1 Berɛsosɛm
Nwoma A Ɛdi Ɛkan
Chapter 1
Ɛfiri Adam So Kɔsi Noa Mma So
Yafet Asefoɔ
Ham Asefoɔ
- Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,
- Sidon a na ɔyɛ Sidonfoɔ tete agya. Na Kanaan nso yɛ Hetifoɔ,
Sem Asefoɔ
- Aram asefoɔ ne Us, Hul, Geter ne Mas.
Abraham Asefoɔ
28 Abraham mmammarima yɛ Isak ne Ismael.
- Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam,
- Na Yoksan asefoɔ yɛ Seba ne Dedan.
Isak Asefoɔ
34 Abraham woo Isak. Isak mmammarima yɛ Esau ne Israel. [1]Esau Asefoɔ
Edomfoɔ Abɔseɛ
- Sibeon mmammarima yɛ Aya ne Ana.
- Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
- Na Disan mmammarima yɛ Us ne Aran.
Edom Sodifoɔ
43 Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo:- Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene.
Na Edom mmusua no ntuanofoɔ ne
- Timna, Alwa, Yetet,
Chapter 2
Israel Awoɔ Ntoatoasoɔ
1 Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, 2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.Yuda Asefoɔ
- Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.
- Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.
- Hesron ne Hamul.
- Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.
- Asaria.
Ɛfiri Yuda Nana Barima Hesron So Kɔsi Dawid So
- Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
- Na Salma nso yɛ Boas agya.
- Obed yɛ Yisai agya.
- Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
Hesron Babarima Kaleb Asefoɔ
Hesron Ba Yerahmeel Asefoɔ
- Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.
- Maas, Yamin ne Eker.
- Samai ne Yada.
- Na Samai mmammarima yɛ
- Nadab ne Abisur.
- Seled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma;
- Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
- Yeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara,
- wɔn Pelet ne Sasa. Na yeinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefoɔ.
- Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha.
- na Natan woo Sabad.
- Efial woo Obed.
- na Yehu woo Asaria.
- Heles woo Eleasa.
- na Sisemai woo Salum.
- na Yekamia woo Elisama.
Hesron Babarima Kaleb Asefoɔ
- babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.
- Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
- Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
- Raham woo Yorkeam.
- Na Rekem woo Samai.
- Maon woo Bet-Sur.
- Haran, Mosa ne Gases.
- Na Haran woo Gases.
- Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
- Seber ne Tirhana.
- ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.
- Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa.
Kaleb Babarima Hur Asefoɔ
- Kaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima yɛ
- Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya
- Haroe a ne fa yɛ Manahatini
- Betlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ,
Chapter 3
Dawid Asefoɔ
1 Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.
- Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam.
- Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.
- Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.
- Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.
4 Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa.
Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ. 5 Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:
- Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
9 Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar.
Salomo Asefoɔ
- Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
- Yohanan a ɔyɛ abakan,
- Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu,
- Sedekia a ɔtɔ so mmiɛnsa,
- ɛnna Salum a ɔtɔ so ɛnan.
- ɛnna ɔno nso ne wɔfa Sedekia bɛdii nʼadeɛ.
Yehoiakyin Asefoɔ
- mmammarima ne Sealtiel,
- Serubabel ne Simei.
- Na Serubabel mmammarima yɛ
- Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabaa nso a ne din de Selomit.
- Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
- Semaia ne ne mmammarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
- Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
- Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.
Chapter 4
Yuda Asefoɔ Nkaeɛ
- Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.
- Yesreel, Yisma, Yidbas, ɛnna Haslelponi a na ɔyɛ ne babaa,
- Seret, Sohar, Etnan,
9 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛseɛ sene ne nuammarima nyinaa. Ne maame too no edin Yabes, ɛfiri sɛ, ɔnyaa ɔyea wɔ nʼawoɔ mu. 10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, “Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no.
- Otniel ne Seraia.
- Otniel mmammarima ne
- Hatat ne Meonotai.
- Na Seraia woo Yoab
- a ɔhyɛɛ Adwumfoɔ Bɔnhwa ase, ɛfiri sɛ, na adwumfoɔ pii tete hɔ.
- Iru, Ela ne Naam.
- Na Ela babarima yɛ
- Kenas.
- Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
- Yeter, Mered, Efer ne Yalon.
- Mered waree Misraimni baa ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no.
- Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babaa.
- Ne mmammarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.
- Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon.
- Na Yisi asefoɔ no ne
- Sohet ne Ben-Sohet.
Yuda Babarima Sela Asefoɔ
- Na Sela asefoɔ no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
Simeon Asefoɔ
- Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.
- Hamuel, Sakur ne Simei.
27 Simei woo mmammarima dunsia ne mmammaa baasia. Ne nuammarima no deɛ, na wɔn mu biara nni abusua kɛseɛ saa. Ɛno enti, Simeon abusua annɔre te sɛ Yuda abusua no. 28 Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual, 29 Bilha, Esem ne Tolad, 30 Betuel, Horma ne Siklag, 31 Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkuro yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kɔsii ɔhene Dawid berɛ so. 32 Wɔn asefoɔ nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurotoɔ enum yi so, 33 ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia no kɔsii Baal.
Na wɔn atenaeɛ nie, na wɔahyehyɛ saa edin yi nyinaa wɔ wɔn abusuadua nkrataa mu.
- ne Amasia babarima Yosa,
- Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,
38 Edin a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofoɔ a wɔdeda Simeon mmusuakuo a wɔyɛ adefoɔ no ano no bi.
39 Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ bɔnhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so. 40 Wɔnyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefoɔ no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dada.
41 Yudahene Hesekia ɛberɛ so no, Simeon ntuanofoɔ no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Maonfoɔ afie pasaa. Wɔkumm obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, ɛfiri sɛ, na wɔpɛ sɛ wɔnya mmoa didibea pa no. 42 Akofoɔ no mu ahanum a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no kɔɔ bepɔ Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmammarima no na na wɔdi wɔn anim. 43 Amalekfoɔ kakra a wɔkaeɛ no, wɔkunkumm wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.
Chapter 5
Ruben Asefoɔ
1 Na Israel babarima panin ne Ruben. Nanso, ɛsiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no mu baako kɔdaeɛ no enti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmammarima. Esiane saa asɛm yi enti, wɔamfa Ruben din anka abusuadua no ho sɛ abakan. 2 Yuda asefoɔ na wɔyɛɛ abusuakuo a wɔwɔ tumi pa ara, ne saa enti wɔyii ɔman no sodifoɔ firi wɔn mu, nanso, mpaninnie no deɛ, na ɛyɛ Yosef dea. 3 Israel abakan Ruben no mmammarima ne:
- Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
- Semaia, Gog, Simei,
Saa Rubenfoɔ yi tenaa beaeɛ a ɛfiri Aroer de kɔsi Nebo ne Baal-Meon. 9 Esiane sɛ na wɔwɔ anantwie bebree wɔ Gilead asase so no enti, wɔdidi kɔɔ apueeɛ fam wɔ anweatam a ɛtrɛ kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.
10 Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ [1]1 Be 5.19-221 Mose 16Nnw 83.6 so nkonim wɔ ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam hɔ no.
Gad Asefoɔ
11 Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka.
- Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.
16 Gadfoɔ no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraaseɛ ne Saron tata no nyinaa so.
17 Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam ɛberɛ so na wɔtwerɛɛ yeinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.
Yordan Apueeɛ Fam Mmusuakuo
18 Na akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si ɔpeduanan ɛnan ahanson ne aduosia. Wɔkurakura akokyɛm, akofena ne agyan, na wɔn nyinaa akwadare wɔ akodie mu. 19 Wɔko tiaa Hagarfoɔ, Yeturfoɔ, Nafisfoɔ ne Nodabfoɔ. 20 Wɔsu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na ɔtiee wɔn mpaeɛbɔ, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too no so. Enti, wɔdii Hagarfoɔ no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim. 21 Asadeɛ a wɔfa firii Hagarfoɔ no nkyɛn no yɛ nyoma ɔpeduonum, nnwan ɔpehanu aduonum, mfunumu mpenu ne nneduafoɔ ɔpeha. 22 Wɔkunkumm Hagarfoɔ no bebree ɔko no mu, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti, wɔtenaa wɔn asase so, kɔsii sɛ wɔtwaa wɔn asuo.
23 Manase abusua fa no trɛɛ wɔ asase no so firi Basan kɔsii Baal-Hermon, Senir ne bepɔ Hermon ho. Na wɔdɔɔso yie. 24 Yeinom ne wɔn mmusua no ntuanofoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye edin sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ ne ɔkandifoɔ. 25 Nanso, na wɔnni nokorɛ, na wɔbuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsomm aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame. 26 Enti, Israel Onyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsane frɛ no Tiglat-Pileser) akoma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusua fa sɛ nneduafoɔ. Asiariafoɔ no twaa wɔn asuo kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Chapter 6
Asɔfoɔ Awoɔ Ntoatoasoɔ
- Gerson, Kohat ne Merari.
- Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
- Aaron, Mose ne Miriam.
- Na Aaron mmammarima yɛ:
- Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
- Pinehas woo Abisua.
- na Buki woo Usi,
- na Amaria woo Ahitub,
- na Sadok woo Ahimaas,
- Asaria woo Yohanan,
- a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.
- Amaria woo Ahitub,
- Sadok woo Salum,
- Hilkia woo Asaria.
- Seraia woo Yehosadak.
Lewifoɔ Mmusua
- Gersom, Kohat ne Merari.
- ka Kohat asefoɔ no ho.
- ka Merari asefoɔ no ho.
Yeinom ne Lewifoɔ mmusua sɛdeɛ wɔn mpanimfoɔ nnidisoɔ teɛ.
- Libni, Yahat,
- Sima,
- Ido, Serah
- ne Yeaterai.
- Aminadab, Kora,
- Asir,
- Ebiasaf, Asir,
- Usia ne Saulo.
- Amasai, Ahimot,
- Yeroham, Elkana ne Samuel.
- Yoɛl a ɔyɛ ɔpanin
- ne Abiya a ɔtɔ so mmienu no.
- Mahli, Libni,
- Simei, Usa,
- ne Asaia.
Asɔredan Mu Nnwom Ho Nimdefoɔ
31 Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi soɔ yi dii Awurade fie nnwom anim, ɛberɛ a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no. 32 Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ, kɔsii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.
33 Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma somm wɔ hɔ no.
- Heman, dwom ho nimdefoɔ no, na ɔfiri Kohat abusua mu.
- Wɔto nʼabusuadua ana firi
- Yoɛl, Samuel,
- Eliel, Yoa,
- Mahat, Amasai,
- Asaria, Sefania,
- Ebiasaf, Kora,
- Lewi ne Israel ase;
- Wɔto Asaf abusuadua ana firi Berekia, Simea,
- Malkia,
- Serah, Adaia,
- Simei,
- Wɔto Etan abusuadua ana firi Kisi, Abdi,
- Maluk,
- Amasia, Hilkia,
- Musi, Merari ne Lewi ase.
Aaron Asefoɔ
48 Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no nso, wɔmaa wɔn dwuma ahodoɔ bi dii wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛyɛ Onyankopɔn fie no mu. 49 Aaron ne nʼasefoɔ nko na wɔsom sɛ asɔfoɔ. Na wɔde afɔrebɔdeɛ gu ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ohwam afɔrebukyia so, na wɔdi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose de maa wɔn no so yɛɛ mpatadeɛ maa Israel.
- Eleasa, Pinehas, Abisua,
54 Yei ne abakɔsɛm a ɛfa nkuro ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefoɔ a wɔfiri Kohat abusua mu no.
64 Enti, Israelfoɔ de saa nkuro yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifoɔ.
66 Saa nkurotoɔ yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefoɔ nya firii Efraim asase so:
71 Gerson asefoɔ nyaa kuro a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no firii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.
Chapter 7
Isakar Asefoɔ
- Tola, Pua, Yasub ne Simron.
- Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofoɔ. Ɔhene Dawid ɛberɛ so no, na mmarima dodoɔ a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne ahansia (22,600).
- Yisrahia.
- Na Yisrahia mmammarima din de:
- Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.
Benyamin Asefoɔ
- Bela, Beker ne Yediael.
- Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan (22,034). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu.
- Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.
- Bilhan.
- Na Bilhan mmammarima ne:
- Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.
Naftali Asefoɔ
- Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefoɔ.
Manase Asefoɔ
- Bedan.
- Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfoɔ a wɔyɛ Manase babarima Makir asefoɔ.
- Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.
Efraim Asefoɔ
- Sutela, Bered, Tahat, Elada,
- Tahat,
- Wɔkunkumm Efraim mmammarima Eser ne Elad wɔ Gat, ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔwia nyɛmmoa firi akuafoɔ a wɔbɛn hɔ no.
Aser Asefoɔ
- Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera.
- Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.
- Pasak, Bimhal ne Aswat.
- Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.
- Sofa, Yimna, Seles ne Amal.
- Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,
- Yefune, Pispa ne Ara.
- Arah, Haniel ne Risia.
Chapter 8
Benyamin Asefoɔ
- Bela (abakan), Asbel, Ahra,
- Adar, Gera, Abihud,
- Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraaseɛ no,
Saulo Abusua
- Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
- Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
- Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma.
- Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔtɔ so mmienu ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa.
- Yeinom nyinaa yɛ Benyamin asefoɔ.
Chapter 9
1 Wɔtwerɛɛ Israel abusuadua biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nwoma mu. Esiane sɛ na Yudafoɔ no nni Awurade nokorɛ no enti, wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
Atukɔfoɔ A Wɔsane Baeɛ
2 Wɔn a wɔsane baeɛ bɛfaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn nkuro dada mu no yɛ Israelfoɔ bi, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔredan mu aboafoɔ.3 Nnipa a wɔfiri Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuo mu ba bɛtenaa Yerusalem no yɛ:
- Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmammarima.
- Yeuel ne nʼabusuafoɔ na wɔsane baeɛ. Yuda abusuakuo no mu mmusua ahansia aduɔkron (690) na wɔsane baeɛ.
7 Wɔn a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔsane baeɛ no ne:
- Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;
Asɔfoɔ A Wɔsane Baeɛ
10 Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne:- Yedaia, Yehoriarib, Yakin;
14 Lewifoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ:
- Semaia a ɔyɛ Hasub babarima, a na ɔyɛ Asrikam babarima, a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima, a na ɔyɛ Merari aseni;
17 Apono anohwɛfoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ:
- Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn mmusuafoɔ. Salum na na ɔyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ panin.
Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ no yiyii wɔn agyanom, ɛfiri sɛ na wɔyɛ nokwafoɔ. 23 Saa apono ano ahwɛfoɔ yi ne wɔn asefoɔ no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Awurade efie, a kane no na ɛyɛ ntomadan no ano. 24 Wɔde apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ. 25 Ɛberɛ-ano-berɛ-ano, na wɔn abusuafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadie mu. 26 Saa apono ano ahwɛfoɔ mpanimfoɔ baanan a na wɔyɛ Lewifoɔ no, na wɔn adwuma no yɛ deɛ ɛkura asodie kɛseɛ, ɛfiri sɛ, wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fie hɔ no so. 27 Wɔwɛn Onyankopɔn fie hɔ anadwo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wɔbuebue apono no.
28 Na apono ano ahwɛfoɔ no bi adwuma ne sɛ wɔhwɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresane de akɔgu hɔ no nyinaa a, wɔhwɛ sɛ ebi nnyera. 29 Afoforɔ nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu, nsã, ngo, nnuhwam ne kurobo ahodoɔ so. 30 Nanso, na asɔfoɔ no na wɔdi nnuhwam no ne kurobo no ho dwuma. 31 Matitia a ɔyɛ Lewini, na ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto burodo a wɔde bɔ afɔdeɛ no. 32 Na nnipa bi a wɔfiri Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie burodo a wɔde to ɛpono Homeda no.
33 Nnwom ho nimdefoɔ a na wɔn nso yɛ Lewifoɔ atitire no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ adwuma foforɔ biara, ɛsiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmerɛ nyinaa enti.
34 Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifoɔ mmusua no nyinaa ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ wɔn mmusuadua krataa mu.
Ɔhene Saulo Abusuadua
- Na ne yere din de Maaka,
- Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
- Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
- Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri.
- Na Simri woo Mosa.
- Binea woo Refaia.
- Refaia woo Elasa.
- Elasa woo Asel.
- Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma.
Chapter 10
Ɔhene Saulo Owuo
1 Afei, Filistifoɔ no bɛto hyɛɛ Israel so, ma Israelfoɔ no dwaneeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu pii wɔ bepɔ Gilboa so. 2 Filistifoɔ no kaa Saulo ne ne mmammarima hyɛeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu baasa a wɔn ne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3 Ɔko no ano yɛɛ den wɔ Saulo ho hyiaaɛ, ma Filistifoɔ agyantofoɔ no nyaa Saulo piraa no yie.
4 Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wʼakofena, na fa wɔ me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase.”
Nanso, na nʼakodeɛkurafoɔ no suro enti, wanyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ara nʼakofena, de kumm ne ho. 5 Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso de nʼakofena kumm ne ho. 6 Ɛno enti, Saulo ne ne mmammarima baasa no wuwuu wɔ hɔ ara, ma nʼahennie nnidisoɔ no baa awieeɛ.
7 Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no mu no hunuu sɛ wɔadi wɔn akodɔm no so, na Saulo ne ne mmammarima baasa no awuwu no, wɔdwane gyaa wɔn nkuro hɔ. Ɛno enti, Filistifoɔ no kɔfaa wɔn nkuro no.
8 Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ no kɔɔ sɛ wɔrekɔyiyi atɔfoɔ no ho nneɛma no, wɔhunuu sɛ Saulo ne ne mmammarima no amu gugu bepɔ Gilboa so. 9 Enti, wɔyiyii Saulo akodeɛ firii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wuo no ho dawuro, maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa teeɛ. 10 Wɔde nʼakodeɛ no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no ɔfasuo ho.
11 Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, 12 wɔn akofoɔ kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu baa Yabes. Na wɔsiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wɔdii mmuada nnanson.
13 Na Saulo wuiɛ, ɛfiri sɛ, wanni Awurade nokorɛ. Wanni Awurade ahyɛdeɛ so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ, 14 wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔbisa akwankyerɛ firi Awurade hɔ. Ɛno enti, Awurade kumm no, de nʼahennie hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.
Chapter 11
Dawid Di Israel Nyinaa So Ɔhene
1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ. 2 Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na Awurade , wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’ ”
3 Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.
Dawid Ko Faa Yerusalem
4 Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛdeɛ na wɔfrɛ hɔ kane no, ɛfiri sɛ, Yebusifoɔ na wɔkɔtenaa asase no so kane kyekyereeɛ. 5 Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no.
6 Dawid ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Mo mu biara a ɔbɛdi anim na yɛakɔto ahyɛ Yebusifoɔ no so no, ɔno na ɔbɛyɛ mʼakodɔm so sahene.” Na Dawid nuabaa Seruia babarima Yoab dii ntohyɛsoɔ no anim, enti ɔbɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene.
7 Dawid tenaa aban no mu, na ɛno enti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kuro no. 8 Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no. 9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Asafo Awurade ka ne ho.
Dawid Nnɔmmarima
10 Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no. 11 Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu.
12 Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahoa aseni. 13 Ɛberɛ a Dawid sɔre tiaa Filistifoɔ wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuo nko, na Israel asraafoɔ no dwaneeɛ. 14 Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn.
15 Ɛda bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifoɔ asraadɔm akyere sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wɔagye edin wɔ Dawid akodɔm mu no siane kɔhyiaa no wɔ hɔ. 16 Saa ɛberɛ no, na Dawid te abanbɔeɛ mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm kuo bi akɔtena Betlehem. 17 Dawid firi akɔnnɔ mu kaeɛ sɛ, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; deɛ ɛbɛn ɛpono ano no bi.” 18 Enti, Baasa no bɔ wuraa Filistifoɔ no mu, kɔsaa abura no mu nsuo no bi de brɛɛ Dawid. Nanso, Dawid annom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim 19 teaam sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsuo yi. Ɛsom bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔdeɛ kɔsa brɛɛ me no mogya.” Enti, Dawid annom. Yei yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛsoɔ.
Dawid Nnɔmmarima Aduasa No
20 Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no. 21 Abisai na na ne din ahyeta yie wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nanso na ɔnka Baasa no ho.
22 Na Yehoiada babarima Benaia a ɔfiri Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmaninsɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ ɔkunkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu bi. Ɛberɛ foforɔ bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro, nanso, ɔkyeree gyata no kumm no. 23 Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no. 24 Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no. 25 Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene.
26 Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie:
- Yoab nuabarima Asahel;
- Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem;
- Heles a ɔfiri Pelon;
- Abieser a ɔfiri Anatot;
- Salmon a ɔfiri Ahoa;
- Baana a ɔfiri Netofa babarima Heled;
- Abiel a ɔfiri Araba.
- Eliahba a ɔfiri Saalbon.
- Sage babarima Yonatan a ɔfiri Harar.
- Ur babarima Elifar.
- Ahiya a ɔfiri Pelon.
- Esbai babarima Naarai.
- Hagri babarima Mibhar.
- Naharai a ɔfiri Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodeɛkurafoɔ);
- Gareb a ɔfiri Yitri;
- Ahlai babarima Sabad;
- Yosafat a ɔfiri Mitna;
- Hotam a ɔfiri Aroer mmammarima Sama ne Yeiel;
- Yoha ne nuabarima a ɔfiri Tis;
- Elnaam mmammarima Yeribai ne Yosawia;
- Yitma a ɔfiri Moab;
- Yaasiel a ɔfiri Soba.
Chapter 12
Nnɔmmarima Kɔka Dawid Akodɔm Ho
1 Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu. 2 Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu.
- Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet;
- Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot;
- Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wɔfiri Gedera;
8 Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu wɔ ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini wɔ nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔ so atwe.
- Obadia yɛ abadiakyire.
- Eliab na ɔtɔ so mmiɛnsa.
- Deɛ ɔtɔ so enum ne Yeremia.
14 Saa nnɔmmarima a wɔfiri Gad yi yɛ asahene. Deɛ ɔnyɛ den koraa no, ɔtumi ne asraafoɔ ɔha ko, ɛnna deɛ ɔyɛ den no tumi ne asraafoɔ apem ko. 15 Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so wɔ nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii hɔ.
16 Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ abanbɔeɛ hɔ. 17 Dawid kɔhyiaa wɔn kaa sɛ, “Sɛ moaba asomdwoeɛ so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebɛyi me ama mʼatamfoɔ wɔ ɛberɛ a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Onyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
18 Na honhom no sii Amasai a akyire no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panin no so, na ɔkaa sɛ,
“Yɛyɛ wo dea, Dawid!
Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba;
Asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ nyɛ wo kyɛfa
na wʼaboafoɔ nyinaa nnya nkɔsoɔ,
ɛfiri sɛ, wo Onyankopɔn ne deɛ ɔboa wo.”
Enti, Dawid maa wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu.
19 Manase mmarima no bi tee wɔn ho kɔdɔmm Dawid wɔ ɛberɛ a na ɔne Filistifoɔ no rekɔko atia Saulo no. Nanso, asɛm no ani daneeɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wɔdwendwenee ho ara no, wɔmaa wɔsanee wɔn akyi kaa sɛ, “Sɛ Dawid dane nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde bɛtwa so.” 20 Manase mmarima a wɔwae kɔɔ Dawid afa wɔ ɛberɛ a na ɔresane akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da akodɔm apem ano. 21 Wɔboaa Dawid maa ɔtaa afomfafoɔ no, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ akokoɔdurufoɔ ne akofoɔ akɛseɛ a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakodɔm mu. 22 Adekyeeɛ biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kɔsii sɛ ɔnyaa asraadɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn deɛ. 23 Yeinom ne akofoɔ akɛseɛ dodoɔ a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di ɔhene, sɛdeɛ Awurade ahyɛ ato hɔ no.
38 Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.
Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene. 39 Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri sɛ, na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan. 40 Nnipa bi a wɔfiri akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so.
Chapter 13
Dawid Pɛ Sɛ Ɔkɔfa Apam Adaka No
1 Dawid ne ne mpanimfoɔ a nʼasraafoɔ asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina. 2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Onyankopɔn pɛ a, momma yɛnto nkra nkɔma Israelfoɔ a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ nkuro so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. 3 Ɛberɛ aduru sɛ yɛsane de yɛn Onyankopɔn Apam Adaka no ba, ɛfiri sɛ, Saulo ahennie ɛberɛ so no, yɛampɛ anhwɛ.” 4 Badwa no penee saa asɛm yi so ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ, wɔyɛ saa a, ɛyɛ.
5 Enti, Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, ɛfiri ɔman no tire kɔsi tire, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri Kiriat-Yearim mmra. 6 Afei, Dawid ne Israelfoɔ no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ Kerubim ntam na Awurade din da so no aba.
7 Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so de firii Abinadab fie a Usa ne Ahio rekyerɛ ɛkwan. 8 Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim.
9 Nanso wɔduruu Nakon ayuporobea no, anantwie no anan totoeɛ maa Usa tenee ne nsa sɛ ɔretene Apam Adaka no. 10 Ɛhɔ na Awurade abufuo sɔre tiaa Usa maa ɔwuiɛ ɛfiri sɛ, ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.
11 Dawid bo fuiɛ, ɛfiri sɛ Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de bɛsi ɛnnɛ.
12 Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?” 13 Enti, Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kuro no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fie wɔ Gat. 14 Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fiefoɔ nyinaa.
Chapter 14
Dawid Ahemfie Ne Nʼabusua
1 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wɔnkɔsi ahemfie mma no. Afei, Huram sane de ntweneduro nnua a wɔbɛpae kɔeɛ. 2 Na Dawid hunuu sɛ Awurade de no asi Israel so ɔhene, na ɛsiane Israel enti, wayɛ nʼahennie kɛseɛ.
3 Afei, Dawid waree mmaa bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa bebree. 4 Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, 5 Yibhar, Elisua, ne Elifelet, 6 Noga, Nefeg ne Yafia, 7 Elisama, Beeliada ne Elifelet.
Dawid Di Filistifoɔ So Nkonim
8 Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so ɔhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkye no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima firii kuro no mu kɔhyiaa wɔn. 9 Na Filistifoɔ no abɛduru Refaim bɔnhwa mu, asɛe hɔ pasaa. 10 Enti, Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ, “Mempue na me ne Filistifoɔ no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?”
Awurade buaa sɛ, “Aane, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”
11 Enti, Dawid ne nʼakodɔm kɔɔ Baal-Perasim kɔdii Filistifoɔ no so wɔ hɔ. Dawid teaam sɛ, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfoɔ mu te sɛ nsuyire a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Baal-Perasim (a asekyerɛ ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). 12 Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni nyinaa hɔ enti, Dawid hyɛ maa wɔhyee ne nyinaa.
13 Nanso, ankyɛre biara, Filistifoɔ no sane baa bɔnhwa no mu bɛsɛee hɔ. 14 Dawid bisaa Onyankopɔn deɛ ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buaa sɛ, “Nkɔ tee nkɔto nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kɔsi wɔn akyi na monto nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no. 15 Na sɛ mote nnyegyeeɛ bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra nan ase wɔ baka nnua no atifi a, monto nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifoɔ no agu.” 16 Enti, Dawid yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifoɔ akodɔm no guiɛ firi Gibeon de kɔsii Geser.
17 Na Dawid edin hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.
Chapter 15
Wɔde Apam Adaka No Ba Yerusalem
1 Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi. 2 Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi agye Lewifoɔ no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.”
3 Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no.
4 Yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔfrɛɛ wɔn no:
11 Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab. 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo na moyɛ Lewifoɔ mmusua mu ntuanofoɔ. Mo ne Lewifoɔ a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtumi de Awurade , Israel Onyankopɔn, Apam Adaka bɛba beaeɛ a masiesie ama no no. 13 Esiane sɛ, kane no, mo Lewifoɔ ansoa Apam Adaka no enti, Awurade , yɛn Onyankopɔn, abufuo sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɛkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.” 14 Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de Awurade , Israel Onyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 15 Na Lewifoɔ no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
16 Dawid hyɛɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no nso sɛ, wɔnte Lewifoɔ nnwomtofoɔ kuo, wɔn a wɔnim nnwontoɔ, ne wɔn a wɔwɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyankyan mmɛto anigyeɛ nnwom.
17 Na Lewifoɔ no yii Yoɛl babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wɔfiri Merari abusua mu, ma wɔdii nnwomtofoɔ no anim. 18 Wɔyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafoɔ: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apono ano ahwɛfoɔ Obed-Edom ne Yeiel.
19 Wɔyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafraeɛ kyankyan no. 20 Wɔyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no. 21 Wɔyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no. 22 Wɔyii Kenania a ɔyɛ Lewifoɔ panin no sɛ ɔnna nnwontokuo no ano, ɛsiane ne nimdeɛ enti.
23 Wɔyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. 24 Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfoɔ no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntotorobɛnto no. Wɔyii Obed-Edom ne Yehia nso sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
Wɔsoa Apam Adaka No Kɔ Yerusalem
25 Afei, Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne akodɔm asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fie sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 26 Na ɛsiane sɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no enti, wɔde anantwinini nson ne nnwennini nson bɔɔ afɔdeɛ. 27 Wɔhyɛɛ Dawid serekye atadeɛ fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifoɔ a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwomtofoɔ no ne Kenania a ɔyɛ nnwomtofoɔ kwankyerɛfoɔ no nso yɛeɛ. Na Dawid hyɛ asɔfoɔ ngugusoɔ bi nso. 28 Enti, Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne totorobɛntohyɛn, kyankyanbɔ, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.
29 Na ɛberɛ a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal too nʼani hwɛɛ fam, firii ne mpomma mu. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid resa na ɔde anigyeɛ rehurihuri no, ɔbuu no animtiaa nʼakoma mu.
Chapter 16
1 Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn anim. 2 Dawid wieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade din mu. 3 Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam.
4 Dawid yii saa Lewifoɔ yi sɛ wɔnni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade , Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no. 5 Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. 6 Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntotorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
Dawid Aseda Dwom
7 Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ:
8 Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.
9 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;
monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.
10 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.
11 Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.
12 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ,
ne nsɛnkyerɛnneɛ ne atemmuo a ɔbuiɛ.
13 Ao Israel mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,
Ao Yakob mma a wapa wɔn.
14 Ɔyɛ Awurade , yɛn Onyankopɔn;
nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.
15 Ɔkae nʼapam daa nyinaa,
asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no.
16 Yei ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ
ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.
17 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,
de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;
18 “Mede Kanaan asase no bɛma wo
sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”
19 Ɔkaa yei wɔ ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,
ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
20 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so,
firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
21 Nanso, wamma obi anhyɛ wɔn so;
wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ;
22 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,
na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”
23 Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade !
Ɛda biara mompae mu nka asɛmpa no sɛ ɔgye nkwa.
24 Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu.
Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara.
25 Awurade yɛ kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie!
Ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.
26 Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,
nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!
27 Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,
ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenaeɛ.
28 Momfa mma Awurade , Ao amanaman mmusuakuo,
momfa animuonyam ne tumi mma Awurade .
29 Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade !
Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no.
Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.
30 Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.
Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim.
31 Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho!
Momma aman nyinaa nte sɛ, “ Awurade yɛ ɔhene!”
32 Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no.
Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue.
33 Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ
nyɛ ayɛyie Awurade anim!
Ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn.
34 Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ
na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
35 Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!
Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam,
na yɛatumi ada wo din kronkron ase,
na yɛadi ahurisie akamfo wo.”
36 Ayɛyie nka Awurade , Israel Onyankopɔn,
ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.
Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade .
Yerusalem Ne Gibeon Ɔsom
37 Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara. 38 Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.
39 Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom Awurade anim wɔ hɔ. 40 Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so. 41 Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ, wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔeɛ no tim hɔ daa.” 42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ.
43 Na nnipa no nyinaa sane kɔɔ wɔn afie mu. Dawid nso sane kɔɔ ne fie, kɔhyiraa ne fiefoɔ.
Chapter 17
Awurade Apam Bɔhyɛ A Ɔde Maa Dawid1 Afei, ɛberɛ a Dawid nyaa atenaseɛ wɔ nʼahemfie hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan sɛ, “Me deɛ manya ahemfie a wɔde ntweneduro asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no deɛ, ɛhyɛ ntomadan mu.”
2 Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”
3 Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ,
4 “Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wosi asɔredan ma me tena mu. 5 Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firii Misraim bɛsi ɛnnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntomadan mu na wɔde di atutena. 6 Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofoɔ no a wɔyɛ me nkurɔfoɔ nnwanhwɛfoɔ no da. Memmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii efie mmaa me da?” ’
7 “Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Meyii wo sɛ di me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim wɔ ɛberɛ a na woyɛ abarimaa dwanhwɛfoɔ a worehwɛ wo nnwan wɔ adidibea. 8 Baabiara a wokɔeɛ no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Na mɛma wɔagye edin wɔ asase yi nyinaa so. 9 Mama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no, 10 firi ɛberɛ a meyii atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Na mɛka wʼatamfoɔ nyinaa ahyɛ.
“ ‘Na merepae mu aka sɛ, Awurade bɛsi efie ama wo, ahennie nnidisoɔ. 11 Na sɛ wowu a, mɛma wo mmammarima no mu baako so, na mama nʼahennie ayɛ den. 12 Ɔno ne obi a ɔbɛsi efie a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na mɛtim nʼahennwa ase afebɔɔ. 13 Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfiri ne so, sɛdeɛ meyi firii Saulo a wodii nʼadeɛ so no. 14 Mɛma nʼase atim wɔ mʼahennie nnidisoɔ ne mʼaheman mu ɛberɛ nyinaa mu, na nʼahennwa no bɛtena hɔ daa.’ ”
15 Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.
Dawid Aseda Mpaeɛbɔ
16 Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ,
“Me ne hwan, Ao Awurade Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu? 17 Na seesei, Awurade , yei nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie nnidisoɔ afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛseɛ pa ara, Ao Awurade Onyankopɔn!
18 “Ɛdeɛn na menka bio mfa ɛkwan a woafa so ahyɛ me animuonyam yi ho? Wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ ankasa. 19 Ao Awurade , me enti ne wo pɛ mu enti, woayɛ saa nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woada no adi.
20 “Ao Awurade , obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforɔ bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforɔ bi wɔ hɔ te sɛ wo! 21 Ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn, Ao Onyankopɔn, na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfoɔ? Ɛberɛ a wogyee wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wode gyee edin. Wonam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ ahodwirie so pamoo aman a wɔayɛ akwansideɛ ama wɔn. 22 Woyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfoɔ afebɔɔ, na wo, Ao Awurade , woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.
23 “Ao Awurade , afei di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 24 Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no animuonyam afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ewiase nyinaa bɛka sɛ, ‘ Awurade Otumfoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie nnidisoɔ no ase ntim wɔ wʼanim.
25 “Ao me Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi, ɛfiri sɛ, woada no adi sɛ wobɛsi fie ama me, mʼahennie nnidisoɔ a ɛbɛtena hɔ daa. 26 Ɛfiri sɛ, woyɛ Onyankopɔn, Ao Awurade . Na me, wo ɔsomfoɔ, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ. 27 Na afei, asɔ wʼani sɛ wobɛhyira me ne mʼabusuafoɔ, sɛdeɛ yɛn ahennie nnidisoɔ bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wohyira a, Ao Awurade , ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”
Chapter 18
Dawid Akodie Mu Nkonimdie
1 Yei akyiri no, Dawid ko dii Gat ne nkuro a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifoɔ no hyɛeɛ, brɛɛ wɔn ase. 2 Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, ma Moabfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no.
3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba akodɔm ase, de kɔsii Hamat wɔ ɛberɛ a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. 4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Afei, ɔtwitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.
5 Ɛberɛ a Aramfoɔ firi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkumm wɔn mu ɔpeduonu mmienu. 6 Afei, ɔde asraafodɔm guu Damasko, Aram ahenkuro mu, ma Aramfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no apeatoɔ. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. 7 Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem. 8 Ɔde kɔbere mfrafraeɛ bebree a ɛfiri Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun kaa ho baeɛ. Akyire yi, Salomo nanee kɔbere mfrafraeɛ no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.
9 Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no, 10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree.
11 Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛdeɛ yi nyinaa so maa Awurade , a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa firii aman foforɔ a ɔkaa wɔn hyɛeɛ no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia ne Amalek.
12 Seruia babarima Abisai kunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. 13 Ɔde asraafoɔ duaduaa Edom nyinaa, ma Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ sɛdeɛ Awurade ma Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ no nhwɛsoɔ.
14 Dawid dii ɔhene wɔ Israel nyinaa so, na ɔne obiara tenaa yie.
- Sawsa na na ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ.
- Dawid mmammarima somm sɛ ɔhene aboafoɔ mpanimfoɔ.
Chapter 19
Dawid Di Amorifoɔ So Nkonim
1 Yeinom akyiri no, Amonhene Nahas wuiɛ, na ne babarima Hanun bɛdii adeɛ. 2 Dawid kaa sɛ, “Me ne Hanun bɛyɛ baako, ɛfiri sɛ, nʼagya Nahas ne me yɛɛ baako nokorɛm.”
Ɛno enti, Dawid tuu abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wuo no enti. Nanso, ɛberɛ a abɔfoɔ no duruu Amon asase so no, 3 Hanun afotufoɔ bisaa no sɛ, “Enti, wogye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya animuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.” 4 Enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, werɛɛ wɔn abɔgyesɛ, twitwaa wɔn ntadeɛ ano wɔ wɔn to ase, maa wɔsane de animguaseɛ kɔɔ Dawid nkyɛn.
5 Ɛberɛ a Dawid tee asɛm no, ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ abɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yeriko kɔsi sɛ wɔn abɔgyesɛ no bɛfu, ɛfiri sɛ, na wɔn ho ayɛ fɛreɛ.
6 Afei, Amonfoɔ hunuu abufutrasoɔ a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ soma maa wɔde dwetɛ nkariboɔ ani tɔno 38 kɔgyee nteaseɛnam ne akodɔm firii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba. 7 Wɔsane pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa mmienu, na wɔnyaa akyigyina firii Maakahene ne nʼakodɔm nkyɛn. Saa akodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon akodɔm a Hanun nya firii nʼankasa nkuro so no kɔkaa wɔn ho.
8 Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko. 9 Amonfoɔ akodɔm no bɛgyinagyinaa kuro no ɛpono ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa ɛserɛ no so.
10 Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɛsɛ dɔm no anim kyerɛ ne so wɔ nʼanim ne nʼakyi no, ɔyii nʼakodɔm no mu akofoɔ a wɔnim ako no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfoɔ no a wɔgyinagyina ɛserɛ so no. 11 Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so. 12 Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so sɛ, “Sɛ Amonfoɔ no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo. 13 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”
14 Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ so no, wɔfirii aseɛ dwaneeɛ. 15 Na Amonfoɔ hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab sane kɔɔ Yerusalem.
16 Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ enti, wɔfrɛɛ Aram akodɔm foforɔ firii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa akodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser akodɔm nyinaa sahene ase no baeɛ.
17 Ɛberɛ a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakodɔm no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfoɔ no de ɔko hyehyɛɛ so, maa wɔko tiaa no. 18 Ɛha nso, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne anammɔntwa asraadɔm ɔpeduanan a Sofak a ɔyɛ akodɔm no sahene no ka ho.
19 Hadadeser asomfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi, Aramfoɔ ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ bio.
Chapter 20
Wɔko Fa Raba
1 Asusɔ berɛ, afe mu ɛberɛ a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Amonfoɔ nkuro ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodie no mu no, wɔtuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa ɛberɛ no, na Dawid te akyire wɔ Yerusalem. 2 Ɛberɛ a Dawid duruu Raba no, ɔtuu ɔhene no ahenkyɛ, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛ no na wɔde aboɔdemmoɔ abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid faa asadeɛ bebree firii kuro no mu. 3 Ɔde Rabafoɔ no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɛwan, fatudadeɛ ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara na ɔhyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.
Wɔne Filistifoɔ Ko No
4 Yei akyi, ɔko sii wɔne Filistifoɔ ntam wɔ Geser. Ɔko no mu, Sibekai a ɔfiri Husa kumm Sipai a ɔyɛ ɔbrane no aseni. Enti wɔkaa Filistifoɔ no hyɛeɛ.
5 Ɔko foforɔ bi a wɔne Filistifoɔ koeɛ mu no, Yair babarima Elhanan kumm Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi pea nsa mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.
6 Ɔko foforɔ bi nso a wɔne Filistifoɔ koo wɔ Gat no, ɔbrane bi a ɔyɛ abrane asefoɔ no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no 7 buu Israel animtia, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kumm no.
8 Na saa Filistifoɔ yi yɛ Gat abrane no asefoɔ nanso Dawid ne nʼakofoɔ kunkumm wɔn.
Chapter 21
Dawid Kan Nnipa
1 Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, ma Dawid kanee Israelfoɔ. 2 Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodoɔ mmrɛ me, na ɛmma menhunu wɔn ano.”
3 Na Yoab kaa sɛ, “ Awurade mmɔ ne nkurɔfoɔ no dodoɔ ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfoɔ anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
4 Nanso, ɔhene no kaa sɛ, deɛ ɛteɛ biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti, Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kanee nnipa no. Na ɔsane baa Yerusalem 5 bɛkaa nnipa no dodoɔ kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodoɔ yɛ mmarima ɔpepem baako ne ɔpeha a wɔaso ɔsa kɔ wɔ Israel ne ɔpehanan aduɔson wɔ Yuda.
6 Nanso, Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuo anka nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, na deɛ ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahomete.
Dawid Bɔne Ho Atemmuo
7 Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa enti, ɔtwee Israel aso wɔ ho. 8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me.”
9 Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie: 10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ ”
11 Enti, Gad baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ, “Nneɛma mmiɛnsa a Awurade de ama wo no nie: 12 Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade .”
13 Dawid buaa Gad sɛ, “Yei yɛ ahohiahiasɛm. Ma ɛmfiri Awurade nsam, ɛfiri sɛ, nʼahummɔborɔ so. Mma ɛmfiri onipa nsam.”
14 Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa ɔpeduɔson wuwuiɛ. 15 Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfoɔ sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na ɔsoro ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa asɛe no no, Awurade nyaa ahummɔborɔ ka kyerɛɛ owuo soro ɔbɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa ɛberɛ no na ɔsoro ɔbɔfoɔ no gyina Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
16 Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ.
17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ.”
Dawid Si Afɔrebukyia
18 Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid ma ɔnsi afɔrebukyia mma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. 19 Na Dawid yɛɛ deɛ Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no. 20 Arauna a saa ɛberɛ no nʼani abere repore nʼatokoɔ so no danee ne ho hunuu ɔbɔfoɔ no wɔ hɔ. Ne mmammarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no dwane kɔtetɛeɛ. 21 Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene Dawid reba ayuporobea hɔ no, ɔfiri hɔ kɔkotoo nʼanim.
22 Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna sɛ, “Tɔn ayuporobea yi ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ. Na mɛsi afɔrebukyia ama Awurade wɔ hɔ sɛdeɛ ɔbɛsi ɔyaredɔm no ano.”
23 Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa, me wura, na fa yɛ deɛ wopɛ. Anantwie a wode bɛbɔ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporobea nnua yi ayɛ anyina de asɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. Fa atokoɔ no nso bɔ atokoɔ afɔdeɛ. Mede ne nyinaa bɛma wo.”
24 Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi! Mepɛ sɛ metua deɛ ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapadeɛ mfa mma Awurade . Meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a memmɔɔ ho ka.”
25 Enti, Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram nson maa Arauna, de tɔɔ ayuporobea no. 26 Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade , bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, nam so de ogya firi soro bɛhyee afɔrebɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no.
27 Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no maa ɔsane de nʼakofena no hyɛɛ ne bɔha mu. 28 Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ Awurade atie ne mpaeɛbɔ no, ɔbɔɔ afɔdeɛ pii wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. 29 Saa ɛberɛ no na Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ne afɔrebukyia a Mose sii wɔ ɛserɛ so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ. 30 Nanso, Dawid antumi ankɔ hɔ ankɔbisa Onyankopɔn ase, ɛfiri sɛ, akofena a Awurade ɔbɔfoɔ no tweeɛ no bɔɔ no hu.
Chapter 22
1 Afei, Dawid kaa sɛ, “Ɛha ne baabi a wɔbɛsi Awurade Onyankopɔn Asɔredan no ne afɔrebukyia a Israel bɛbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ no.”
Asɔredan No Sie Ho Ahoboa
2 Ɛno enti, Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔhoɔ a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔmaa wɔtwaa aboɔ a wɔde bɛsi Onyankopɔn Asɔredan no. 3 Dawid maa nnadeɛ pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho bɛhia ama apono ne mfɛwa. Ɔmaa kɔbere mfrafraeɛ nso bebree a na wɔntumi nkari mpo. 4 Ɔmaa ntweneduro nnua pii nso, ɛfiri sɛ na mmarima a wɔfiri Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dada.
5 Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
6 Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi asɔredan mma Awurade , Israel Onyankopɔn. 7 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, na anka mepɛ sɛ mesi asɔredan de hyɛ Awurade , me Onyankopɔn, din animuonyam. 8 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Woakunkum nnipa bebree akodie akɛseɛ a wodii no mu. Na ɛsiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim enti, ɛnyɛ wo na wobɛsi asɔredan de ahyɛ me din animuonyam. 9 Na wobɛwo ɔbabarima a ne berɛ so asomdwoeɛ ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoeɛ abɛda ɔne nʼatamfoɔ a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahennie mu no, mɛma asomdwoeɛ ne ahotɔ aba Israel. 10 Ɔno ne obi a ɔbɛsi asɔredan, de ahyɛ me din animuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahennie ahennwa atim wɔ Israel afebɔɔ.’
11 “Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔsoɔ wɔ ɛberɛ a wodi nʼahyɛdeɛ so, na woresi Awurade , wo Onyankopɔn, asɔredan yi. 12 Na Awurade mma wo nyansa ne nteaseɛ, na woadi Awurade , wo Onyankopɔn mmara so wɔ ɛberɛ a wodi Israel so ɔhene yi. 13 Sɛ wodi mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yie a, ɛbɛsi wo yie. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wʼakoma ntu.
14 “Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no sie ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 4,000, dwetɛ bɛyɛ tɔno 40,000 ne nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a wɔntumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne aboɔ a wɔde bɛyɛ afasuo no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho. 15 Wowɔ aboɔ adansifoɔ, nnua adwumfoɔ ne nnwuma ahodoɔ mu adwumfoɔ bebree. 16 Wɔyɛ abenfoɔ wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinnie mu, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ ho adwumayɛfoɔ. Afei hyɛ adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”
17 Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofoɔ nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadie no mu. 18 Ɔkaa sɛ, “ Awurade , wo Onyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoeɛ aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, enti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nkoa. 19 Afei firi wʼakoma nyinaa mu hwehwɛ Awurade , wo Onyankopɔn. Si Awurade Onyankopɔn kronkronbea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronneɛ no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din animuonyam no mu.”
Chapter 23
Lewifoɔ Nnwuma
1 Ɛberɛ a Dawid bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na ɔbɛdi Israel so ɔhene.
2 Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofoɔ nyinaa ne asɔfoɔ, a Lewifoɔ ka ho sɛ, wɔmmra ahensie afahyɛ no ase. 3 Wɔkanee Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduasa anaa deɛ ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduasa nwɔtwe. 4 Na Dawid kaa sɛ, “Wɔn mu mpem aduonu ɛnan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem nsia bɛsom sɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ. 5 Mpem ɛnan bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ na mpem ɛnan foforɔ de nnwontodeɛ a mayɛ no bɛkamfo Awurade .”
6 Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so.
Gersonfoɔ
- Libni ne Simei.
- Yehiel (a ɔyɛ abusuapanin), Setam ne Yoɛl.
- Na Simei asefoɔ baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.
- Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.
Kohatfoɔ
- Aaron ne Mose.
- Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ sɛ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim, nsom Awurade , na wɔnhyira wɔ ne din mu daa daa.
- Gersom ne Elieser.
- Na Rehabia mmammarima yɛ bebree.
- Amaria a ɔdi hɔ,
- Yahasiel a ɔtɔ so mmiɛnsa
- ne Yekameam a ɔtɔ so ɛnan no
- ne Hebron mmammarima no.
- yɛ Usiel asefoɔ no.
Merarifoɔ
- Merari mmammarima.
- Mahli mmammarima ne:
- Eleasa ne Kis.
- Mahli, Eder ne Yeremot.
24 Yeinom na na wɔn mmusua enti wɔyɛ Lewi asefoɔ, na wɔyɛ wɔn mmusua akuo no ntuanofoɔ a na wɔahwɛ atwerɛ wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa, ansa na waso Awurade fie som. 25 Na Dawid kaa sɛ, “ Awurade , Israel Onyankopɔn ama yɛn asomdwoeɛ, na daa ɔbɛtena Yerusalem. 26 Afei, ɛho nhia sɛ Lewifoɔ no bɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.” 27 Sɛdeɛ Dawid no ara akwankyerɛ a ɛtwa toɔ no seɛ no, ɛsɛ sɛ wɔtwerɛ Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.
28 Na Lewifoɔ no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fie no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adihɔ ne adan a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahodoɔ so wɔ Onyankopɔn efie. 29 Na wɔhwɛ burodo kronkron a wɔkora no didipono so no, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduane afɔdeɛ, taterɛ a mmɔreka nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua sradeɛ akye ne burodo afoforɔ a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛdeɛ bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so. 30 Na anɔpa ne anwummerɛ biara nso, wɔgyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no. 31 Wɔboa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade homeda ahodoɔ mu wɔ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadie mu. Ɛberɛ biara, na Lewifoɔ dodoɔ a ɛfata wɔ hɔ a wɔsom Awurade anim.
32 Ɛno enti, Lewifoɔ no a na wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔɔ so somm wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokorɛdie yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade efie.
Chapter 24
Asɔfoɔ No Nnwuma
1 Sɛdeɛ wɔkyekyɛɛ Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mu akuakuo ma wɔsomeeɛ no nie: Na Aaron mmammarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. 2 Nanso, Nadab ne Abihu wuiɛ a wɔnni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti, ɛkaa Eleasa ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfoɔ. 3 Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasa aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boaa no enti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefoɔ mu akuakuo sɛdeɛ wɔn dwumadie teɛ. 4 Wɔkyɛɛ Itamar deɛ mu akuo nwɔtwe, ɛfiri sɛ, na Eleasa asefoɔ mu mmusua mpanimfoɔ no dɔɔso. 5 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ.
6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:
- Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Yedaia.
- Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Seorim.
- Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Miyamin.
- Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Abia.
- Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Sekania.
- Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Yakim.
- Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Yesebeab.
- Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Imer.
- Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.
- Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Yeheskel.
- Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gamul.
- Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Maasia.
19 Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade , Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.
Lewi Mmusua Mpanimfoɔ
20 Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ:
- Amram asefoɔ ntuanoni ne Subael.
- Subael asefoɔ ntuanoni ne Yehdeia.
- Selomot asefoɔ ntuanoni ne Yahat.
- Yeria; Amaria ne nʼabadiakyire, Yahasiel na ɔtɔ so mmiɛnsa na Yekameam tɔ so ɛnan.
- Mika asefoɔ ntuanoni ne Samir
- Yisia asefoɔ ntuanoni ne Sakaria.
- Yasia asefoɔ ntuanoni ne Beno.
- Beno, Soham, Sakur ne Ibri.
Yeinom ne Lewi asefoɔ ne sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
31 Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefoɔ deɛ no, a wɔanhwɛ mfeɛ a wɔadi ne wɔn diberɛ. Wɔdii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmusua mpanimfoɔ no anim.
Chapter 25
Nnwontofoɔ No Nnwuma
1 Dawid ne asahene no yiyii mmarima firii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa nsankuten, mmɛnta ne kyankyan mmɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. Wɔn din ne wɔn nnwuma na ɛdidi soɔ yi:
- Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.
- Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya Yedutun ase. Ɔno na ɔnam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade de bɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.
- Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot.
6 Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fie. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten wɔ Onyankopɔn fie.
Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase. 7 Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe (288) na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ. 8 Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwomtofoɔ tuatuaa nnwuma ahodoɔ ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abɔfra anaa ɔpanin, ɔkyerɛkyerɛfoɔ anaa osuani.
- Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Gedalia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)
Chapter 26
Apono Ano Ahwɛfoɔ Nnwuma
1 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no akuakuo:Korafoɔ mu no:
- yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ɔfiri Asaf abusua mu.
- Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔtɔ so mmienu,
- Sebadia a ɔtɔ so mmiɛnsa, Yatniel a ɔtɔ so ɛnan.
- ne Eliehoenai a ɔtɔ so nson.
- Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu,
- Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan,
- Netanel a ɔtɔ so enum,
- Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe.
- Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.
- Otni, Refael, Obed ne Elsabad;
- na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ.
- Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsa
- ne Sakaria tɔ so ɛnan. Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom sɛ apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ yɛ dumiɛnsa (13).
12 Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no. 13 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ.
- Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa.
Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.
- baanan kɔ atifi ɛpono no ho,
- baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho,
- na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho.
19 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.
Fotosanfoɔ Ne Adwumayɛfoɔ Nkaeɛ
20 Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so.
21 Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano. 22 Yehieli mmammarima Setam ne ne nuabarima Yoɛl na na wɔhwɛ Awurade fie sikakorabea so.
23 Yeinom ne ntuanofoɔ a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefoɔ.
- Ɔne ne mmammarima na wɔyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfoɔ ne atemmufoɔ wɔ Israelman mu nyinaa.
- (Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu.
Chapter 27
Asahene Ne Wɔn Akuo
1 Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:
Mmusuakuo No Ntuanofoɔ
16 Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie:
- Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser;
- Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia;
- Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok;
- Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri;
- Naftali abusuakuo: Asriel babarima Yerimot;
- Manase (atɔeɛ fam) abusuakuo: Pedaia babarima Yoɛl;
- Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel;
Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ.
23 Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24 Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
Dawid Ahennie Mu Mpanimfoɔ
- Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
- Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so.
- Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
- Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so.
- Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.
- Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ.
- Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo.
- Yoab na na ɔyɛ Israel akodɔm so sahene.
Chapter 28
Dawid Akwankyerɛ A Ɔde Maa Salomo
1 Dawid frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanimfoɔ no ne mmusuakuo no ntuanofoɔ, asahene a wɔdeda akodɔm akuo dumienu no ano, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapadeɛ ne ne mmoa so, ahemfie nhenkwaa, akofoɔ akɛseɛ ne akofoɔ a wɔaka wɔ ahennie no mu no.
2 Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom ne me nkurɔfoɔ, anka mepɛɛ sɛ mɛsi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn nan ntiasoɔ no bɛsi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebɛsi, 3 nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔkofoɔ a woahwie mogya bebree aguo.’
4 “Nanso, Awurade , Israel Onyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, menni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuo sɛ wɔnni ɔhene na Yuda mmusua mu nso, ɔyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ ɔsii me Israel nyinaa so ɔhene. 5 Na me mmammarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, ɔyii Salomo sɛ ɔnni mʼadeɛ wɔ nʼahennie Israel ahennwa so. 6 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo babarima Salomo na ɔbɛsi mʼasɔredan ne nʼadihɔ nyinaa, ɛfiri sɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya. 7 Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛdeɛ ne me mmara so, sɛdeɛ ɔyɛ seesei yi a, mɛma nʼahennie atim afebɔɔ.’
8 “Enti, seesei a Onyankopɔn yɛ yɛn danseni yi, menam wo so de saa asodie yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfoɔ no: Monhwɛ yie na monni Awurade , mo Onyankopɔn, ahyɛdeɛ nyinaa so sɛdeɛ mobɛfa saa asase pa yi, na moagya ama mo asefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ daa.
9 “Afei, me ba Salomo, hunu wʼagyanom Onyankopɔn. Fa wʼakoma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Ɛfiri sɛ, Awurade hunu akoma biara mu, enti ɔhunu na ɔnim emu nhyehyɛeɛ ne nsusuiɛ biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wobɛhunu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ. 10 Enti, fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”
11 Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, ɔsoro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no mfofareɛm a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no bɛsi maa Salomo. 12 Nhyehyɛeɛ biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adihɔ ho, akyire adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛdeɛ a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo. 13 Saa ara na Dawid kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ahodoɔ no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne deɛ wɔde bɔ afɔdeɛ. 14 Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho bɛhia. 15 Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodoɔ a ɛho bɛhia ama sikakɔkɔɔ nkaneadua no ne nkanea no, ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a ɛho bɛhia ama dwetɛ nkaneadua no ne nkanea no yɛ, ne ɛkwan korɔ a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no so. 16 Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛpono a wɔde Hyiadan mu Burodo no bɛto so ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ apono a ɛka ho no. 17 Dawid sane kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛnam darewa a wɔde bɛsosɔ afɔrebɔ ɛnam mu, atam, sukuruwa ne nyowaa ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ayowaa biara. 18 Deɛ ɔde wieeɛ ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodoɔ a wɔde bɛyɛ nnuhwam afɔrebukyia no ne sikakɔkɔɔ Kerubim a nʼataban atrɛ wɔ Awurade Adaka no so.
19 Dawid ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde twerɛ maa me.”
20 Afei, Dawid toaa so sɛ, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadie no kɛseyɛ ntu wo bo, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn, me Onyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadie biara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho no, wɔbɛwie no pɛpɛɛpɛ. 21 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuo no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahodoɔ no nyinaa bɛyi wɔn yam aboa, na ntuanofoɔ ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”
Chapter 29
Asɔredan No Sie Ho Akyɛdeɛ
1 Afei, Ɔhene Dawid danee nʼani kyerɛɛ ɔmanfoɔ no kaa sɛ, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnni Israel so sɛ ɔhene foforɔ no da so yɛ abɔfra a ɔnni suahunu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a ɔbɛsi no nyɛ ɛdan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Onyankopɔn no ankasa dea. 2 Mede deɛ metumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa deɛ mɛtumi anya nyinaa ano ama me Onyankopɔn Asɔredan no sie. Seesei, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, nnadeɛ ne nnua ne apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ, aboɔden agudeɛ ne abopa ne abohemaa ahodoɔ nyinaa pii wɔ hɔ. 3 Na ɛsiane me ho a mede ama me Onyankopɔn Asɔredan no enti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɛdan no sie. Yeinom bɛka adansie no ho nneɛma a maboaboa ano, ama asɔredan kronkron no ho. 4 Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro tɔno 112 ne dwetɛ a wɔahoa ho tɔno 262 a wɔde bɛgu adan no afasuo anim, 5 ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfoɔ no bɛyɛ no. Afei, hwan na ɔbɛyi ne yam de nʼayɛyɛdeɛ ama Awurade ɛnnɛ?”
6 Na abusua ntuanofoɔ, Israel mmusuakuo ntuanofoɔ, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa firii ɔpɛ pa mu maeɛ. 7 Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 188, sika ankasa ɔpedu, ɛnna dwetɛ bɛyɛ tɔno 375, kɔbere mfrafraeɛ bɛyɛ tɔno 675 ne nnadeɛ bɛyɛ tɔno 3,750, de boaa Asɔredan no sie. 8 Wɔmaa aboɔdemmoɔ bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fie maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. 9 Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade , na Ɔhene Dawid ani gyee yie.
Dawid Kamfo
Awurade10 Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ,
“Ao Awurade ,
yɛn agya Israel Onyankopɔn,
ayɛyie nka wo daa nyinaa.
11 Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam,
nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade .
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea,
Ao Awurade , na ahennie yi nso wɔ wo.
Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.
12 Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara,
ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ.
Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam
na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden.
13 Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase,
na yɛkamfo wo din kronkron no.
14 “Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada. 15 Yɛwɔ ha mmerɛ tiawa bi sɛ nsrahwɛfoɔ ne ahɔhoɔ wɔ asase a yɛn agyanom dii ɛkan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsumma a ɛtwam kɔ ntɛm so a wɔnhunu bio. 16 Ao Awurade , yɛn Onyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebɛsi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron animuonyam yi mpo firi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. 17 Me Onyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ yɛn akoma mu, na sɛ wohunu nokorɛdie wɔ mu a, wʼani gye. Wonim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, na mahwɛ ahunu sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ firi akoma pa ne anigyeɛ mu de wɔn akyɛdeɛ aba. 18 Ao, Awurade , yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn, ma wo nkurɔfoɔ nyɛ ɔsetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa. 19 Ma me babarima Salomo akoma nyinaa mu ɔpɛ pa, na ɔnni wʼahyɛdeɛ, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na ɔnsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa yi.”
20 Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Monkamfo Awurade , mo Onyankopɔn!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa kamfoo Awurade , wɔn agyanom Onyankopɔn, na wɔkoto buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.
Wɔsi Salomo Ɔhene
21 Adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, nnwennini apem ne nnwanmmaa anini apem bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade . Wɔsane gyinaa Israel ananmu, de ɔnom afɔrebɔdeɛ pii ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ baeɛ. 22 Wɔde ahosɛpɛ didi nomee da no wɔ Awurade anim.
Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. 23 Na Salomo tenaa Awurade ahennwa no so sɛ nʼagya Dawid ɔnanmusini, na ɔkɔɔ so yie, na Israel nyinaa tiee no. 24 Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa, asahene ne Dawid mmammarima nyinaa suae kyerɛɛ ɔhene Salomo.
25 Na Awurade pagyaa Salomo maa Israelman no maa no nidie nwanwasoɔ, na ɔmaa Salomo ahonya ne animuonyam sene nʼagya.
Dawid Owuo
26 Enti, Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene. 27 Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔtenaa Hebron mfeɛ nson dii adeɛ, na mfeɛ aduasa mmiɛnsa nso, ɔtenaa Yerusalem. 28 Ɔtenaa ase kyɛree, nyinii yie, nyaa ahodeɛ ne animuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 29 Ɛfiri Ɔhene Dawid adedie ahyɛaseɛ de kɔsi nʼawieeɛ mu nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ agu ɔdehunufoɔ Samuel abakɔsɛm nwoma, odiyifoɔ Natan abakɔsɛm nwoma ne ɔdehunufoɔ Gad abakɔsɛm nwoma mu. 30 Nʼadedie mu akokoɔdurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahennie ahodoɔ a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔatwerɛ.