Asante Twi: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Amos

Odiyifoɔ

Nwoma

Chapter 1

1 Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.

 

 

2 Ɔkaa sɛ:

     “ Awurade bobom firi Sion bepɔ so

         na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem;

     nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye

         na Karmel atifi nso kusa.”

Atemmuo A Ɛfa Amanamanmufoɔ Ahodoɔ Ho

3 Deɛ Awurade seɛ nie:

     “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so

         ɛno enti, merennane mʼabufuo.

     Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se

         dwerɛɛ Gilead.

     4 Mede ogya bɛto Hasael efie

         na ahye Ben-Hadad aban no.

     5 Mɛbubu Damasko apono,

         na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no

     ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no.

         Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

     6 Deɛ Awurade seɛ nie:

     “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

         ɛno enti, merennane mʼabufuo no.

     Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum

         na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.

     7 Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu,

         na ahye nʼaban no.

     8 Mɛsɛe Asdod ɔhene no

         ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no.

     Mɛdane me nsa atia Ekron,

         kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,”

     sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

9 Deɛ Awurade seɛ nie:

     “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

         ɛno enti, merennane mʼabufuo.

     Ɔfaa ɔman mu no nnommum

         na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ,

         a wankae onuadɔ apam.

     10 Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu,

         na ahye nʼaban.”

11 Deɛ Awurade seɛ nie:

         “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

     ɛno enti, merennane mʼabufuo.

         Ɔde akofena taataa ne nua,

         a wannya ayamhyehyeɛ biara.

     Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ

         na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano.

     12 Mede ogya bɛto Teman mu,

         na ahye Bosra aban.”

     13 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:

         “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

         ɛno enti, merennane mʼabufuo.

     Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu

         de trɛɛ nʼahyeɛ mu.

     14 Mede ogya bɛto Raba afasuo mu

         na ahye nʼaban

     wɔ ɔko da mu nteateam

         ne ahum da ntwaho mframa mu.

     15 Na ne ɔhene ne mmapɔmma

         bɛbom akɔ nnommumfa mu,”

     sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Chapter 2

1 Deɛ Awurade seɛ nie:

         “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

     ɛno enti, merennane mʼabufuo.

         Ɔhyee Edomhene nnompe,

         ma ɛdanee nsõ.

     2 Mede ogya bɛto Moab mu,

         na ahye Keriot aban.

     Moab bɛhwe ase wɔ hooyɛ,

         ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.

     3 Mɛsɛe ne sodifoɔ

         na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

     4 Deɛ Awurade seɛ nie:

         “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

     ɛno enti, merennane mʼabufuo.

         Wɔapo Awurade mmara no

     na wɔanni nʼahyɛdeɛ so

         ɛfiri sɛ atorɔ anyame no

     ama wɔafom ɛkwan no,

         anyame a wɔn nananom dii akyire no.

     5 Mede ogya bɛto Yuda mu

         na ahye Yerusalem aban.”

Israel Atemmuo

6 Deɛ Awurade seɛ nie:

     “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

         ɛno enti, merennane mʼabufuo.

     Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ,

         ne ahiafoɔ de gye mpaboa.

     7 Wɔtiatia ahiafoɔ so

         te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo

         na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ.

     Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da

         de gu me din kronkron no ho fi.

     8 Wɔdeda afɔrebukyia biara ho

         wɔ wɔn awowa ntoma so.

     Wɔ wɔn anyame efie no mu no

         wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.

 

     9 “Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim,

         ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro.

         Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.

     Mesɛee nʼaba wɔ ne soro,

         ne ne nhini wɔ nʼase.

     10 Meyii wo firii Misraim,

         na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ so

     sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo.

     11 Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ,

         ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ.

     Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?”

         Deɛ Awurade bisa nie.

     12 “Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã

         na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.

 

     13 “Na afei, mɛdwerɛ mo

         sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no.

     14 Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane.

         Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden,

     na akofoɔ rennya ne ho ntete.

     15 Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina.

         Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane,

         na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa.

     16 Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔ

         de adagya bɛdwane wɔ saa da no,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Chapter 3

Wɔfrɛ Adansefoɔ Tia Israel

1 Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:

     2 “Mo nko ara na mayi mo

         wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;

         enti mɛtwe mo aso

         wɔ mo bɔne nyinaa ho.”

 

     3 Nnipa baanu bɛtumi abom anante,

         wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?

     4 Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase

         wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa?

     Ɔpɔ so wɔ ne buo mu

         wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?

     5 Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam

         wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa?

     Afidie hwan wɔ

         ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?

     6 Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a

         nnipa no ho mpopo anaa?

     Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a

         ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?

 

     7 Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi

         a ɔnna ne nhyehyeɛ adi

         nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.

 

     8 Gyata no abobom,

         hwan na ɔnnsuro?

     Otumfoɔ Awurade akasa,

         hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?

 

     9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban

         ne Misraim aban:

     “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;

         hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so

         ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”

 

     10 “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

     Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia

         sie wɔ wɔn aban mu.

11 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,

     “Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;

         Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,

         na wafo wʼaban.”

12 Deɛ Awurade seɛ nie:

         “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye

     nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin

         firi gyata anom no,

     saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,

         wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,

         ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”

13 “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade , Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.

     14 “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,

         mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El;

     wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn

         na abu ahwe fam.

     15 Mɛdwiri awɔberɛ efie

         ne ahuhuro berɛ efie agu;

     na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no

         na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Chapter 4

Israel Nsane Nkɔɔ Onyankopɔn Nkyɛn

     1 Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so,

         mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛ

     na moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!”

     2 Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ,

         “Ampa ara ɛberɛ no bɛba

     a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ

         mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no.

     3 Momu biara bɛpue akɔ,

         na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu,

     na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

     4 “Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne

         na monkɔ Gilgal [1] na mo nkɔyɛ bɔne ara.

     Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara,

         na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara.

     5 Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ;

         Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho,

     na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ,

         na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,”

         sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.

 

     6 “Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu

         na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so,

     nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

 

     7 “Mesane de osutɔ kamee mo

         ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru.

     Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so

         na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so.

     Afuo baako nyaa osutɔ

         afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ.

     8 Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo

         nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom,

     nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

 

     9 “Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ

         ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so.

     Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua,

         nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

 

     10 “Mede ɔyaredɔm baa mo so

         sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no,

     mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ

         ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum.

         Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu,

     nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

 

     11 “Metuu mo mu bi guiɛ

         sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no.

     Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu.

         Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

     12 “Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie,

         na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti,

     siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.”

 

     13 Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa

         na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa,

     deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum

         na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no.

         Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din.


4:4 [1] Bet-El…Gilgal: Saa nkuro mmienu yi yɛ nkuro a abakɔsɛm mu wɔde kae Awurade mmoa. Na saa nkuro yi yɛ mmeaeɛ a na wɔsom Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ Amos berɛ so.

Chapter 5

Ahunu Ne Adwensakyera

1 Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:

     2 “Ɔbabunu Israel ahwe ase

         a ɔrensɔre bio,

     wɔapo no ɔno ara asase so,

         na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.”

3 Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie:

     “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no,

         emu ɔha pɛ na ɛbɛka;

     Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no,

         emu edu pɛ na ɛbɛka.”

4 Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie:

     “Monhwehwɛ me na monnya nkwa;

         5 Monnhwehwɛ Bet-El,

         monnkɔ Gilgal,

     na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso.

         Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu

         na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”

     6 Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa,

     anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya;

         ɛbɛhye,

         na Bet-El rennya obi nnum no.

 

     7 Mo a moma atemmuo yɛ nwono

         na mototo tenenee ase.

 

     8 Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma,

     deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ

         na ɔma awia dane adesaeɛ.

     Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano

         na ɔhwie gu asase so,

         ne din ne Awurade .

     9 Ɔsɛe abandenden ntɛm so

         na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,

     10 motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ

         na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.

 

     11 Motiatia ohiani so

         na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn.

     Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ,

         nanso morentena mu;

     ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ

         nanso morennom emu nsã.

     12 Na menim mo mmarato dodoɔ

         ne mo bɔne akɛseɛ no.

 

     Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ

         mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.

     13 Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu,

         ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.

 

     14 Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa

         na ɛnyɛ bɔne.

     Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho,

         sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no.

     15 Monkyiri bɔne, na monnɔ papa;

         Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ.

     Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn

         bɛnya ahummɔborɔ ama

         Yosef nkaeɛfoɔ.

     16 Enti deɛ Awurade , Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:

         “Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so

     na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so.

         Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu

         na agyamfoɔ abɛtwa adwo.

     17 Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu,

         ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Awurade Ɛda No

     18 Nnome nka wɔn a

         wɔpɛ sɛ Awurade da no ba!

     Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?

         Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann.

     19 Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim

         na ɔkohyia sisire,

     sɛ deɛ owura ne fie

         de ne nsa to ɔfasuo so,

         na ɔwɔ ka no.

     20 Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann,

         ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.

 

     21 “Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;

         mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

     22 Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,

         nanso merennye.

     Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me

         nanso mʼani rensɔ.

     23 Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!

         Merentie mo asankuten so nnwom.

     24 Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,

         na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!

 

     25 “Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me

         mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?

     26 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,

     ne mo honi Rɛfan so;

         wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

     27 Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,”

         sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.

 

Chapter 6

     1 Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion,

         ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so,

     mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu,

         a Israelfoɔ ba mo nkyɛn!

     2 Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ.

         Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu,

         monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.

     Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no?

         Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa?

     3 Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda

         na motwe Atemmuo da bɛn.

     4 Modeda asonse mpa so

     mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu,

         na mowe nnwammaa ne

         anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam.

     5 Mode mo sankuten to ahuhudwom,

     na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ

         mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid.

     6 Monom nsã nkorama mu

         na mode sradehwam papa yɛ mo ho,

         na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho.

     7 Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho;

         na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa.

Awurade Kyiri Israel Ahomasoɔ

     8 Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam

         na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:

     “Mekyiri Yakob ahomasoɔ

     na memmpɛ nʼaban;

         mede kuropɔn no bɛma

         ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.”

9 Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu. 10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.

     11 Na Awurade ahyɛ mmara

         na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini

         ne afie nketewa no nso mu nketenkete.

 

     12 Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa?

         Na obi de nantwie funtum hɔ anaa?

     Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro.

         Na tenenee nso ayɛ nwononwono.

     13 Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho,

         na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?”

 

     14 Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ,

         deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.”

Chapter 7

Mmoadabi, Ogya Ne Kyirebennyɛ Homa

1 Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio. 2 Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ Awurade , mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

3 Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ.

Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.”

4 Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ Awurade de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no. 5 Na me teaam sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade , mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

6 Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.”

 

7 Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no. 8 Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?”

Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.”

Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.

     9 “Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea

         na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no;

         mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.”

Amos Ne Amasia

10 Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm. 11 Deɛ Amos reka nie:

     “ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano,

         na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,

         wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. 13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”

14 Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. 15 Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’ 16 Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ,

     “ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ,

         na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’

17 “Enti asɛm a Awurade ka nie:

     “ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu,

         wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano.

     Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu,

         na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu,

     na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,

         wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

Chapter 8

Kɛntɛn A Aduaba A Abereɛ Wɔ Mu

1 Afei, deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ wɔ mu. 2 Ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Amos?”

Mebuaa sɛ, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma.”

Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio.”

3 Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”

     4 Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so,

         na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so,

5 na moka sɛ,

     “Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam

         ama yɛatɔn aduane,

     na Homeda bɛba awieeɛ

         ama yɛadi ayuo dwa?”

     Sɛ mobɛhyɛ susukora mu

         na moatoto ɛboɔ so

         na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,

     6 na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ

         na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa,

         na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn.

7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da.

     8 “Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa,

         na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa?

     Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nil [1]

         ɛbubu afa so, na asane atwe bio

         te sɛ Misraim asubɔnten.”

9 Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,

     “Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ,

         na mama esum aduru asase so awia ketee.

     10 Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie

         na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu.

     Mɛma mo nyinaa afira ayitoma

         na mayi mo tirinwi.

     Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da

         na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.

 

     11 “Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,

         “Mɛma ɛkɔm aba asase no so,

     ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm,

         na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm.

     12 Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so

         na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam,

     sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm,

         nanso wɔrenhunu.

13 “Na saa da no

     “mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ

         bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti.

     14 Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam,

         anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no,

         wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”


8:8 [1] Yiri tɛnn te se Nil: Osu a ɛtɔ berɛ ano berɛ ano wɔ Etiopia no ma Asubɔnten Nil a ɛwɔ Misraim yiri bu fa so bɛyɛ anammɔn 25 ma ne subɔnhwa no yɛ ma. Nsuyire yi saa dɔte pa kɔgu asase no so.

Chapter 9

Wɔbɛsɛe Israel

1 Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ,

     “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi

         na mma ne fapem no nwoso.

     Mommubu ngu nnipa no nyinaa so;

         wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn.

     Ɔbaako mpo rentumi nnwane

         obiara remfiri mu mfi.

     2 Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a

         ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba.

     Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a

         ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam.

     3 Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a,

         ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba.

     Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a

         ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.

     4 Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a,

         ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn.

 

     “Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn.

         Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”

 

     5 Awurade , Asafo Awurade ,

         Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane,

     ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo.

         Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil

         na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.

     6 Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro

         na ɔto ne fapem wɔ asase so.

     Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano

         na ɔhwie gu asase so.

         Awurade ne ne din!

     7 “Mo Israelfoɔ,

         mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?”

     Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

         Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim,

     ne Filistifoɔ amfiri Kreta,

         ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa?

 

     8 “Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani

         wɔ nnebɔne ahennie no so.

     Mɛpepa no afiri asase ani,

         nanso, merensɛe Yakob efie korakora,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

     9 “Na mɛhyɛ,

         na mɛwoso Israel efie,

         wɔ amanaman nyinaa mu,

     sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu

         na aba fua mpo ntɔ fam no.

     10 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa

         bɛtotɔ wɔ akofena ano,

     wɔn a wɔka sɛ,

         ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’

Israel Nsiesieɛ

11 “Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi

     “Dawid efie a abubu no bio.

         Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no,

         na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no,

     12 na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no,

         ne amanaman a me din da wɔn so.”

         Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.

13 “Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

     “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no,

         na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no.

     Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so

         na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so.

         14 Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba.

 

     “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu.

         Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã;

         wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba.

     15 Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so

         a wɔrentu bio da

         mfiri asase a mede ama wɔn no so,”

sɛdeɛ Awurade , mo Onyankopɔn seɛ nie.