Hosea
Odiyifo
Nhoma
Chapter 1
1 Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.
Hosea Yere Ne Ne Mma
2 Bere a Awurade dii kan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔware oguamanfo, [1] na wo ne no nwo, efisɛ ɔman no di aguamammɔ ho fɔ na wɔnam so atetew wɔne Onyankopɔn ntam.” 3 Enti, ɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛn woo ɔbabarima maa no.
4 Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel, [2] efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei. 5 Saa da no, mebubu Israel tadua wɔ Yesreel bon no mu.”
6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa. 7 Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me Awurade wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.”
8 Bere a Gomer twaa Lo-ruhama nufu akyi no, ɔwoo ɔba barima foforo. 9 Na Awurade kae se, “To ne din Lo-ami, efisɛ monnyɛ me nkurɔfo na mennyɛ mo Nyankopɔn.
10 “Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’ 11 Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.”
Chapter 2
1 “Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’ ”
Wɔtwe Israel Aso, Gye No To Mu Bio
2 “Ka wo na anim, ka nʼanim,
na ɔnyɛ me yere
na menyɛ ne kunu.
Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim no
na onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no.
3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntama
na wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no;
mɛma wayɛ sɛ nweatam,
mɛdan no asase a awo wosee
na mama osukɔm akum no.
4 Merennɔ ne mma,
efisɛ wɔyɛ aguaman mma.
5 Wɔn na anyɛ ɔnokwafo
na onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu.
Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi,
wɔn a wɔma me aduan ne nsu,
ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’
6 Eyi nti, mede nsɔe besiw no kwan;
mɛto ɔfasu afa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.
7 Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn;
ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn.
Afei, ɔbɛka se,
‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no,
efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’
8 Ɔnkae sɛ me na
memaa no aduan, nsa foforo ne ngo,
nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so
ma wɔde kɔsom Baal no.
9 “Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade,
ne me nsa foforo no nso saa ara.
Megye me kuntu ne me nwera,
a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no.
10 Enti afei mɛbɔ no adagyaw
wɔ nʼadɔfo anim;
obiara rentumi nnye no mfi me nsam.
11 Metwa nʼafahyɛ nyinaa so:
nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛ
Homeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa.
12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,
nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no;
mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,
ama wuram mmoa awe.
13 Mɛtwe nʼaso wɔ nna a
ɔhyew aduhuam maa Baal no ho;
ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho,
tu dii nʼadɔfo akyi,
me de, ne werɛ fii me,”
nea Awurade se ni.
14 “Enti merekɔdaadaa no;
mede no bɛkɔ nweatam so
na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.
15 Mɛsan de ne bobe mfuw ama no.
Mɛyɛ no Sɛkyɛ Bon,
anidaso pon.
Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛnea na ɔyɛ ne mmabun bere mu no
ne bere a ofii Misraim no.
16 “Saa da no,” sɛɛ na Awurade se,
“Wobɛfrɛ me ‘me kunu’;
na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.
17 Meyi Baal ahorow din no afi nʼano;
na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.
18 Saa da no, mɛyɛ apam ama wɔn,
wɔne wuram mmoa ne wim nnomaa
ne mmoa a wɔwea wɔ asase so.
Tadua, mpeaw ne ɔko,
mɛbra wɔ asase no so,
sɛnea wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu.
19 Mɛware wo afebɔɔ;
mɛda trenee ne atɛntrenee,
ahummɔbɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wo.
20 Mɛware wo nokware mu,
ama woahu Awurade .
21 “Saa da no, megye wo so,”
nea Awurade se ni.
“Megye ɔsoro so,
na ɔsoro de osu begye asase so,
22 na asase nso begye nnɔbae so:
bobe foforo ne ngodua,
na wɔn nso agye so se ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua.’
23 Mede Israel bedua asase no so ama me ho;
mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no.
Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se
‘moyɛ me nkurɔfo,’
na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’”
Chapter 3
Hosea Ne Ne Yere Nkabom
1 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no san bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforo bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo. Dɔ no, sɛnea Awurade da so dɔ Israel, a mpo, nnipa no dan wɔn ho kɔ anyame afoforo nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba tetare no.”
2 Enti mede gram ɔha aduoson baako (171) ne atoko lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182) ne atoko lita aduɔkron baako kɔpataa no. 3 Na meka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wugyae wʼaguamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wo renna.”
4 Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔremmɔ afɔre. Wɔrenhu ɔbosom dum anaa asɔfotade anaa ahoni nso wɔ hɔ. 5 Akyiri yi, Israelfo bɛsan akɔhwehwɛ Awurade , wɔn Nyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn hene no. Wɔde ahopopo bɛba Awurade nkyɛn na wobenya ne nhyira wɔ nna a edi akyiri no mu.
Chapter 4
Wɔbɔ Israel Kwaadu
1 Muntie Awurade asɛm, mo Israelfo
efisɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ
mo a mote asase no so:
“Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.
2 Nnome nko ara, atorotwa ne awudi,
akrɔmmɔ, ne aguamammɔ
na moyɛ ma ɛtra so,
na mogyahwiegu ba ntoatoaso.
3 Eyi nti asase no di awerɛhow
na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu;
wuram mmoa, wim nnomaa
ne po mu nam rewuwu.
4 “Mma obiara mmɔ kwaadu,
mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo.
Na mmom, mo asɔfo
mo na me ne mo anya.
5 Muhintiw awia ne anadwo,
na adiyifo no ne mo hintiw.
Ɛno nti mɛsɛe mo man.
6 Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe.
“Sɛ moapo nimdeɛ nti,
me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo;
sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti,
me nso mabu mʼani agu mo mma so.
7 Asɔfo no redɔɔso no
na bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me.
Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase.
8 Wodidi me nkurɔfo bɔne ho
ɛno nti wɔn ani gye atirimɔdensɛm ho.
9 Sɛnea nnipa no te no, saa ara na asɔfo no nso te.
Mɛtwe wɔn nyinaa aso wɔ wɔn akwan ho
na matua wɔn wɔn nneyɛe so ka.
10 “Wobedidi, nanso wɔremmee.
Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe,
efisɛ, wɔagyaw Awurade hɔ,
de wɔn ho ama 11 aguamammɔ,
nsa dedaw ne foforo,
a ɛma me nkurɔfo
12 ntease tu yera.
Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn
na duasin bi ama wɔn mmuae.
Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan;
wonni wɔn Nyankopɔn nokware.
13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi
na wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so:
odum, duafufu ne odupɔn ase,
nea onwini yɛ fɔmm hɔ.
Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo
na mo nsemmea nso yɛ nguamanfo.
14 “Merentwe mo mmabea aso
sɛ wɔadan aguamammɔfo,
anaa mo nsemmea aso
sɛ wɔasɛe aware.
Efisɛ mo mmarima, mo nso mote saa ara.
Mo ne mmabea ne nsɔreso nguamanfo
fa ayɔnko.
Nnipa a wonni ntease no bɛkɔ ɔsɛe mu!
15 “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel,
nanso, mma Yuda nni ho fɔ.
“Nkɔ Gilgal;
na mforo nkɔ Bet-Awen.
Na nka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’
16 Israelfo yɛ asoɔdenfo
te sɛ nantwi ba a ɔyɛ asowui
ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so
sɛ nguantenmma a wɔwɔ adidibea?
17 Efraim de ne ho abɔ ahoni ho;
Gyaa no!
18 Sɛ wɔn nsa sa koraa a,
wɔtoa wɔn aguamammɔ so;
wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye.
19 Mfɛtɛ bɛpra wɔn akɔ,
na wɔn afɔrebɔ de animguase bɛbrɛ wɔn.
Chapter 5
Atemmu A Etia Israel
1 “Muntie, mo asɔfo! [1]
Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo!
Monyɛ asow, adehyefi!
Saa atemmu yi tia mo:
Moayɛ afiri wɔ Mispa,
ne asau a wɔagu no Tabor so.
2 Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.
Mɛtwe wɔn nyinaa aso.
3 Minim Efraim ho nsɛm nyinaa;
wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ.
Efraim, mprempren de wobɔ aguaman;
na Israel aporɔw.
4 “Wɔn nneyɛe mma wɔ kwan
mma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn.
Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu;
wonnye Awurade nto mu.
5 Israel ahantan di tia no.
Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu;
Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.
6 Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi
kɔhwehwɛ Awurade a
Wɔrenhu no,
efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.
7 Wɔanni Awurade nokware.
Wɔwowoo aguaman mma.
Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a,
ɔbɛsɛe wɔn nsase.
8 “Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea.
Hyɛn mmɛn no wɔ Rama.
Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen;
Benyamin, monsɔre nni anim.
9 Efraim bɛda mpan
wɔ akontaabu da.
Israel mmusuakuw no mu no
mepae mu ka nea ɛwɔ mu.
10 Yuda sodifo no te sɛ
wɔn a woyiyi ahye so abo.
Mehwie mʼabufuw agu wɔn so
te sɛ nsuyiri.
11 Wɔhyɛ Efraim so,
wotiatia ne so wɔ atemmu mu,
wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi.
12 Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraim
na mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw.
13 “Bere a Efraim huu ne yare,
na Yuda nso huu nʼakuru no,
Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.
Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa.
Nanso wantumi ansa no yare,
na akuru no nso anwuwu.
14 Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim
na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda.
Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ;
Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.
15 Afei mɛsan akɔ me nkyi
kosi sɛ wobenya ahonu.
Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan;
wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.”
Chapter 6
Israel Nni Ahonu
1 “Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.
Watetew yɛn mu asinasin
nanso ɔbɛsa yɛn yare.
Wapirapira yɛn
nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.
2 Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;
nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea
na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
3 Momma yennye Awurade nto mu;
momma yɛnkɔ so nnye no nto mu.
Sɛnea owia pue da biara no, obepue;
ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu
anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”
4 “Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim?
Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda?
Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,
ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.
5 Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin,
mede mʼanom nsɛm kunkum mo;
mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.
6 Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,
mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.
7 Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe.
Wɔanni me nokware wɔ hɔ.
8 Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn
a mogya anammɔn akeka hɔ.
9 Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no
saa ara na asɔfokuw no nso yɛ;
wodi awu wɔ Sekem tempɔn so,
yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.
10 Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi.
Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu
Israel gu ne ho fi.
11 “Na wo Yuda nso,
wɔahyɛ otwa bere ama wo.
“Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,
Chapter 7
1 bere biara a mɛsa Israel yare no,
Efraim nnebɔne da adi.
Samaria awurukasɛm nso da adi.
Wɔyɛ nnaadaafo
akorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu,
ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so.
2 Na wonhu sɛ
mekae wɔn nnebɔne nyinaa.
Wɔn bɔne bunkam wɔn so;
egu mʼanim bere biara.
3 “Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani,
na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.
4 Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo
a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu.
Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya
bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.
5 Da a ɔhene rehyɛ fa no
ahenemma bow nsa,
na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn bɔ mu goru.
6 Wɔn koma te sɛ fononoo;
wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim.
Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;
anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa.
7 Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo.
Wokunkum wɔn sodifo.
Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase
na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.
8 “Efraim ne aman no adi afra;
Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae.
9 Ananafo twe nʼahoɔden,
nanso onhu.
Dwen aba ne ti so,
nanso nʼani mmaa so ɛ.
10 Israel ahantan di adanse tia no,
nanso eyi nyinaa akyi no
ɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn,
na ɔnhwehwɛ no nso.
11 “Efraim te sɛ aborɔnoma,
wotumi daadaa no na onni adwene.
Ɔfrɛ Misraim,
na wadan akɔ Asiria.
12 Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so;
atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa.
Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a,
mɛkyere wɔn.
13 Nnome nka wɔn,
efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho!
Ɔsɛe mmra wɔn so
efisɛ wɔatew me so atua!
anka mepɛ sɛ migye wɔn
nanso wutwa atoro fa me ho.
14 Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me,
mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so.
Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo,
nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.
15 Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den,
nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me.
16 Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;
wɔte sɛ tadua a asɛe,
wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa ano
efisɛ, wɔnkasa obu so.
Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw
wɔ Misraim asase so.
Chapter 8
Israel Betwa Mfɛtɛ Aba
1 “Monhyɛn torobɛnto!
Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo so
efisɛ nnipa no abu mʼapam so
na wɔasɔre atia me mmara.
2 Afei Israel su frɛ me se,
‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’
3 Nanso Israel apo nea eye;
ɔtamfo bɛtaa no.
4 Wosisi ahemfo a minnim ho hwee,
wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ.
Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho
de sɛe wɔn ankasa ho.
5 Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria!
Mʼabufuwhyew reba wɔn so.
Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?
6 Wofi Israel!
Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii;
ɛnyɛ Onyankopɔn!
Wobebubu mu asinasin,
saa Samaria nantwi ba no.
7 “Wodua mframa
na wotwa mfɛtɛ.
Awi a egyina hɔ no nni ti;
nti wɔrennya siam mfi mu.
Sɛ ɛsow aduan mpo a,
ahɔho na wobedi.
8 Wɔamene Israel;
afei ɔfra aman no mu
te sɛ ade a so nni mfaso biara. [1]2 Mose 19.5; Amos 3.2
9 Na wɔakɔ Asiria
te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam.
Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.
10 Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de,
nanso mɛboaboa wɔn ano.
Wɔn so befi ase atew
wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.
11 “Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de,
ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.
12 Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,
nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade.
13 Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔre
na wɔwe nam no,
nanso wɔnsɔ Awurade ani.
Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm
na wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:
Wɔbɛsan akɔ Misraim.
14 Israel werɛ afi ne yɛfo
na wasisi ahemfi akɛseakɛse;
Yuda abɔ nkurow bebree ho ban.
Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya
a ɛbɛhyew wɔn aban.”
Chapter 9
Israel Asotwe
1 Nni ahurusi, Israel;
nsɛpɛw wo ho te sɛ aman a aka no.
Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware,
wʼani gye aguamammɔ ho
wɔ awiporowbea nyinaa so.
2 Awiporowbea ne nsakyiamoa rentumi mma nnipa no aduan;
nsa foforo nso bɛbɔ wɔn.
3 Wɔrentena Awurade asase no so bio;
Efraim bɛsan akɔ Misraim
na wadi aduan a ɛho ntew wɔ Asiria.
4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade ,
na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.
Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn;
wɔn a wodi nyinaa ho begu fi.
Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea
na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.
5 Dɛn na mobɛyɛ wɔ mo aponto da no
ne Awurade afahyɛnna no nso?
6 Mpo sɛ woguan fi ɔsɛe mu a
Misraim bɛboaboa wɔn ano,
na Memfis besie wɔn.
Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura,
na wɔn ntamadan adan nsɔe.
7 Asotwe nna no reba,
akontaabu nna no adu;
ma Israel nhu eyi.
Esiane mo bɔne bebrebe
ne mo akokoakoko a adɔɔso nti
mofa no sɛ odiyifo yɛ kwasea,
na nea honhom akanyan no no yɛ ɔbɔdamfo.
8 Odiyifo no ne me Nyankopɔn
yɛ Efraim so wɛmfo,
nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so,
na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.
9 Wɔadu porɔwee bun mu,
sɛnea na ɛte wɔ Gibea nna no mu.
Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔden
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
10 “Bere a mihuu Israel no,
na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so;
bere a mihuu mo agyanom no,
na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so.
Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no
wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.
Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara.
11 Efraim anuonyam betu akɔ sɛ anomaa,
nyinsɛn ne awo nni ne mu.
12 Mpo sɛ wɔtetew mmofra a,
mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.
Wonnue,
sɛ miyi mʼani fi wɔn so a!
13 Mahu Efraim te sɛ Tiro,
a ɛda baabi a eye.
Nanso Efraim de ne mma
bɛbrɛ okumfo no.”
14 Fa ma wɔn, Awurade ,
dɛn na wode bɛma wɔn?
Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn
ne nufu a nufusu nni mu.
15 “Wɔn atirimɔdensɛm nyinaa a wodii wɔ Gilgal nti,
mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ.
Wɔn nnebɔne nti
mɛpam wɔn afi me fi.
Merennɔ wɔn bio;
efisɛ wɔn ntuanofo nyinaa yɛ atuatewfo.
16 Efraim agyigya,
wɔn ntin akisa,
nti wɔnsow aba.
Sɛ wɔwo mma mpo a,
mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”
17 Me Nyankopɔn bɛpo wɔn,
efisɛ, wɔanyɛ osetie amma no;
Wobekyinkyin aman no mu.
Chapter 10
1 Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw;
ɔsow aba maa ne ho.
Bere a nʼaba redɔɔso no,
osisii afɔremuka bebree;
nʼasase rekɔ so yɛ yiye no
osiesie nʼabosom dum kronkron no.
2 Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu,
nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe.
Awurade bebubu wɔn afɔremuka,
na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.
3 Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene,
efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade .
Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a,
dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”
4 Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree,
wɔka ntamhunu
na wɔyɛ apam ahorow;
ɛno nti mansotwe sɔresɔre
te sɛ wura a bɔre wɔ mu
a afifi asase a wɔafuntum so so.
5 Nnipa a wɔte Samaria no suro ma
Bet-Awen nantwi ba ohoni no.
Ne nkurɔfo besu.
Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ,
wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no.
Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu.
6 Wɔde no bɛkɔ Asiria,
de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam.
Ebegu Efraim anim ase;
na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho.
7 Samaria na ne hene bɛsen akɔ
te sɛ abaa a ɛtɛn nsu ani.
8 Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.
Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ,
na akata wɔn afɔremuka so.
Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!”
na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”
9 “Efi Gibea bere so, woayɛ bɔne, Israel,
na hɔ na woaka.
Na ɔko rentwiw amfa
amumɔyɛfo a wɔwɔ Gibea no so ana?
10 Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;
aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.
Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.
11 Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no,
a ɔpɛ awiporowbea adwuma,
enti mede konnua
bɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu.
Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan,
ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,
na Yakob nso siesie so.
12 Dua trenee aba ma wo ho,
twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,
siesie wʼasase a womfuntumii so no;
na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade ,
kosi sɛ ɔbɛba
abɛpete trenee agu wo so.
13 Nanso woadua atirimɔden aba,
na woatwa aba bɔne.
Woadi nnaadaa aba.
Efisɛ wode wo ho ato wʼahoɔden
ne wʼakofo bebrebe no so,
14 ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo,
na wʼaban nyinaa bɛsɛe,
sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,
da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no.
15 Saa ara na ɛbɛba wo so, Bet-El,
efisɛ wʼatirimɔdensɛm no dɔɔso.
Sɛ da no du a,
Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.
Chapter 11
Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel
1 “Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no,
na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii.
2 Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no,
saa ara na woguan fii me nkyɛn.
Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni,
na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.
3 Me na migyigyee Efraim taataa,
turuu wɔn wɔ me basa so;
nanso wɔnkae sɛ
me na mesaa wɔn yare.
4 Me de ayamye hama
ne ɔdɔ dii wɔn anim;
miyii konnua no fii wɔn kɔn mu
na mekotow maa wɔn aduan dii.
5 “Wɔbɛsan akɔ Misraim,
na Asiria adi wɔn so,
esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti.
6 Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu
na ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adaban
na wɔn nhyehyɛe to betwa.
7 Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn.
Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo a
meremma wɔn so ɔkwan biara so.
8 “Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim?
Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?
Me koma asakra wɔ me mu;
na mʼahummɔbɔ ahwanyan.
9 Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade,
na merennan me ho nsɛe Efraim bio.
Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa.
Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu.
Meremma wɔ abufuw mu.
10 Wobedi Awurade akyi.
Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.
Na sɛ ɔbobɔ mu a,
ne mma de ahopopo befi atɔe aba.
11 Wɔde ahopopo bɛba
te sɛ nnomaa a wofi Misraim,
te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria.
Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,”
sɛnea Awurade se ni.
Israel Bɔne
12 Efraim de atoro atwa me ho ahyia,
Israelfi nso wɔde nnaadaa.
Yuda abɔ Onyankopɔn so ko
mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no.
Chapter 12
1 Efraim de mframa ayɛ aduan;
odi apuei mframa akyi daa
na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree.
Ɔne Asiria yɛ apam
na ɔde ngo kɔ Misraim.
2 Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda;
ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho
na watua no ne nneyɛe so ka.
3 Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin;
onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.
4 Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim;
ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom.
Ohuu no wɔ Bet-El
ne no kasaa wɔ hɔ.
5 Asafo Awurade Nyankopɔn,
Awurade ne ne din a ahyeta!
6 Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn.
Tena ɔdɔ ne trenee mu,
na twɛn wo Nyankopɔn daa.
7 Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma;
nʼani gye asisi ho.
8 Efraim hoahoa ne ho sɛ,
“Meyɛ ɔdefo; manya me ho.
Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu
amumɔyɛ biara wɔ me ho.”
9 “Mene Awurade wo Nyankopɔn,
a miyii wo fii Misraim.
Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio
sɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no.
10 Mekasa kyerɛɛ adiyifo,
memaa wɔn anisoadehu bebree
na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.”
11 Gilead yɛ otirimɔdenfo ana?
Emu nnipa no yɛ ahuhufo!
Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana?
Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ abo
a wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so.
12 Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so;
Israel som de nyaa ɔyere,
ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa.
13 Awurade nam odiyifo so
yii Israel fii Misraim,
ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.
14 Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw;
nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no so
na obetua nʼanimtiaabu no so ka.
Chapter 13
Awurade Abufuw A Etia Israel1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;
wɔma no so wɔ Israelman mu.
Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.
2 Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara;
wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,
nsɛsode no nyinaa no.
Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ.
Wɔka nnipa yi ho asɛm se,
“Wɔde nnipa bɔ afɔre
na wofew nantwimma ahoni ano.”
3 Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum
sɛ anɔpa bosu a etu yera,
sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea
sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.
4 “Nanso mene Awurade wo Nyankopɔn,
a miyii wo fii Misraim.
Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,
anaa Ogyefo biara sɛ me.
5 Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so,
asase a so yɛ hyew yiye no so.
6 Memaa wɔn aduan no, wodi mee;
wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan;
na wɔn werɛ fii me.
7 Enti mɛtow ahyɛ wɔn so sɛ gyata,
mɛtɛw wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.
8 Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mu
te sɛ sisi bi a wɔawia ne mma.
Mɛwe wɔn te sɛ gyata;
wuram aboa besunsuan wɔn mu.
9 “Wɔasɛe wo, Israel,
efisɛ woasɔre atia me,
me a meyɛ wo boafo.
10 Wo hene wɔ he na wabegye wo?
Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he,
wɔn a wokaa faa wɔn ho se,
‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?
11 Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene,
na mʼanibere mu no, miyii no hɔ.
12 Efraim afɔdi no wɔaboaboa ano
wɔakyerɛw ne bɔne agu hɔ.
13 Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo,
na abofra no nnim nyansa nti;
sɛ bere no du a,
ɔmma awotwaa no ano.
14 “Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu.
Megye wɔn afi owu nsam.
Owu, wo nwowɔe wɔ he?
Asaman, wo sɛe wɔ he?
“Merennya ayamhyehye biara,
15 mpo sɛ ɔyɛ yiye wɔ ne nuanom mu a.
Apuei mframa a efi Awurade hɔ bɛba,
ɛbɛbɔ afi nweatam so;
osu rentɔ asusowbere
na nʼabura bɛyow.
Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛma
nea ɛsom bo no nyinaa.
16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu,
efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn.
Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano;
wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam,
wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”
Chapter 14
Ahonu De Nhyira Ba
1 Israel, san wʼakyi kɔ Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn.
Wʼasehwe fi wo bɔne!
2 Fa wo nsɛm a wowɔ
san kɔ Awurade nkyɛn.
Ka kyerɛ no se,
“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,
na fa ahummɔbɔ gye yɛn,
na yɛatumi ayi wo ayɛ.
3 Asiria rentumi nnye yɛn;
yɛrentena akofo apɔnkɔ so.
Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’
nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,
na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”
4 “Mɛsa wɔn asoɔden yare.
Mefi me koma mu adɔ wɔn,
efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio.
5 Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel.
Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko.
Te sɛ Lebanon sida no,
ɔde ne ntin betim fam;
6 ne mman bɛdennan.
Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua,
na ne hua ayɛ sɛ Lebanon sida.
7 Nnipa bɛtena ne nwini ase bio.
Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow.
Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe,
na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon.
8 Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?
Megye no so na mʼani aku ne ho.
Mete sɛ dua a nʼahaban mpo;
sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.”
9 Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu.
Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase.
Awurade akwan teɛ.
Atreneefo nantew so,
nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu.