Asante Twi: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Obadia

Odiyifoɔ

Nwoma

Chapter 1

Edom Atemmuo Ho Nkɔmhyɛ

1 Anisoadehunu a Awurade Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie:

     Yɛate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn.

         Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa sɛ,

     “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”

 

     2 Awurade ka kyerɛ Edom sɛ:

     “Hwɛ mɛbrɛ wo ase,

         mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu,

         na wɔabu wo animtia.

     3 Wayɛ ahantan adaadaa wo ho,

         Wo a wote abotan ntokuro mu

     na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so,

         na woka kyerɛ wo ho sɛ,

         ‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’

     4 Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ,

     na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a,

         ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.”

     Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

     5 “Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a,

         anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a,

     atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo?

         Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa?

     Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a,

         ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa?

     6 Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ

         a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.

     7 Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa

         bɛdi wo hwammɔ.

     Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ

         wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no

     bɛdaadaa wo adi wo so,

         wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie,

         nanso, wonhunuiɛ.

 

     8 “Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,

         “Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa,

     mmarima a wɔte asɛm ase

         a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa?

     9 Ao Teman [1]Yer 49.7,20 wʼakofoɔ bɛbɔ hu

     ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no,

         wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.

     10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti

     aniwuo bɛka wo,

         na wɔbɛsɛe wo koraa.

     11 Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,

     na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ

         na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu,

     na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,

         na wote sɛ wɔn mu baako.

     12 Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa

         ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu,

     anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so

         ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu,

     na mpo wohoahoa wo ho

         ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.

     13 Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ

         hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu

     wɔ wɔn amanehunu ɛda,

     anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a

         wɔwɔ ɔhaw mu.

     Afei nso anka ɛnsɛ sɛ

         wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye

         wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.

     14 Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ

         kunkumm nʼadwanefoɔ

     Na woyi wɔn a aka no ma

         wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu.

 

     15 Awurade ɛda no abɛn

         ama amanaman nyinaa.

     Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no

         saa ara na wɔbɛyɛ woɔ.

     Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso.

     16 Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no,

     saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom,

         saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara

         na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ.

     17 Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so

         na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ,

     na Yakob efie nsa

         bɛsane aka nʼagyapadeɛ.

     18 Yakob efie bɛyɛ ogya

         na Yosef efie ayɛ ogyaframa;

     Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi

         na wɔde ogya bɛto mu ahye no a

     obiara renka wɔ efie hɔ.”

         Deɛ Awurade seɛ nie.

 

     19 Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no

         bɛtena Esau mmepɔ so,

     Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no,

         bɛfa Filistia asase no,

     na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so,

         na Benyamin nso afa Gilead.

     20 Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔ

         bɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat;

     na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem a

         wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so.

     21 Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so,

         akɔdi Edom mmepɔ so.

         Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea!


1:9 [1] Teman: Teman kyerɛ Edom nyinaa sɛdeɛ Yeremia ka wɔ . Teman asekyerɛ yɛ “anafoɔ”. Saa din yi tumi yɛ Edom a ɛyɛ anafoɔ asase. Ebinom nso kyerɛ Teman ase sɛ Tawilan a ɛda borɔfokwansin mmiɛnsa wɔ Petra apueeɛ fam.