4 Mose (Numeri)
AnaasɛNumeri
Chapter 1
Nnipakan
1 Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se: 2 “Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din. 3 Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfe aduonu no ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa. 4 Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo.
5 “Mmarima a wɔbɛboa mo no din ni:
- “Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur;
- Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama;
- Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel;
16 Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo.
17 Mose ne Aaron faa saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi, 18 na da a edi kan wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfo no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn anato na wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa no din mmaako mmaako, 19 sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai sare so.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.
- Mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
32 Yosef mmabarima no:
- Efraim asefo:
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
- Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
44 Eyinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuw dumien no ntuanofo kan wɔn. 45 Israelfo a na wɔadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no a wobetumi adɔm Israel asraafodɔm no nso, wogyinaa wɔn mmusua so kan wɔn. 46 Na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ahansia ne abiɛsa ne ahannum aduonum (603,550).
47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuw no de, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho. 48 Na Awurade aka akyerɛ Mose se, 49 “Nkan Lewifo abusuakuw no, na mfa wɔn nka Israelfo a wɔaka no ho. 50 Fa Ahyiae Ntamadan no ho dwumadi hyɛ Lewifo no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne nea ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne mu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho. 51 Bere biara a ɛsɛ sɛ wotu Ahyiae Ntamadan no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu, na baabiara a wɔde besi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforo biara a ɔbɛbɛn ho no, wobekum no. 52 Israel abusuakuw biara benya ne tenabea ne ne frankaa. 53 Lewifo no besisi wɔn ntamadan atwa Ahyiae Ntamadan no ho ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew remma Israelfo no so. Lewifo no na wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no so.”
54 Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
Chapter 2
Israel Mmusuakuw Atenae Ho Nhyehyɛe
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: 2 “Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.”
3 Apuei fam,
- baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.
10 Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur. 11 Ne dɔm ano si mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).
18 Efraim abusuakuw bɛfa atenae hɔ atɔe fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama. 19 Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahannum (40,500).
25 Dan abusuakuw bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser. 26 Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).
32 Sɛɛ na Israelfo a wɔkan wɔn mmusuakuw mmusuakuw no te. Wɔn a wɔwɔ atenae hɔ nyinaa, sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ahansia ne abiɛsa ahannum ne aduonum (603,550). 33 Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo no anka Israelfo no ho.
34 Enti Israelfo yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenae, tenatenaa wɔn frankaa ahorow ase, na wɔnantew nnidiso nnidiso sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.
Chapter 3
Lewifo
1 Eyi ne nea ɛfa Aaron ne Mose mmusua ho bere a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so no.
2 Aaron mmabarima din na edidi so yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasar ne Itamar. 3 Eyinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfo. 4 Nadab ne Abihu de, wowuwuu wɔ Awurade anim bere a wɔhyew afɔrebɔde wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai sare so no. Na wonni mma nti, Eleasar ne Itamar nko ara na wɔsom sɛ asɔfo, bere a wɔn agya Aaron te ase no.
5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se: 6 “Frɛ Lewifo no, na fa wɔn ma ɔsɔfo Aaron sɛ nʼaboafo. 7 Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ama ɔsɔfo Aaron ne nnipa no nyinaa. 8 Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiae Ntamadan mu no so de asi Israelfo no anan mu ayɛ asodi a wɔyɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 9 Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mmabarima; wɔn ne Israelfo a wɔde wɔn bɛma no korakora. 10 Ma Aaron ne ne mmabarima no nsom sɛ asɔfo; onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.”
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12 “Mayi Lewifo no afi Israelfo no mu de wɔn asi Israel babea biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifo no yɛ me de, 13 efisɛ abakan biara wɔ me. Bere a mikunkum mmakan wɔ Misraim no, migyaw Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade .”
14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so se, 15 “Kan Lewifo no wɔ wɔn mmusua ne afi mu. Kan ɔbarima biara fi nea wadi ɔsram baako so.” 16 Enti Mose kan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
- Gerson, Kohat ne Merari.
- Libni ne Simei.
- Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
- Mahli ne Musi.
Eyinom ne Lewifo, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.
21 Gerson asefo no na wɔyɛ mmusua a wofi Libni ne Simei ase.
27 Kohat asefo yɛ mmusua a wofi Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.
- Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea no so.
33 Na Merari asefo no yɛ mmusua a wofi Mahli ne Musi ase.
- na wɔtenaa Ahyiae Ntamadan no atifi fam.
- Saa nnipa yi na na wosi Israelfo no anan mu di Ahyiae Ntamadan no ho dwuma nyinaa.
- Obi foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.
39 Lewifo a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛnea wɔn mmusua te a ɔbarima biara a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa ka ho no dodow yɛ mpem aduonu abien (22,000).
40 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kan Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no, na kyerɛw wɔn din. 41 Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade .”
42 Enti Mose kan Israelfo mmakan nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ no no. 43 Mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no a ɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonu abien ahannu ne aduɔson abiɛsa (22,273).
44 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 45 “Ma Lewifo nsi Israelfo mmakan anan mu. Na Lewifo nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Lewifo yɛ me dea. Mene Awurade . 46 Ansa na mubegye Israelfo mmakan ahannu aduɔson abiɛsa no a wɔboro Lewifo no dodow so no, 47 momma wontua ti ade, sɛnea hyiadan mu nnwetɛbona te, a emu duru yɛ gram aduonum nson. 48 Fa ti ade sika no ma Aaron ne ne mma.”
49 Enti Mose gyigyee Israelfo ahannu aduɔson abiɛsa a na wɔboro Lewifo no dodow so no ti ade. 50 Sika a wogyigyee no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa. 51 Na Mose de maa Aaron ne ne mmabarima sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
Chapter 4
Kohar Mmabarima
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: 2 “Kan Kohatfo no dodow a wɔwɔ Lewifo no abusua mu. 3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi fi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu.
4 “Kohat mma no dwumadi ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronne no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 5 Sɛ wɔretu afi atenae hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wobedi kan akɔ Ahyiae Ntamadan no mu akɔfa nkataanim no de akata adaka no ho. 6 Afei, wɔde abirekyi nhoma bɛkata nkataanim no ho na wɔde ntama tuntum akata abirekyi nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkaa no mu.
7 “Afei, wɔmfa ntama tuntum nsɛw ɔpon a Daa Daa Brodo no da so no so; na wɔmfa mprɛte, nsanka, ne adidi nkankyee ne ɔnom afɔre nkuruwa no; brodo no ngu ntama no so ara. 8 Wɔde ntama kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasan de abirekyi nhoma akata ntama kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɔpon no mu.
9 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntama tuntum kata kaneadua no, akanea no, adabaw no, nkuku apampaa no ne ngo tumpan no ho. 10 Saa nneɛma yi nyinaa nso wɔde abirekyi nhoma a ɛyɛ den bɛkata ho na wɔde nea wɔakyekyere no nyinaa abegu ɔpon no so.
11 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntama tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔremuka no so na wɔsan de abirekyi nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔremuka no mu.
12 “Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntama bibiri kyekyere ho a wɔde abirekyi nhoma asan akyekyere ho na wɔde ato mpata a wɔde soa no so.
13 “Ɛsɛ sɛ wotu nsõ no nyinaa fi afɔremuka no mu gu, na wɔde ntama kɔkɔɔ kyekyere ho. 14 Ɛsɛ sɛ wɔde afɔremuka no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntama no so. Saa nneɛma no ne nkankyee a wɔnoa mu, adinam, sofi, ne nkankyee a wɔde nsu a wɔde pete gu mu. Ɛsɛ sɛ wɔde abirekyi nhoma kata ne nyinaa so na wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde gu.
15 “Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafo bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wonni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho tew no bi. Wɔyɛ saa a, wobewuwu. Ɛsɛ sɛ Kohat mmabarima no soa nneɛma a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no.
16 “Aaron babarima Eleasar a ɔyɛ ɔsɔfo no na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhuam, daa aduan a wɔde bɔ afɔre, ɔsra ngo ne Ahyiae Ntamadan no nyinaa so. Biribiara a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”
17 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 18 “Monhwɛ sɛ wɔrentwa Kohatfo abusuakuw no mfi Lewifo mu. 19 Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho tew no a, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu ni: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn ade a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa. 20 Ɛnsɛ sɛ Kohatfo no kɔ hɔ kɔhwɛ akronkronne no koraa, na wɔanwuwu.”
Gerson Mmabarima
21 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 22 “Kan Gerson asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no, 23 fi mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ no so.
24 “Gerson mmusua no dwuma a wobedi ni: 25 Wɔbɛsoa ntama a etwa Ahyiae Ntamadan mu hɔ, Ahyiae Ntamadan no ankasa ne nea ɛkata ho, abirekyi nhoma nkuruso ne ntama a ɛsɛn Ahyiae Ntamadan no ano no. 26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adiwo hɔ fasu no ho no. Wɔbɛsoa ntama a etwa adiwo hɔ kwan no ano ne afɔremuka ne Ahyiae Ntamadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔremuka no, ntampehama ne nea ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ twe eyinom nyinaa. 27 Aaron anaa ne mmabarima no bi tumi ma Gerson asefo no bi dwuma di. 28 Eyi ne Gersonfo no adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɛsɛ sɛ wodi Aaron ba Itamar a ɔyɛ ɔsɔfo no nan ase.
Merari Mmabarima
29 “Kan Merari asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no. 30 Kan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum so a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ. 31 Sɛ wɔpagyaw Ahyiae Ntamadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinaso, nnua a esisi mu, ne nsisiso, 32 mpuran a wɔde yɛɛ adiwo hɔ afasu no ne ne nsisiso, nnyinaso, ntampehama ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadi ahorow no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn din no nsa. 33 Merari asefo no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.”
46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanyimfo nam Lewifo no mmusua ne wɔn afi so kan wɔn nyinaa. 47 Mmarima a na wɔadi fi mfe aduasa kosi mfe aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no 48 dodow yɛ mpem ahanwɔtwe ahannum ne aduɔwɔtwe.
49 Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no nti na wɔnam so kan nnipa no.
Chapter 5
Israelfo Atenae Hɔ Kronkronyɛ
1 Eyi ne mmara a Awurade san hyɛ maa Mose: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafo nyinaa fi atenae hɔ. Wɔn a kuru atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka funu nti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn. 3 Mmarima ne mmea nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa fi hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na atenae a me ne mo bɛtena no ho rengu fi.” 4 Wodii Awurade mmara no so.
5 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 6 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima o, ɔbea o, odi Awurade huammɔ a, ɛyɛ bɔne. 7 Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na ade a owiae no, otua ho ka nyinaa na ɔsan de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔn no. 8 Na sɛ onipa ko a wɔyɛɛ no bɔne no awu na onni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua ho ka ama no, na ɛsɛ sɛ wotua ma ɔsɔfo a, ɛsɛ sɛ wɔde odwennini ka ho sɛ mpatade. Ɛyɛ Awurade de. 9 Akyɛde kronkron a Israelfo de bɛkyɛ ɔsɔfo no yɛ ne de. 10 Ɔsɔfo biara bɛfa akyɛde kronkron biara a ne nsa bɛka.”
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ aguaman 13 nanso onhu asɛm no mu nokware na onya ɔdanseni 14 na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a, 15 ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfo anim a ɔbea no ho afɔrebɔde a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohuam ngo mfrae lita abien ka ho. Efisɛ ɛyɛ ninkutwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokware ada adi ama wɔahu sɛ ɔbea no di fɔ anaa odi bem.
16 “Ɔsɔfo no de ɔbea no bɛba Awurade anim, 17 na wasaw Ahyiae Ntamadan no mu mfutuma de afra nsu kronkron [1] a egu asuhina kɛse bi mu no. 18 Ɔbɛsan ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔde no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuwii no yɛ nokware ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokware. Ɔsɔfo no begyina nʼanim a okura nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba no. 19-22 Ɔbɛma no aka ntam sɛ onnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no se, sɛ wo ne ɔbarima biara nnae ka wo kunu nko ara ho de a, ɛno de, wo ho ntew mfi nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba yi ho. Na sɛ woabɔ aguaman a, ɛno de, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfo mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔw na wo yafunu ahon. Na ɔbea no bɛka se, ‘Yiw, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’
23 “Ɔsɔfo no bɛkyerɛw nnome yi nyinaa agu nhoma bi mu na wahohoro agu nsu nwenweenwen no mu. 24 Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no nom nsu no na sɛ ɔnom wɔ bere a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu. 25 Afei, ɔsɔfo no begye ninkunu afɔrebɔde no afi ɔbea no nsam na wahinhim wɔ Awurade anim na ɔde akɔ afɔremuka no so. 26 Ɔbɛsaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so na wama ɔbea no anom nsu no. 27 Sɛ ne ho agu fi na wabɔ aguaman atia ne kunu a, nsu a wanom no bɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu na ne yafunu ahon na ne srɛ aporɔw na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfo mu. 28 Sɛ ɔyɛ kronkron a ɔmmɔɔ aguaman a, wɔrenhaw no, na ɛrenkyɛ, obenyinsɛn.
29 “Eyi ne mmara a ɛfa ɔbea a ne bra nye na ne kunu twe ne ho ninkunu 30 de hwehwɛ mu hu sɛ odi ne kunu nokware anaa onni no nokware no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfo no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa. 31 Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama ɔyare bɔne bi aba ne yere so, efisɛ ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”
Chapter 6
Ahotuafo Mmara
1 Awurade san ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima anaa ɔbea kɔyɛ Nasareni de tew ne ho wɔ Awurade anim a, 3 ɛno akyi, saa bere a ɔwɔ ahotew no mu no, onni ho kwan sɛ ɔnom nsa a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsa a emu kaw. 4 Saa bere no mu no, onni ho kwan sɛ odi biribiara a efi bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono.
5 “Saa bere no mu no, ɛnsɛ sɛ oyi ne tinwi, efisɛ ɔyɛ kronkron na wɔatew ne ho ama Awurade ; ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tinwi fuw no.
6 “Ne bɔhyɛ no nna no mu a watew ne ho ama Awurade no, onni ho kwan sɛ ɔkɔ owufo ho. 7 Sɛ owufo no yɛ nʼagya, ne na, ne nuabarima anaa ne nuabea koraa a, ɔnnkɔ ne ho, efisɛ ɔda so hyɛ ne bɔ a ɔhyɛ de tew ne ho maa Onyankopɔn no ase. 8 Saa bere no mu nyinaa, wɔatew ne ho ama Awurade .
9 “Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi no, ɛsɛ sɛ oyi ne tinwi a ɛho agu fi no. Afei, wobedwira ne ho afi fi a owufo no de aka no no ho. 10 Nʼadekyee a ɛyɛ da a ɛto so awotwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien brɛ ɔsɔfo wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 11 Ɔsɔfo no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyew afɔre, na ayɛ mpata ama nea ne ho agu fi no. Na da no ara, ɛsɛ sɛ oti ne bɔhyɛ mu na ɔsan ma ne tinwi no fuw bio. 12 Nna dodow a odii wɔ ne bɔhyɛ a edi kan no mu no nyinaa ahyew agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforo de afi ase, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ afɔdi ho afɔre.
13 “Da a ne bɔhyɛ a ɛtew ɔno ne Awurade ntam no wie du no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 14 Ɛhɔ na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade . Ɔde oguan ba a wadi afe a onnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔre no. Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere a wadi afe a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini a onnii dɛm bɔ asomdwoe afɔre. 15 Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne brodo a mmɔkaw mfra mu, asikresiam tetare a wɔde ngo afra; brodo ntrantraa bi a mmɔkaw mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduan ne nsa afɔrebɔde ka ho.
16 “Ɛsɛ sɛ Ɔsɔfo no de saa afɔrebɔde yi nyinaa ba Awurade anim na wabɛbɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre. 17 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoe afɔre a brodo kɛntɛnma a mmɔkaw nni mu nso ka ho na ɔde abɛbɔ aduan ne nsa afɔre.
18 “Afei, ɔhotuafo no beyi ne tinwi a afuw kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ eyi wɔ Ahyiae Ntamadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoe afɔre a wɔrebɔ no wɔ gya mu no ahyew no.
19 “Wɔayi ɔbarima no tinwi no awie no, ɔsɔfo no de odwennini no basa a wɔatoto tetare a mmɔkaw nni mu no baako ne brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. 20 Ɔsɔfo no behim akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade . Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho tew ma ɔsɔfo no. Wɔbɛyɛ no sɛnea wɔyɛ odwennini no basa mu mfe mparow a wohim no wɔ Awurade anim no. Eyi akyi no, ɔhotuafo no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no afi ne bɔhyɛ no mu.
21 “Eyinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahorow brɛ Awurade . Saa afɔrebɔ yi akyi no, otumi de afɔrebɔde biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.”
22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima no se, ɛsɛ sɛ wohyira Israelfo yi sononko sɛ:
24 “ ‘ Awurade nhyira mo
na ɔnhwɛ mo so.
25 Awurade ntew nʼanim nkyerɛ mo
na ɔnnom mo.
26 Awurade mma nʼani so nhwɛ mo
na ɔmma mo asomdwoe.’
27 “Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmabarima hyira Israelfo, na mʼankasa nso mehyira wɔn.”
Chapter 7
1 Da a Mose wiee Ahyiae Ntamadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tew mu nneɛma nyinaa ho. Ɔsan sraa afɔremuka ne ho nkuku ne nkaka nyinaa ngo, tew ho nso. 2 Afei, Israel mpanyimfo ne mmusuakuw no mu mpanyin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔde bae. 3 Wɔde nteaseɛnam asia a wɔakatakata ho ne anantwi dumien na ɛbae. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanyimfo baanu de, a nantwi baako yɛ wɔn mu biara de. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no anim.
4 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 5 “Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.”
6 Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwi no maa Lewifo no. 7 Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfo nteaseɛnam abien ne anantwi anan sɛnea na ehia ma wɔn dwumadi, 8 na ɔmaa Merari ne ne nkurɔfo nso nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe a Aaron babarima Itamar na na odi so panyin. 9 Wɔamma Kohat nkurɔfo nteaseɛnam no bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiae Ntamadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmati so.
10 Mpanyimfo a wodi anim no nso de nsrabɔ akyɛde beguu afɔremuka no anim da a wɔresra afɔremuka no ngo no. 11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼafɔrebɔde bɛba afɔremuka no so.”
12 Aminadab babarima Nahson a ofi Yuda abusuakuw mu na ɔde nʼafɔrebɔde baa da a edi kan no.
- dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kuruwa kɛse bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
18 Da a ɛto so abien no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama.
24 Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
30 Ne nnaanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama.
36 Ne nnaanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
42 Ne nnansia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
48 Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
54 Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
60 Ne nnankron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
66 Ne nnadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
72 Ne nna dubaako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
78 Ne nnadumien so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
- dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
- dwetɛ mprɛte dumien, dwetɛ hweaseammɔ dumien ne sikakɔkɔɔ aduhuam nnwetɛbona dumien.
89 Bere a Mose kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi fi soro a ɛrekasa kyerɛ no fi Mpata Beae no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a kerubim abien no sisi no ntam. Awurade faa saa kwan yi so kasa kyerɛɛ no.
Chapter 8
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Sɛ wosɔ akanea ason a ɛwɔ kaneadua no so no a, sɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛtow ne hann no akɔ kaneadua no nʼanim.’ ”
3 Aaron yɛɛ saa; ɔsɔɔ akanea no ma ɛtow hann kɔɔ kaneadua no anim, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. 4 Sɛnea Wosi yɛɛ kaneadua no ni: Sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛ fii nʼase kosi ne soro. Wɔyɛɛ no sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no ara pɛ.
5 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 6 “Yi Lewifo no fi Israelfo no mu na tew wɔn ho. 7 Sɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho ni yɛ eyi: Fa ahodwira nsu pete wɔn so. Ma wonyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa, na ama wɔn ho atew. 8 Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduan afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre mmra. 9 Frɛ Israelfo no nyinaa hyia na fa Lewifo no bra Ahyiae Ntamadan no pon ano. 10 Ɛhɔ na mpanyimfo a wotuatua mmusuakuw no ano no de wɔn nsa begu wɔn so. 11 Ɛsɛ sɛ Aaron yɛ nsɛnkyerɛnne bi sɛ ɔde wɔn rema Awurade sɛ akyɛde a efi Israel manfo nyinaa nkyɛn, na asiesie Lewifo no ama wɔayɛ Awurade adwuma.
12 “Afei, Lewifo mpanyimfo no de wɔn nsa begu nantwimma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade . Wɔde ɔbaako bɛbɔ bɔne ho afɔre na wɔde ɔbaako nso abɔ ɔhyew afɔre de ayɛ mpata ama Lewifo no. 13 Afei, wɔde Lewifo no bɛma Aaron ne ne mma te sɛnea wɔde afɔrebɔde biara fa asɔfo so de ma Awurade no.” 14 Mobɛfa saa kwan yi so ayi Lewifo no afi Israelfo no mu ama me, na wɔayɛ me dea.
15 “Sɛ motew wɔn ho na mofa saa kwan yi so de wɔn ma me a, afei, wobedi ahyɛmfiri wɔ Ahyiae Ntamadan no mu, adi wɔn dwuma. 16 Israelfo mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfo, na magye wɔn ato mu asi Israelfo mmakan nyinaa anan, Israelni bea biara abakan barima. 17 Israel abakan biara yɛ me de; nnipa ne mmoa nyinaa. Bere a mikunkum Misraimfo mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfo. 18 Mafa Lewifo no asi Israelfo mmakan nyinaa anan mu. 19 Na mede Lewifo no bɛkyɛ Aaron ne ne mmabarima. Lewifo no na wɔbɛyɛ Ahyiae Ntamadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfo no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔre ama nkurɔfo de ayɛ mpata ama wɔn sɛnea sɛ Israelfo no kɔ kronkronbea hɔ a ɔyaredɔm biara renka wɔn.”
20 Mose ne Aaron ne Israelfo no nyinaa faa ɔkwan a Awurade kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifo no maa Awurade. 21 Lewifo no dwiraa wɔn ho, horoo wɔn nneɛma. Na Aaron de wɔn hyɛɛ Awurade nsa sɛ ohim afɔre na ɔyɛɛ wɔn ho mpata adwuma de tew wɔn ho. 22 Ɛno akyi no, Lewifo no kɔyɛɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu a na Aaron ne ne mmabarima no hwɛ wɔn so Wɔyɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no.
23 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 24 “Eyi kɔ ma Lewifo no: Sɛ Lewini barima biara di mfe aduonu anum a, ma no nsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu, 25 na sɛ wodi mfe aduonum a, ɛsɛ sɛ wɔapɔn fi adwuma mu a wɔnnyɛ adwuma bio. 26 Sɛ wɔpɔn a, wotumi adi dwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de boa wɔn nuanom, mmom wɔn ankasa de, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ da yɛ adwuma. Eyi ne ɔkwan a momfa so mma Lewifo no adwuma nyɛ.”
Chapter 9
Twam Afahyɛ
1 Ɔsram a edi kan no mu afe a ɛto so abien no mu a wɔafi Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose bere a ɔne Israelfo wɔ Sinai sare no so no se, 2 “Ma Israelfo no nni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano. 3 Munni no wɔ ne bere ano, na mofa ne mmara akwan ahorow no nyinaa so nni wɔ ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere.”
4 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se wonni Twam Afahyɛ no, 5 na wɔyɛɛ saa wɔ Sinai Nweatam no so wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Na Israelfo no yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
6 Nanso na nnipa no bi fi ayi aba a esiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufo nti na wɔn ho agu fi. Eyi nti wɔantumi anni Twam Afahyɛ no bi. Enti wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn da no ara 7 bɛka kyerɛɛ Mose se, “Yɛde yɛn ho aka funu ama yɛn ho agu fi, nanso dɛn nti na yɛne Israelfo nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔde mmrɛ Awurade sɛnea nhyehyɛe no te no?”
8 Mose buaa wɔn se, “Montwɛn mma mimmisa sɛnea Awurade mmara no ka fa mo ho.”
9 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 10 “Ka kyerɛ Israelfo no se, Obiara a obeso funu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ofi awo ntoatoaso a ɛreba no mu wɔ Twam Afahyɛ bere a ɛbɛma ne ho agu fi anaa ɔnam akwantu so nti wɔantumi amma no tumi di Awurade Twam Afahyɛ no, 11 nanso ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no anwummere na ɛsɛ sɛ wodi. Saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔwe oguamma no a brodo a mmɔkaw nni mu ka ho a naban nweenwen ka ho. 12 Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so, anaa wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ontuu kwan nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu afi Israelfo no mu wɔ afɔre a wamma ammɛbɔ amma Awurade bere a ɛsɛ mu no nti. Wɔbɛsoa wɔn afɔdi ho sodi.
14 “Ɛsɛ sɛ ɔhɔho a ɔfra mo mu no fa mmara koro no ara so di Awurade Twam Afahyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔhɔho ne okuroni nyinaa di mmara koro no so.”
Ogyamununkum
15 Da a wɔmaa Ahyiae Ntamadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummere no ara, omununkum no dan yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa de kosii adekyee. 16 Saa ara na ɛte bere biara, na edu anadwo a, mununkum no dan yɛ sɛ ogya. 17 Omununkum no maa ne ho so no, Israelfo no dii akyi kosii baabiara a ɛkɔ kogyina ma wɔbɔɔ hɔ atenae. 18 Eyi kyerɛ sɛ, sɛ Awurade ka se wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka se wonnyina a, wogyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina mmere dodow a egyina hɔ no nyinaa. 19 Sɛ egyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ egyina hɔ nna kakraa bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakraa bi saa ara, efisɛ saa na Awurade ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. 20 Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiae Ntamadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wotu fii wɔn atenae. 21 Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyee. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenae hɔ di akyi. 22 Sɛ omununkum no ba Ahyiae Ntamadan no atifi na edi nnaanu, ɔsram anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfo no hwɛ de tena hɔ. Nanso enya tu ara pɛ a, na wɔn nso atu. 23 Eyi kyerɛ sɛ, wɔn nsrabɔ ne wɔn akwantu nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn no so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛe.
Chapter 10
Dwetɛ Ntorobɛnto No
1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntorobɛnto abien, na ɛyɛ a wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na edu ntamadan no tu so nso a, wɔahyɛn. 3 Sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto abien no a, nnipa no behu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 4 Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanyimfo na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn. 5 Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuw a wɔwɔ Ahyiae Ntamadan apuei fam no betu afi wɔn atenae hɔ na wɔakɔ. 6 Sɛ mohyɛn nea ɛto so abien no a, mmusuakuw a wɔwɔ anafo fam no bedi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ. 7 Na sɛ mofrɛ nnipa no ama wɔabehyia a, momfa ɔkwan foforo so nhyɛn ntorobɛnto no.
8 “Aaron mmabarima asɔfo nko ara na wɔbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛn ntorobɛnto no. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa. 9 Sɛ mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na, Awurade , mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam. 10 Anigyebere mu nso, monhyɛn ntorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Ɔsram biara mfiase nso, monhyɛn mfa nnye mo ani wɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo wɔ no. Na mene Awurade mo Nyankopɔn.”
11 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no a ɛyɛ mfe abien a Israelfo fii Misraim no, omununkum no pagyaw ne ho fii Ahyiae Ntamadan no so, 12 enti Israelfo no fii Sinai sare so hɔ dii omununkum no akyi kosii sɛ ekogyinaa Paran sare so. 13 Bere a ɛsɛ sɛ wotu no duu no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.
14 Akwantu no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuw no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na otuu wɔn frankaa ma wodii kan. 15 Wɔn a wodii so ne Isakar abusuakuw a Suar babarima Netanel di wɔn anim. 16 Sebulon abusuakuw na wodii hɔ a Helon babarima Eliab na na odi wɔn anim. 17 Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.
18 Ruben abusuakuw tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur di wɔn anim. 19 Wɔn a na wodi so ne Simeon abusuakuw a Surisadai babarima Selumiel di wɔn anim; 20 Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim. 21 Na Kohatfo no nso na na wodi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Ahyiae Ntamadan no wɔ beae foforo hɔ ansa na wɔadu hɔ.
22 Wɔn a na wodi so ne Efraim abusuakuw a na wodi wɔn frankaa no akyi a Amihud babarima Elisama na odi wɔn anim; 23 Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim; 24 na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim.
25 Wɔn a na wotwa to koraa no ne Dan abusuakuw a wɔyɛ wɔn nyinaa awɛmfo na Amisadai babarima Ahieser da wɔn ano na frankaa di wɔn anim. 26 Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim, 27 na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuw anim. 28 Saa nhyehyɛe yi na Israel mmusuakuw yi faa so tuu wɔn kwan no.
29 Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, “Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, ‘Mede bɛma mo no.’ Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ Awurade ahyɛ Israelfo nnepa ho bɔ.”
30 Obuae se, “Dabi, merenkɔ; merekɔ mʼasase so ne mʼabusuafo nkyɛn.”
31 Nanso Mose kae se, “Mesrɛ wo, nnyaw yɛn. Wo na wunim faako a ɛsɛ sɛ yɛtena wɔ sare no so, na wubetumi ayɛ yɛn kwankyerɛfo. 32 Sɛ wo ne yɛn kɔ a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wubenya bi.”
33 Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn. 34 Wofii wɔn akwantu no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade mununkum no di wɔn anim.
35 Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se,
“ Awurade , sɔre!
Ma wʼatamfo nhwete;
ma wɔn nyinaa nguan mfi wʼanim.”
36 Bere biara a wɔbɛsoɛ adaka no, ɔka se,
“ Awurade , san bra
Israelfo mpempem a wontumi nkan wɔn no mu.”
Chapter 11
Israelfo Anwiinwii
1 Ankyɛ biara na nnipa no fii ase nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wɔn, na Awurade tee. Nʼabufuw sɔree wɔ wɔn anwiinwii no ho. Eyi nti, Awurade maa ogya bɛhyew beae a na wɔte hɔ no mfikyiri baabi. 2 Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Mose sɛ ommegye wɔn no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumii. 3 Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din se Tabera a ne nkyerɛase ne “Ahyewee,” efisɛ ogya a efi Awurade nkyɛn no hyew wɔn atenae hɔ.
4 Misraimfo a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Eyi amma Israelfo no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wosui se, “Hena na ɔbɛma yɛn aduan adi? 5 Yɛkae nsumnam a yɛwee wɔ Misraim mpoano no. Saa ara nso na na yenya kokumba, ɛfere, gyeene ne galik di no. 6 Nanso mprempren de, yɛn anom ato; yenhu hwee sɛ mana nko ara.”
7 Na mana no kɛse te sɛ wusa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae afi dubona ho agu fam. 8 Nnipa no tase fii fam na wɔayam anaa wɔasiw wɔ ɔwaduru mu ma adan esiam. Wowie a, wɔnoa de bi yɛ tetare. Woka wʼano a, ɛte sɛ tetare a wɔakyew wɔ nhabamma ngo mu. 9 Obosu tɔ wɔ wɔn atenae hɔ Anadwo a na mana no nso tɔ.
10 Mose tee sɛ mmusuakuw no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntamadan ho ahyia resu. Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye, na ɛhaw Mose nso. 11 Mose bisaa Awurade se, “Adɛn nti na wode ɔhaw sɛɛ aba wʼakoa so? Dɛn na mayɛ atia wo a na wode saa nnipa a wɔte sɛɛ yi nyinaa adesoa abɛsoa me? 12 Me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Me na mewoo wɔn? Adɛn nti na wuse minturu wɔn wɔ me nsa so sɛ nkokoaa nkosi sɛ yebedu asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no so? 13 Ɛhefa na merekɔfa nam abrɛ nnipa yi? Wosu kyerɛ me se, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14 Me nko ara rentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo! 15 Na sɛ saa na wo ne me bedi no de a, mesrɛ, kum me, sɛ manya wʼanim anuonyam a, na mma minnhyia mʼankasa me sɛe.”
16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛ Israelfo mpanyimfo no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiae Ntamadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17 Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akogu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛnea ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.
18 “Ka kyerɛ nnipa no se: Munnwira mo ho na ɔkyena, mubenya nam awe. Ka kyerɛ wɔn se, ‘ Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mugyaw no Misraim no ho na ɔrebɛma mo nam na mobɛwe. 19 Ɛnyɛ da koro anaa nnaanu anaa nnaanum anaa nnadu anaa aduonu! 20 Na ɔsram baako mu, mobɛwe nam ara ama afono mo ama afa mo hwene mu. Efisɛ moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu wɔ nʼanim se, adɛn nti na yefii Misraim?’ ”
21 Mose kae se, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛno na woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn nam awe ara ɔsram! 22 Sɛ yekum nguan ne anantwi ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana? Sɛ wɔkyere po mu nam nyinaa ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana?”
23 Na Awurade bisaa Mose se, “So Awurade basa yɛ tiaa dodo ana? Afei wubehu sɛ mʼasɛm yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware.”
24 Enti Mose fii Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanyimfo aduɔson ano ma wotwaa Ahyiae Ntamadan no ho hyiae. 25 Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasae, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanyimfo aduɔson no so. Bere a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmere tiaa bi mu.
26 Nanso na mpanyimfo aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenae hɔ. Na bere a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ. 27 Mmerante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asi no ho amanneɛ 28 na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose boafo no ampene so, na ɔkae se, “Me wura Mose, ma wonnyae!”
29 Mose bisaa no se, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!” 30 Na Mose ne Israel mpanyimfo no san kɔɔ wɔn atenae hɔ.
31 Na Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko fi po mu beguu atenae hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn anan. 32 Enti da mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkum wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyee nso. Nea wannya bi no koraa na onyaa susukoraa ɔha! Mmoko buu so wɔ atenae hɔ nyinaa. 33 Na nnipa no fii ase wee mmoa no bi no, Awurade bo san fuw wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kum wɔn mu fa kɛse no ara. 34 Enti wɔtoo beae hɔ din se Kibrot-Hataawa a nkyerɛase ne, “Akɔnnɔ ɔda” efisɛ wɔn a na wɔn ani bere nam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wosiee wɔn wɔ hɔ.
35 Ɔman no tu fii Kibrot-Hataawa hɔ kɔtenaa Haserot.
Chapter 12
Miriam Ne Aaron Tia Mose
1 Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani. 2 Wɔkae se, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so ana? Na yɛn nso ɔnkasa mfa yɛn so bi ana?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.
3 Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sen obiara a ɔte asase yi so.
4 Ntɛm so, Awurade frɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn se, “Mo baasa no mommra Ahyiae Ntamadan mu ha.” Enti wobegyinagyinaa Awurade anim. 5 Afei, Awurade nam omununkum fadum mu sian ba begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Bere a wotwiw kɔɔ wɔn anim no, 6 ɔkae se, “Muntie me nsɛm:
“Sɛ odiyifo wɔ mo mu a,
Me, Awurade , menam anisoadehu so da me ho adi kyerɛ no,
me kasa kyerɛ no wɔ dae mu.
7 Nanso ɛnte saa wɔ me somfo Mose ho.
Me fi nyinaa mu no, ɔyɛ ɔnokwafo.
8 Me ne no kasa anim ne anim,
kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abisae mu.
Na ohu Awurade sɛnea ɔte.
Adɛn nti na moansuro
sɛ mobɛkasa atia me somfo Mose?”
9 Awurade bo fuw wɔn dennen pa ara na ofii hɔ kɔe.
10 Bere a omununkum no fii Ahyiae Ntamadan no atifi no, kwata beduruu Miriam ho fitaa sɛ sukyerɛmma. Aaron twaa nʼani huu sɛ ɔwɔ ɔhonam ani yare a ɛyɛ fi no, 11 ɔka kyerɛɛ Mose se, “Me wura, mesrɛ wo, nnyina saa bɔne a yɛnam nkwaseasɛm so adi yi so ntwe yɛn aso. 12 Mma no nyɛ sɛ akokoaa a wawu wɔ ne yam a ne fa aporɔw.”
13 Na Mose teɛɛ mu frɛɛ Awurade se, “Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yare!”
14 Awurade buaa Mose se, “Sɛ nʼagya tew ntasu guu nʼanim a, anka nʼanim rengu ase nnanson? Munyi no mfi atenae ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyiri no, obetumi asan aba.” 15 Enti wotwaa Miriam asu fii atenae hɔ ma okodii nnanson. Nnipa no twɛn kosii sɛ wɔsan de no bae ansa na wɔretu kwan no bio.
16 Ɛno akyi no, wofii Haserot bɛbɔɔ atenae wɔ Paran sare so.
Chapter 13
Akwansrafo Kɔ Kanaan Asase So
1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Soma akwansrafo na wɔnkɔ Kanaan asase so; asase a mede rema Israelfo no. Soma mmusuakuw dumien no mu biara ntuanoni.”
3 Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so.
4 Saa mmusuakuw no ne wɔn mpanyimfo no din na edidi so yi:
- Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;
16 Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea din Yosua.
17 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔw no so. 18 Monhwɛ sɛnea ɛhɔ asase no te; na monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw, sɛ wɔdɔɔso anaa wosua. 19 Asasesu bɛn na wɔte so? Eye anaasɛ enye? Nkurowsu bɛn na wɔtete mu? Ɛdeda hɔ petee anaasɛ afasu wowɔ ho? 20 Dɔte no te dɛn? Srade wɔ mu anaasɛ ɛyɛ kwaboo? Nnua wɔ so anaasɛ nnua nni so? Mommɔ mmɔden na momfa ɛhɔ nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no na wɔretew bobe aba kan.
21 Enti wɔkɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob a ɛbɛn Hamat no. 22 Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. 23 Woduu Eskol bon mu no, wotwaa mman a bobe kasiaw wɔ so. Mmarima baanu na wɔworaa no dua soa kaa borɔdɔma aba ho de kɔe. 24 Saa bere no, Israelfo no too subon hɔ din sɛ “Eskol bon mu” a nkyerɛase ne “Kasiaw,” efisɛ wohuu bobe kasiaw pii wɔ hɔ. 25 Adaduanan akyi no, wofii wɔn akwansra no mu bae.
26 Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe. 27 Asɛm a wɔbɛkae ne sɛ, “Yeduu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen wɔ so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni. 28 Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo wɔ hɔ mpo. 29 Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.”
30 Na Kaleb bɔɔ nnipa no ano wɔ Mose anim kae se, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔfa asase no, efisɛ yebetumi adi wɔn so nkonim.”
31 Nanso mmarima a wɔne no kɔe no kae se, “Yɛrentumi nkɔtoa saa nnipa yi; wɔn ho yɛ den sen yɛn.” 32 Na wɔde asɛm a ɛmma akomatɔyam fa asase a wɔkɔsraa so no ho tene faa Israelfo no mu nyinaa. Wose, “Asase a yɛkɔsraa so no sofo no yɛ awudifo nkutoo. Nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no yɛ abran. 33 Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ nketekre wɔ yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani so.”
Chapter 14
Nnipa No Tew Atua
1 Saa anadwo no, nnipa no nyinaa fii ase suu denneennen. 2 Wɔde nne koro nwiinwii tiaa Mose ne Aaron. Wɔkae se, “Sɛ yewuwuu wɔ Misraim anaa sare so ha a, anka eye. 3 Adɛn nti na Awurade de yɛn reba ha sɛ yɛmmɛtotɔ wɔ mfoa ano? Wɔbɛfow yɛn yerenom ne yɛn mma. So ennye mma yɛn sɛ yɛbɛsan akɔ Misraim ana?” 4 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛpaw ɔkannifo na yɛsan kɔ Misraim.”
5 Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. 6 Akwansrafo no mu baanu, a wɔne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuan wɔn ntade mu 7 na wɔka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Asase a yɛfaa mu no yɛ asase pa yiye. 8 Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bedu asase no so dwoodwoo, asase bere a nufusu ne ɛwo sen wɔ so, na ɔde bɛma yɛn. 9 Monnyɛ dɔm ntia Awurade . Na munnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso, efisɛ yɛbɛmemene wɔn. Wonni bammɔ, nanso Awurade ka yɛn ho. Munnsuro wɔn.”
10 Nanso mmuae a nnipa no mae ara ne sɛ, wobesiw wɔn abo. Afei, Awurade anuonyam baa Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Israelfo no nyinaa. 11 Awurade bisaa Mose se, “Nnipa yi bebu me animtiaa akosi da bɛn? Anwonwade dodow a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wonnye me nni ara? 12 Mɛma ɔyaredɔm abeduru wɔn na asɛe wɔn, nanso mɛyɛ mo ɔman kɛse a ɛwɔ ahoɔden sen wɔn.”
13 Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Na Misraimfo no bɛte! Wonam wo tumi so yii saa nnipa yi fii wɔn mu. 14 Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wonim sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wohu omununkum dum ne ogya sɛ egyina yɛn atifi, na wonim sɛ wudi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo. 15 Na sɛ wukum wo nkurɔfo yi nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka se, 16 ‘ Awurade kum wɔn wɔ sare no so, efisɛ wantumi amfa wɔn ankodu asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’
17 “Afei Awurade nna nʼahoɔden adi, sɛnea wahyɛ no: 18 ‘ Awurade yɛ nyaa wɔ nʼabufuw mu, na ne dɔ ne bɔne ne atuatew so bɔnefakyɛ no boro so. Nanso onnyaw ɔfɔdifo a ɔntwe nʼaso; ɔtwe mma aso wɔ agyanom bɔne ho kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne nan mu.’ 19 Wo dɔ kɛse no nti, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn sɛnea wode akyɛ wɔn afi Misraim abesi saa bere yi.”
20 Awurade kaa se, “Mede akyɛ wɔn sɛnea woabisa no. 21 Nanso sɛ mete ase yi, na Awurade anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi, 22 saa nnipa yi a wohuu mʼanuonyam ne anwonwade a meyɛɛ wɔ Misraim ne sare so no nanso wɔyɛɛ asoɔden de sɔɔ me hwɛɛ mpɛn du no, 23 wɔn mu biara renhu asase a mekaa ntam de hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wobuu me animtiaa no mu biara renhu. 24 Nanso sɛnea ɛsono mʼakoa Kaleb honhom na ofi ne koma nyinaa mu di mʼakyi no nti mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so no so, na nʼasefo benya ɛhɔ mu kyɛfa. 25 Esiane sɛ Amalekfo na Kanaanfo tete abon mu no nti, ɔkyena, momfa mo ani nkyerɛ Po Kɔkɔɔ no nkɔ sare no so.”
26 Awurade bisaa Mose ne Aaron se, 27 “Enkosi da bɛn na saa nnipa bɔnefo yi benwiinwii atia me? Na mate saa Israelfo yi anwiinwiisɛm yi nyinaa. 28 Enti ka kyerɛ wɔn se, ‘ Awurade na ose, sɛ mete ase yi, mɛyɛ nea metee sɛ moreka no ama mo. 29 Mo nyinaa mubewuwu wɔ sare no so: Efi wɔn a wɔadi mfe aduonu rekɔ no a wɔkan wɔn bi na wɔka ho nwiinwii tiaa me no. 30 Mo mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua. 31 Moka se mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa nea muse mompɛ no. 32 Na mo de, mo amu na ɛbɛka sare so ha. 33 Wɔbɛhwɛ mo mma so wɔ ha mfe aduanan, na wɔahu amane wɔ mo gyidi a munni no nti; akosi sɛ onipa a otwa to no bewu atɔ sare so ha. 34 Esiane sɛ akwansrafo no tenaa asase no so adaduanan no nti, ɛsɛ sɛ mo nso mukyinkyin sare no so mfe aduanan a afe biara gyina hɔ ma da koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua, na moahu sɛnea ɛte sɛ mɛsɔre atia mo.’ 35 Me, Awurade , na makasa, na nea ɛte biara no mɛyɛ eyinom atia saa nnipa bɔnefo yi a wayɛ dɔm atia me no. Wobehu wɔn awiei wɔ sare yi so; ɛha na wobewuwu.”
36 Enti mmarima a Mose somaa wɔ ma wɔkɔsraa asase no so no, wɔn a wɔsan ba bɛbɔɔ amanneɛ bɔne a ɛnam so maa nnipa no nyinaa nwiinwii tiaa me no, 37 wɔde ɔyare bɔne kunkum saa mmarima a wɔde amanneɛ bɔne tenee wɔ Awurade anim no. 38 Akwansrafo no nyinaa, Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb nko ara na wɔtenaa ase.
39 Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ howee yiye. 40 Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkae se, “Yɛahu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.”
41 Nanso Mose kae se, “Adɛn na morebu Awurade ahyɛde so? Eyi renyɛ ye! 42 Monsan, mo atamfo no bedi mo so nkonim, efisɛ Awurade nka mo ho. 43 Amalekfo ne Kanaanfo no behyia mo wɔ hɔ wɔ hɔ? Esiane sɛ moapa Awurade nti, ɔrenka mo ho na mobɛtotɔ wɔ afoa no.”
44 Nanso wofii wɔn nsusuwii mu foro kɔɔ bepɔw no so a amfa wɔn ho sɛ Awurade Apam adaka no ne Mose mu biara antu amfi atenae hɔ bi. 45 Na Amalekfo ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no sian ba bɛtow hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kosii Horma.
Chapter 15
Afɔrebɔ Nkekaho Ahorow Ho Mmara
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede rema mo no so 3 na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara a wɔbɔ a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ aboa a ofi mo nguankuw anaa nantwibuw mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a efi ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirihyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduan afɔrebɔde ka ho. 4 Nea ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam muhumuhu kilogram abien a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade . 5 Oguamma biara a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛsɛ sɛ wɔde nsa afɔrebɔde a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.
6 “ ‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu lita abiɛsa fra ngo lita baako, 7 ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔde. Mommɔ mma enyi hua a ɛbɛsɔ Awurade ani.
8 “ ‘Sɛ wosiesie nantwi ba ma ɔhyew afɔre anaa afɔrebɔde de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikresiam afɔre a worebɔ ama Awurade a, 9 fa atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa ne ngo lita abien ka nantwi no ho 10 a bobesa lita abien ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔde. Eyi bɛyɛ aduan afɔrebɔ a ebeyi hua asɔ Awurade ani. 11 Ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so siesie nantwi, odwennini, oguamma anaa abirekyi ba a wɔde bɔ afɔre no. 12 Afɔrebɔde biara no, ɛsɛ sɛ mofa saa ɔkwan yi so siesie no.
13 “ ‘Ɛsɛ sɛ Israelni biara fa saa ɔkwan yi so siesie ne aduan afɔrebɔ a eyi hua na ɛsɔ Awurade ani na ɔde ba. 14 Na sɛ ahɔho a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ma eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɔkwan koro no ara so wɔ awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu. 15 Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa; ɔmanfo ne ahɔho; na ɛyɛ nokware a etim hɔ daa de kosi awo ntoatoaso a ɛbɛba no mu. Mo ne ahɔho nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim. 16 Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ahɔho a wɔtete mo mu no nyinaa.’ ”
17 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 18 “Kasa kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mudu asase a mede mo rekɔ so no so 19 na mudi asase no so aduan a, momfa bi mmɔ afɔre mma Awurade . 20 Atoko a mobɛyam a edi kan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛde sɛnea moyɛ atoko otwakan no wɔ awiporowbea no. 21 Awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔre a efi mo aduan a edi kan a moanya mu yi ma Awurade .
Bɔne A Wɔanhyɛ Da Anyɛ Ho Afɔrebɔ
22 “ ‘Sɛ mo, sɛ nnipakuw, anhyɛ da na mubu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, 23 mmara ahorow a Awurade nam ne so de ama mo yi so, efi da a Awurade de maa mo de fa awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu, 24 na sɛ wɔnam awerɛfiri so fom a nnipa no nyinaa nnim a, ɛsɛ sɛ ɔman no nyinaa de aduan afɔrebɔde ne ɔnom afɔrebɔde ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre ka ho. 25 Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma Israelfo nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; efisɛ, ɛyɛ mfomso, na wɔnam ɔhyew afɔrebɔ so abɔ afɔre wɔ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔde ka ho. 26 Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔho a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, efisɛ ɔmanfo no nyinaa na wɔyɛɛ mfomso a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.
27 “ ‘Nanso sɛ onipa baako bi yɛ mfomso awerɛfiri mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔre. 28 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma nea ɔfom no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no. 29 Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfo ne ananafo a wɔte mo mu no nyinaa.
30 “ ‘Na sɛ obi boa pa yɛ mfomso a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ogu Awurade din ho fi, enti ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu. 31 Mpɛn dodow a wabu Awurade asɛm animtiaa na wahyɛ da abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu; na ne bɔne gu ne ti so.’ ”
Homeda Sobu Ho Asotwe
32 Bere a Israelfo no wɔ sare so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda. 33 Wɔn a wɔkyeree no no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufo no anim, 34 na wɔde no too afiase, efisɛ na wonhu ɔkwan pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔde no fa so. 35 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsiw no abo wɔ atenae no akyi baabi.” 36 Enti wɔde no kɔɔ atenae no akyi baabi kosiw no abo sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
37 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 38 “Kasa kyerɛ Israelfo no se: Awo ntoatoaso nyinaa mu no, momma biribi nsensɛn mo ntade ano na momfa hama tuntum nkyekyere sɛ nkae ade ntetare ntade no ano. 39 Saa mmara yi botae ne sɛ, bere biara a mubehu saa ade yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛde so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛnea na moyɛ de som anyame afoforo no. 40 Ɛbɛkae mo ama moadi me mmara nyinaa so na wɔbɛtew mo ho ama mo Nyankopɔn. 41 Mene Awurade , mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim asase so bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.”
Chapter 16
Kora Atuatew
1 Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmabarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no fi Ruben abusuakuw mu no yɛɛ ahomaso 2 na wɔsɔre tiaa Mose. Na mpanyimfo atitiriw ahannu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuw no mu no ka ho. 3 Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ahomaso no amee yɛn; monnyɛ kronkron nsen obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Tumi bɛn na mowɔ sɛ moma mo ho so sɛ moyɛ mpanyimfo a ɛsɛ sɛ yetie mo na afei moma mo ho so sen obiara wɔ bere a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”
4 Mose tee saa asɛm no, ɔde nʼanim butuw fam. 5 Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no se, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne nea ɔyɛ kronkron ne nea wayi no sɛ ɔmmɛn no. 6 Nea ɛsɛ sɛ wo, Kora ne wʼakyidifo nyinaa yɛ ni: Momfa aduhuamyɛfo nkuku 7 na ɔkyena monhyew aduhuam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na nea Awurade bɛpaw no no na ɔbɛyɛ ɔkronkronni. Afei de, Lewifo moayɛ ama aboro so!”
8 Mose san bisaa Kora se, “Afei mo Lewifo, muntie! 9 Yi a Israel Nyankopɔn ayi wo afi nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiae Ntamadan mu adwuma, na wutumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no sua ma wo ana? 10 Ɔde wo ne wo mfɛfo Lewifo nyinaa abɛn no pɛɛ, nanso afei de, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no nso. 11 Ɛyɛ Awurade na wo ne wʼakyidifo abɔ mu atia no no. Hena ne Aaron a wunwiinwii tia no?”
12 Afei Mose frɛɛ Eliab mmabarima Datan ne Abiram, nanso wobuae se, “Yɛremma! 13 So esua ma wo sɛ wode yɛn fi yɛn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so de yɛn aba sare so sɛ worebekum yɛn ana? Na afei, wopɛ sɛ wohyɛ yɛn so nso! 14 Bio, womfaa yɛn mmaa asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so so anaa nso wommaa yɛn asase ne bobeturo biara sɛ yɛn agyapade. Wopɛ sɛ wode saa nnipa yi yɛ nkoa ana? Dabi, yɛremma.”
15 Mose bo fuw na ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nnye wɔn afɔrebɔde biara! Minwiaa wɔn afurum baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”
16 Mose ka kyerɛɛ Kora se, “Ɔkyena wo ne wʼakyidifo no nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha; wo ne wɔn ne Aaron. 17 Obiara mfa nʼaduhuamyɛfo nkuku a aduhuam gu so mmra. Obiara mfa aduhuamyɛfo kuku mmra. Ne nyinaa dodow yɛ ahannu aduonum; na momfa mmra Awurade anim. Mo ne Aaron na ɛsɛ sɛ mode ba.” 18 Enti wɔn mu biara de nʼaduhuamyɛfo kuku a wasɔ aduhuam wɔ mu bae na wɔne Mose ne Aaron begyinagyinaa Ahyiae Ntamadan no ano. 19 Bere a Kora aboa nʼakyidifo a wɔasɔre atia wɔn no nyinaa ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no, Awurade daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ nnipa no nyinaa. 20 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 21 “Montwe mo ho mfi saa nnipa yi ho na manya kwan asɛe wɔn prɛko.”
22 Nanso Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛe se, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Nyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?”
23 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 24 “Ka kyerɛ nnipa no se, ‘Mumfi Kora, Datan ne Abiram ntamadan no mu.’ ”
25 Enti Mose kɔɔ Datan ne Abiram ntamadan no mu a na Israel mpanyimfo di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, 26 Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Monsan mfi saa nnipabɔnefo yi ntamadan no mu! Mommfa mo nsa nka wɔn biribiara, anyɛ saa a wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa, esiane wɔn bɔne nti.” 27 Enti nnipa no fii Kora, Datan ne Abiram ntamadan no mu. Na Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyinagyinaa wɔn ntamadan no akwan ano.
28 Mose kae se, “Ɛnam eyi so bɛma moahu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ nea mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara mʼadwene mu na mifi yɛɛ saa. 29 Sɛ owu nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wohu nea ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me. 30 Na sɛ Awurade ma ade a ɛyɛ foforo koraa ba, na asase bue nʼanom mene wɔn ne wɔn ahode na sɛ wɔkɔ asaman anikann a, ɛbɛma moahu sɛ, saa nnipa yi abu Awurade animtiaa.”
31 Ka a ɔkaa eyinom wiei ara pɛ, na asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee, 32 na ɛbaee nʼanom menee wɔn ne wɔn abusuafo, wɔn nnamfonom a na wogyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapade nyinaa. 33 Wowuraa asase mu anikann kɔɔ asaman na asase no san ka too mu ma wɔyera fii ɔman no mu. 34 Israelfo nyinaa guanee a na wɔreteɛteɛ mu se, “Asase rebɛmene yɛn nso!”
35 Na ogya fi Awurade nkyɛn bɛhyew nnipa ahannu aduonum a na wɔrehyew aduhuam no nyinaa.
36 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 37 “Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar sɛ onyi aduhuamyɛfo nkuku no mfi nso no mu, efisɛ ɛyɛ kronkron, na ɔntrɛtrɛw nnyansramma no mu nkɔ akyiri 38 mfi saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhuamyɛfo nkuku no ase. Boro aduhuamhyew nkuku no mma ɛnyɛ ntrantraa na momfa nkata afɔremuka no so. Saa aduhuamyɛfo nkuku yi yɛ kronkron, efisɛ wɔde baa Awurade anim. Ma ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne mma Israelfo no.”
39 Enti ɔsɔfo Eleasar faa wɔn a wɔahyew no aduhuamyɛfo nkuku no na ɔboro maa ɛyɛɛ ntrantraa na ɔde kataa afɔremuka no so, 40 sɛnea Awurade nam Mose so kyerɛɛ no no. Na Israelfo no nam so akae se obiara a omfi Aaron ase no nni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhyew aduhuam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne ne ne dɔm no bi bɛto no.
41 Ade kyee anɔpa no, Israelfo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron se, “Moakum Awurade nkurɔfo.”
42 Nanso bere a nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano sɛ wɔretia Mose ne Aaron na wotwaa wɔn ani hwɛɛ Ahyiae Ntamadan no, prɛko pɛ, omununkum no kataa so ma wohuu Awurade anuonyam. 43 Mose ne Aaron begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano, 44 na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 45 “Twe wo ho fi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Na Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam.
46 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Fa aduhuamyɛfo kuku no na yi ogya fi afɔremuka no so gu mu. Fa aduhuam gu so na fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpata ma wɔn, efisɛ Awurade abufuw adu wɔn so. Ɔyaredɔm no afi ase.” 47 Aaron yɛɛ nea Mose hyɛɛ no no, na otuu mmirika kɔɔ nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyew aduhuam no de yɛɛ mpata maa wɔn. 48 Na ogyinaa ateasefo ne awufo ntam, na ɔyaredɔm no gyaee. 49 Nanso na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dedaw abɛka wɔn a wɔne Kora wuwui da a edi anim no ho. 50 Ɔyaredɔm no gyaee no, Aaron san kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
Chapter 17
Aaron Pema Ho Fefɛw
1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnyɛ pema dumien, abusua biara panyin ntwa baako. Kyerɛw obiara din wɔ ne de ho. 3 Aaron din na wɔbɛkyerɛw agu Lewi abusuakuw pema no ho, efisɛ ɛsɛ sɛ abusuapanyin biara nya pema baako. 4 Momfa pema yi ngu Ahyiae Ntamadan no mu ahyiae mu wɔ baabi a mihyia mo wɔ adaka no anim hɔ no. 5 Menam pema yi so bɛkyerɛ onipa a meyi no no na ne pema no ho bɛfefɛw, na meyi Israelfo anwiinwii a wɔtaa nwiinwii tia wo no nyinaa afi hɔ.”
6 Enti Mose maa Israelfo no maa no pema dumien a wɔn abusua no biara panyin de wɔ mu a na Aaron ka de ka ho bi. 7 Mose de guu Awurade anim wɔ Adanse Ntamadan no mu hɔ.
8 Ade kyee a ɔkɔɔ mu no, ohuu sɛ Aaron pema a ɛwɔ hɔ ma Lewi abusuakuw no afefɛw ayɛ frɔmm, asow aba a ɛsensɛn so. 9 Na Mose de pema no fii Awurade anim ba bɛkyerɛɛ Israelfo no. Wɔhwɛe, na ɔpanyin biara faa ne pema.
10 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Aaron pema no san kɔto adaka no anim na fa yɛ nsɛnkyerɛnne ma atuatewfo no. Eyi de anwiinwii a wonwiinwii tia me no bɛba awiei na wɔanwuwu.” Na ɛsɛ sɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na sɛ anwiinwii bi wɔ hɔ a etia Aaron tumi a, ebesiw amanehunu foforo a anka ɛbɛba nnipa no so no ano. 11 Mose yɛɛ nea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
12 Israelfo no ka kyerɛɛ Mose se, “Yebewuwu! Yɛayera, yɛayera! 13 Mpo, obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiae Ntamadan no bewu. Yɛn nyinaa rebewuwu ana?”
Chapter 18
Asɔfo Ne Lewifo Asɛde
1 Awurade kasa kyerɛɛ Aaron se, “Wo, wo mmabarima ne wʼabusuafo a wofi Lewi abusuakuw mu no, mfomso biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodi bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yiye wɔ asɔfodwuma no mu a, wobebisa wo ne wo mmabarima ho asɛm. 2 Fa wo nkurɔfo a wɔwɔ Lewi abusuakuw no mu na wɔmmoa wo mmabarima no wɔ dwuma kronkron a wodi no Ahyiae Ntamadan no anim no ho. 3 Ɛsɛ sɛ Lewifo no hwɛ yiye na wɔammɛn biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔremuka no so. Sɛ wɔyɛ saa a, wo ne wɔn bewuwu. 4 Ɛsɛ sɛ wɔka mo ho na mohwɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ; ɛhɔ nnwuma nyinaa. Ɛnsɛ sɛ onipa foforo biara bɛn beae a wowɔ no.
5 “Wo na ɛsɛ sɛ wohwɛ kronkronbea hɔ ne afɔremuka no so, na mʼabufuwhyew amma Israelfo no so bio. 6 Mʼankasa na mapaw wo nkurɔfo Lewifo afi Israelfo mu sɛ akyɛde ama wo, atew wɔ ho ama Awurade sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 7 Nanso wo ne wo mmabarima nkutoo na na mubedi dwuma sɛ asɔfo wɔ nea ɛfa afɔremuka ne nea ɛwɔ ntwamtam no mu no ho. Mede asɔfodwuma ɔsom rema mo sɛ akyɛde. Ɛsɛ sɛ wokum onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no.”
8 Awurade san ka kyerɛɛ Aaron se: “Mʼankasa na mede akyɛde a nkurɔfo de abrɛ Awurade no ahyɛ wo nsa; afɔrebɔde a Israelfo no de ma me no nyinaa no mede ma wo ne wo mmabarima sɛ mo kyɛfa; ɛyɛ mo kyɛfa afebɔɔ. 9 Aduan afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbu afɔrebɔ nyinaa mowɔ mu kyɛfa. Eyinom nyinaa yɛ afɔrebɔde a ɛyɛ kronkron pa ara. 10 Munni no sɛ ade a ɛyɛ kronkron pa ara; ɔbarima biara nni bi. Mummu no sɛ ade kronkron.
11 “Eyi nso yɛ mo de: nea wobeyi agu nkyɛn afi Israelfo ohim afɔrebɔde mu no. Mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea nyinaa sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.
12 “Aba a edi kan mu akyɛde a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔde a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburow ne nnɔbae biara no, mede ma mo. 13 Asase no so aba a edi kan a wɔde bɛbrɛ Awurade no bɛyɛ mo de. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.
14 “Biribiara a ɛwɔ Israel a wɔde bɛma Awurade no yɛ mo de. 15 Israelfo abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde bɛma Awurade no yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo kwan sɛ wɔnwe wɔn nam no de, munnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wotua sika kakra de si abakan biara anan. 16 Sɛ abakan no di ɔsram a, na ɛsɛ sɛ wɔde ogye bo a ɛyɛ dwetɛ nkaribo gram aduonum asia sɛnea kronkronbea hɔ nkaribo a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no te no ba.
17 “Nanso anantwi, nguan ne mmirekyi mmakan de, ɛnsɛ sɛ wogye wɔn; wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade no sɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani. 18 Saa mmoa yi nyinaa nam bɛyɛ mo de te sɛnea ohim afɔrebɔde koko ne ne srɛ nifa yɛ mo de no. 19 Biribiara a Israelfo de bɛbrɛ Awurade a wobefi afɔrebɔ kronkron mu ayi ato hɔ no, mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Ɛyɛ ahyɛde a ɛda mo ne Awurade ne mo asefo ntam daa nyinaa.”
20 Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Morennya agyapade biara mfi wɔn asase mu, na morennya kyɛfa biara mfi wɔn mu; mene mo kyɛfa ne mo agyapade wɔ Israelfo no mu.
21 “Mede Israel ntotoso du du no nyinaa ma Lewifo no sɛ wɔn agyapade de retua wɔ som a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no so ka. 22 Efi nnɛ rekɔ, Israelfo no nni ho kwan sɛ wɔbɛn Ahyiae Ntamadan no mu; anyɛ saa a, wobɛsoa wɔn bɔne ho asodi ama wɔawuwu. 23 Lewifo no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ, na wɔasoa mfomso biara a wɔbɛyɛ no ho asodi. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no. Wɔrennya agyapade biara wɔ Israelfo no mu. 24 Mmom, ntotoso du du a Israelfo no de ba sɛ Awurade afɔrebɔde no na mede rema Lewifo no. Ɛno nti na meka faa wɔn ho se: ‘Wɔrennya agyapade wɔ Israelfo no mu no.’ ”
25 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 26 “Ka kyerɛ Lewifo no se, ‘Sɛ munya ntotoso du du a mede rema mo sɛ mo agyapade no fi Israelfo no nkyɛn a, momfa nkyɛmu du mu baako mmrɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔde. 27 Na Awurade begye no sɛ mo afɔrebɔde a efi mo awiporowbea anaa nsa a efi mo nsakyi amoa mu. 28 Saa ɔkwan yi so na mobɛfa de mo afɔrebɔ a efi ntotoso du du a mubenya afi Israelfo no nkyɛn no abrɛ Awurade . Mumfi ntotoso du du yi mu mfa Awurade kyɛfa no mma ɔsɔfo Aaron. 29 Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu nea eye pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade .’
30 “Ka kyerɛ Lewifo no se: ‘Sɛ mode emu nea eye pa ara no ba a, wɔbɛfa no sɛ nea efi mo ankasa mo awiporowbea anaa mo nsakyibea hɔ. 31 Mo ne mo fifo betumi adi nkae no wɔ baabiara a mopɛ, efisɛ ɛyɛ mo adwuma a moyɛ no wɔ Ahyiae Ntamadan mu no so akatua. 32 Sɛ mode emu nea ɛsɔ ani no ba a, munni eyi ho afɔbu; saayɛ remma mungu Israelfo no afɔrebɔ kronkron no ho fi, na morenwuwu.’ ”
Chapter 19
Ahodwira Nsu
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 2 “Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ wodi so a Awurade ahyɛ: Ka kyerɛ Israelfo se wɔmfa nantwi ba bere kɔkɔɔ a onnii dɛm na ɔntwee nneɛma da mmrɛ me. 3 Momfa no mma ɔsɔfo Eleasar na ɔde no bɛkɔ atenae no akyi baabi na wɔakum no wɔ nʼanim. 4 Na ɔsɔfo Eleasar de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiae Ntamadan no anim mpɛn ason. 5 Afei, ɔbɛhwɛ ama obi ahyew nantwi ba no. Wɔbɛhyew ne ho nhoma, ne nam, ne mogya ne ne nsono. 6 Na egu so rehyew no, Eleasar bɛfa sida dua, adwerɛ ne asaawa kɔkɔɔ na watow agu nantwi ba bere a wɔrehyew no so. 7 Eyi akyi no, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no horo ne ntade na oguare. Afei obetumi aba atenae hɔ, nanso ne ho rentew kosi anwummere. 8 Onipa a ɔhyew aboa no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere.
9 “Ɔbarima a ne ho nguu fi no bɛsesaw aboa a wɔhyew no no nsõ de akogu atenae no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ Israelfo no de sie na wɔde agu wɔn ahodwira nsu mu; ɛyɛ nea wɔde dwira wɔn ho fi bɔne ho. 10 Onipa a ɔbɛboaboa nantwi ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama Israelfo no ne ahɔho a wɔte wɔn mu no nyinaa.
11 “Obiara a obeso onipa funu mu no ho begu fi nnanson. 12 Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɛsɛ sɛ ɔde nsu dwira ne ho ma ne ho tew. Sɛ wannwira ne ho nnansa ne nnanson so a ne ho rentew. 13 Wɔn a woso nnipa funu mu na wonnwira wɔn ho no, wogu Awurade Ntamadan no ho fi. Ɛsɛ sɛ woyi saa nnipa no fi Israelfo mu. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsu no bi ampete wɔn ho no nti, wɔn ho ntew; wɔn ho a agu fi no da so wɔ wɔn so.
14 “Sɛ obi wu wɔ ntamadan mu a, ɛho mmara ni: Obiara a obewura saa ntamadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dedaw ansa na onipa no rewu no nyinaa ho begu fi nnanson, 15 na ade biara a enni mmuaso na wɔde asa no nso ho begu fi.
16 “Sɛ obi a ɔwɔ abɔnten de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ afoa ano funu anaasɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfo funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa ɔda a, ne ho begu fi nnanson.
17 “Nea ne ho agu fi no, fa ahodwira nsõ no bi gu kuruwa mu na hwie nsu gu so. 18 Na obi a ne ho tew no mfa adwerɛ mmɔ nsu no mu mpete ntamadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntamadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntamadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a osoo dompe mu anaa obi a wokum no anaa nea ɔde ne ho aka ɔda no nso, wodwira ne ho. 19 Wɔyɛ eyi ne nnansa ne ne nnanson so. Na nea ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na saa anwummere no ne ho bɛtew. 20 Nanso sɛ wɔn a wɔn ho agu fi na annwira wɔn ho a, ɛsɛ sɛ wotwa wɔn asu, efisɛ wɔagu Awurade kronkronbea hɔ ho fi. Wɔmfaa ahodwira nsu mpetee wɔn so ɛ, na wɔn ho ntew. 21 Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama wɔn.
“Onipa a obetu ahodwira nsu no apete no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na obiara a ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsu no nso ho begu fi akosi anwummere. 22 Na biribiara a obi a ne ho agu fi no beso mu no nso ho begu fi akosi anwummere.”
Chapter 20
Nsu Fi Ɔbotan Mu
1 Israelfo no nyinaa duu Sin sare so ɔsram a edi kan no mu, na wɔtenaa Kades. Ɛhɔ na Miriam wu maa wosiee no.
2 Na nsu a wɔbɛnom nni hɔ nti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron. 3 Nnipa no ne Mose hamee se, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ. 4 Adɛn nti na mode Awurade man ne yɛn nguan ne yɛn anantwi aba sare yi so sɛ yemmewuwu? 5 Adɛn nti na muyii yɛn fii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atoko ne bobe nni asase yi so. Nsu a yɛbɛnom nso nni ha.”
6 Mose ne Aaron fii dɔm no hɔ kɔɔ Ahyiae Ntamadan no ano de wɔn anim butubutuw fam wɔ Awurade anim; na wohuu Awurade anuonyam. 7 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 8 “Fa abaa no na wo ne wo nua Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan no na nsu befi mu aba. Mubenya wɔn nsu a ɛbɛso wɔn ne wɔn anantwi afi ɔbotan no mu!”
9 Mose yɛɛ nea Awurade hyɛe no. Ɔfaa abaa no fii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim. 10 Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wobehyiaa wɔ ɔbotan no anim na Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Atuatewfo, muntie! Yɛmma nsu mfi saa ɔbotan yi mu mmra ana?” 11 Afei Mose maa ne nsa so de abaa no bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsu bebree fii mu ba maa nnipa no ne wɔn anantwi nomee.
12 Nanso Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Esiane sɛ moannya me mu ahotoso anhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ Israelfo no ani so nti, moremfa wɔn nkɔ asase a mede rema wɔn no so.”
13 Wɔfrɛɛ beae hɔ Meriba a ase ne: Atuatew Nsu, efisɛ ɛhɔ ne baabi a Israelfo tew Awurade atua, na ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ ɔkronkron.
Edom Siw Israel Kwan
14 Mose somaa abɔfo fii Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no se:
“Sɛɛ na wo nua Israelfo reka: Wunim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu no nyinaa. 15 Yɛn agyanom kɔtenaa Misraim, yɛtenaa hɔ mfe bebree. Misraimfo no yɛɛ yɛne yɛn agyanom ayayade, 16 nanso yesu frɛɛ Awurade no, otiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfo ma obeyii yɛn fii Misraim.
“Mprempren yɛwɔ Kades wɔ mo asase hye so. 17 Yɛsrɛ mo sɛ, ma yentwa mu mfa wo man yi mu. Yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsu. Yɛbɛfa Ɔhene Tempɔn so na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra wo hye no.”
18 Nanso Edomhene buae se,
“Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede asraafo ne afoa betua mo ano!”
19 Israelfo no buae se,
“Owura, yɛbɛfa ɔtempɔn no so. Sɛ yɛn nyɛmmoa nom mo nsu a, yebetua ka. Yɛpɛ sɛ yetwa mu wɔ mo asase so na yenni adwemmɔne bi.”
20 Nanso Edomhene buae se,
“Mommfa yɛn asase so!”
Ɔboaboaa nʼakofo ano de wɔn kɔɔ ɔhye no so. 21 Esiane sɛ Edom amma wɔn kwan amma Israelfo no amfa wɔn man mu no nti, wɔman faa nkyɛn.
Aaron Wu
22 Israelfo no nyinaa fii Kades kɔɔ Bepɔw Hor so. 23 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔw Hor a ɛwɔ Edom hye so no se, 24 “Bere adu sɛ Aaron wu, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfo no so bi, efisɛ mo baanu no tew mʼahyɛde ho atua wɔ Meriba nsu no ho. 25 Fa Aaron ne ne babarima Eleasar kɔ Bepɔw Hor so. 26 Ɛhɔ na wubeyi Aaron asɔfotade no de ahyɛ ne babarima Eleasar. Ɛhɔ na Aaron bewu na watoa nʼagyanom.”
27 Mose yɛɛ nea Awurade hyɛɛ no no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔw Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. 28 Mose yii Aaron asɔfotade no de hyɛɛ ne babarima Eleasar, na Aaron wuu wɔ bepɔw no apampam. Na Mose ne Eleasar san fii bepɔw no so bae, 29 na nnipa no tee Aaron wu no, Israelfo no suu no adaduasa.
Chapter 21
Kanaanfo So Nkonimdi
1 Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfo nam Atarim kwan so reba no, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so kyekyeree ebinom nnommum. 2 Afei, Israelfo no kaa ntam kyerɛɛ Awurade se, “Sɛ wode saa nnipa yi bɛhyɛ yɛn nsa a, anka yebegu wɔn nkurow akɛse no.” 3 Awurade tiee wɔn adesrɛ no na ɔde Kanaanfo no maa wɔn. Israelfo no sɛee wɔn ne wɔn nkurow akɛse pasaa; wɔtoo hɔ din Horma a ase ne “Ɔsɛe.”
Kɔbere Mfrafrae Ɔwɔ
4 Afei, Israelfo no fii Bepɔw Hor so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ sɛ wobetwa dantaban afa Edom ho. Nanso wɔrekɔ no nipa no aba mu bui; 5 wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ne Mose se, “Adɛn nti na moayi yɛn afi Misraim de yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare yi so? Aduan nni ha! Nsu nni ha! Yɛmpɛ saa awerɛhow aduan yi!”
6 Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre yiye kɔkekaa wɔn mu bebree ma wowuwui. 7 Na nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ se, “Yɛayɛ bɔne, efisɛ yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpae kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Enti Mose bɔɔ mpae maa nnipa no.
8 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn abaa tenten bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na ɔhwɛ no a, ɔrenwu.” 9 Enti Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no, de sɛn dua tenten so. Na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔma nʼani so hwɛ no a, onwu.
Israelfo Kɔ Moab
10 Israelfo no fi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ. 11 Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Haabarim wɔ sare so wɔ Moab apuei fam. 12 Wofi hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subon mu kɔbɔɔ atenae wɔ hɔ. 13 Afei, wotu fii hɔ kɔɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifo bɔ hye. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɔhye a ɛda Moabfo ne Amorifo ntam. 14 Ɛno nti na, wɔka wɔ Awurade akodi nhoma no mu se,
asubɔnten Arnon subon
ne kurow Waheb 15 da Amorifo ne Moabfo ntam.
16 Israelfo no fi hɔ toaa wɔn akwantu no so kɔɔ Beer a ase ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsu.”
17 Ɛhɔ na Israelfo too dwom yi,
“Tue Ao, Abura!
To ho dwom!
18 To dwom fa abura a mmapɔmma tutu no ho,
sɛ nnipa mu akunini na wotitii mu;
akunini a wokura ahempeaw ne pema.”
Afei, Israelfo no fii sare no so kɔfaa Matana, 19 Nahaliel ne Bamot, 20 na wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bon no mu, baabi a wugyina a wuhu asase tamaa no.
Sihon Ne Og So Nkonimdi
21 Israelfo no tuu abɔfo ma wɔde nkra kɔmaa Amorihene Sihon se:
22 “Momma yentwa mu mfa mo man yi mu. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee, na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra mo hye. Yɛrentiatia mo nnɔbae so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsu kosi sɛ yebefi mo man no mu.”
23 Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ sare so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas. 24 Nanso Israelfo no kunkum wɔn faa wɔn asase a efi Asubɔnten Arnon kosi asu Yabok ho toaa so kosii Amorifo ahye so a na bammɔ wɔ hɔ no. 25 Israelfo no faa Amorifo no nkurow akɛse nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu. 26 Na Hesbon yɛ Amorihene Sihon kuropɔn. Sihon na da bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa besii Asubɔnten Arnon no.
27 Ne saa nti, tete anwensɛm kyerɛwfo kyerɛw eyi faa ne ho se,
“Bra Hesbon, Sihon kuropɔn,
yɛnkyekye na ensi ne dedaw mu.
28 “Ogya turuw fii Hesbon
Ogyaframa fii Sihon ahenkurow mu,
Ɛhyew Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab;
ɛsɛee kurowmma a wɔwɔ Arnon mmepɔw so.
29 Ao Moabfo, mo sɛe bɛba mu!
Wɔawie mo, mo a mosom Kemos!
Wagyaw ne mmabarima sɛ atutenafo,
Ne ne mmabea
sɛ Amorihene Sihon nnommum.
30 “Yɛatu wɔn agu,
efi Hesbon tɔnn kosi Dibon.
Yɛasɛe wɔn ara akosi Nofa
De kɔ ara kosi Medeba.”
31 Enti Israelfo no tenaa Amorifo asase no so.
32 Mose somaa akwansrafo sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafo toaa wɔn, faa wɔn nkurow nyinaa, pam Amorifo no. 33 Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kurow kɛse Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafo hyiaa wɔn wɔ Edrei.
34 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Nsuro no, efisɛ mede nʼasraafo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii Hesbon so no.”
35 Israelfo dii nkonim na wokum ɔhene Og ne ne mmabarima ne ne nkurɔfo nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Na Israelfo no faa nʼasase no.
Chapter 22
Balak Frɛ Balaam
1 Afei, Israelfo no kɔɔ Moab tataw so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanim no.
2 Sipor babarima Balak huu nea Israelfo ayɛ Amorifo no nyinaa, 3 na Moab huu Israelfo dodow a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfo bɔɔ huboa.
4 Moabfo no ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo no se, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a ɛwɔ ha no, sɛnea nantwi we sare.”
Enti Sipor ba Balak a na ɔyɛ Moabhene saa bere no 5 somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Balak kae se,
“Nnipadɔm bi fi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔabɛtena abɛn me. 6 Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, efisɛ wɔyɛ den sen me. Ebia ɛbɛma matumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asase no so. Efisɛ minim nhyira a ɛba wɔn a wuhyira wɔn no so, na minim mmusu a ɛba wɔn a wodome wɔn no so nso.”
7 Moab ne Midian mpanyimfo no fii hɔ a na wokita sika a wɔde rekotua Balaam ka ama wadome Israelfo no. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa nea ehia Balak no kyerɛɛ no.
8 Balaam kae se, “Monna mma ade nkye mo. Ade kye a, nea Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanyimfo no dae.
9 Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bebisaa no se, “Saa nnipa yi yɛ hefo?”
10 Obuae se, “Wɔde nkra afi Moabhene Balak nkyɛn abrɛ me se: 11 Nnipadɔm bi fi Misraim aba ne hye so. Enti bra na bɛdome wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne wɔn ako apam wɔn.”
12 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, efisɛ mahyira wɔn!”
13 Ade kyee anɔpa no, Balaam ka kyerɛɛ Balak nkurɔfo no se, “Monsan nkɔ fie! Awurade ampene sɛ me ne mo nkɔ.”
14 Enti Balak mpanyimfo no san bɛbɔɔ amanneɛ se, “Balaam ne yɛn amma.”
15 Balak somaa nnipa dodow pa ara a anuonyamfo a wɔkyɛn kan dɔm no fra wɔn mu. 16 Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se,
“Sɛnea Sipor ba Balak se ni, ‘Mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn, 17 efisɛ metua wo ka yiye. Bra na bɛdome saa nnipa no ma me.’ ”
18 Nanso, Balaam buae se, “Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa mpo a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛde a Awurade a ɔyɛ me Nyankopɔn no ahyɛ no so. 19 Nanso, monna ha mma ade nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforo bi aka nea waka dedaw no ho anaa.”
20 Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Esiane sɛ nnipa no abɛfrɛ wo no nti, Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yiye na yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.”
21 Ade kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum, tenaa ne so ne Moab mpanyimfo no sii mu. 22 Nanso, Onyankopɔn bo fuw Balaam ahopere a ɔde kɔe no; enti ɔsomaa Awurade bɔfo ma ogyinaa akwantemfi sɛ onsiw no kwan. Na Balaam te nʼafurum so a nʼasomfo baanu ka ne ho. 23 Afurum no huu Awurade bɔfo no sɛ okura afoa gyina kwan no mfimfini no, ɔman faa wuram. Balaam hwee no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ɔkwan no so.
24 Na Awurade ɔbɔfo no gyina ɔkwan hiahiaa bi a ɛwɔ bobeturo afasu abien ntam. 25 Bere a afurum no huu Awurade bɔfo no, otwerii ɔfasu no ho maa Balaam nan pemee. Enti Balaam san hwee aboa no.
26 Afei, Awurade bɔfo no kɔɔ nʼanim kogyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afurum no nnya baabi nnan ne ho mfa nifa anaa benkum. 27 Enti obutuw ɔkwan no mu. Balaam bo fuw yiye ma ɔde abaa no hwee no. 28 Afei, Awurade buee afurum no ano, na obisaa Balaam se, “Mayɛ wo dɛn na nti a wohwe me mprɛnsa saa?”
29 Balaam nso buaa no se, “Woama mayɛ ɔkwasea! Na sɛ mikura afoa a, anka mekum wo mprempren.”
30 Afurum no nso bisaa no se, “Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?”
Obuae se, “Dabi.”
31 Afei, Awurade buee Balaam ani ma ohuu ɔsoro bɔfo no sɛ watwe afoa gyina ɔkwan no mfimfini. Enti ɔde nʼanim butuw fam.
32 Awurade bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na woahwe wʼafurum no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wʼakwan mu no wunni ahwɛyie wɔ mʼanim. 33 Afurum no huu me a ɔman faa nkyɛn mprɛnsa. Sɛ wamman a, anka mekum wo na magyaa no.”
34 Balaam ka kyerɛɛ Awurade bɔfo no se, “Mafom. Na minnim sɛ wugyina ɔkwan no mu a worebesiw me kwan. Sɛ wʼani nnye ho a mɛsan akɔ.”
35 Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko ara na ka.” Enti Balaam ne Balak mpanyimfo no kɔe.
36 Bere a Balak tee sɛ Balaam reba no, ofii kurow no mu kohyiaa no wɔ Moabfo kurow mu wɔ Arnon hye so, wɔ nʼasase ano. 37 Balak bisaa Balaam se, “Mamfrɛ wo ɔhare so ana? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? So merentumi ntua wo ka ana?”
38 Balaam buae se, “Ɛwɔ mu sɛ maba de, nanso merentumi nka nea mepɛ biara. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ mʼano no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.”
39 Balaam kaa Balak ho ne no kɔɔ Kiria-Husot. 40 Balak kum anantwi ne nguan bɔɔ afɔre na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho. 41 Ade kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ofi hɔ too nʼani huu sɛ Israelfo no sam wɔn atenae hɔ.
Chapter 23
Balaam Nkɔmhyɛ A Edi Kan
1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” 2 Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre.
3 Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.
4 Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, “Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre wɔ biara so.”
5 Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
6 Ɔsan bae no ɔbɛtoo no sɛ ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho. 7 Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm:
“Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram,
Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so.
Ɔkae se, ‘Bra bɛdome Yakob ma me;
bra bɛka mmususɛm gu Israel so.’
8 Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adome
wɔn a Onyankopɔn nnome ɛ?
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm agu
wɔn a Awurade mmuu wɔn fɔ so?
9 Mihu wɔn fi ɔbotan atifi;
mehwɛ wɔn fi nkoko so.
Mihu nnipa a wɔatew wɔn ho
a wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ aman no bi mu nnipa.
10 Hena na obetumi akan Yakob mfutuma,
anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako?
Ma minwu atreneefo wu,
na mʼawiei nyɛ sɛ wɔn de.”
11 Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!”
12 Obuae se, “So ɛnsɛ sɛ meka nea Awurade de ahyɛ mʼano no ana?”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abien
13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.” 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason wɔ hɔ na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre wɔ afɔremuka biara so.
15 Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia Awurade wɔ hɔ.”
16 Awurade hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, “San kɔ Balak hɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
17 Enti ɔsan ba bɛtoo no no sɛ ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, “ Awurade aka dɛn?”
18 Na ɔhyɛɛ ne nkɔm:
“Balak, sɔre na tie;
Sipor babarima tie me.
19 Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro;
Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.
Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana?
Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?
20 Wɔahyɛ me sɛ minhyira;
wahyira, na merentumi nnan ani!
21 “Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu,
wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu.
Awurade , wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho;
Ɔhene ka wɔn ho!
22 Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim;
ɔte sɛ nantwi hoɔdenfo ma wɔn.
23 Nnome biara mmaa Yakob so ɛ,
mmusu biara nni Israel so.
Afei, wɔbɛka afa Yakob
ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’
24 Nnipa no sɔre sɛ gyatabere.
Wɔwosow wɔn ho sɛ gyata
a onnye nʼahome de kosi sɛ ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaa
na ɔnom nea wakyere no no mogya.”
25 Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Sɛ worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa.”
26 Balaam buaa no se, “Manka ankyerɛ wo se nea Awurade bɛka biara na mɛyɛ ana?”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abiɛsa
27 Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wubegyina hɔ adome wɔn.” 28 Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so.
29 Bio, Balaam kae se, “Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” 30 Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no biara so.
Chapter 24
1 Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so. 2 Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so, 3 na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae:
“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,
nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,
4 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ;
nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ;
na ɔda fam, a nʼani hu ade:
5 “Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ,
Israel, mo atenae yɛ ahomeka!
6 “Ɛtrɛtrɛw sɛ abon,
sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho.
Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua,
te sɛ sida a esisi nsu ho.
7 Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu.
Wɔn aba benya nsu ama aboro so.
“Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag;
wɔn ahenni bɛkorɔn.
8 “Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae;
wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi.
Wɔsɛe atirimɔdenfo aman
na wobubu wɔn nnompe mu asinasin,
wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.
9 Wobutuw da sɛ gyata;
te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn?
“Wobehyira wɔn a wohyira wo,
na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”
10 Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa. 11 Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”
12 Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se, 13 ‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka. 14 Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anan
15 Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae:
“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,
nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,
16 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ,
nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ,
nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ,
na ɔda fam, a nʼani hu ade no:
17 “Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren;
mehwɛ no, nanso ɔmmɛn.
Nsoromma bepue afi Yakob mu;
ahempema bepue afi Israel mu.
Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti,
Moabfo nyinaa tikora.
18 Wɔbɛfa Edom, [1]
na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim,
na Israel bɛkɔ so ayɛ den.
19 Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu
ɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anum
20 Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm:
“Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan,
nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Asia
21 Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm:
“Mo atenae wɔ bammɔ,
wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu;
22 Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifo
bere a Asur fa mo nnommum no.”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Ason
23 Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm:
“Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?
24 Ahyɛn befi Kipro mpoano aba;
wobedi Eber [2]1 Be 25–27 ne Asur so.
Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”
25 Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.
Chapter 25
Moabfo Daadaa Israelfo
1 Bere a Israelfo no tenaa Sitim no, wɔn mu mmarima no bi fii ase ne Moab mmea no bɔɔ aguaman de guu wɔn ho fi. 2 Saa mmea yi too nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔbɔɔ afɔre maa wɔn anyame. Wodii Moabfo anyame so afɔrebɔ nnuan na wɔkotow wɔn nso. 3 Enti Baal a ɛwɔ Peor no som bɛyɛɛ ɔhyɛ maa Israelfo. Eyi maa Awurade bo fuw ne nkurɔfo no yiye.
4 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa saa nnipa yi ntuanofo no nyinaa, kunkum wɔn na fa wɔn gu owia so wɔ Awurade anim sɛnea ɛbɛyɛ a, nʼabufuwhyew no befi Israel so.”
5 Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no no se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara kunkum mo nkurɔfo a wɔde wɔn ho akɔhyɛ Baal a ɛwɔ Peor no ase no nyinaa.”
6 Na Israelni bi de Midiani bea bi baa wɔn atenae hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa huu wɔn bere a na wogyinagyina Ahyiae Ntamadan pon no ano retwa adwo no. 7 Bere a Pinehas a ɔyɛ Eleasar babarima a na ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena huu eyi no, ofii wɔn mu, kɔfaa peaw kitae; 8 na odii Israelni no akyi kɔɔ ntamadan no mu. Ɔde peaw no wɔɔ ɔbarima no san de wɔɔ ɔbea no yafunu mu. Enti ɔyaredɔm a na aba Israelfo no so no to twae; 9 nanso saa bere no, na nnipa mpem aduonu anan (24,000) awuwu dedaw.
10 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 11 “Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena ayi mʼabufuw afi Israelfo no so. Esiane sɛ wako apere mʼanuonyam wɔ wɔn mu sɛnea mepɛ ayɛ no nti, sɛnea meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfo no, magyae. 12 Enti ka kyerɛ no se, me ne no rebɛyɛ asomdwoe apam. 13 Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefo bɛyɛ asɔfo afebɔɔ, efisɛ watwe me ho ninkunu wɔ Israelfo mu de ayɛ mpata ama wɔn.”
14 Ɔbarima a wokum no ne Midiani bea no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a otua Simeon abusuakuw ano no babarima. 15 Ɔbea no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babea.
16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 17 “Tow hyɛ Midianfo no so sɛ atamfo na kunkum wɔn. 18 Efisɛ wɔfaa mo sɛ atamfo, na wɔdaadaa mo ma mo som Baal a ɛwɔ Peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babea, a wokum no wɔ Peor ɔyaredɔm da no.”
Chapter 26
Israel Nnipakan A Ɛto So Abien
1 Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se, 2 “Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.” 3 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se, 4 “Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.”
Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no:
Ruben Abusuakuw
- Hanokfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok;
- Palufo abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;
- Karmifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.
Simeon Abusuakuw
- Nemuelfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.
- Yaminfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.
- Yakinfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.
- Saulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.
Gad Abusuakuw
- Sefonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;
- Hagifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi;
- Sunifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni;
- Erifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;
- Arelifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.
Yuda Abusuakuw
19 Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so.- Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela;
- Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres;
- Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.
- Hesronfo abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron;
- Hamulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.
Isakar Asefo
- Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola;
- Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa;
- Simronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.
Sebulon Asefo
- Seredfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered;
- Elonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.
- Yakleefo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.
Manase Abusuakuw
28 Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae.- Makirfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir;
- Gileadfo abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.
- Yeserfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser;
- Helekfo abusua, wɔde too wɔn agya Helek.
- Sekemfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem;
- Heferfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.
Efraim Abusuakuw
- Sutelafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela;
- Bekerfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker;
- Tahanfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.
- Eranfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.
Benyamin Abusuakuw
- Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela;
- Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel;
- Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram;
- Hufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.
- Ardfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Ard;
- Naamanfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Naaman.
Dan Abusuakuw
- Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo.
Aser Abusuakuw
- Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna;
- Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui;
- Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.
- Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber;
- Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.
Naftali Abusuakuw
- Yakseelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel;
- Gunifo abusua no, wɔde too wɔn agya Guni;
- Silemfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.
Nnipa Dodow A Wɔkan Wɔn
51 Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).
52 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te. 54 Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa. 55 Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so. 56 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.”
- Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson.
- Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat.
- Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari.
- Libnifo,
- Hebronfo,
- Mahlifo,
- Musifo ne
- Korafo.
- Kohat yɛ Amram tete agya.
62 Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi.
63 Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no. 64 Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu. 65 Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.
Chapter 27
Selofehad Mmabea
1 Hefer a ɔyɛ Manase ba, Mika ba, Gilead ba no babarima Selofehad a wofi Manase mmusua a efi Yosef ase no mmabea a wɔn din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa sɔree. 2 Wɔbaa Mose, ɔsɔfo Eleasar, mpanyimfo ne wɔn a wɔahyia wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no nyinaa anim bɛkaa se, 3 “Yɛn agya wuu wɔ sare so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛma wowuwuu no ho. Ɔno ankasa bɔne nti na owui a wannyaw mmabarima. 4 Adɛn nti na esiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima nti ne din ayera fi nʼabusua mu? Momma yɛn yɛn agya abusua mu agyapade no bi.”
5 Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. 6 Awurade buaa no se, 7 “Asɛm a Selofehad mmabea no ka no yɛ nokware. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapade a sɛ wɔn agya no te ase a anka obenya no ma wɔn.
8 “Ka kyerɛ Israelfo no se sɛ obi wu na onni mmabarima a ɛsɛ sɛ nʼagyapade kɔ ne mmabea hɔ. 9 Na sɛ onni ɔbabea nso a, ɛsɛ sɛ agyapade no kɔ ne nuabarimanom nkyɛn. 10 Na sɛ onni nuabarimanom a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. 11 Na sɛ onni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfo di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”
Woyi Yosua Sɛ Mose Abediakyiri
12 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ bepɔw a ɛwɔ Abarim mmepɔw no so na hwɛ asase a mede maa Israelfo no. 13 Sɛ wohwɛ wie a, wubewu sɛnea wo nua Aaron wui no, 14 efisɛ wɔsɔre tiaa me mmara wɔ Sin sare so hɔ, mo baanu no buu mʼahyɛde so na moanhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn ani so.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsu “Akoe” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin sare so no so.
15 Mose ka kyerɛɛ Awurade se, 16 “ Awurade , Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti, yi obi ma onni dɔm yi anim 17 a ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade nnipa renyɛ sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.”
18 Enti Awurade buaa Mose se, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ akanni honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa to no so. 19 Fa no kɔ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa anim na fa ne dwumadi hyɛ ne nsa. 20 Fa wo tumi no bi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo nyinaa betie no. 21 Sɛ wohia akwankyerɛ a efi Awurade hɔ a, Yosua begyina ɔsɔfo Eleasar anim, na ɔsɔfo Eleasar abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛde. Ɔno na ɔbɛhyɛ ama Israelfo no nyinaa afi adi na wahyɛ ama wɔaba mu.”
22 Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa. 23 Na ɔde ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛnea Awurade nam ne so hyɛe no.
Chapter 28
Afɔrebɔ Ahorow
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Monhwɛ na momfa mʼaduan afɔre mmrɛ me wɔ ne bere ano sɛ ehua a ɛsɔ mʼani.’ 3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne aduan afɔre a ɛsɛ sɛ mode brɛ Awurade : nguamma abien a wɔadi afe a dɛm nni wɔn ho; momfa mmra sɛ daa ɔhyew afɔre. 4 Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre anɔpa na momfa ɔbaako mmɔ anwummere, 5 na momfa aburow lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo lita baako afra nka ho. 6 Eyi ne ɔhyew afɔre a wofii ase wɔ Sinai Bepɔw so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no bere ano bere ano ma eyi hua. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade . 7 Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔde a ɛyɛ nsa a apae lita baako a oguamma ka ho ka afɔrebɔde no ho a wobehwie agu beae bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim. 8 Momfa oguamma a ɔto so abien no mmɔ afɔre anwummere a atoko ne nsa afɔrebɔ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade huam. Ɛyɛ ɔhyew afɔre.’
9 “ ‘Sɛ edu homeda a, momfa nguantenmma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara ne afɔrebɔde ahorow a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ atoko afɔrebɔde lita anan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsa ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔre no. 10 Eyi ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no homeda biara de ka bere ano ɔhyew afɔre ne nsa afɔre ho no.
11 “ ‘Saa ara nso na da a edi kan wɔ ɔsram biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre foforo bi ka ho de ma Awurade . Afɔrebɔde no bɛyɛ nantwinini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm biara. 12 Nantwinini biara no, ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikresiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Afei, mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita anan ne fa a wɔde ngo afra bɛbɔ aburow afɔre a Odwennini no ka ho; 13 na oguamma biara nso, mode asikresiam lita abiɛsa. Eyi bɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade . 14 Nantwi biara, nsa afɔrebɔde lita abien ka ho. Odwennini biara, nsa afɔrebɔde lita baako ne fa ka ho. Oguamma biara nso, nsa afɔrebɔde lita baako ka ho. Afe mu no, eyi na ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre wɔ ɔsram biara mu. 15 Mo bere ano bere ano ɔhyew ne nsa afɔrebɔ akyi no, ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔre ma Awurade .
16 “ ‘Ɛsɛ sɛ mudi Awurade Twam Afahyɛ no afe biara sram a edi kan no da a ɛto so dunan no so. 17 Da a edi so no, mubefi ase adi afahyɛ; munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson. 18 Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 19 Momfa nantwimma anini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade . 20 Mode esiam muhumuhu lita ason a wɔde ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Afei, mode esiam lita anum bɛka odwennini no ho, 21 na nguanten ason no biara nso, mode esiam lita abiɛsa aka ho. 22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre sɛ mpata ma mo ho. 23 Momfa saa afɔrebɔde yi nka nea daadaa mobɔ no ho. 24 Momfa saa kwan yi so mmɔ aduan afɔre da biara saa ara nnanson sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani; ɛsɛ sɛ mobɔ ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ daa no ho. 25 Da a ɛto so ason no, monyɛ nhyiamu kronkron na monnyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
26 “ ‘Aduankan da no a wɔfrɛ no Nnaawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa de kronkronyɛ sononko hyia, de di Otwabere Afahyɛ no. Da no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuw mu nnɔbae foforo bɛbɔ Awurade aduan afɔre. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 27 Momfa nantwimma anini abien, odwennini baako ne nguantenmma anini ason mmɛbɔ ɔhyew afɔre sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani. 28 Mode mo aburow lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Mode lita anan bɛka Odwennini no ho; 29 na mode lita abiɛsa bɛka nguantenmma ason no biara ho. 30 Momfa ɔpapo baako na wɔmfa nyɛ mpata mma mo. 31 Saa afɔre ahorow yi ka daa ɔhyew afɔre, aburow afɔre ne nsa afɔre no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn bɛbɔ saa afɔre no nnii dɛm biara ɛ.
Chapter 29
Ntorobɛnto Afahyɛ
1 “ ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan wɔ afe biara mu no, munni torobɛnto afahyɛ no. Monyɛ nhyiamu kronkron no na obiara nyɛ adwumaden biara. 2 Momfa nantwi ba onini baako, Odwennini baako ne adwennini ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani. 3 Momfa esiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ atoko afɔre no a nantwi no ka ho. Odwennini no, momfa lita anan ne fa nka ho 4 na lita abien ne fa nso nka nguantenmma no biara ho. 5 Momfa ɔpapo baako nka ho mmɔ bɔne ho afɔre mfa nyɛ mpata mma mo. 6 Eyinom ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ no ɔsram biara ne daa de a wɔakyerɛ no ho. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔde brɛ Awurade sɛ ehua a ɛsɔ ani.
Mpata Da Afɔrebɔ
7 “ ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du so no monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛyɛ da a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛase mu wɔ Awurade anim na ɛnsɛ sɛ biara yɛ adwuma biara. 8 Mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani. Afɔrebɔde no yɛ nantwi ba baako, odwennini baako, nguamma a wɔadi afe ason a wonnii dɛm biara. 9 Momfa nantwi ba no nsiesie atoko afɔre a mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita asia ne fa afra, 10 na momfa lita anan ne fa nka odwennini no ho na momfa lita abien ne fa aka nguamma ason no mu biara ho. 11 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔre. Eyi ka bɔne afɔrebɔde a wɔbɔ de pata ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daadaa a aduan afɔrebɔde ne nsa afɔre ka ho no ho.
Ntamadan Afahyɛ
12 “ ‘Monyɛ nhyiamu kronkron wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no so, na monnyɛ adwumaden biara. Munni afahyɛ no nnanson mma Awurade . 13 Nneɛma a mode bɛbɔ ɔhyew afɔre na ama ayi hua a ɛsɔ Awurade ani no yɛ nantwimma anini dumiɛnsa, adwennini abien ne adwennini dunan a wɔadi afe na wonnii dɛm biara. 14 Ɛsɛ sɛ mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ka nantwimma dumiɛnsa no biara ho. Lita anan ne fa nka adwennini no baako biara ho, 15 na lita abien ne fa nka nguantenmma dunan no biara ho. 16 Momfa ɔpapo mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew afɔre, atoko ne nsa afɔre a mobɔ no daa no ho.
17 “ ‘Da a ɛto so abien no, momfa anantwi anini mma dumien, adwennini abien ne adwennini a wɔadi afe dunan a wonnii dɛm biara mmɛbɔ afɔre. 18 Saa afɔrebɔde yi mu biara no, mode anantwinini, adwennini ne nguantenmma no ho aduan ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔahyɛ no bɛka ho. 19 Ɔhyew afɔre a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde no ho abɔ bɔne ho afɔre.
20 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so abiɛsa no, mode anantwinini dubaako, adwennini abien, nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara; 21 na sɛnea moyɛ no daa no, mode anantwi, adwennini ne nguantenmma no ne aduan ne nsa afɔrebɔde bɛka afɔrebɔde biara ho. 22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre de ka daa ɔhyew afɔrebɔ no ho a atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde ka ho.
23 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so anan no, momfa anantwinini du, adwennini abien, ne nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre. 24 Momfa atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka biara ho. 25 Momfa ɔpapo baako nyɛ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
26 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so anum no, momfa anantwinini akron, adwennini abien ne nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre. 27 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguamma afɔrebɔ no ho. 28 Momfa ɔpapo baako nyɛ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
29 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so asia no, momfa de anantwinini awotwe, adwennini abien ne nguantenmma a wɔadi afe dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre. 30 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguantenmma afɔrebɔ no ho. 31 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
32 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so ason no, momfa anantwinini ason, adwennini abien ne nguamma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara dunan mmɔ afɔre. 33 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguantenmma afɔrebɔ no ho. 34 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
35 “ ‘Da a ɛto so awotwe no, monyɛ ɔpɔn nhyiamu sononko. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara saa da no. 36 Mommɔ aduan afɔre a ɔhyew afɔre a ɛwɔ hua a ɛsɔ Awurade ani wɔ mu. Momfa nantwinini baako, Odwennini baako, nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɔ. 37 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka nantwinini, odwennini ne nguantenmma no ho. 38 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
39 “ ‘Mommɔ afɔre yinom mma mo Awurade wɔ mo afahyɛ ahorow no nu: mo hyew, atoko, nsa ne asomdwoe afɔre no; na momfa nka afɔre a mufi mo pɛ mu hyɛ ho bɔ no no ho. Muhyia, didi afirihyia no mu a, twa ara na etwa sɛ mobɔ saa afɔre yi. Na ɛka mo afɔre a mobɔ fa bɔ a moahyɛ anaa nea efi mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyew afɔre, atoko afɔre, nsa afɔre anaa asomdwoe afɔre no ho.’ ”
40 Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
Chapter 30
Bɔhyɛ Ho Mmara
1 Mose hyiaa Israel mmusua no mu mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “ Awurade ahyɛ se: 2 Sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ a, ɛnsɛ sɛ obu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔkaa se ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.
3 “Sɛ ababaa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ bere a ɔda so te nʼagya fi, 4 na nʼagya no te sɛ ne ba no ahyɛ bɔ, na wanka hwee a, ne bɔhyɛ ne ne ntam a ɔkaa no nyinaa no di mu. 5 Nanso sɛ ɛba sɛ nʼagya no siw no bɔhyɛ no ho kwan a, etwa ne bɔhyɛ ne ntam a ɔkae no mu. Awurade de bɛkyɛ ababaa no, efisɛ nʼagya ampene sɛ obedi so.
6 “Sɛ ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam ansa na ɔware na ɛbɛyɛ asodi ma no 7 na ne kunu no te saa bɔhyɛ no ho asɛm nanso wanka ho hwee a, na ne bɔhyɛ no gyina hɔ. 8 Na sɛ ne kunu no te na osiw no ho kwan a na ɛkyerɛ sɛ watwa mu a bɔhyɛ no anaa ntam no ho asodi nna ne so bio, enti Awurade de ne ho bɛkyɛ no.
9 “Ɛsɛ sɛ ɔbea kunafo anaa nea wɔagyaa no aware no di ne ntam a ɔbɛka anaa bɔ a ɔbɛhyɛ no biara so.
10 “Sɛ waware na ɔte ne kunu fi na ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam, 11 na ne kunu no te na wansiw no ho kwan a, na ɛkyerɛ sɛ ne bɔhyɛ no gyina hɔ. 12 Na sɛ ne kunu no te na, sɛ wampene so na, otwa mu a, na ne bɔhyɛ no nni mu na Awurade de ne ho bɛkyɛ no. 13 Enti ne kunu no betumi asi ne bɔ a ɔhyɛ anaa ntam a ɔka no so dua anaasɛ obetwa mu. 14 Sɛ da mu no nyinaa wanka ho hwee ankyerɛ no de a, na ɛkyerɛ sɛ ɔpene so wɔ hwee a wanka amfa ho no nti. 15 Sɛ ɔtwɛn ma mmere bi fa so ansa na ɔka se bɔhyɛ no nni mu a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔsoa ɔbea no mfomso no ho asodi.”
16 Eyinom ne mmara a Awurade nam Mose so de maa ɔbarima ne ne yere, ne agya ne ne babea a ɔda so te ne fi no.
Chapter 31
Midianfo So Aweretɔ
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Esiane sɛ Midianfo daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no nti, tɔ so were ma Israelfo no. Eyi akyi no wubewu na woakɔ wʼagyanom nkyɛn.”
3 Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo so se, “Munyi mo mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfo no. 4 Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” 5 Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumien siesie wɔn maa ɔko no; Israel abusuakuw biara maa mmarima apem. 6 Afei Mose ma wɔkɔe, nnipa apem baako a wofi abusuakuw biara mu. Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas na odii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde akronkronne a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn de ama asraafo no nsɛnkyerɛnne kɔe.
7 Wɔne Midiafo no koe, na sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no wokum Midian mmarima no nyinaa. 8 Wɔn a wokum wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn din de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔde afoa kum no. 9 Afei, Israel asraafo no kyekyeree Midian mmea ne mmofra nyinaa ne wɔn anantwi ne wɔn nguan fom nneɛma pii kaa ho sɛ asade. 10 Wɔtoo Midian no atenae, nkurow ne nkuraa nyinaa mu gya, hyew no pasaa. 11 Wɔfaa asade ne afowde a nnipa no ne mmoa ka ho. 12 Wɔde nnommum no ne ɔko no mu nneɛma a wonyae no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo a na wɔabɔ wɔn atenase wɔ Moab tataw so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wotwa fi Yeriko baa hɔ no.
13 Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no fii atenae hɔ kohyiaa nkonimdifo no kwan. 14 Nanso Mose bo fuw mpanyimfo a wotuatua nsraadɔm apem ne ɔha no ano a wofi ɔsa no bae no.
15 Obisaa wɔn se, “So moankunkum mmea no? 16 Wɔn ne nnipa no a wotie Balaam nti wɔtwetwee Israelfo na amma wɔanni Awurade nokware kɔsom abosom wɔ bepɔw Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa Awurade nkurɔfo so no. 17 Munkunkum mmarimaa no nyinaa. Na munkunkum mmea a wɔne mmarima adeda no nyinaa. 18 Mmeawa nketewa a wɔne mmarima nnae no na munnyaa wɔn na mo ne wɔn ntena.
19 “Ɛsɛ sɛ obiara a wakum obi, anaa ɔde ne nsa kaa nea wɔakum no no, fi atenae ha nkɔtena baabi nnanson. Munnwira mo ho ne mo nnommum no nnansa ne ne nnanson so. 20 Munnwira mo ntade ne biribiara a wɔde aboa nhoma, abirekyi nwi anaa dua ayɛ.”
21 Afei, ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no se, “Eyi ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose: 22 Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa, sumpii 23 ne biribiara a etumi etumi gyina ogya ano no ɛsɛ sɛ wɔde fa ogya mu sɛnea ɛho bɛtew. Eyi akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsu dwira ho ma ɛtew ho. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no de, wɔmfa nsu nnwira ho. 24 Nnanson so no, ɛsɛ sɛ mohoro mo ntade na mo ho afi. Afei mubetumi asan aba atenae hɔ.”
Wɔkyɛ Asade
25 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 26 “Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfo Eleasar ne mmusua no mpanyimfo nyinaa kan asade a nnipa ne mmoa a mofaa wɔ ɔko no mu no. 27 Monkyɛ asade no mu abien pɛpɛɛpɛ mfa fa mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no na momfa fa a aka no mma nnipa a wɔaka no. 28 Asraafo a wɔkoo no kyɛfa mu no, munyi ahannum biara so baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum anaa nguan na momfa nsom Awurade . 29 Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfo Eleasar na onhim no afɔremuka no anim mfa mma Awurade . 30 Afei Israelfo a wɔaka no kyɛfa no, munyi aduonum biara mu baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum, nguanten anaa mmoa foforo biara no, momfa mma Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan no so no.” 31 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
32 Asade a ɛkae a akofo no fae no dodow yɛ nguan mpem ahansia ne aduɔson anum (675,000); 33 anantwi mpem aduɔson abien (72,000); 34 mfurum mpem aduosia baako (61,000); 35 ne mmeawa mpem aduasa abien (32,000).
36 Nneɛma no fa a wɔde maa asraafo no dodow ni:
- Nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum (337,500)
41 Kyɛfa a wɔde Awurade no nyinaa no wɔde maa ɔsɔfo Eleasar sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.
42 Asade no a Israelfo no nyaa no na edidi so yi: 43 nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum (337,500), 44 anantwi mpem aduasa asia (36,000), 45 mfurum Mpem aduasa ne ahannum (30,500) ne 46 mmeawa mpem dunsia (16,000). 47 Nnipa no kyɛfa a wonyae no, Mose yiyii nnommum ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan so no. Wɔyɛɛ eyi nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
48 Afei, asraafo no so mpanyimfo baa Mose nkyɛn 49 bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na ɔbaako koraa anyera. 50 Ɛno nti, yefi nea yenyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedade no yɛ sika nnwinne, nkapo, nkaa, asokaa ne kɔnmuade. Eyinom bɛyɛ mpata ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”
51 Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee saa akyɛde yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne nnwinne no fii asraafo mpanyimfo no nkyɛn. 52 Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de bae sɛ akyɛde a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkaribo kilogram ɔha ne aduɔkron. 53 Na asraafo no afa ɔko no mu nneɛma a wonyae no bi. 54 Enti Mose ne Eleasar gyee akyɛde no fii asraafo mpanyimfo no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Awurade sɛ Israelfo yɛ ne dea.
Chapter 32
Mmusuakuw A Wɔwɔ Yordan Agya
1 Na Ruben ne Gad mmusuakuw no wɔ nyɛmmoa pii, enti wuhuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no beye ama wɔn nguan ne anantwi no. 2 Enti wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no ntuanofo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, 3 “Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon yɛ 4 nsase a Awurade ako, agye ama Israelfo na eye ma yɛn nguan ne yɛn anantwi. 5 Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na munnyae Asubɔnten Yordan agya nohɔ a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.”
6 Mose nso bisaa Rubenfo ne Gadfo no se, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha bere a mo nuanom atwa mu rekɔko? 7 Adɛn nti na mopɛ sɛ mubu Israelfo no aba mu ma wɔsan sɛ wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no? 8 Ade koro yi ara na mo agyanom yɛe. Mesomaa wɔn fii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no. 9 Wowiee nsra no na wofi Eskol subon mu bae no, wobuu nnipa no aba mu sɛ wɔnnkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so. 10 Da no Awurade abufuw sɔree na ɔkaa saa ntam yi: 11 ‘Esiane sɛ wɔamfi wɔn koma nyinaa mu anni mʼakyi nti wɔn mu biara nni hɔ a bere a wɔrefi Misraim no a na wadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa a no behu asase a mehyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no, 12 ɔbaako mpo nni hɔ, gye Kenesini [1] Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.’ 13 Awurade maa yekyinkyin sare no so hɔ mfirihyia aduanan kosii sɛ saa awo ntoatoaso amumɔyɛfo no nyinaa wuwui.
14 “Nanso monhwɛ, abɔnefo, moregyina mo agyanom anan mu ama Awurade bo afuw Israel nea ɛkyɛn so. 15 Sɛ mosan fi nʼakyi a, ɔbɛsan agyaw ne nnipa no nyinaa wɔ sare so hɔ na wɔn sɛe no befi mo.”
16 Wɔteɛɛ mu se, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nguannan na yɛakyekyere nkurow akɛse ama yɛn mmea ne mmofra. 17 Na yɛn ankasa de akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfo a wɔaka no anim akosi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoe mu ama wɔabɛfa wɔn agyapade. Na nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekye nkurow a yebegye afasu afa ho ama yɛn nkurɔfo atena mu na ɛhɔfo no ankɔtow anhyɛ wɔn so. 18 Sɛ Israelfo no nyinaa nsa nkaa wɔn agyapade no a, yɛrensan mma yɛn afi mu. 19 Yɛne wɔn renkyɛ Yordan agya hɔ asase biara, efisɛ yɛanya yɛn agyapade no wɔ Yordan apuei fam hɔ.”
20 Mose kae se, “Sɛ mobɛyɛ sɛnea moaka no, sɛ mobɛhyehyɛ mo ho wɔ Awurade anim ama ɔko, 21 na mode mo asraafo no atwa Yordan kosi sɛ Awurade bɛpam nʼatamfo no, 22 na sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, ɛno de mutumi san ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛde ama Awurade ne Israelfo nyinaa. Na asase a ɛda apuei no nso, Awurade de bɛma mo.
23 “Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade , munhu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so. 24 Monkɔ so nkyekyere nkurow mma mo fifo na monyɛ nguannan mma mo nguan na munni asɛm a mokae no nyinaa so.”
25 Ruben ne Gad nkurɔfo no kae se, “Yebedi wʼahyɛde no so pɛpɛɛpɛ. 26 Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nguan ne yɛn anantwi bɛtena Gilead nkuropɔn mu. 27 Nanso yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafo no bɛko ama Awurade sɛnea woaka no.”
28 Enti Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasar, Yosua ne mpanyimfo a wotuatua Israel mmusuakuw ano no se, 29 “Sɛ Gad ne Ruben abusuakuw mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ayɛ wɔn asraafo sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn; 30 na sɛ wɔankɔ a, ɛno de, wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.”
31 Gad ne Ruben abusuafo kaa bio se, “Wo nkoa bedi Awurade asɛm so; 32 yɛde akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan, nanso yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.”
33 Enti Mose ma wɔde Amorihene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkurow akɛse maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuw.
34 Gad nkurɔfo na wɔkyekyeree saa nkurow yi: Dibon, Atarot, Aroer. 35 Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha, 36 Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkurow a nguan wɔ mu yiye. 37 Ruben mmabarima na wɔkyekyeree saa nkurow a edidi so yi: Hesbon, Eleale ne Kiriataim, 38 Nebo, Baal-Meon a akyiri no wɔsesaa wɔn din, ne Sibma. Wɔtotoo nkurow a wɔsan kyekyee no din.
39 Makir asefo a wofi Manase abusuakuw mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pam Amorifo a saa bere no na wɔte hɔ no nyinaa. 40 Enti Mose de Gilead maa Makirfo a wɔyɛ Manase asefo no, ma wɔtenaa hɔ. 41 Manase abusuakuw mu nnipa foforo bi a wofi Yair nso tenatenaa Gilead nkurow bebree so, sesaa beae a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair. 42 Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafo bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraase kɔbɔɔ wɔn atenae wɔ hɔ enti ɔde ne din Noba too saa beae hɔ.
Chapter 33
Israelfo Akwantu
1 Eyi ne akwantu nhyehyɛe a Israelfo dii so bere a Mose ne Aaron de wɔn fi Misraim no. 2 Mose kyerɛw faako a wɔfaa nyinaa sɛnea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Eyinom ne mmeae ahorow a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantu no mu.
3 Wosii mu fii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a edi kan no akyi ɔsram edi kan da ɛto so dunum. Wɔde akokoduru fii hɔ a Misraimfo no rehwɛ wɔn. 4 Saa bere no na Misraimfo no resie wɔn mmakan a Awurade kunkum wɔn anadwo a ade rebɛkye ama wɔatu kwan no, efisɛ na Awurade de atemmu aba wɔn anyame no nyinaa so.
5 Wofii Rameses no, wɔbɛbɔɔ atenae wɔ Sukot.
6 Wofii Sukot bɛbɔɔ atenae wɔ Etam, sare no ano.
7 Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol.
8 Wofi Pihahirot, na wotwaa Po Kɔkɔɔ no kɔɔ sare so. Wɔde nnansa nantew faa Etam sare so kɔbɔɔ atenae wɔ Mara.
9 Wofii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.
10 Wofii Elim no, wɔbɔɔ atenae wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.
11 Wofii Po Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenae wɔ Sin nweatam so.
12 Wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ atenae Dofka.
13 Wofii Dofka kɔbɔɔ atenae wɔ Alus.
14 Wofii Alus kɔbɔɔ atenae wɔ Refidim, baabi a na wonnya nsu mma nnipa no nnom.
15 Wofii Refidim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Sinai sare so.
16 Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae wɔ Kibrot-Hataawa.
17 Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Haserot.
18 Wofii Haserot kɔbɔɔ atenae wɔ Ritma.
19 Wofii Ritma kɔbɔɔ atenae wɔ Rimon Peres.
20 Wofii Rimon Peres kɔbɔɔ atenae wɔ Libna.
21 Wofii Libna kɔbɔɔ atenae wɔ Risa.
22 Wofii Risa kɔbɔɔ atenae wɔ Kahelata.
23 Wofii Kahelata kɔbɔɔ atenae wɔ Sefer Bepɔw so.
24 Wofii Sefer Bepɔw so kɔbɔɔ atenae wɔ Harada.
25 Wofii Harada kɔbɔɔ atenae wɔ Makhelot.
26 Wofii Makhelot kɔbɔɔ atenae wɔ Tahat.
27 Wofii Tahat kɔbɔɔ atenae wɔ Tera.
28 Wofii Tera kɔbɔɔ atenae wɔ Mitka.
29 Wofii Mitka kɔbɔɔ atenae wɔ Hasmona.
30 Wofii Hasmona kɔbɔɔ atenae wɔ Moserot.
31 Wofii Moserot kɔbɔɔ atenae wɔ Beneyaakan.
32 Wofii Beneyaakan kɔbɔɔ atenae wɔ Horhagidgad.
33 Wofii Horhagidgad kɔbɔɔ atenae wɔ Yotbata.
34 Wofii Yotbata kɔbɔɔ atenae wɔ Abrona.
35 Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae wɔ Esion-Geber.
36 Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae wɔ Kades, wɔ Sin sare so.
37 Wofii Kades kɔbɔɔ atenae wɔ Bepɔw Hor so, wɔ Edom hye ano. 38 Bere a woduu Bepɔw Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfo Aaron se ɔnkɔ bepɔw no atifi, na ɛhɔ na okowui. Asɛm yi sii mfe aduanan so a Israelfo tu fii Misraim no. 39 Aaron dii mfe ɔha aduonu abiɛsa, bere a owuu wɔ Bepɔw Hor so no.
40 Saa bere no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfo no reba nʼasase so.
41 Israelfo no toaa wɔn akwantu no so fi Bepɔw Hor so kɔbɔɔ atenae wɔ Salmona.
42 Wofii Salmona kɔtenaa Punon.
43 Wofii Punon kɔtenaa Obot.
44 Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa hɔ.
45 Wofii hɔ no, wɔkɔtenaa Dibon Gad.
46 Wofii Dibon Gad kɔtenaa Almon Diblataim.
47 Wofii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔw a ɛbɛn Nebo no so.
48 Akyiri no, wotutu fii hɔ twaa mu wɔ Yeriko kɔbɔɔ atenae wɔ Moab tataw so wɔ Asubɔnten Yordan ho. 49 Wɔwɔ saa beae hɔ no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—efi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no.
50 Bere a wɔabɔ atenase wɔ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfo no se, 51 “Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan kodu Kanaan asase so a, 52 mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde abo ayɛ ne nsɔree a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔw so ne mmeae a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53 Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. 54 Munnyina ntontobɔ so nkyekyɛ asase no, sɛnea mo mmusua no te. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛse na wɔn a wosua no nso benya asase ketewa. Sɛnea ntonto no besi abɔ biara no na ɛbɛyɛ wɔn de. Monhwɛ mo agyanom mmusua so mfa nkyekyɛ.
55 “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nsɔe. Wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so. 56 Na mede nea masusuw sɛ mɛyɛ wɔn no, bɛyɛ mo.”
Chapter 34
Kanaan Ahye
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mubedu Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛɛ na mo ahye bɛyɛ:
“ ‘Sɛnea mo nsase ne mo ahye te ni.’ ”
13 Afei Mose hyɛɛ Israelfo no se, “Momfa ntontobɔ so nkyekyɛ asase yi sɛ mo agyapade. Awurade ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua akron ne fa no, 14 efisɛ Ruben ne Gad mmusuakuw no ne Manase abusua no fa no de, wɔanya wɔn agyapade dedaw. 15 Saa mmusua abien ne fa yi anya wɔn agyapade wɔ Yeriko akyi, Yordan apuei fam a ɛhwɛ apuei no.”
Ntuanofo A Wɔbɛkyɛ Asase No
16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 17 “Nnipa a wɔn din didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu mma mo sɛ mo agyapade: Ɔsɔfo Eleasar ne, Nun babarima Yosua. 18 Yi abusua biara mu ɔpanyin baako na ɔmmoa nkyekyɛ asase no.
19 “Wɔn din na edidi so yi:
- “Yefune babarima Kaleb, Yuda abusuakuw ntuanoni;
29 Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ agyapade no mu mma Israelfo no wɔ Kanaan asase so no.
Chapter 35
Lewifo Nkurow
1 Bere a Israelfo bɔɔ atenase wɔ Yordan ho, Moab tataw so wɔ Yeriko akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa wɔn agyapade no mu bi a ɛyɛ nkurow ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifo no. 3 Nkurow no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwi, wɔn nguan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi wɔ adidibea hɔ.
4 “Wɔn mmoa adidibea no kɛse befi kurow no afasu ho a ne fa biara trɛw yɛ anammɔn apem ne ahannum. 5 Munsusuw anammɔn mpensa mfi kurow no afasu no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Eyi bɛyɛ mmoa adidibea kɛse ama nkurow no.
Guankɔbea Nkuropɔn
6 “Nkurow a mode bɛma Lewifo no no mu asia bɛyɛ guankɔbea nkuropɔn, baabi a obi a wafom akum ɔfoforo no, betumi aguan akɔ. Momfa nkurow aduanan abien nka ho mma wɔn. 7 Ne nyinaa bɛyɛ nkurow aduanan awotwe ne ho mmoa adidibea. 8 Saa nkurow yi befi Israelfo no agyapade mu. Mmusuakuw no mu akɛse bɛma Lewifo no nkurow bebree na mmusuakuw nketewa no ama kakraa bi. Abusuakuw biara bɛma sɛnea nʼagyapade kɛse te.”
9 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 10 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mutwa Yordan du Kanaan a, 11 mompaw nkurow bi mfa nyɛ guankɔbea nkurow a, obiara a ɔbɛfom akum onipa no betumi aguan akɔ hɔ. 12 Saa nkurow yi bɛyɛ guankɔbea a ebegye no afi owufo no abusuafo a wɔpɛ sɛ wɔtɔ owufo no wu so were no nsa mu; na ɛnsɛ sɛ wokum owudifo no gye sɛ wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ ansa. 13 Ɛsɛ sɛ wosisi guankɔbea nkurow yi mu abiɛsa wɔ Kanaan asase so 14 na wosisi abiɛsa nso wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam. 15 Ɛnyɛ Israelfo nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn guankɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ guankɔbea ama ahɔho ne akwantufo nyinaa.
16 “ ‘Nanso sɛ obi de dade pema sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu enti ɛsɛ sɛ wokum owudifo no. 17 Anaasɛ, sɛ wɔde ɔbo kɛse bi bɔ obi ma owu a, ɛyɛ awudi enti ɛsɛ sɛ wokum owudifo no. 18 Saa ara nso na sɛ wɔde dua na ekum no a ɛte ara ne no. 19 Sɛ ɔweretɔni no hyia owudifo no wɔ baabiara a, ɔwɔ ho kwan sɛ okum no bi. 20 Enti sɛ obi nam ɔtan so tow biribi bɔ obi, anaa, sɛ ɔtetɛw no, 21 anaa ɔde abufuw bɔ no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifo nti ɛsɛ sɛ wokum no.
22 “ ‘Na sɛ emfi ɔtan so na obi sum ɔfoforo, anaa wanhyɛ da na ɔtow biribi ma ɛkɔbɔ obi, 23 anaasɛ wanhu no na ogyaa ɔbo bi a ɛso a ebetumi akum no mu ma ekokum no a, esiane sɛ saa onipa no nyɛ ɔtamfo na onkura adwene bɔne bi nti, 24 ɛyɛ bagua no asɛde sɛ wodi asɛm na wɔfa saa mmarakwan yi so bu ɔweretɔni no nea ne nsa apa no ntam atɛn. 25 Ɛsɛ sɛ bagua no bɔ nea ne nsa apa no ho ban fi ɔweretɔni no nsam na wɔde nea ne nsa apa no san kɔ guankɔbea kuropɔn a oguan kɔɔ mu no mu. Ɛsɛ sɛ nea ne nsa apa no tena hɔ ara kosi sɛ ɔsɔfopanyin a wɔsraa no ngo bewu.
26 “ ‘Nanso sɛ nea ne nsa apa no no fi guankɔbea kuropɔn a waguan akɔ mu no no ahye so 27 na ɔweretɔni no hu no wɔ hɔ a obetumi akum no a ɔrenni awudi ho fɔ. 28 Ɛsɛ sɛ nea ne nsa apa no tena guankɔbea kuropɔn no mu ara kosi sɛ ɔsɔfopanyin bewu. Ɔsɔfopanyin wu akyi nkutoo na obetumi asan akɔ nʼankasa agyapade ho.
29 “ ‘Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mmara a mudi so wɔ awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu wɔ baabiara a mobɛtena.
30 “ ‘Ɛsɛ sɛ wokum obiara a obekum obi, nanso gye sɛ nnansefo a wɔboro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ sɛ wokum no. Sɛ onipa baako pɛ na odi adanse tia no de a, ɛno de, ɛnsɛ sɛ wokum no.
31 “ ‘Munnnye owudifo a ɛsɛ sɛ owu no ti mpata, nnyina so nnyaa no. Ɛsɛ sɛ wokum no.
32 “ ‘Munnnye obi a waguan akɔ guankɔbea kuropɔn mu no ti mpata nnyina so mma no nsan mmɛtena nʼasase so bere a ɔsɔfopanyin bi nwui.
33 “ ‘Munngu asase a mote so no ho fi. Awudi gu asase ho fi, na wɔrentumi nyɛ mpata foforo biara mma asase a wɔahwie mogya agu so gye sɛ wɔde nea ohwiee mogya gui no mogya yɛ okum owudifo no. 34 Munngu asase a mote so ne faako a mete no ho fi, efisɛ Me, Awurade no, mete Israelfo no mu.’ ”
Chapter 36
Mmabea Bi Agyapade
1 Gilead abusua no ntuanofo, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nena asefo, kɔɔ Mose ne Israel mmusua ntuanofo no nkyɛn de adesrɛde kɔtoo wɔn anim. 2 Wɔkae se, “ Awurade hyɛɛ wo se bɔ ntonto na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfo no. Awurade ɔhyɛɛ wo se fa yɛn nuabarima Selofehad agyapade ma ne mmabea. 3 Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforo mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ aware. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase a wɔde ama yɛn no so bɛtew. 4 Sɛ Israelfo Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, wɔde wɔn agyapade no bɛka abusua a wɔkɔwaree wɔ mu no de ho, na wobeyi afi yɛn agyanom abusua agyapade mu.”
5 Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a efi Awurade yi maa Israelfo no: “Yosef abusuakuw mu nnipa no asɛm no yɛ nokware. 6 Nea Awurade rehyɛ ama Selofehad mmabea no ni: Wotumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ofi wɔn agya abusuakuw mu. 7 Ɛnsɛ sɛ Israel agyapade biara fi abusuakuw bi mu kɔ abusuakuw foforo nsam, efisɛ ɛsɛ sɛ Israel agyanom abusuakuw biara agyapade tena hɔ sɛnea ɛte no. 8 Ɛsɛ sɛ mmabea a wɔwɔ Israel mmusuakuw mu nyinaa a agyapade tumi kɔ wɔn nsam no wareware wɔ wɔn agyanom mmusuakuw mu na Israel abusuakuw biara agyanom agyapade amfi wɔn abusuakuw mu. 9 Ɛnsɛ sɛ agyapade biara fi abusuakuw bi nsam kodi ɔfoforo nsam, ɛsɛ sɛ Israel Abusuakuw biara asase a wanya no tena hɔ.”
10 Selofehad mmabea no yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. 11 Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa wareware wɔn agyanom nuabarimanom mma. 12 Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapade no kaa wɔn abusuakuw no mu.
13 Eyinom ne mmara ne nhyehyɛe a Awurade nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab tataw so no, wɔ Asubɔnten Yordan a na wɔafi Yeriko atwa no.