1 Beresosɛm
Nhoma A Edi Kan
Chapter 1
Efi Adam So Kosi Noa Mma So
Yafet Asefo
Ham Asefo
- Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo,
- Sidon ne Het,
Sem Asefo
- Aram asefo ne Us, Hul, Geter ne Mas.
Abraham Asefo
28 Abraham mmabarima yɛ Isak ne Ismael.
- Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam,
- Na Yoksan asefo yɛ Seba ne Dedan.
Isak Asefo
34 Abraham woo Isak. Isak mmabarima yɛ Esau ne Israel. [1]Esau Asefo
Edomfo Abɔse
- Sibeon mmabarima yɛ Aya ne Ana.
- Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
- Na Disan mmabarima yɛ Us ne Aran.
Edom Sodifo
43 Eyinom ne ahemfo a wodii Edom so ansa na Israelfo renya ahemfo:- Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii hene.
Na Edom mmusua no ntuanofo ne
- Timna, Alia, Yetet,
Chapter 2
Israel Awo Ntoatoaso
1 Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, 2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.Yuda Asefo
- Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.
- Nanso na abakan Er no yɛ omumɔyɛfo nti, Awurade kum no.
- Hesron ne Hamul.
- Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ baanum.
- Asaria.
Efi Yuda Nana Barima Hesron So Kosi Dawid So
- Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
- Na Salma nso yɛ Boas agya.
- Obed yɛ Yisai agya.
- Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
Hesron Babarima Kaleb Asefo
Hesron Ba Yerahmeel Asefo
- Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.
- Maas, Yamin ne Eker.
- Samai ne Yada.
- Na Samai mmabarima yɛ
- Nadab ne Abisur.
- Seled ne Apaim. Seled wui a wanwo mma;
- Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
- Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wanwo ba biara,
- Pelet ne Sasa. Na eyinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefo.
- Na ɔwɔ Misraimni somfo bi a ne din de Yarha.
- na Natan woo Sabad.
- Efial woo Obed.
- na Yehu woo Asaria.
- Heles woo Eleasa.
- na Sisemai woo Salum.
- na Yekamia woo Elisama.
Hesron Babarima Kaleb Asefo
- babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.
- Na Kaleb babarima a ɔto so abien din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
- Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
- Raham woo Yorkeam.
- Na Rekem woo Samai.
- Maon woo Bet-Sur.
- Haran, Mosa ne Gases.
- Na Haran woo Gases.
- Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
- Seber ne Tirhana.
- ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.
- Na Kaleb woo ɔbabea a ne din de Aksa.
Kaleb Babarima Hur Asefo
- Kaleb yere Efrata abakan Hur mmabarima yɛ
- Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya
- Haroe a ne fa yɛ Manahatini
- Betlehem, Netofafo, Atrot-Bet-Yoabfo, Manahatafo fa bi, Sorifo,
Chapter 3
Dawid Asefo
1 Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.
- Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam.
- Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.
- Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.
- Ne ba a ɔto so asia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne na Egla.
4 Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa.
Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ. 5 Mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:
- Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babea Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
9 Eyinom ne Dawid mmabarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabea bi a wɔfrɛ no Tamar.
Salomo Asefo
- Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
- Yohanan a ɔyɛ abakan,
- Yehoiakim to so abien,
- Sedekia to so abiɛsa,
- na Salum to so anan.
- na ɔno nso ne wɔfa Sedekia bedii nʼade.
Yehoiakyin Asefo
- mmabarima ne Sealtiel,
- Serubabel ne Simei.
- Na Serubabel mmabarima yɛ
- Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabea nso a ne din de Selomit.
- Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
- Semaia ne ne mmabarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
- Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
- Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.
Chapter 4
Yuda Asefo Nkae
- Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.
- Yesreel, Yisma, Yidbas ne Haslelponi a na ɔyɛ ne babea,
- Seret, Sohar, Etnan,
9 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛse sen ne nuabarimanom nyinaa. Ne na too no din Yabes, efisɛ onyaa ɔyaw wɔ nʼawo mu. 10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, “Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.
- Otniel ne Seraia.
- Otniel mmabarima ne
- Hatat ne Meonotai.
- Na Seraia woo Yoab
- a ofii Adwumfo Bon ase, efisɛ na adwumfo pii tete hɔ.
- Iru, Ela ne Naam.
- Na Ela babarima yɛ
- Kenas.
- Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
- Yeter, Mered, Efer ne Yalon.
- Mered waree Misraimnibea ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no.
- Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no se Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babea.
- Ne mmabarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.
- Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon.
- Na Yisi asefo no ne
- Sohet ne Ben-Sohet.
Yuda Babarima Sela Asefo
- Na Sela asefo no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
Simeon Asefo
- Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.
- Hamuel, Sakur ne Simei.
27 Simei woo mmabarima dunsia ne mmabea baasia. Ne nuabarimanom de, na wɔn mu biara nni abusua kɛse saa. Ɛno nti, Simeon abusua annɔ te sɛ Yuda abusua no. 28 Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual, 29 Bilha, Esem ne Tolad, 30 Betuel, Horma ne Siklag, 31 Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkurow yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kosii ɔhene Dawid bere so. 32 Wɔn asefo nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurow anum yi so, 33 ne ne nkuraa a atwa ho ahyia no kosii Baal.
Na wɔn atenae ni, na wɔahyehyɛ saa din yi nyinaa wɔ wɔn anato nkrataa mu.
- ne Amasia babarima Yosa,
- Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,
38 Din a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofo a wɔdeda Simeon mmusuakuw a wɔyɛ adefo no ano no bi.
39 Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ obon no apuei fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so. 40 Wonyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefo no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dedaw.
41 Yudahene Hesekia bere so no, Simeon ntuanofo no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Meunifo afi pasaa. Wokum obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, efisɛ, na wɔpɛ sɛ wonya mmoa didibea pa no. 42 Akofo no mu ahannum a wofi Simeon abusuakuw mu no kɔɔ bepɔw Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmabarima no na na wodi wɔn anim. 43 Amalekfo kakra a wɔkae no, wokunkum wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.
Chapter 5
Ruben Asefo
1 Na Israel babarima panyin ne Ruben. Nanso esiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenanom no mu baako kɔdae no nti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmabarima. Esiane saa asɛm yi nti, wɔamfa Ruben din anka anato no ho sɛ abakan. 2 Yuda asefo na wɔyɛɛ abusuakuw a wɔwɔ tumi pa ara; ne saa nti woyii ɔman no sodifo fii wɔn mu, nanso mpanyinni no de, na ɛyɛ Yosef dea. 3 Israel abakan Ruben no mmabarima ne:
- Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
- Semaia, Gog, Simei,
Saa Rubenfo yi tenaa beae a efi Aroer de kosi Nebo ne Baal-Meon. 9 Esiane sɛ na wɔwɔ anantwi bebree wɔ Gilead asase so no nti, wodidi kɔɔ apuei fam wɔ nweatam a ɛtrɛw kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.
10 Ɔhene Saulo bere so, Rubenfo dii Hagarfo [1]1 Be 5.19-221 Mose 16Nnw 83.6 so nkonim wɔ ɔko mu. Enti wotu kɔɔ Hagarfo atenae a ɛwɔ Gilead apuei fam hɔ no.
Gad Asefo
11 Basan asase so no, na Gad asefo na wɔtete asase a edi Rubenfo de no so. Wɔtrɛw kɔɔ apuei fam kosii Saleka.
- Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.
16 Gadfo no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraa ne Saron tataw no nyinaa so.
17 Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam bere so na wɔkyerɛw eyinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.
Yordan Apuei Fam Mmusuakuw
18 Na akofo akɛse a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si mpem aduanan anan ahanson ne aduosia. Wokurakura nkatabo, mfoa ne agyan, na wɔn nyinaa akwadaw wɔ akodi mu. 19 Wɔko tiaa Hagarfo, Yeturfo, Nafisfo ne Nodabfo. 20 Wosu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na otiee wɔn mpaebɔ, efisɛ wɔde wɔn ho too ne so. Enti wodii Hagarfo no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim. 21 Asade a wɔfa fii Hagarfo no nkyɛn no yɛ yoma mpem aduonum, nguan mpem ahannu aduonum, mfurum mpenu ne nneduafo mpem ɔha. 22 Wokunkum Hagarfo no bebree wɔ ɔko no mu, efisɛ na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti wɔtenaa wɔn asase so kosii sɛ wotwaa wɔn asu.
23 Manase abusua fa no trɛw wɔ asase no so fi Basan kosii Baal-Hermon, Senir ne bepɔw Hermon ho. Na wɔdɔɔso yiye. 24 Eyinom ne wɔn mmusua no ntuanofo: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye din sɛ ɔkofo kɛse ne ɔkannifo. 25 Nanso na wonni nokware, na wobuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsom aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame. 26 Enti Israel Nyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsan frɛ no Tilgat-Pilneser) koma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfo, Gadfo ne Manasefo abusua fa sɛ nneduafo. Asiriafo no twaa wɔn asu kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ besi nnɛ.
Chapter 6
Asɔfo Awo Ntoatoaso
- Gerson, Kohat ne Merari.
- Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
- Aaron, Mose ne Miriam.
- Na Aaron mmabarima yɛ:
- Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
- Pinehas woo Abisua.
- na Buki woo Usi.
- na Amaria woo Ahitub.
- na Sadok woo Ahimaas.
- Asaria woo Yohanan.
- ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.
- Amaria woo Ahitub.
- Sadok woo Salum.
- Hilkia woo Asaria.
- Seraia woo Yehosadak.
Lewifo Mmusua
- Gersom, Kohat ne Merari.
- ka Kohat asefo no ho.
- ka Merari asefo no ho.
Eyinom ne Lewifo mmusua sɛnea wɔn mpanyimfo nnidiso te.
- Libni, Yahat,
- Sima,
- Ido, Serah
- ne Yeaterai.
- Aminadab, Kora,
- Asir,
- Ebiasaf, Asir,
- Usia ne Saulo.
- Amasai, Ahimot,
- Yeroham, Elkana ne Samuel.
- Yoel a ɔyɛ ɔpanyin
- ne Abiya a ɔto so abien no.
- Mahli, Libni,
- Simei, Usa,
- ne Asaia.
Asɔredan Mu Nnwom Ho Nimdefo
31 Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi so yi dii Awurade fi nnwom anim, bere a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no. 32 Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kosii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.
33 Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma som wɔ hɔ no.
- Heman, dwom ho nimdefo no, na ofi Kohat abusua mu.
- Wɔto nʼabusua ana fi
- Yoel, Samuel,
- Eliel, Yoa,
- Mahat, Amasai
- Asaria, Sefania,
- Ebiasaf, Kora,
- Lewi ne Israel ase.
- Wɔto Asaf abusua ana fi Berekia, Simea,
- Malkia,
- Serah, Adaia,
- Simei,
- Wɔto Etan abusua ana fi Kisi, Abdi,
- Maluk,
- Amasia, Hilkia,
- Musi, Merari ne Lewi ase.
Aaron Asefo
48 Wɔmaa wɔn abusuafo a wɔyɛ Lewifo no nso dwuma ahorow bi dii wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛyɛ Onyankopɔn fi no mu. 49 Aaron ne nʼasefo nko na wɔsom sɛ asɔfo. Na wɔde afɔrebɔde gu ɔhyew afɔremuka ne ohuam afɔremuka so, na wodi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn somfo Mose de maa wɔn no so, yɛɛ mpata maa Israel.
- Eleasar, Pinehas, Abisua,
54 Eyi ne abakɔsɛm a ɛfa nkurow ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefo a wofi Kohat abusua mu no.
64 Enti Israelfo de saa nkurow yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifo.
66 Saa nkurow yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefo nya fii Efraim asase so:
71 Gerson asefo nyaa kurow a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no fii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.
Chapter 7
Isakar Asefo
- Tola, Pua, Yasub ne Simron.
- Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofo. Ɔhene Dawid bere so no, na mmarima dodow a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahansia (22,600).
- Yisrahia.
- Na Yisrahia mmabarima din de:
- Mikael, Obadia, Yoel ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.
Benyamin Asefo
- Bela. Beker ne Yediael.
- Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofo baanum yi yɛ mmusua ntuanofo. Nnipa a wofi wɔn asefo mu yɛɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne aduasa anan (22,034). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din guu wɔn anato krataa mu.
- Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.
- Bilhan.
- Na Bilhan mmabarima ne:
- Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.
Naftali Asefo
- Yahsiel, Guni, Yeser ne Silum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefo.
Manase Asefo
- Bedan.
- Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfo a wɔyɛ Manase babarima Makir asefo.
- Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.
Efraim Asefo
- Sutela, Bered, Tahat, Elada,
- Tahat,
- Wokunkum Efraim mmabarima Eser ne Elad wɔ Gat, efisɛ wɔpɛe sɛ wowia nyɛmmoa fi akuafo a wɔbɛn hɔ no.
Aser Asefo
- Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sera.
- Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.
- Pasak, Bimhal ne Aswat.
- Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.
- Sofa, Yimna, Seles ne Amal.
- Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,
- Yefune, Pispa ne Ara.
- Arah, Haniel ne Risia.
Chapter 8
Benyamin Asefo
- Bela (abakan), Asbel, Ahra,
- Adar, Gera, Abihud,
- Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraa no,
Saulo Abusua
- Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
- Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
- Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.
- Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔto so abien ne Elifelet a ɔto so abiɛsa.
- Eyinom nyinaa yɛ Benyamin asefo.
Chapter 9
1 Wɔkyerɛw Israel anato biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nhoma mu. Esiane sɛ na Yudafo no nni Awurade nokware no nti, wotwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
Atukɔfo A Wɔsan Bae
2 Wɔn a wɔsan ba bɛfaa wɔn agyapade wɔ wɔn nkurow dedaw mu no yɛ mpapahwekwa. Wɔne asɔfo, Lewifo ne asɔredan mu aboafo no bi na wɔbae.3 Nnipa a wofi Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuw mu ba bɛtenaa Yerusalem.
- Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmabarima.
- Yeuel ne nʼabusuafo na wɔsan bae. Yuda abusuakuw no mu mmusua ahansia aduɔkron (960) na wɔsan bae.
7 Wɔn a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔsan bae no ne:
- Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;
Asɔfo A Wɔsan Bae
10 Asɔfo a wɔsan bae no bi ne:- Yedaia, Yehoriarib, Yakin,
14 Lewifo a wɔsan bae no yɛ:
- Semaia a ɔyɛ Hasub babarima a na ɔyɛ Asrikam babarima a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima a na ɔyɛ Merari aseni,
17 Apon ano hwɛfo a wɔsan bae no yɛ:
- Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn abusuafo. Salum na na ɔyɛ ɔpon ano hwɛfo panyin.
Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehufo no ama wɔn dibea a ɛsom bo. 23 Saa apon ano ahwɛfo yi ne wɔn asefo no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Awurade fi, a kan no na ɛyɛ ntamadan no ano. 24 Wɔde apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apuei, atɔe, atifi ne anafo. 25 Bere ano bere ano, na wɔn abusuafo a wɔwɔ nkuraa no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadi mu. 26 Na saa Lewifo apon ano ahwɛfo mpanyimfo baanan no adwuma no yɛ nea ekura asodi kɛse, efisɛ wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fi hɔ no so. 27 Wɔwɛn Onyankopɔn fi hɔ anadwo, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wobuebue apon no.
28 Na apon ano ahwɛfo no bi adwuma ne sɛ, wɔhwɛ nneɛma ahorow a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresan de akogu hɔ no nyinaa, wɔhwɛ sɛ bi renyera. 29 Afoforo nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikresiam a wɔayam no muhumuhu, nsa, ngo, nnuhuam ne kurobow ahorow so. 30 Nanso na asɔfo no na wodi nnuhuam no ne kurobow no ho dwuma. 31 Lewini a wɔfrɛ no Matitia a ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto brodo a wɔde bɔ afɔre no. 32 Na nnipa bi a wofi Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie brodo a wɔde to pon Homeda no.
33 Nnwom ho nimdefo a na wɔn nso yɛ Lewifo atitiriw no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ dwuma foforo biara, esiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmere nyinaa nti.
34 Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifo mmusua no nyinaa ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ wɔn anato krataa mu.
Ɔhene Saulo Anato
- Na ne yere din de Maaka,
- Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
- Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
- Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri.
- Na Simri woo Mosa.
- Binea woo Refaia.
- Refaia woo Elasa.
- Elasa woo Asel.
- Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.
Chapter 10
Ɔhene Saulo Wu
1 Afei, Filistifo no bɛtow hyɛɛ Israel so, maa Israelfo no guanee. Wokunkum wɔn mu pii wɔ bepɔw Gilboa so. 2 Filistifo no kaa Saulo ne ne mmabarima hyɛe. Wokunkum wɔn mu baasa a wɔne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3 Ɔko no ano yɛɛ den twaa Saulo ho hyiae, maa Filistifo agyantowfo no nyaa Saulo piraa no yiye.
4 Saulo fi apinisi mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa, fa wɔ me kum me na Filistifo abosonsomfo yi ammɛto me, angu mʼanim ase.”
Nanso na nʼakodekurafo no suro nti, wanyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ara nʼafoa, de kum ne ho. 5 Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ Saulo awu no, ɔno nso de nʼafoa kum ne ho. 6 Ɛno nti, Saulo ne ne mma mmarima baasa no wuwuu hɔ ara, maa nʼahenni nnidiso no baa awiei.
7 Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no mu no huu sɛ wɔadi wɔn asraafo no so, na Saulo ne ne mmabarima baasa no awuwu no, woguan gyaa wɔn nkurow hɔ. Ɛno nti, Filistifo no kɔfaa wɔn nkurow no.
8 Ade kyee a Filistifo no kɔɔ sɛ wɔrekoyiyi atɔfo no ho nneɛma no, wohuu sɛ Saulo ne ne mmabarima no amu gugu bepɔw Gilboa so. 9 Enti woyiyii Saulo akode fii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wu no ho dawuru maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa tee. 10 Wɔde nʼakode no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no fasu ho.
11 Nanso Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no, 12 wɔn akofo kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu baa Yabes. Na wosiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wodii mmuada nnanson.
13 Na Saulo wui, efisɛ wanni Awurade nokware. Wanni Awurade ahyɛde so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ 14 wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ obisa Awurade nkyɛn akwankyerɛ. Ɛno nti, Awurade kum no, de nʼahenni hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.
Chapter 11
Dawid Di Israel Nyinaa So Hene
1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. 2 Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na Awurade , wo Nyankopɔn, aka kyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ oguanhwɛfo ama me nkurɔfo Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifo!’ ”
3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.
Dawid Ko Fa Yerusalem
4 Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛnea na wɔfrɛ hɔ kan no, efisɛ Yebusifo na wɔkɔtenaa asase no so kan kyekyeree. 5 Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no.
6 Dawid ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Mo mu biara a obedi anim na yɛakɔtow ahyɛ Yebusifo no so no na ɔbɛyɛ mʼakofo so sahene.” Na Dawid, nuabea Seruia babarima Yoab dii ɔko no anim, nti ɔbɛyɛɛ Dawid asraafo so sahene.
7 Dawid tenaa aban no mu, na ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kurow no. 8 Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no. 9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo Awurade ka ne ho.
Dawid Dɔmmarima
10 Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no. 11 Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu. Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu.
12 Nea ɔto so abien wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahoa aseni. 13 Bere a Dawid sɔre tiaa Filistifo wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuw nko, na Israel asraafo no guanee. 14 Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui. Na Awurade ma wodii nkonim de gyee wɔn.
15 Da bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifo asraafo akyere nsraban wɔ Refaim bon mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wonim de wɔ Dawid asraafo mu no sian kohyiaa no wɔ hɔ. 16 Saa bere no na Dawid te ɔko ahintawee mu hɔ a na Filistifo asraafokuw bi akɔtena Betlehem. 17 Dawid fi akɔnnɔ mu kae se, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; nea ɛbɛn ɔpon ano no bi.” 18 Enti Baasa no bɔ wuraa Filistifo no mu, kɔsaw abura no mu nsu no bi de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom. Mmom, ohwie guu Awurade anim 19 teɛɛ mu se, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsu yi. Ɛsom bo sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre kɔsaw brɛɛ me no mogya.” Enti Dawid annom. Eyi yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛso.
Dawid Dɔmmarima Aduasa No
20 Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano. Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa. Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no. 21 Abisai na na ne din ahyeta yiye wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nso na ɔnka Baasa no ho.
22 Na Yehoiada babarima Benaia a ofi Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmarimasɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ okunkum Moab akofo akɛse baanu bi. Bere foforo bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro nanso ɔkyeree gyata no kum no. 23 Da bi a na okura kontibaa nko ara no, okum Misraimni ɔkofo bi a na ne tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Na ne peaw no mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo nsadua. Benaia huam peaw no fii Misraimni no nsam, de kum no. 24 Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no. 25 Wɔhyɛɛ no anuonyam sen nkae a wɔka Aduasa no ho no, nso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfo no so sahene.
26 Nnipa a na wɔka Dawid dɔmmarima no ho ni:
- Yoab nuabarima Asahel;
- Dodo babarima Elhanan a ofi Betlehem;
- Heles a ofi Pelon;
- Abieser a ofi Anatot;
- Salmon a ofi Ahoa;
- Baana a ofi Netofa babarima Heled;
- Abiel a ofi Araba.
- Eliahba a ofi Saalbon.
- Sage babarima Yonatan a ofi Harar.
- Ur babarima Elifar.
- Ahiya a ofi Pelon.
- Esbai babarima Naarai.
- Hagri babarima Mibhar.
- Naharai a ofi Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodekurafo);
- Gareb a ofi Yitri;
- Ahlai babarima Sabad;
- Yosafat a ofi Mitna;
- Hotam a ofi Aroer mmabarima Sama ne Yeiel;
- Yoha ne nuabarima a ofi Tis;
- Elnaam mmabarima Yeribai ne Yosawia;
- Yitma a ofi Moab;
- Yaasiel a ofi Soba.
Chapter 12
Dɔmmarima Kɔka Dawid Asraafodɔm Ho
1 Bere a Dawid guan fii Kis babarima Saulo anim kohintaw wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔm no. Na wɔka dɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodi mu no ho. 2 Na wɔn nyinaa yɛ agyantowfo antoamfomfo. Na wotumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa tow agyan ne ahwimmo. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafo a wofi Benyamin abusuakuw mu.
- Asmawet mmabarima Yesiel ne Pelet;
- Beraka ne Yehu a wofi Anatot;
- Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wofi Gedera;
8 Gadfo akofo akokodurufo bi a wɔakwadaw akodi mu guan kɔɔ Dawid afa bere a na ɔwɔ aguaabɔ mu wɔ sare so no. Na wɔyɛ nimdefo wɔ nkatabo ne peaw akodi mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔw so atwe.
- Obadia yɛ abediakyiri.
- Eliab na ɔto so abiɛsa.
- Nea ɔto so anum ne Yeremia.
14 Saa dɔmmarima a wofi Gad yi yɛ asahene. Nea ɔnyɛ den koraa no, otumi ne asraafo ɔha ko, na nea ɔyɛ den no tumi ne asraafo apem ko. 15 Afe no mfiase a Asubɔnten Yordan ayiri no, wotwa kɔpam nnipa a wɔtete tataw so wɔ nʼapuei ne nʼatɔe konkɔn so nyinaa fii hɔ.
16 Afoforo a wofi Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ hintabea hɔ. 17 Dawid kohyiaa wɔn kae se, “Sɛ moaba asomdwoe so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebeyi me ama mʼatamfo wɔ bere a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Nyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
18 Na honhom no sii Amasai a akyiri no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panyin no so, na ɔkae se,
“Yɛyɛ wo dea, Dawid!
Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba;
Asomdwoe ne nkɔso nyɛ wo kyɛfa
na wʼaboafo nyinaa nya nkɔso,
efisɛ wo Nyankopɔn ne nea ɔboa wo.”
Enti Dawid ma wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nʼakofo mu.
19 Manase mmarima no bi tew wɔn ho kɔdɔm Dawid, bere a na ɔne Filistifo no rekɔko atia Saulo no. Nanso asɛm no ani dan a Filistifo ntuanofo ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wodwinnwen ho ara no, wɔma wɔsan wɔn akyi kae se, “Sɛ Dawid dan nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde betwa so.” 20 Manase mmarima a wɔtew wɔn ho kɔɔ Dawid afa, bere a na ɔresan akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da asraafo apem ano. 21 Wɔboaa Dawid ma ɔtaa afowfo no, efisɛ na wɔyɛ akokodurufo ne akofo akɛse a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakofo mu. 22 Adekyee biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kosii sɛ onyaa asraafodɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn de. 23 Eyinom ne akofo akɛse dodow a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di hene, sɛnea Awurade ahyɛ ato hɔ no.
38 Saa asraafo yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botae ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.
Nokware, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn hene. 39 Wɔne Dawid didi nomee nnansa, efisɛ na wɔn abusuafo no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn kwan. 40 Nnipa bi a wofi akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuan tenaa wɔn mfurum, yoma ne anantwi so bae. Wɔde asikresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsa, ngo, anantwi ne nguan bebree baa afahyɛ no ase. Anigye a enni kabea baa Israel asase so.
Chapter 13
Dawid Pɛ Sɛ Ɔkɔfa Apam Adaka No
1 Dawid ne ne mpanyimfo a nʼasraafo so asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina. 2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn pɛ a, momma yɛmfa nkra nkɔma Israelfo a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ nkurow so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. 3 Bere adu sɛ yɛsan de yɛn Nyankopɔn Apam Adaka no ba, efisɛ Saulo ahenni bere so no, yɛampɛ anhwɛ.” 4 Bagua no penee saa asɛm yi so efisɛ wohuu sɛ, wɔyɛ saa a, eye.
5 Enti Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, efi ɔman no ti kosi ti, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi Kiriat-Yearim mmra. 6 Afei, Dawid ne Israelfo no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ kerubim ntam na Awurade din da so no aba.
7 Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforo so de fii Abinadab fi a Usa ne Ahio rekyerɛ kwan. 8 Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim.
9 Nanso woduu Nakon awiporowbea no, anantwi no anan toto maa Usa teɛɛ ne nsa sɛ ɔreteɛ Apam Adaka no. 10 Ɛhɔ na Awurade abufuw sɔre tiaa Usa ma owui, efisɛ ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.
11 Dawid bo fuwii, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo beae hɔ din Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de besi nnɛ.
12 Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na obisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?” 13 Enti Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mmfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kurow no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fi wɔ Gat. 14 Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafo nkyɛn asram abiɛsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fifo nyinaa.
Chapter 14
Dawid Ahemfi Ne Nʼabusua
1 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo ne abo adansifo ne nnua dwumfo kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wonkosi ahemfi mma no. Afei, Huram san de sida nnua a wɔbɛpae kɔe. 2 Na Dawid huu sɛ Awurade de no asi Israel so hene, na esiane Israel nti, wayɛ nʼahenni kɛse.
3 Afei, Dawid waree mmea bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea bebree. 4 Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, 5 Yibhar, Elisua, ne Elpelet, 6 Noga, Nefeg ne Yafia, 7 Elisama, Beeliada ne Elifelet.
Dawid Di Filistifo So Nkonim
8 Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so hene no, wɔboaboaa wɔn asraafo nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkyere no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid se wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima fii kurow no mu kohyiaa wɔn. 9 Na Filistifo no abedu Refaim bon asɛe hɔ pasaa. 10 Enti Dawid bisaa Onyankopɔn se, “Mimpue na me ne Filistifo no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa ana?”
Awurade buae se, “Yiw, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”
11 Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ. Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim (a nkyerɛase ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). 12 Filistifo no gyaw wɔn ahoni nyinaa hɔ nti, Dawid hyɛ ma wɔhyew ne nyinaa.
13 Nanso ankyɛ biara, Filistifo no san baa obon no mu bio bɛsɛee hɔ. 14 Dawid bisaa Onyankopɔn nea ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buae se, “Nkɔ tee nkɔtow nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kosi wɔn akyi na montow nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no. 15 Na sɛ mote nnyigye bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra anan ase wɔ baka nnua no atifi a, montow nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifo no agu.” 16 Enti Dawid yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifo asraafo no guu fi Gibeon de kosii Geser.
17 Na Dawid din hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.
Chapter 15
Wɔde Apam Adaka No Ba Yerusalem
1 Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, osiesiee baabi, sii ntamadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no besi. 2 Afei, ɔhyɛɛ se, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi gye Lewifo no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.”
3 Dawid frɛɛ Israelfo nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Apam Adaka no nkosi faako a wɔasiesie ama no no.
4 Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔfrɛɛ wɔn no:
11 Afei, Dawid frɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar ne saa Lewifo mpanyimfo yi: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab. 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo na moyɛ Lewifo mmusua mu ntuanofo. Mo ne Lewifo a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi de Awurade , Israel Nyankopɔn, Apam Adaka no bɛba beae a masiesie ama no no. 13 Esiane sɛ kan no mo Lewifo ansoa Apam Adaka no nti, Awurade , yɛn Nyankopɔn, abufuw sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.” 14 Enti asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de Awurade , Israel Nyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 15 Na Lewifo no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛnea Mose hyɛɛ wɔn no.
16 Dawid hyɛɛ Lewifo mpanyimfo no nso sɛ wɔntew Lewifo nnwontofo kuw, wɔn a wonim nnwonto, ne wɔn a wɔwɔ nnwonto ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyɛnkyɛn mmɛto anigye nnwom.
17 Na Lewifo no yii Yoel babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wofi Merari abusua mu, ma wodii nnwontofo no anim. 18 Woyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafo: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apon ano ahwɛfo Obed-Edom ne Yeiel.
19 Woyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafrae kyɛnkyɛn no. 20 Woyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no. 21 Woyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no. 22 Woyii Kenania a ɔyɛ Lewifo panyin no sɛ ɔnna nnwontokuw no ano, esiane ne nimdeɛ nti.
23 Woyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. 24 Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfo no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntorobɛnto no. Woyii Obed-Edom ne Yehia sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
Wɔsoa Apam Adaka No Kɔ Yerusalem
25 Enti Dawid ne Israel mpanyimfo ne asraafo so asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fi sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 26 Na esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifo a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no nti, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre. 27 Wɔhyɛɛ Dawid sirikyi atade fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifo a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwontofo no ne Kenania a ɔyɛ nnwontofo no kwankyerɛfo no nso yɛe. Na Dawid hyɛ asɔfo nguguso bi nso. 28 Enti Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne ntorobɛntohyɛn, akasaewosow, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.
29 Na bere a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kurow mu no, Saulo babea Mikal too nʼani hwɛɛ fam, fii ne mfɛnsere mu. Bere a ohuu sɛ ɔhene Dawid resaw na ɔde anigye rehuruhuruw no, obuu no animtiaa wɔ ne koma mu.
Chapter 16
1 Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kosii ntamadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Onyankopɔn anim. 2 Dawid wiee no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Awurade din mu. 3 Na ɔkyɛɛ Israelfo mmea ne mmarima nyinaa aduan. Obiara nyaa brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam.
4 Dawid yii saa Lewifo yi sɛ wonni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade , Israel Nyankopɔn ase na wɔnkamfo no. 5 Asaf a na ɔda kuw yi ano no bɔɔ kyɛnkyɛn no. Na nʼabediakyirifo yɛ Sakaria a ɔto so abien, afei Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. 6 Na Asɔfo Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
Dawid Aseda Dwom
7 Saa da no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo:
8 Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.
9 Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no;
monka nʼanwonwade no nyinaa.
10 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.
11 Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
12 Monkae anwonwade a wayɛ,
ne nsɛnkyerɛnne ne atɛn a obui.
13 Mo Israelmma, Onyankopɔn somfo,
Yakob mma a wapaw wɔn.
14 Ɔyɛ Awurade , yɛn Nyankopɔn;
nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.
15 Ɔkae nʼapam daa nyinaa,
asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no.
16 Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛe
ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.
17 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,
de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;
18 “Mede Kanaan asase no bɛma wo
sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”
19 Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso,
ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
20 Wofii aman so kɔɔ aman so,
fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
21 Nanso wamma obi anhyɛ wɔn so;
wɔn nti, ɔkaa ahene anim se;
22 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,
na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”
23 Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade !
Da biara, mompae mu nka asɛmpa no sɛ ogye nkwa.
24 Mommɔ nʼanuonyam nneyɛe ho dawuru wɔ amanaman mu.
Monka anwonwade a ɔyɛ nkyerɛ obiara.
25 Awurade yɛ ɔkɛse! Na nkamfo fata no!
Ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.
26 Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa,
nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!
27 Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,
ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenae.
28 Momfa mma Awurade , Amanaman mmusuakuw,
momfa anuonyam ne tumi mma Awurade .
29 Momfa anuonyam a ɛfata mma Awurade !
Momfa mo afɔrebɔde mmra mmɛsom no.
Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.
30 Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.
Wɔatim wiase dennen a entumi nhinhim.
31 Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛw ne ho!
Momma aman nyinaa nte sɛ, Awurade yɛ ɔhene.
32 Momma ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa nteɛ mu nkamfo no.
Momma mfuw ne wɔn nnɔbae mfa ahosɛpɛw mpue.
33 Momma kwae nnua nnyigyei
nyɛ ayeyi Awurade anim!
Efisɛ ɔrebebu asase atɛn.
34 Monna Awurade ase, efisɛ oye
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
35 Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn!
Boa yɛn ano, na gye yɛn fi amanaman nsam,
na yɛatumi ada wo din kronkron ase,
na yɛadi ahurusi akamfo wo.”
36 Ayeyi nka Awurade , Israel Nyankopɔn,
emfi mmeresanten nkosi nnasanten.
Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade .
Ɔsom Wɔ Yerusalem Ne Gibeon
37 Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ nea ehia sɛ wɔyɛ no da biara. 38 Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.
39 Dawid de ɔsɔfo Sadok ne ne mfɛfo asɔfo tenaa Awurade Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ bepɔw Gibeon no, sɛ wɔnsom wɔ Awurade anim wɔ hɔ. 40 Anɔpa ne anwummere biara, wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadi no so. Na wodii biribiara a wɔakyerɛw sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so. 41 Dawid san yii Heman, Yedutun ne afoforo bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔe no tim hɔ daa.” 42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.
43 Na nnipa no nyinaa san kɔɔ wɔn afi mu. Dawid nso san kɔɔ ne fi, kohyiraa ne fifo.
Chapter 17
Awurade Apam Bɔhyɛ A Ɔde Ma Dawid1 Dawid bɔɔ ne ho atenase wɔ nʼahemfi hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan se, “Me de, manya ahemfi a wɔde sida asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no de, ɛhyɛ ntamadan mu.”
2 Natan buae se, “Nea ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”
3 Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan se,
4 “Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wusi asɔredan ma me tena mu. 5 Efi bere a mede Israelfo fii Misraim besi nnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntamadan mu na wɔde di atutena. 6 Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofo no a wɔyɛ me nkurɔfo nguanhwɛfo no da. Mimmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn nti na munsii sida dua asɔredan fɛfɛ mmaa me?” ’
7 “Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo sɛ di me nkurɔfo Israelfo anim bere a na woyɛ abarimaa guanhwɛfo a worehwɛ wo nguan wɔ adidibea. 8 Baabiara a wokɔe no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfo nyinaa. Na afei, mɛma wo din ahyeta wɔ asase so baabiara. 9 Mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no, 10 fi bere a miyii atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Na mɛka wʼatamfo nyinaa ahyɛ.
“ ‘Na merepae mu aka se, Awurade besi fi ama wo, ahenni nnidiso. 11 Na sɛ wuwu a, mɛma wo mmabarima no mu baako so, na mama nʼahenni ayɛ den. 12 Ɔno ne obi a obesi fi a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na metim nʼahengua ase afebɔɔ. 13 Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfi ne so, sɛnea miyi fii Saulo a wudii nʼade so no. 14 Mɛma nʼase atim wɔ mʼahenni nnidiso ne mʼaheman mu bere nyinaa mu, na nʼahengua no bɛtena hɔ daa.’ ”
15 Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.
Dawid Aseda Mpaebɔ
16 Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se,
“Me ne hena, Awurade Nyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a nti wode me abedu saa tebea yi mu? 17 Na mprempren, Awurade , eyi nyinaa akyi no, woka se wobɛma me ahenni nnidiso afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛse pa ara, Awurade Nyankopɔn!
18 “Dɛn na menka bio mfa ɔkwan a woafa so ahyɛ me anuonyam yi ho? Wunim sɛnea mete ankasa. 19 Awurade , me nti ne wo pɛ mu nti, woayɛ saa nneɛma akɛse yi nyinaa, na woada no adi.
20 “ Awurade , obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforo bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforo bi wɔ hɔ te sɛ wo! 21 Ɔman foforo bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn, Onyankopɔn, na woayi no afi nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfo? Bere a wugyee wo nkurɔfo fii Misraim no, wode gyee din. Wonam nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ ahodwiriw so pam aman a wɔayɛ akwanside ama wɔn no. 22 Wuyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfo afebɔɔ, na wo, Awurade , woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.
23 “ Awurade , afei yɛ nea woahyɛ ho bɔ afa me ne mʼabusuafo ho no. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ebetim hɔ daa. 24 Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no anuonyam afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo somfo Dawid ahenni nnidiso no ase ntim wɔ wʼanim.
25 “Wo me Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi, efisɛ woada no adi sɛ wubesi fi ama me, mʼahenni nnidiso a ɛbɛtena hɔ daa. 26 Efisɛ woyɛ Onyankopɔn, Awurade . Na me, wo somfo, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ. 27 Na afei asɔ wʼani sɛ wubehyira me ne mʼabusuafo, sɛnea yɛn ahenni nnidiso bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wuhyira a, Awurade , ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”
Chapter 18
Dawid Akodi Mu Nkonimdi
1 Eyi akyi no, Dawid ko dii Gat ne nkurow a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifo no hyɛe, brɛɛ wɔn ase. 2 Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, maa Moabfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wotua sonkahiri ma no.
3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ofi Soba asraafo ase de kosii Hamat, bere a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. 4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo anantefo mpem aduonu. Afei, obubuu apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa anan, ma ɛkaa ɔha pɛ.
5 Bere a Aramfo fi Damasko bae sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkum wɔn mu mpem aduonu abien. 6 Afei, ɔde asraafo guu Damasko, Aram ahenkurow mu, maa Aramfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no sonkahiri. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. 7 Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem. 8 Ɔde kɔbere mfrafrae bebree a efi Hadadeser nkuropɔn Tibhat ne Kun kaa ho bae. Akyiri no, Salomo nan kɔbere mfrafrae no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.
9 Bere a Hamathene Tou tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no, 10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.
11 Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛde yi nyinaa so maa Awurade , a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa fii aman foforo a ɔkaa wɔn hyɛe no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filisti ne Amalek.
12 Seruia babarima Abisai kunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon no mu. 13 Ɔde asraafo duaduaa Edom nyinaa, maa Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ sɛnea Awurade maa Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔe no nhwɛso.
14 Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.
- Sawsa na na ɔyɛ asennii kyerɛwfo.
- Dawid mmabarima somee sɛ ɔhene aboafo mpanyimfo.
Chapter 19
Dawid Di Amorifo So Nkonim
1 Eyinom akyi no, Amonhene Nahas wui, na ne babarima Hanun bedii ade. 2 Dawid susuw ho se, “Mɛda ayamye adi akyerɛ Nahas ba Hanun, efisɛ nʼagya daa ayamye adi kyerɛɛ me.”
Ɛno nti, Dawid tuu abɔfo ma wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wu no ho. Bere a abɔfo no duu Amon asase so no, 3 Hanun asahene bisaa no se, “Enti wugye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya anuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.” 4 Enti Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii wɔn abogyesɛ, twitwaa wɔn ntade ano wɔ wɔn to ase, ma wɔsan kɔe.
5 Bere a Dawid tee asɛm no, otuu abɔfo kɔɔ asomafo no nkyɛn kɔkae se, “Montena Yeriko mma mo abogyesɛ no mfuw ansa na moaba.” Efisɛ na wɔn ho ayɛ fɛre yiye.
6 Afei, Amonfo huu abufuwtraso a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfo soma ma wɔde dwetɛ nkaribo ani tɔn aduasa awotwe kogyee nteaseɛnam ne asraafodɔm fii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba. 7 Wɔsan pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa abien, na wonyaa akyigyina fii Maakahene ne nʼakofo nkyɛn. Saa asraafodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon asraafodɔm a Hanun nya fii nʼankasa nkurow so no kɔkaa wɔn ho.
8 Bere a Dawid tee saa no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofo sɛ wɔne wɔn nkɔko. 9 Amonfo asraafo no begyinagyinaa kuropɔn no pon ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa sare no so.
10 Bere a Yoab huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔko ha ne ha no, ɔpaw nʼakofodɔm no mu akofo a wonim ako yiye no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfo no a wogyinagyina sare so no. 11 Ogyaw asraafodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔtow nhyɛ Amonfo no so. 12 Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so se, “Sɛ Amonfo no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo. 13 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoduru nko nnye yɛn nkurɔfo ne yɛn Onyankopɔn nkurow. Awurade bɛyɛ nea eye wɔ nʼani so.”
14 Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee. 15 Na Amonfo huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab san kɔɔ Yerusalem.
16 Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo no nti, wɔfrɛɛ Aram asraafodɔm foforo fii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa asraafodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser asraafodɔm nyinaa so sahene ase no bae.
17 Bere a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakofo no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfo no de ɔko hyehyɛɛ so, ma wɔko tiaa no. 18 Ɛha nso, Aramfo no guan fii Israelfo no anim, na Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo mpem ason ne anammɔnmufo asraafo mpem aduanan a Sofak a ɔyɛ wɔn so sahene no ka ho.
19 Hadadeser asomfo huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi no, Aramfo ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfo bio.
Chapter 20
Wɔko Fa Raba
1 Asusow bere, afe mu bere a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Amonfo nkurow ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodi no mu no, wotuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa bere no na Dawid te akyi wɔ Yerusalem. 2 Bere a Dawid duu Raba no, otuu ɔhene no ahenkyɛw, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛw no na wɔde aboɔdemmo abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa anan. Dawid faa asade bebree fii kurow no mu. 3 Ɔde Rabafo no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɔwan, famtunnade ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara nso na ɔyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.
Akodi A Etia Filistifo
4 Eyi akyi, ɔko sii wɔne Filistifo ntam wɔ Geser. Ɔko no mu no, Sibekai a ofi Husa kum Sipai a ɔyɛ abran no aseni ma wɔkaa Filistifo no hyɛe.
5 Ɔko foforo bi a wɔne Filistifo koe no mu no, Yair babarima Elhanan kum Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi peaw nsa mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo abaa.
6 Ɔko foforo bi nso a wɔne Filistifo koe wɔ Gat no, ɔbran bi a ɔyɛ abran asefo no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no 7 buu Israel animtiaa, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kum no.
8 Na saa Filistifo yi yɛ Gat abran no asefo nanso Dawid ne nʼakofo kunkum wɔn.
Chapter 21
Dawid Kan Nnipa
1 Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, maa Dawid kan Israelfo. 2 Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa efi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodow mmrɛ me, na ɛmma minhu wɔn ano.”
3 Na Yoab kae se, “ Awurade mmɔ ne nkurɔfo no dodow ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
4 Nanso ɔhene no kae se, nea ɛte biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kan nnipa no. Na ɔsan baa Yerusalem 5 bɛkaa nnipa no dodow kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodow yɛ mmarima ɔpepem baako ne mpem ɔha a wɔaso ɔsakɔ wɔ Israel ne mpem ahannan aduɔson wɔ Yuda.
6 Nanso Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuw anka nnipakan no ho, efisɛ na nea ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahometew.
Dawid Bɔne Ho Atemmu
7 Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa, enti ɔtwee Israel aso wɔ ho. 8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mayɛ bɔne kɛse. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseade a mayɛ no kyɛ me.”
9 Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo no se, 10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Merema wo nsɛm ahorow abiɛsa. Paw emu baako na menyɛ ntia wo.’ ”
11 Enti Gad baa Dawid nkyɛn bɛkae se, “Sɛnea Awurade se ni: ‘Paw emu nea wopɛ: 12 mfe abiɛsa a ɔkɔm kɛse bɛba anaa asram abiɛsa a wʼatamfo bekunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yiye a, Awurade bɔfo nam so de ɔsɛe bɛba Israel asase so.’ Afei dwene eyi ho, na ma minhu mmuae ko a memfa nkɔma Awurade .”
13 Dawid buaa Gad se, “Mewɔ ahohiahia mu. Ma mentɔ Awurade nsam, efisɛ nʼahummɔbɔ no so. Mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
14 Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa mpem aduɔson wuwui. 15 Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfo sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na bɔfo no reyɛ no, Awurade nyaa ahummɔbɔ ka kyerɛɛ owu ɔbɔfo no se, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa bere no na ɔbɔfo no gyina Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
16 Dawid pagyaw nʼani huu sɛ Awurade bɔfo no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼafoa de akyerɛ Yerusalem so. Enti Dawid ne Israel mpanyimfo furaa atweaatam de kyerɛɛ wɔn ahoyeraw, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ.
17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Me na mede nnipakan no ho asɛm bae! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfo yi de, ɛso bi nna wɔn so. Dɛn na wɔayɛ? Awurade me Nyankopɔn, ma wʼabufuw mmra me ne me fifo so, na nsɛe wo nkurɔfo.”
Dawid Si Afɔremuka
18 Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Gad se ɔnka nkyerɛ Dawid mma onsi afɔremuka mma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 19 Na Dawid yɛɛ nea Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no. 20 Arauna a saa bere no na nʼani abere reporow nʼatoko so no dan ne ho huu ɔbɔfo no wɔ hɔ. Ne mmabarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no guan kohintawee. 21 Bere a Arauna huu sɛ ɔhene Dawid reba awiporowbea hɔ no, ofi hɔ kɔkotow nʼanim.
22 Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna se, “Tɔn awiporowbea yi ma me sɛnea ne bo te. Na mesi afɔremuka ama Awurade wɔ hɔ sɛnea obesiw ɔyaredɔm no ano.”
23 Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa, me wura, na fa yɛ nea wopɛ. Anantwi a wode bɛbɔ afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua yi ayɛ nnyina de asɔ gya wɔ afɔremuka no so. Fa atoko no nso bɔ atoko afɔre. Mede ne nyinaa bɛma wo.”
24 Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi! Mepɛ sɛ mitua nea ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapade mfa mma Awurade . Meremmɔ ɔhyew afɔre a memmɔɔ ho ka.”
25 Enti Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram ason maa Arauna, de tɔɔ awiporowbea no. 26 Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade , bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpae no, Awurade tiee no, nam so de ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde a ɛwɔ afɔremuka no so no.
27 Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfo no ma ɔsan de nʼafoa no hyɛɛ ne boha mu. 28 Bere a Dawid huu sɛ Awurade atie ne mpaebɔ no, ɔbɔɔ afɔre pii wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 29 Saa bere no na Awurade Ahyiae Ntamadan ne afɔremuka a Mose sii wɔ sare so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ. 30 Nanso Dawid antumi ankɔ hɔ ankobisa Onyankopɔn ase, efisɛ afoa a Awurade bɔfo no twee no bɔɔ no hu.
Chapter 22
1 Afei, Dawid kae se, “Ɛha ne baabi a wobesi Awurade Nyankopɔn Asɔredan no ne afɔremuka a Israel bɛbɔ so ɔhyew afɔre no.”
Asɔredan No Si Ho Ahoboa
2 Ɛno nti Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔho a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔma wotwaa abo a wɔde besi Onyankopɔn Asɔredan no. 3 Dawid maa nnade pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho behia ama apon ne mpontare. Ɔmaa kɔbere mfrafrae nso bebree a na wontumi nkari mpo. 4 Ɔmaa sida nnua pii nso, efisɛ na mmarima a wofi Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dedaw.
5 Dawid kae se, “Me babarima Salomo nnyinii, na onni osuahu bi, nanso ɛsɛ sɛ saa asɔredan yi yɛ kɛse, gye din na ɛyɛ anuonyamhyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa. Enti mefi ase nnɛ yi ara ayɛ ahoboa ama ne si.” Enti Dawid pɛɛ adansi ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
6 Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onsi asɔredan mma Awurade , Israel Nyankopɔn. 7 Dawid ka kyerɛɛ no se, “Me ba, na anka mepɛ sɛ misi asɔredan de hyɛ Awurade , me Nyankopɔn, din anuonyam. 8 Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Woakunkum nnipa bebree wɔ akodi akɛse a wudii no mu. Na esiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim nti, ɛnyɛ wo na wubesi asɔredan de ahyɛ me din anuonyam. 9 Na wobɛwo ɔbabarima a ne bere so asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoe abɛda ɔne nʼatamfo a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahenni mu no, mɛma asomdwoe ne ahotɔ aba Israel. 10 Ɔno ne obi a obesi asɔredan, de ahyɛ me din anuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahenni ahengua atim wɔ Israel afebɔɔ.’
11 “Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔso bere a wudi nʼahyɛde so, na woresi Awurade , wo Nyankopɔn, asɔredan yi. 12 Na Awurade mma wo nyansa ne ntease, na woadi Awurade , wo Nyankopɔn mmara so bere a wudi Israel so hene yi. 13 Sɛ wudi mmara ne ahyɛde a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yiye a, ebesi wo yiye. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wo koma ntu.
14 “Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no si ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn mpem anan (4,000), dwetɛ bɛyɛ tɔn mpem aduanan (40,000) ne nnade ne kɔbere mfrafrae pii a wontumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne abo a wɔde bɛyɛ afasu no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho. 15 Wowɔ abo adansifo, nnua adwumfo ne nnwuma ahorow mu adwumfo bebree. 16 Wɔyɛ abenfo wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinni mu, kɔbere mfrafrae ne nnade ho adwumayɛfo. Afei fi adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”
17 Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofo nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadi no mu. 18 Ɔkae se, “ Awurade , wo Nyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoe aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, nti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfo nkoa. 19 Afei fi wo koma nyinaa mu hwehwɛ Awurade , wo Nyankopɔn. Si Awurade Nyankopɔn kronkronbea sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronne no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din anuonyam no mu.”
Chapter 23
Lewifo Nnwuma
1 Bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, oyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na obedi Israel so hene.
2 Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofo nyinaa ne asɔfo, a Lewifo ka ho sɛ, wɔmmra ahensi afahyɛ no ase. 3 Wɔkan Lewifo a wɔadi mfirihyia aduasa anaa nea ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem aduasa awotwe. 4 Na Dawid kae se, “Wɔn mu mpem aduonu anan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem asia bɛsom sɛ mpanyimfo ne atemmufo. 5 Mpem anan bɛyɛ apon ano hwɛfo na mpem anan foforo de nnwontode a mayɛ no bɛkamfo Awurade .”
6 Na Dawid kyekyɛɛ Lewifo no mu akuwakuw de mmusuakuw a wɔyɛ Lewi mmabarima Gerson, Kohat ne Merari asefo no din totoo wɔn so.
Gersonfo
- Libni ne Simei.
- Yehiel (a ɔyɛ abusuapanyin), Setam ne Yoel.
- Na Simei asefo baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.
- Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.
Kohatfo
- Aaron ne Mose.
- Woyii Aaron ne nʼasefo sɛ wonni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔre wɔ Awurade anim, nsom Awurade , na wonhyira wɔ ne din mu daa daa.
- Gersom ne Elieser.
- Na Rehabia asefo yɛ bebree.
- Amaria a odi hɔ,
- Yahasiel a ɔto so abiɛsa
- ne Yekameam a ɔto so anan no
- ne Hebron asefo no.
- yɛ Usiel asefo no.
Merarifo
- Merari asefo no.
- Mahli mmabarima ne
- Eleasar ne Kis.
- Mahli, Eder ne Yeremot.
24 Eyinom na na wɔn mmusua nti wɔyɛ Lewi asefo, na wɔyɛ wɔn mmusua akuw no ntuanofo a na wɔahwɛ akyerɛw wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa, ansa na waso Awurade fi som. 25 Na Dawid kae se, “ Awurade , Israel Nyankopɔn ama yɛn asomdwoe, na daa ɔbɛtena Yerusalem. 26 Afei, ɛho nhia sɛ Lewifo no bɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.” 27 Sɛnea Dawid no ara akwankyerɛ a etwa to no se no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Lewifo a wɔadi mfirihyia aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.
28 Na Lewifo no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fi no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adiwo ne adan a ɛwɔ nkyɛn nkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahorow so wɔ Onyankopɔn fi. 29 Na wɔhwɛ brodo kronkron a wɔkora no didipon so no, asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduan afɔre, tetare a mmɔkaw nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua srade akyew ne brodo afoforo a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛde bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so. 30 Na anɔpa ne anwummere biara nso, wogyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no. 31 Wɔboa ɔhyew afɔre a wɔbɔ ma Awurade homeda ahorow mu wɔ Ɔsram Foforo Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadi mu. Bere biara, na Lewifo dodow a wɔfata wɔ hɔ a wɔsom wɔ Awurade anim.
32 Ɛno nti, Lewifo no a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu kɔɔ so som wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokwaredi yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade fi.
Chapter 24
Asɔfo No Nnwuma
1 Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar. 2 Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo. 3 Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasar aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boae no nti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefo mu akuwakuw sɛnea wɔn dwumadi te. 4 Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso. 5 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.
6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:
- Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Yedaia.
- Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Seorim.
- Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Miyamin.
- Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Abia.
- Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Sekania.
- Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Yakim.
- Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Yesebeab.
- Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Imer.
- Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.
- Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Yeheskel.
- Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gamul.
- Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Maasia.
19 Kuw biara dii ne dwuma wɔ Awurade fi sɛnea wɔn agya Aaron nam Awurade , Israel Nyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.
Lewi Mmusua Mpanyimfo
20 Eyinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefo no mpanyimfo:
- Amram asefo ntuanoni ne Subael.
- Subael asefo ntuanoni ne Yehdeia.
- Selomot asefo ntuanoni ne Yahat.
- Yeria; Amaria ne nʼabediakyiri, Yahasiel na ɔto so abiɛsa na Yekameam to so anan.
- Mika asefo ntuanoni ne Samir
- Yisia asefo ntuanoni ne Sakaria.
- Yasia asefo ntuanoni ne Beno.
- Beno, Soham, Sakur ne Ibri.
Eyinom ne Lewi asefo ne sɛnea wɔn mmusua te.
31 Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefo de no, a wɔanhwɛ mfe a wɔadi ne wɔn dibea. Wodii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfo ne Lewifo mmusua mpanyimfo no anim.
Chapter 25
Nnwontofo No Nnwuma
1 Dawid ne asahene no yiyii mmarima fii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa asankuten, mmɛnta ne kyɛnkyɛn mmɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru. Wɔn din ne wɔn nnwuma na edidi so yi:
- Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru.
- Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya ase. Ɔno na ɔhyɛɛ nkɔm, nam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade .
- Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot.
6 Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fi. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten wɔ Onyankopɔn fi.
Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase. 7 Na wɔatetew wɔn ne wɔn abusuafo nyinaa wɔ nnwom a wɔto wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodow yɛ ahannu aduɔwɔtwe awotwe na wɔn mu biara wɔ nnwonto ho nimdeɛ. 8 Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwontofo tuatuaa nnwuma ahorow ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abofra anaa ɔpanyin, ɔkyerɛkyerɛfo anaa osuani.
- Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Gedalia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
Chapter 26
Apon Ano Ahwɛfo Nnwuma
1 Eyinom ne apon ano ahwɛfo no akuwakuw:Korafo mu no,
- yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ofi Asaf abusua mu.
- Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔto so abien,
- Sebadia a ɔto so abiɛsa, Yatniel a ɔto so anan.
- Eliehoenai a ɔto so ason.
- Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien,
- Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan,
- Netanel a ɔto so anum,
- Isakar a ɔto so ason, ne Peuletai a ɔto so awotwe.
- Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.
- Otni, Refael, Obed ne Elsabad;
- na wɔn abusuafo Elihu ne Semaia nso yɛ mmɔdemmɔfo.
- Hilkia a na ɔto so abien. Tebalia na ɔto so abiɛsa
- na Sakaria to so anan. Na Hosa mmabarima ne nʼabusuafo a wɔsom sɛ apon ano ahwɛfo no nyinaa dodow yɛ dumiɛnsa (13).
12 Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no. 13 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apon ahorow ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirihyia a obi adi, anaa ntetewee a wanya so.
- Atifi pon ho dwumadi nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafo Sakaria nsa.
Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.
- na wɔma baanan kɔ atifi pon no ho,
- na baanan nso akɔ anafo pon no ho,
- na baanu baanu akokɔ adekoradan ahorow no mu biara ho.
19 Eyinom ne apon ano ahwɛfo a wofi Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.
Fotosanfo Ne Adwumayɛfo Nkae
20 Lewifo a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fi sikakorabea ne adekoradan so.
21 Libni fi a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na otua wɔn ano. 22 Yehieli mmabarima Setam ne ne nuabarima Yoel na na wɔhwɛ Awurade fi sikakorabea so.
23 Eyinom ne ntuanofo a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefo.
- Ɔne ne mmabarima na woyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfo ne atemmufo wɔ Israelman mu nyinaa.
- (Dawid dii hene no, ne mfe aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wohuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kurow Yaser a ɛwɔ Gilead mu.
Chapter 27
Asahene Ne Wɔn Akuw
1 Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Wɔn din na edidi so yi.
Mmusuakuw No Ntuanofo
16 Mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo ni:
- Ruben abusuakuw: Sikri babarima Elieser;
- Simeon abusuakuw: Maaka babarima Sefatia;
- Aaron (asɔfo no) abusuakuw: Sadok;
- Isakar abusuakuw: Mikael babarima Omri;
- Naftali abusuakuw: Asriel babarima Yerimot;
- Manase (atɔe fam) abusuakuw: Pedaia babarima Yoel;
- Benyamin abusuakuw: Abner babarima Yaasiel;
Eyinom ne Israel mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo.
23 Bere a Dawid ma wɔkan nnipa no, wɔankan wɔn a wonnii mfe aduonu, efisɛ na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfo no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24 Yoab na ofii nnipakan no ase, nanso wanwie, efisɛ Onyankopɔn bo fuw Israel. Wɔankyerɛw nnipa no nyinaa dodow angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
Dawid Ahenni Mu Mpanyimfo
- Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
- Sabdi a ofi Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsa ne nsa a wɔayɛ so.
- Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
- Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so.
- Yehdia a ofi Meronot na na ɔhwɛ mfurum so.
- Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmabarima ade.
- Na Husai a ofi Arki yɛ ɔhene adamfo.
- Yoab na na ɔyɛ Israel asraafodɔm no so sahene.
Chapter 28
Dawid Akwankyerɛ A Ɔde Maa Salomo
1 Dawid frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanyimfo no ne mmusuakuw no ntuanofo, asahene a wɔdeda asraafodɔm akuw dumien no ano, asraafo mpanyimfo a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapade ne ne mmoa so, ahemfi nhenkwaa, akofo akɛse ne akofo a wɔaka wɔ ahenni no mu no.
2 Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom ne me nkurɔfo, anka mepɛɛ sɛ misi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn anan ntiaso no besi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebesi, 3 nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wusi asɔredan de hyɛ me din anuonyam, efisɛ woyɛ ɔkofo a woahwie mogya bebree agu.’
4 “Nanso Awurade , Israel Nyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, minni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuw sɛ wonni hene na Yuda mmusua mu nso, oyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ osii me Israel nyinaa so hene. 5 Na me mmabarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, oyii Salomo sɛ ɔntena Awurade ahenni agua no so nni Israel so. 6 Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wo babarima Salomo na obesi mʼasɔredan ne nʼadiwo nyinaa, efisɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya. 7 Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛde ne me mmara so, sɛnea ɔyɛ mprempren yi a, mɛma nʼahenni atim afebɔɔ.’
8 “Enti mprempren a Onyankopɔn yɛ yɛn dansifo yi, menam wo so de saa asodi yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfo no: Monhwɛ yiye na munni Awurade , mo Nyankopɔn, ahyɛde nyinaa so sɛnea mobɛfa saa asase pa yi, na moagyaw ama mo asefo sɛ wɔn agyapade daa.
9 “Afei, me ba Salomo, hu wʼagyanom Nyankopɔn. Fa wo koma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Efisɛ Awurade hu koma biara mu, enti ohu na onim emu nhyehyɛe ne nsusuwii biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wubehu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ. 10 Enti fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”
11 Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, soro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no afefare mu a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no besi maa Salomo. 12 Nhyehyɛe biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adiwo ho, akyi adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛde a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo. 13 Saa ara na ɔhene no kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfo ne Lewifo nkyekyɛmu ahorow no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne nea wɔde bɔ afɔre. 14 Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho behia. 15 Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodow a ɛho behia ama sikakɔkɔɔ akaneadua no ne akanea no, na ɔkyerɛɛ dwetɛ dodow a ɛho behia ama dwetɛ akaneadua no ne akanea no yɛ, ne ɔkwan ko a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no. 16 Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodow a wɔmfa nyɛ ɔpon a wɔde Daa Daa Brodo no bɛto so; na ɔkyerɛɛ dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ apon a ɛka ho no. 17 Dawid san kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodow a wɔmfa nyɛ nam darewa a wɔde besuso afɔrebɔ nam mu, hweaseammɔ, sukuruwa ne nyowa ne dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ asanka biara. 18 Nea ɔde wiee ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodow a wɔde bɛyɛ nnuhuam afɔremuka no ne sikakɔkɔɔ kerubim a ne ntaban atrɛw wɔ Awurade Adaka no so.
19 Dawid ka kyerɛɛ Salomo se, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde kyerɛw maa me.”
20 Afei, Dawid toaa so se, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadi no kɛseyɛ ntu wo bo, efisɛ Awurade Nyankopɔn, me Nyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo huammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadi biara a ɛfa Awurade Asɔredan no si ho no, wobewie no pɛpɛɛpɛ. 21 Asɔfo ne Lewifo akuw no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahorow no nyinaa beyi wɔn yam aboa, na ntuanofo ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”
Chapter 29
Asɔredan No Si Ho Akyɛde
1 Afei, Ɔhene Dawid dan nʼani kyerɛɛ ɔmanfo no kae se, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ onni Israel so sɛ ɔhene foforo no da so yɛ abofra a onni osuahu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a obesi no nyɛ dan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Nyankopɔn no ankasa de. 2 Mede nea mitumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa nea matumi anya nyinaa ano ama me Nyankopɔn Asɔredan no si. Mprempren, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae, nnade ne nnua ne apopobibiri abo ne aboɔden abo, aboɔden agude ne abo pa ne abohemaa ahorow nyinaa pii wɔ hɔ. 3 Na esiane me ho a mede ama me Nyankopɔn Asɔredan no nti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɔdan no si. Eyinom bɛka adansi no ho nneɛma a maboaboa ano ama asɔredan kronkron no ho. 4 Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro nsania ani tɔn ɔha ne dumien ne dwetɛ a wɔahoa ho nsania ani tɔn ahannu aduosia abien a wɔde begu adan no afasu anim, 5 ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfo no bɛyɛ no. Afei, hena na obeyi ne yam de nʼayɛyɛde ama Awurade nnɛ?”
6 Na abusua ntuanofo, Israel mmusuakuw ntuanofo, asahene ne asraafo mpanyimfo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa fii ɔpɛ pa mu mae. 7 Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn ɔha aduɔwɔtwe awotwe, sika ankasa mpem du, dwetɛ bɛyɛ tɔn ahaasa aduɔson anum, kɔbere mfrafrae bɛyɛ tɔn ahansia aduɔson anum ne nnade bɛyɛ tɔn mpem ahaasa ahanson ne aduonum, de boaa Asɔredan no si. 8 Wɔmaa aboɔden abo bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fi maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. 9 Nnipa no ani gyee ɔma no ho, efisɛ wofi ɔpɛ pa ne koma pa mu na woyiyi maa Awurade , na Ɔhene Dawid ani gyee yiye.
Dawid Kamfo
Awurade10 Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim se,
“ Awurade ,
yɛn agya Israel Nyankopɔn,
ayeyi nka wo daa nyinaa.
11 Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam,
nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade .
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de,
Awurade , na ahenni yi nso yɛ wo de.
Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo.
12 Ahonya ne anuonyam fi wo nko ara,
efisɛ woyɛ ade nyinaa sodifo.
Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam
na wopɛ mu na wufi ma nnipa yɛ kɛse na wonya ahoɔden.
13 Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase,
na yɛkamfo wo din kronkron no.
14 “Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no. 15 Yɛwɔ ha mmere tiaa bi sɛ nsrahwɛfo ne ahɔho wɔ asase a yɛn agyanom dii kan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma a etwa mu kɔ ntɛm so a wonhu bio. 16 Awurade , yɛn Nyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebesi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron anuonyam yi mpo fi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. 17 Me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ yɛn koma mu, na sɛ wuhu nokwaredi wɔ mu a, wʼani gye. Wunim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na mahwɛ ahu sɛnea wo nkurɔfo fi koma pa ne anigye mu de wɔn akyɛde aba. 18 Awurade , yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn, ma wo nkurɔfo nyɛ osetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa. 19 Ma me babarima Salomo koma nyinaa mu ɔpɛ pa, na onni wʼahyɛde, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na onsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa no.”
20 Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade , mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade , wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.
Wosi Salomo Ɔhene
21 Ade kyee no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem ne nguamma anini apem bɛbɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade . Wɔsan gyinaa Israel anan mu, de ɔnom afɔrebɔde pii ne afɔrebɔde ahorow bae. 22 Wɔde ahosɛpɛw didi nomee da no wɔ Awurade anim.
Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛw sɛ wɔn hene foforo. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn sɔfo. 23 Na Salomo tenaa Awurade ahengua no so sɛ nʼagya Dawid nanmusini, na ɔkɔɔ so yiye, na Israel nyinaa tiee no. 24 Adehye mpanyimfo nyinaa, asahene ne Dawid mmabarima nyinaa sua kyerɛɛ ɔhene Salomo.
25 Na Awurade pagyaw Salomo maa Israelman no maa no nidi nwonwaso, na ɔmaa Salomo ahonya ne anuonyam sen nʼagya.
Dawid Wu
26 Enti Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so hene. 27 Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason, na mfe aduasa abiɛsa nso, ɔtenaa Yerusalem. 28 Ɔtenaa ase kyɛe, nyinii yiye, nyaa ahode ne anuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼade sɛ ɔhene. 29 Efi Ɔhene Dawid adedi mfiase de kosi nʼawie mu nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw agu ɔdehufo Samuel abakɔsɛm nhoma, odiyifo Natan abakɔsɛm nhoma ne ɔdehufo Gad abakɔsɛm nhoma mu. 30 Nʼadedi mu akokodurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahenni ahorow a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔakyerɛw.