanso, mema modii wɔn so nkonim. 12 Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpamoo Amorifoɔ ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo akofena anaa mo agyan na ɛma modii nkonim. 13 Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na modii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ, nkuropɔn a mote mu seesei no. Memaa mo bobe nturo ne ngo dua mfuo sɛ mobɛnya aduane, a mpo ɛnyɛ mo na moduaeɛ.
14 “Enti, monni Awurade ni, na momfa mo akoma nyinaa nsom no. Monto ahoni a mo agyanom somee no wɔ ɛberɛ a na wɔte Asubɔnten Eufrate agya ne Misraim no nyinaa ngu korakora. Monsom Awurade nko ara. 15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, ɛnnɛ yi ara, monkyerɛ deɛ mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somm wɔn wɔ ɛberɛ a na wɔwɔ Eufrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifoɔ a mote wɔn asase so seesei no anyame? Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade .”
16 Na ɔman no buaa sɛ, “Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforɔ. 17 Ɛfiri sɛ, Awurade , yɛn Onyankopɔn na ɔgyee yɛn ne yɛn agyanom firii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ wɔ yɛn anim. Na yɛfaa ɛserɛ so wɔ yɛn atamfoɔ mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban. 18 Ɛyɛ Awurade na ɔpamoo Amorifoɔ ne aman foforɔ a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom Awurade , ɛfiri sɛ, ɔno nko ne yɛn Onyankopɔn.”
19 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Morentumi nsom Awurade , ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron ne ninkunfoɔ Onyankopɔn. Ɔremfa mo atuateɛ ne mo bɔne nkyɛ mo. 20 Sɛ mopa Awurade akyi na mosom anyame foforɔ a, ɔbɛdane atia mo, asɛe mo a ɛmfa ho sɛ ɔne mo adi no yie.”
21 Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade .”
22 Yosua nso kaa sɛ, “Mobɛbu saa gyinaeɛ yi ho akonta. Moaka sɛ mobɛsom Awurade .”
Wɔbuaeɛ sɛ, “Aane, yɛbɛbu ho akonta.”
23 Yosua kaa sɛ, “Ɛyɛ, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo akoma nto Awurade , Israel Onyankopɔn so.”
24 Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛbɛsom Awurade , yɛn Onyankopɔn. Yɛbɛyɛ ɔsetie ama ɔno nko ara.”
25 Enti, Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa ɛda no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam. 26 Yosua twerɛɛ yeinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nwoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛseɛ bi pire kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntomadan no ase sɛ nkaeɛ adeɛ.
27 Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a Awurade aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Onyankopɔn nokorɛ a, ɛbɛyɛ adansedeɛ atia mo.”
28 Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so.
Yosua Wuo
29 Asɛm yi akyi, ankyɛre na Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne edu. 30 Wɔsiee no wɔ nʼagyapadeɛ asase so wɔ Timnat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, wɔ Gaas Bepɔ atifi fam.
31 Na Israel somm Awurade wɔ Yosua, ne mpanimfoɔ a wɔanyinyini sene noɔ a wɔhunuu deɛ Awurade yɛ maa Israel wɔn nkwa nna nyinaa mu.
32 Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firi Misraim baeɛ no, wɔsiee wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔ ɔha firii Hamor mmammarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so.
33 Aaron babarima Eleasa nso wuiɛ. Wɔsiee no wɔ Efraim bepɔ asase no so wɔ Gibea kuro no a na wɔde ama ne babarima Pinehas no mu.