Asante Twi: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Mika

Odiyifoɔ

Nwoma

Chapter 1

1 Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika [1] ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.

 

 

     2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,

         montie, asase ne mo a mote so nyinaa.

     Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,

         ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem

     3 Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;

         ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.

     4 Mmepɔ nane wɔ nʼase,

         mmɔnhwa mu paepae

     te sɛ ama a aka ogya,

         te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.

     5 Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,

         ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.

     Yakob nnebɔne ne sɛn?

         Ɛnyɛ Samaria anaa?

     Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?

         Ɛnyɛ Yerusalem anaa?

 

     6 “Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,

         baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.

     Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu

         ama ne fapem ho ada hɔ.

     7 Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;

         wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.

         Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.

     Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa

         ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti

         wɔde bɛma adwamanfoɔ.”

Osu Ne Awerɛhoɔ

     8 Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;

         mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.

     Mɛpɔ so sɛ odompo

         na masu sɛ ɔpatuo.

     9 Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;

         abɛduru Yuda.

     Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano

         mpo aduru Yerusalem ankasa.

     10 Monnka no wɔ Gat

         monnsu koraa

     Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ

         monyantam mfuturo mu.

     11 Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,

         mo a mote Safir.

     Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue

         Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;

         ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.

     12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu

         de twɛn mmoa,

     ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba

         abɛduru Yerusalem ɛpono ano.

     13 Mo a mote Lakis,

         monsiesie nteaseɛnam no.

     Mo ne bɔne farebae

         ma Ɔbabaa Sion,

     na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

     14 Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,

         Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.

     15 Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo

         mo a mote Maresa.

     Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no

         bɛba Adulam.

     16 Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,

         wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;

     mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,

         ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn

         akɔ nnommumfa mu.


1:1 [1] Mika asekyerɛ ne “Hwan na ɔte sɛ Awurade.” Samaria ne Yerusalem: Saa nkuropɔn mmienu yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmuo a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman mmienu no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho.

Chapter 2

Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ

     1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene,

         wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so!

     Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no

         ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

     2 Wɔn ani bere mfuo na wɔgye.

         Na afie nso wɔfa.

     Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie,

         na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye.

     3 Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

         “Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho

     na worentumi nnyi wo ho mfiri mu.

         Worentumi nnante ahantan so bio,

         ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.

     4 Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo.

         Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi

     bɛdi mo ho fɛ sɛ:

         ‘wɔasɛe yɛn koraa;

     wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu.

         Ɔgye firi me nsa mu!

         Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ”

 

     5 Enti morennya obi wɔ

         Awurade asafo mu

     a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

Atorɔ Adiyifoɔ

     6 “Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka.

         “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;

         animguaseɛ rento yɛn.”

     7 Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa.

         Awurade Honhom nni boasetɔ?

         Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa?

 

     “Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene

         no yie anaa?

     8 Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre

         te sɛ asraafoɔ.

     Moworɔ ntadeɛ pa firi

         wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho,

         ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.

     9 Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu

         firi wɔn afie fɛfɛ mu.

     Mogye me nhyira

         firi wɔn mma nsam afebɔɔ.

     10 Sɔre, firi ha kɔ!

         Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome,

     ɛfiri sɛ ɛho agu fi,

         Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.

     11 Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ,

         ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’

         ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.

Ɔgyeɛ Ho Bɔhyɛ

     12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob;

         nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu.

     Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu,

         te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea;

         nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.

     13 Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim

         wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ.

     Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim,

         Awurade bɛyɛ wɔn ti.”

Chapter 3

Ntuanofoɔ Ne Adiyifoɔ Animka

1 Afei mekaa sɛ,

     “Montie, mo Yakob ntuanofoɔ,

         mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie.

     Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee,

         2 Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne

     moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ

         na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho;

     3 mowe me nkurɔfoɔ nam,

         mowae wɔn wedeɛ,

         bubu wɔn nnompe mu nketenkete;

     motwitwa wɔn sɛ ɛnam a

         mode regu kwansɛn mu.”

 

     4 Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade ,

         nanso ɔrennye wɔn so.

     Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn,

         bɔne a wɔayɛ enti.

5 Deɛ Awurade seɛ nie:

     “Adiyifoɔ a

         wɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ,

     obi ma wɔn biribi di a

         wɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm,

     na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a,

         adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa.

     6 Enti adeɛ bɛsa mo a morennya anisoadehunu,

         esum bɛduru mo a morennya ahintasɛm biara.

     Owia bɛtɔ ama adiyifoɔ no,

         na adekyeɛ bɛdane esum ama wɔn.

     7 Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwu

         na wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase.

     Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim,

         ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.”

     8 Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma,

         Awurade Honhom ahyɛ me ma

     tenenee ne ahoɔden

         a mede bɛpae mu aka

     Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne.

     9 Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ,

         mo a moyɛ Israel sodifoɔ,

     a mokyiri atɛntenenee

         na mokyea deɛ ɛtene nyinaa;

     10 Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion

         ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.

     11 Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn,

         nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ,

     nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ.

         Nanso wɔdan Awurade , na wɔka sɛ,

     “ Awurade nni yɛn ntam anaa?

         Ɔhaw biara remma yɛn so.”

     12 Na mo enti,

         wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo,

     Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ,

         na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.

Chapter 4

Awurade Bepɔ No

1 Nna a ɛdi akyire no mu no,

     Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim

         sɛ mmepɔ no nyinaa ti;

     ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa,

         na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

2 Aman bebree bɛba abɛka sɛ,

     “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so,

         Yakob Onyankopɔn efie.

     Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan,

         sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.”

     Na mmara no bɛfiri Sion aba

         Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba.

     3 Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm

         Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa.

     Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ

         wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa.

     Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena,

         na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

     4 Obiara bɛtena ne bobe

         anaa ne borɔdɔma nnua ase,

     na obiara remmɛhunahuna wɔn,

         ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa.

     5 Amanaman no nyinaa bɛtumi anante

         wɔn anyame din mu,

     na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade ,

         yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.

Awurade Atirimpɔ

     6 “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

         “Mɛboaboa mmubuafoɔ, atukɔfoɔ

         ɛne wɔn a mede awerɛhoɔ aba wɔn so ano.

     7 Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ wɔ asase no so,

         atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ.

     Awurade bɛdi wɔn so ɔhene wɔ Sion bepɔ so

         afiri da no akɔsi daa.

     8 Na wo, nnwankuo no abantenten,

         Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden,

     wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo;

         Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.”

 

     9 Ɛdeɛn enti na afei woresu denden,

         wonni ɔhene anaa?

     Wo futufoɔ ayera, na enti,

         ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?

     10 Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion,

         te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,

     seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mu

         kɔtena ɛserɛ so.

     Wobɛkɔ Babilonia;

         na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ.

     Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo

         afiri wʼatamfoɔ nsam.

 

     11 Seesei deɛ, aman bebree

         aka abɔ mu atia wo.

     Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi,

         na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”

     12 Nanso, wɔnnim Awurade adwene.

         Wɔnte nʼagyinatuo ase.

     Wɔnnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi

         de kɔ ayuporobea.

     13 “Sɔre, na pore, Ao Ɔbabaa Sion,

         mɛma wo dadeɛ mmɛn;

     mɛma wo kɔbere ntɔte

         na wobɛbubu aman bebree mu nketenkete.”

     Wode wɔn mfasodeɛ a wɔampɛ no ɛkwan pa so bɛbrɛ Awurade ,

         wode wɔn ahonyadeɛ bɛbrɛ asase nyinaa so wura.

Chapter 5

Bɔhyɛhene Bi A Ɔfiri Betlehem

     1 Mommoaboa mo akodɔm ano,

         Ao akofoɔ kuropɔn,

     ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia.

         Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so.

 

     2 “Nanso wo, Betlehem Efrata,

         ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ,

     nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me

         a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ,

         na nʼase firi teteete.”

 

     3 Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu,

         kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo

     na ne nuanom mmarima nkaeɛ

         bɛsane akɔka Israelfoɔ ho.

 

     4 Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo

         wɔ Awurade ahoɔden mu,

         wɔ Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu.

     Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei

         ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.

 

     5 Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ.

     Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so,

         na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,

     yɛde nnwanhwɛfoɔ nson,

         mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.

     6 Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so,

         wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so.

     Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so,

         bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a,

         ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.

 

     7 Yakob asefoɔ nkaeɛ no

         bɛfrafra nnipa bebree mu

     te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade ,

         te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so

     a ɛnntwɛn ɔdasani,

         na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.

     8 Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu,

         wɔbɛfrafra nnipa bebree mu

     te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu,

         te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu

     a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu

         na obiara ntumi nnye wɔn.

     9 Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim,

         na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.

10 “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

     “Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ

         na mabubu wo nteaseɛnam.

     11 Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so

         na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.

     12 Mɛsɛe wʼabayisɛm

         na wo ntafowayie to bɛtwa.

     13 Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛ

         ne aboɔ ahoni a wowɔ no,

     na worenkoto nsɔre

         wo nsa ano adwuma bio.

     14 Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo mu

         na masɛe wo nkuropɔn.

     15 Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,

         mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ.”

Chapter 6

Awurade Soboɔ A Ɔbɔ Israel

1 Montie asɛm a Awurade reka:

     “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔ no anim;

         momma nkokoɔ nte deɛ mowɔ ka.

 

     2 “Na afei Ao, mmepɔ, montie Awurade soboɔ;

         tie, asase nnyinasoɔ a ɛwɔ hɔ daa.

     Na Awurade wɔ asɛm a ɛtia ne nkurɔfoɔ;

         ɔrebɔ Israel soboɔ.

 

     3 “Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo?

         Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me!

     4 Meyii mo firii Misraim

         megyee mo firii nkoasom asase so.

     Mesomaa Mose bɛdii mo anim

         Aaron ne Miriam nso.

     5 Me nkurɔfoɔ, monkae

         afotuo a Moabhene Balak, maeɛ

         ɛne mmuaeɛ a Beor babarima Balaam maeɛ.

     Monkae mo akwantuo a motu firii Sitim kɔɔ Gilgal,

         na monhunu Awurade akwantenenee.”

 

     6 Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade anim

         mmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no?

     Memfa anantwie mma a wadi afe

         mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa?

     7 Awurade ani bɛsɔ nnwennini mpempem

         ne ngo ɔpedu a ɛretene sɛ nsubɔntene anaa?

     Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔdeɛ,

         anaa me yafunu mu mma, me kra bɔne nti?

     8 Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa.

         Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ?

     Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ,

         na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu.

Israel Afɔdie Ne Asotwe

     9 Montie! Awurade refrɛ kuropɔn no,

         Wo din suro yɛ nyansahu,

         “Monsuro Abaa no ne deɛ ɔmaa no tumi no.

     10 Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ,

         ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa?

     11 Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu,

         ne nsisie nkariboɔ

         na ɔmfa ne ho nni anaa?

     12 Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;

         mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ

     na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

     13 Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo,

         Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo.

     14 Mobɛdidi, nanso moremmee;

         ɛkɔm bɛkɔ so ade mo.

     Mobɛboaboa ano nanso ɛrenkɔsi hwee,

         ɛfiri sɛ mede deɛ moakora no bɛma akofena.

     15 Mobɛdua nanso morentwa.

         Mobɛkyi ngo dua mu ngo, nanso morensra bi.

         Mobɛtiatia bobe so, nanso morennom nsã a mobɛnya afiri mu no bi.

     16 Moadi Omri mmara so.

         Moayɛ deɛ wɔyɛɛ wɔ Ahab efie.

         Moasua wɔn nneyɛeɛ no bi,

     ɛno enti mɛma ɔsɛeɛ aba mo so.

         Wɔbɛsere mo nkurɔfoɔ;

         na amanaman bɛbu mo animtia.”

Chapter 7

Israel Ahohia

     1 Mayɛ mmɔbɔ!

     Mete sɛ aduaba tefoɔ a

         otwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu;

     mennya bobe siaw na madi,

         borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara.

     2 Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so.

         Anka ɔbaako a ɔtene mpo.

     Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu;

         wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.

     3 Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu;

         sodifoɔ bisa akyɛdeɛ,

     ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ,

         wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ,

         wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.

     4 Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo;

         deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no.

     Wʼatɛmmuda no aso,

         ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.

         Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.

     5 Nnye obiara nni;

         mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.

     Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no

         to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.

     6 Ɔbabarima twiri nʼagya,

         Ɔbabaa sɔre tia ne maame,

     asebaa nso tia nʼase

         na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.

     7 Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade ,

         Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn;

         na me Onyankopɔn bɛtie me.

Israel Bɛsɔre

     8 Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ!

         Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre.

     Esum aduru me deɛ,

         nanso Awurade bɛyɛ me hann.

     9 Sɛ mayɛ bɔne atia no enti,

         Awurade abufuo bɛba me so,

     kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me

         na wada me bembuo adi.

     Ɔde me bɛba hann no mu;

         na mɛhunu ne tenenee.

     10 Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu

         na wɔn ani bɛwu,

     deɛ ɔsee me sɛ,

         “Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?”

     Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ;

         mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so

         te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so.

 

     11 Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba,

         ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.

     12 Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn

         firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,

     mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate

         afiri ɛpo akɔsi ɛpo

         ne bepɔ so akɔsi bepɔ so.

     13 Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so

         ne wɔn nneyɛɛ enti.

Mpaeɛbɔ Ne Nkamfoɔ

     14 Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim,

         nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no,

     a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu

         wira frɔmfrɔm adidibea hɔ.

     Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead

         sɛ tete nna no mu.

 

     15 “Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo,

         sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.”

 

     16 Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu,

         wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no.

     Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano

         na wɔn aso bɛsisi.

     17 Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ,

         ne mmoa a wɔwea fam.

     Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba;

         wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn,

         na wɔbɛsuro wo.

     18 Hwan na ɔte sɛ wo,

         Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?

     Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn.

         Wʼabofuo nntena hɔ daa

         na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.

     19 Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio,

         wobɛtiatia yɛn bɔne so,

         na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.

     20 Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakob

         na wahunu Abraham mmɔbɔ

     sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam

         teteete no.