Asante Twi: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Sefania

Odiyifoɔ

Nwoma

Chapter 1

1 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.

Atemmuo A Ɛtia Yuda

     2 “Mɛpra biribiara afiri asase so”

         deɛ Awurade seɛ nie,

     3 “Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;

         mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem

     ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa.

         Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara

     sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,”

         deɛ Awurade seɛ nie.

     4 “Mɛtene me nsa wɔ Yuda

         ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;

     na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,

         na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din

     5 wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi,

         de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem,

     wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam

         na wɔde Molek nso ka ntam,

     6 wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie

         na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.”

 

     7 Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,

         ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn.

     Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ;

         wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

 

     8 Awurade afɔrebɔ ɛda no,

         mɛtwe mmapɔmma

         ne ahenemma

     ne wɔn a wɔhyehyɛ

         ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.

     9 Saa ɛda no mɛtwe wɔn

         a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso.

     Wɔn a wɔde akakabensɛm

         ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.

 

     10 “Saa ɛda no,”

         sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

     “Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano,

         agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ

         na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.

     11 Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no

         wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase,

         dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

     12 Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu

         na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso,

         wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no,

     a wɔdwene sɛ, ‘ Awurade nnyɛ wɔn hwee

         sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’

     13 Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ,

         na wɔabubu wɔn afie agu.

     Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu

         wɔbɛyɛ bobe mfuo

         nanso wɔrennom emu nsã.”

Awurade Ɛda Kɛseɛ No

     14 Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,

         abɛn na ɛreba ntɛm so.

     Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,

         ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.

     15 Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,

         ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;

             ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,

         ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda

             ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,

         16 ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam

     a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ

         ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.

 

     17 “Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so

         na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ,

         ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade .

     Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo,

         na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.

     18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ

         rentumi nnye wɔn nkwa

     wɔ Awurade abufuo ɛda no.”

 

         Ne ninkuntwe mu ogya no

     bɛhye ɔman no nyinaa,

         na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa

         aba awieeɛ mpofirim.

Chapter 2

     1 Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,

         Ao, animguaseɛ ɔman,

     2 ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru,

         na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ,

     ansa na Awurade abufuhyeɛ no

         aba mo so,

     ansa na Awurade abufuo ɛda no

         aba mo so.

     3 Monhwehwɛ Awurade , ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so,

         mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ.

     Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ;

         ebia ɔbɛkora mo

         Awurade abufuo ɛda no.

Atemmuo A Ɛtia Filistia

     4 Wɔbɛgya Gasa

         na wɔagya Askelon sɛ kurofo.

     Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam

         na wɔatutu Ekron ase.

     5 Monnue mo a mote mpoano,

         Ao, mo Keretifoɔ;

     Awurade asɛm tia mo.

         Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase.

     Mɛtɔre mo ase,

         na obiara renka.

     6 Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ

         bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ

         ne wɔn nnwammuo.

     7 Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea;

         ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea.

     Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ

         Askelon afie mu.

     Na Awurade , wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn,

         na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn.

Atemmuo A Ɛtia Moab Ne Amon

     8 “Mate Moab nsopa ne

         Amonfoɔ atweetweɛ;

     wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ

         na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

     9 Enti, sɛ mete ase yi,”

         sɛdeɛ Asafo Awurade ,

         Israel Onyankopɔn, seɛ nie,

     “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,

         na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora,

     baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ,

         asase a ɛda mpan afebɔɔ.

     Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa;

         me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”

 

     10 Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie,

         sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.

     11 Awurade ho suro bɛba wɔn so

         ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.

     Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,

         wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

Atemmuo A Ɛtia Kus

     12 “Mo Etiopiafoɔ nso,

         mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”

Atemmuo A Ɛtia Asiria

     13 Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so

         na wasɛe Asiria,

     na wama Ninewe ada mpan koraa

         na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.

     14 Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ,

         mmoadoma nyinaa.

     Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma

         bɛtena nʼadum no so.

         Wɔn su bɛgyegye mpomma mu,

     mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan,

         mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

     15 Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie

         na ɛte asomdwoeɛ mu.

     Ɔhoahoa ne ho sɛ,

         “Me ne no, obiara nte sɛ me.”

     Hwɛ sɛ deɛ atete apansam,

         na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ!

     Obiara a ɔtwam hɔ no sere no,

         hugya ne nsa fɛdie so.

Chapter 3

Yerusalem Daakye

     1 Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔn

         atuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi!

     2 Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiara

         ɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu.

     Ɔmfa ne ho nto Awurade so.

         Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn.

     3 Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu,

         ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo,

     a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ.

     4 Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan;

         wɔyɛ afatwafoɔ.

     Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi.

         Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.

     5 Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni;

         ɔnnyɛ mfomsoɔ biara.

     Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi,

         na ɔnni hwammɔ da,

         nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo.

     6 “Masɛe amanaman;

         madwiri wɔn abandenden agu.

     Wɔn mmorɔno so adeda mpan,

         a obiara ntwa mu hɔ.

     Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn;

         a obi biara renka.

     7 Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ,

         ‘ampa ara wobɛsuro me

     na woagye nteɛsoɔ ato mu!’

     Na afei ne tenaberɛ rensɛe,

         na mʼasotwe biara nso remma ne so.

     Nanso, wɔn ho peree wɔn

         sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.

     8 Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

         “na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ.

     Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman

         ne ahennie ano

     na mahwie mʼabufuo agu wɔn so

         mʼabufuhyeɛ nyinaa.

     Me ninkuntwe abufuo ogya mu no,

         asase nyinaa bɛhye.

 

     9 “Afei mɛdwira nnipa no ano,

         na wɔn nyinaa abɔ Awurade din

         na wɔaka abɔ mu asom no.

     10 Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no

         bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa

         de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.

     11 Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase

         wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho,

     ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu,

         wɔn a wodi ahantan mu ahurisie

     na worenyɛ ahantan bio

         wɔ me bepɔ kronkron no so.

     12 Nanso mɛgya wɔ wo mu

         wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,

         na wɔde wɔn ho to Awurade so.

     13 Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne

         Wɔrenka nkontonpo nsɛm,

     na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm

         wɔbɛdidi na wɔada

         na obiara renyi wɔn hu.”

 

     14 To dwom Ao, Ɔbabaa Sion;

         team denden Ao, Israel!

     Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu,

         Ao, Ɔbabaa Yerusalem!

     15 Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so,

         wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi.

     Awurade Israelhene ka wo ho;

         worensuro ɔhaw biara bio.

     16 Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ,

         “Mma nsuro, Ao Sion!

         Mma wo nsa mu nhodwo.

     17 Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,

         Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.

     Nʼani bɛgye wo ho

         ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,

         ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.

 

     18 “Mo awerɛhoɔ to bɛtwa

         ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no;

         mo anim rengu ase bio.

     19 Saa ɛberɛ no me ne wɔn

         a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi;

     Mɛgye mmerɛyɛfoɔ

         na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.

     Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam

         asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so.

     20 Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano,

         na mede wo aba fie.

     Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo

         wɔ asase so nnipa nyinaa mu

     na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo

         na wode wʼani bɛhunu,”

         sɛdeɛ Awurade ka nie.