Asante Twi: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Kwadwom

Chapter 1

     1 Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie,

         kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma?

     Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a

         kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu?

     Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no

         abɛyɛ afenaa ɛnnɛ.

 

     2 Ɔsu yaayaaya anadwo,

         nisuo sensane nʼafono so.

     Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no,

         ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ.

     Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ

         Wɔayɛ nʼatamfoɔ.

 

     3 Amanehunu ne adwumaden akyi no,

         Yuda kɔ nnommumfa mu.

     Ɔte amanaman no mu

         na ɔnni ahomegyebea

     Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no

         wɔ nʼahokyere mu.

 

     4 Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ,

         ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.

     Nʼapono nyinaa adeda mpan,

         na nʼasɔfoɔ si apinie,

     ne mmabaawa di yea,

         na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.

 

     5 Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom;

         wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn.

     Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so

         nʼamumuyɛ bebrebe enti.

     Ne mma kɔ nnommumfa mu.

         Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ.

 

     6 Animuonyam nyinaa atu

         afiri Ɔbabaa Sion so kɔ.

     Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ

         a wɔnnya adidibea;

     na wɔde mmerɛyɛ adwane

         wɔ wɔn ataafoɔ anim.

 

     7 Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no,

         Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa

         a na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu.

     Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no,

         na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no.

     Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no

         na wɔseree ne sɛeɛ.

 

     8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ

         enti ne ho agu fi.

     Wɔn a wɔdi no ni no sopa no,

         ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya;

     ɔno ankasa gu ahome

         na ɔdane nʼani.

 

     9 Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu;

         wannwene ne daakye ho.

     Nʼasehweɛ yɛ nwanwa;

         obiara ankyekyere ne werɛ.

     “Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu,

         ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.”

 

     10 Ɔtamfoɔ no de ne nsa too

         nʼademudeɛ nyinaa so;

     ɔhunuu sɛ amanaman

         rehyɛne ne kronkronbea hɔ,

     nnipa a woabra sɛ

         wɔnnhyɛne wʼasafo mu no.

 

     11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie

         ɛberɛ a wɔrepɛ aduane;

     wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane

         de nya ahoɔden.

     “Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho,

         ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.”

 

     12 “Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa?

         Monhwɛ na monhunu.

     Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ

         a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa?

     Deɛ Awurade de baa me so

         wɔ nʼabufuhyeɛ da no.

 

     13 “Ɔsomaa ogya firi ɔsoro,

         ma ɛbaa me nnompe mu.

     Ɔsum afidie maa me nan

         na ɔsane me kɔɔ mʼakyi.

     Ɔyɛɛ me pasaa,

         metɔɔ bira da mu nyinaa.

 

     14 “Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa;

         ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu.

     Abɛda me kɔn mu

         na Awurade atwe mʼahoɔden.

     Ɔde me ahyɛ wɔn a

         merentumi nnyina wɔn anim no nsa.

 

     15 “Awurade apo

         ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa;

     wafrɛ akodɔm atia me

         sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ.

     Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so

         wɔ ne nsakyiamena hɔ.

 

     16 “Yeinom enti na mesu

         na nisuo adware me.

     Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ.

         Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ.

     Me mma agyigya

         ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.”

 

     17 Sion trɛ ne nsa mu

         nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ

     Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ

         ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ;

     Yerusalem abɛyɛ

         afideɛ wɔ wɔn mu.

 

     18 Awurade yɛ ɔteneneeni,

         nanso manni nʼahyɛdeɛ so.

     Montie, mo amanaman nyinaa

         monhwɛ me yea.

     Me mmeranteɛ ne mmabaawa

         kɔ nnommumfa mu.

 

     19 “Mefrɛɛ mʼapamfoɔ

         nanso wɔyii me maeɛ.

     Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ

         ase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu,

     ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi

         na wɔanwuwu.

 

     20 “Ao Awurade , hwɛ me mmɔborɔ!

         Meredi ɛyea wɔ me mu,

     na mʼakoma mu nso menni ahotɔ,

         ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ.

     Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so;

         efie nso yɛ owuo nko ara.

 

     21 “Nnipa ate mʼapinisie,

         nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.

     Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu

         wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho.

     Ma nna a woahyɛ no mmra

         sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me.

 

     22 “Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim;

         na wo ne wɔn nni

     sɛdeɛ wo ne me adie

         ɛsiane mʼamumuyɛ no enti.

     Mʼapinisie dɔɔso

         na mʼakoma aboto.”

 

 

Chapter 2

     1 Sɛdeɛ Awurade de nʼabufuhyeɛ omununkum

         akata Ɔbabaa Sion so nie?

     Wato Israel animuonyam

         firi soro abɛhwe fam;

     wankae ne nan ntiasoɔ

         wɔ nʼabufuo da no.

 

     2 Awurade annya ahummɔborɔ

         na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa;

     nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri

         Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam.

     Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma

         ho fi.

 

     3 Ɔde abufuhyeɛ atwitwa

         Israel mmɛn nyinaa.

     Wayi ne banbɔ

         wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba.

     Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ

         a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.

 

     4 Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ;

         ne nsa nifa ayɛ krado.

     Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum

         wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa;

     wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya

         agu Ɔbabaa Sion ntomadan so.

 

     5 Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ;

         wamene Israel.

     Wamene nʼahemfie nyinaa

         asɛe nʼabandenden.

     Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso

         ama Yuda Ɔbabaa.

 

     6 Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo;

         wasɛe ne dwabirem.

     Awurade ama Sion werɛ afiri

         nʼafahyɛ ne home nna;

     wɔ nʼabufuhyeɛ mu no

         wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.

 

     7 Awurade apo nʼafɔrebukyia

         na wagyae ne kronkronbea mu.

     Ɔde nʼahemfie afasuo

         ahyɛ nʼatamfoɔ nsa.

     Wɔteam wɔ Awurade efie

         te sɛ afahyɛ da.

 

     8 Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe

         Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no.

     Ɔde susuhoma too ho

         na wannyae ɔsɛeɛ no.

     Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo;

         wɔn nyinaa sɛeɛ.

 

     9 Nʼapono amem fam;

         wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.

     Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu,

         mmara nni hɔ bio,

     na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a

         ɛfiri Awurade hɔ bio.

 

     10 Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ

         tete fam ayɛ komm;

     wɔde mfuturo agu wɔn tirim

         afirafira ayitoma.

     Yerusalem mmabaawa

         asisi wɔn tiri ase.

 

     11 Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ,

         me yafunu mu retwa me,

     mʼakoma rete atɔ fam,

         ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ,

     ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti

         wɔ kuropɔn no mmɔntene so.

 

     12 Wɔbisa wɔn maamenom sɛ,

         “Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?”

     Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ

         wɔ kuropɔn no mmɔntene so,

     ɛberɛ a wɔn nkwa resa

         wɔ wɔn maamenom abasa so.

 

     13 Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ?

         Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto,

     Ao, Yerusalem Ɔbabaa?

         Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ,

     de akyekyere wo werɛ,

         Ao, Sion Ɔbabaa Bunu?

     Wʼapirakuro so sɛ ɛpo.

         Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ?

 

     14 Wʼadiyifoɔ anisoadehunu

         yɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ;

     wɔanna mo amumuyɛ adi

         ansi mo nnommumfa ano.

     Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no

         yɛ atorɔ ne nnaadaa.

 

     15 Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa

         bobɔ wɔn nsam gu wo so;

     wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tiri

         gu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ,

     “Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no

         ahoɔfɛ a ɛdi mu no?

         Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?”

 

     16 Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom

         kakraa tia wo;

     wɔsere na wɔtwɛre wɔn se

         na wɔka sɛ, “Yɛamene no.

     Ɛda a na yɛretwɛn no nie;

         Yɛatena ase ahunu.”

 

     17 Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ;

         wama nʼasɛm a

     ɔhyɛɛ dadaada no aba mu.

     Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ,

         wama ɔtamfoɔ no ani agye

         wama wʼatamfoɔ no mmɛn so.

 

     18 Nnipa no akoma

         su frɛ Awurade .

     Ao, Sion Ɔbabaa fasuo,

         ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten

         awia ne anadwo;

     nnye wʼahome

         mma wʼani nso nnya ahomeɛ.

 

     19 Sɔre, su denden anadwo

         ɔdasuom mfitiaseɛ;

     hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo

         gu Awurade anim.

     Ma wo nsa so kyerɛ no

         wo mma nkwa enti,

     wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha

         wɔ mmɔntene so.

 

     20 “Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade:

         Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn?

     Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa,

         mma a wɔahwɛ wɔn?

     Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ

         wɔ Awurade kronkronbea anaa?

 

     21 “Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu

         mfuturo mu wɔ mmɔntene so,

     me mmeranteɛ ne mmabaawa

         atotɔ wɔ akofena ano.

     Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da;

         wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.

 

     22 “Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no,

         saa ara na wofrɛfrɛɛ

         amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me.

     Awurade abufuo da no,

         obiara annwane na obiara anka:

     wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no,

         me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.”

 

 

Chapter 3

     1 Mene ɔbarima a mahunu amane

         wɔ nʼabufuo abaa ano.

     2 Wapam me afiri ne ho ama manante

         sum mu na ɛnyɛ hann mu;

     3 Ampa ara wama nsa so atia me

         mpɛn bebree, ɛda mu nyinaa.

 

     4 Wama me wedeɛ ne me nam anyini

         Na wabubu me nnompe.

     5 Waka me ahyɛ mu,

         ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia.

     6 Wama matena esum mu

         sɛ wɔn a wɔawuwu dada no.

 

     7 Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane;

         wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha.

     8 Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a

         ɔsi me mpaeɛbɔ ano.

     9 Ɔde abotan asi me ɛkwan;

         wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

 

     10 Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,

         te sɛ gyata a watɛ,

     11 ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me

         na ɔgyaa me a menni mmoa biara.

     12 Ɔkuntunuu ne tadua mu

         na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.

 

     13 Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo mu

         hwiree mʼakoma mu.

     14 Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa;

         wɔto akutia nnwom

         de di me ho fɛ ɛda mu nyinaa.

     15 Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma.

         Wama me bɔnwoma anom.

 

     16 Ɔde aboseaa abubu me se;

         na watiatia me so wɔ mfuturo mu.

     17 Wɔama asomdwoeɛ abɔ me;

         na mewerɛ afiri yiedie.

     18 Enti mese, “Mʼanimuonyam asa,

         deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”

 

     19 Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu,

         nwononwono ne bɔnwoma mu.

     20 Mekae yie,

         na me kra aboto wɔ me mu.

     21 Nanso, mekae yei

         ne saa enti, mewɔ anidasoɔ.

 

     22 Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ.

         Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ.

     23 Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara;

         wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ.

     24 Meka kyerɛ me ho sɛ,

         “ Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”

 

     25 Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu,

         onipa a ɔhwehwɛ noɔ no;

     26 Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm

         de twɛn Awurade nkwagyeɛ.

     27 Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua no

         wɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu.

 

     28 Ma ɔntena ase komm,

         ɛfiri sɛ Awurade de ato no so.

     29 Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu,

         ebia anidasoɔ wɔ hɔ.

     30 Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no

         na ɔnhyɛ no aniwuo.

 

     31 Na Awurade nto nnipa ntwene koraa.

     32 Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ.

         Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da.

     33 Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunu

         anaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma.

 

     34 Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛ

         nneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a,

     35 sɛ wɔtiatia obi ahofadie so

         wɔ Ɔsorosoroni no anim a,

     36 anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a,

         Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa?

 

     37 Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu

         wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ?

     38 Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom

         na musuo ne nnepa firi anaa?

     39 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii

         ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?

 

     40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,

         na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.

     41 Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so,

         nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:

     42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua

         na woamfa ankyɛ.

 

     43 “Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn;

         na wakunkum a woannya ahummɔborɔ.

     44 Wode wo ho asie omununkum mu

         enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn.

     45 Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira

         wɔ amanaman no mu.

 

     46 “Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛ

         de tia yɛn.

     47 Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ,

         mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.”

 

     48 Me nisuo sene sɛ asutene

         ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ.

 

     49 Me nisuo bɛsene ara,

         na ɛrennyae,

     50 kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛ

         afiri ɔsoro, na wahu.

     51 Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho

         me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti.

 

     52 Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee

         pampam me sɛ anomaa.

 

     53 Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so

         na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu;

     54 nsuo bu faa me tiri so,

         na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me.

 

     55 Mebɔɔ wo din, Ao Awurade

         firi amena no ase tɔnn.

     56 Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso

         wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.”

     57 Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no,

         na wokaa sɛ, “Nsuro.”

 

     58 Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me;

         na wogyee me nkwa.

     59 Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade .

         Di mʼasɛm ma me!

     60 Woahunu wɔn aweretɔ no mu den,

         wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa.

 

     61 Ao Awurade , woate wɔn sopa,

         wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa,

     62 deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoo

         de tia me da mu nyinaa.

     63 Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ,

     wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.

 

     64 Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade ,

         deɛ wɔn nsa ayɛ enti.

     65 Pirim wɔn akoma,

         na ma wo nnome mmra wɔn so.

     66 Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔn

         firi Awurade sorosoro ase.

 

 

Chapter 4

     1 Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie?

         Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri!

     Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete

         wɔ mmɔntene biara so.

 

     2 Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu

         na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ,

     seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo,

         ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma!

 

     3 Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ

         ma wɔn mma enum,

     nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ

         sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so.

 

     4 Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma

         fam ne dodo mu;

     mmɔfra no su pɛ aduane,

         nanso obiara mfa mma wɔn.

 

     5 Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no

         ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so.

     Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no

         seesei wɔdeda nso nkɔfie so.

 

     6 Me nkurɔfoɔ asotwe

         so sene Sodom a

     wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ,

         a wɔannya ɔboafoɔ biara no.

 

     7 Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma,

         na wɔhoa sene nufosuo,

     na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,

         na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ.

 

     8 Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu;

         na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so.

     Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so;

         ɛho awo wesee sɛ abaa.

 

     9 Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa

         sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn;

     ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu

         ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti.

 

     10 Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ

         de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,

     ayɛ wɔn aduane

         ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no.

 

     11 Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi;

         wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no.

     Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion

         ma ɛhyee ne fapem.

 

     12 Asase so ahemfo annye anni,

         ewiase mu nnipa nso annye anni

     sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne

         Yerusalem apono mu.

 

     13 Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne

         ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti,

     wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya

         guu wɔ kuropɔn no mu.

 

     14 Afei wɔkeka wɔ mmɔntene so

         te sɛ nnipa a wɔn ani afira.

     Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti

         obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ.

 

     15 Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte!

         Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”

     Sɛ wɔdwane kɔnenam a

         amanaman no mu nnipa ka sɛ,

         “Wɔrentumi ntena ha bio.”

 

     16 Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;

         nʼani nni wɔn so bio.

     Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ,

         na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ.

 

     17 Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,

         yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;

     yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too

         ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

 

     18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu,

         enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.

     Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna,

         ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so.

 

     19 Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare

         sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem;

     wɔtaa yɛn faa mmepɔ so

         na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so.

 

     20 Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no,

         ɔtɔɔ wɔn mfidie mu.

     Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase

         yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu.

 

     21 Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa,

         wo a wote Us asase so.

     Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;

         wobɛboro na wɔabɔ wo adagya.

 

     22 Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ;

         ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu.

     Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so ka

         na wada wʼamumuyɛ adi.

 

 

Chapter 5

     1 Ao Awurade , kae deɛ aba yɛn so;

         hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ.

     2 Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ,

         wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.

     3 Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom,

         yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ.

     4 Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom;

         yɛbɛnya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.

     5 Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;

         Yɛabrɛ na yɛnnya ahomegyeɛ.

     6 Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria

         sɛdeɛ yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn.

     7 Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wɔnni hɔ bio,

         na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.

     8 Nkoa di yɛn so,

         na obiara nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam.

     9 Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔdeɛ de pɛ yɛn anoduane,

         akofena a ɛwɔ ɛserɛ so no enti.

     10 Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.

         Ɛkɔm ama huraeɛ abɔ yɛn.

     11 Wɔato mmaa monnaa wɔ Sion,

         ne mmaabunu a wɔwɔ Yuda nkuro so.

     12 Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;

         wɔmmfa anidie mma mpanimfoɔ.

     13 Mmeranteɛ yɛ adwuma den wɔ ayuoyammoɔ so;

         na mmerantewaa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.

     14 Mpanimfoɔ ntena kuropɔn apono ano bio;

         mmeranteɛ agyae wɔn nnwontoɔ.

     15 Ahosɛpɛ afiri yɛn akoma mu;

         yɛn asa adane agyaadwotwa.

     16 Ahenkyɛ afiri yɛn tiri so.

         Yɛn ara, yɛnnue sɛ yɛayɛ bɔne!

     17 Yei enti yɛn akoma atɔ piti,

         yeinom enti yɛn ani so ayɛ kusuu

     18 wɔ Sion bepɔ a ada mpan

         na sakraman nenam soɔ no enti.

 

     19 Wo, Ao Awurade , di ɔhene afebɔɔ;

         wʼahennwa firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.

     20 Adɛn enti na wo werɛ firi yɛn daa yi?

         Adɛn enti na wagya yɛn mmerɛ tenten mu yi?

     21 Ka yɛn bata wo ho bio, Ao, Awurade , na yɛatumi aba wo nkyɛn;

         yɛ yɛn nna foforɔ sɛ tete no

     22 agye sɛ wapo yɛn koraa

         anaa sɛ wo bo afu yɛn mmorosoɔ.