Akuapem Twi: Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Kwadwom

Chapter 1

     1 Sɛnea kuropɔn no adan amamfo ni,

         kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma!

     Adɛn nti na wayɛ okunafobea a

         kan no na anka ɔyɛ ɔkɛse wɔ amanaman no mu?

     Nea na ɔyɛ ɔhemmea wɔ amantam no mu no

         abɛyɛ afenaa nnɛ.

 

     2 Osu yayaayaw anadwo,

         nusu sensan nʼafono so.

     Nʼadɔfo nyinaa mu no,

         obiara nni hɔ a ɔkyekyee ne werɛ.

     Ne nnamfonom nyinaa ayi no ama

         Wɔayɛ nʼatamfo.

 

     3 Amanehunu ne adwumaden akyi no,

         Yuda kɔ nnommum mu.

     Ɔte amanaman no mu

         na onni ahomegyebea.

     Wɔn a wɔtaa no nyinaa ato no

         wɔ nʼahokyere mu.

 

     4 Akwan a ɛkɔ Sion no resu,

         efisɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.

     Nʼapon nyinaa adeda mpan,

         na nʼasɔfo si apini,

     ne mmabaa di yaw,

         na ɔwɔ yawdi a mu yɛ den mu.

 

     5 Nʼatamfo abɛyɛ ne wuranom;

         wɔn a wɔne no ayɛ adɔm ho adwo wɔn.

     Awurade ama awerɛhow aba ne so

         nʼamumɔyɛ bebrebe nti.

     Ne mma kɔ nnommum mu.

         Wɔayɛ nneduafo ama ɔtamfo.

 

     6 Anuonyam nyinaa atu

         afi Ɔbabea Sion so kɔ.

     Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforote

         a wonnya adidibea;

     na wɔde mmerɛwyɛ aguan

         wɔ wɔn ataafo anim.

 

     7 Nʼamanehunu ne akyinkyinakyinkyin nna mu no,

         Yerusalem kae ademude nyinaa

         a na ɛwɔ no wɔ nna a atwa mu no mu.

     Ne nkurɔfo kɔtɔɔ ɔtamfo no nsa mu no,

         na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no.

     Nʼatamfo de wɔn ani hwɛɛ no

         na wɔserew ne sɛe.

 

     8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛse

         enti ne ho agu fi.

     Wɔn a wodi no ni no sopa no,

         efisɛ wɔahu nʼadagyaw;

     ɔno ankasa gu ahome

         na ɔdan nʼani.

 

     9 Nʼafideyɛ atu aka ne ntade mu;

         wannwene ne daakye ho.

     Nʼasehwe yɛ nwonwa;

         obiara ankyekye ne werɛ.

     “ Awurade , hwɛ mʼamanehunu,

         efisɛ ɔtamfo adi nkonim.”

 

     10 Ɔtamfo no de ne nsa too

         nʼademude nyinaa so;

     ohuu sɛ amanaman

         rehyɛn ne kronkronbea hɔ,

     nnipa a woabra sɛ

         wɔnnhyɛn wʼasafo mu no.

 

     11 Ne nkurɔfo nyinaa si apini

         bere a wɔrehwehwɛ aduan;

     wɔde wɔn ademude sesa aduan

         de nya ahoɔden.

     “Awurade, hwɛ na dwene me ho,

         efisɛ wobu me animtiaa.”

 

     12 “Ɛmfa mo ho ana, mo a mutwa mu wɔ hɔ nyinaa?

         Monhwɛ na munhu.

     Ɔyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me de

         a wɔma ɛbaa me so yi,

     nea Awurade de baa me so

         wɔ nʼabufuwhyew da no ana?

 

     13 “Ɔsomaa ogya fii ɔsoro,

         ma ɛbaa me nnompe mu.

     Osum afiri maa mʼanan

         na ɔsan me kɔɔ mʼakyi.

     Ɔyɛɛ me pasaa,

         metɔɔ beraw da mu nyinaa.

 

     14 “Woakyekyere me bɔne ahyɛ konnua mu;

         ɔde ne nsa nwen bɔɔ mu.

     Wɔde asɛn me kɔn mu

         na Awurade atwe mʼahoɔden.

     Ɔde me ahyɛ wɔn a

         merentumi nnyina wɔn anim no nsa.

 

     15 “Awurade apo

         akofo a wɔwɔ me ntam nyinaa;

     wafrɛ asraafo atia me

         sɛ wɔmmɛdwerɛw me mmerante.

     Awurade atiatia Ɔbabea Ɔbabun Yuda so

         wɔ ne nsakyiamoa mu.

 

     16 “Eyinom nti na misu

         na nusu aguare me.

     Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ,

         nea ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ.

     Me mma agyigya

         efisɛ ɔtamfo no adi nkonim.”

 

     17 Sion trɛw ne nsa mu

         nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ.

     Awurade ahyɛ ama Yakob se

         ne mfɛfo bɛyɛ nʼatamfo;

     Yerusalem abɛyɛ

         afide wɔ wɔn mu.

 

     18 Awurade yɛ ɔtreneeni,

         nanso manni nʼahyɛde so.

     Muntie, mo amanaman nyinaa

         monhwɛ me yaw.

     Me mmerante ne mmabaa

         kɔ nnommum mu.

 

     19 “Mefrɛɛ mʼadɔfo

         nanso woyii me mae.

     Mʼasɔfo ne me mpanyimfo

         ase tɔree wɔ kuropɔn no mu,

     bere a wɔrehwehwɛ aduan adi

         na wɔanwuwu.

 

     20 “Awurade, hwɛ me mmɔbɔ!

         Meredi yaw wɔ me mu,

     na me koma mu nso minni ahotɔ,

         efisɛ mayɛ otuatewfo kɛse.

     Afoa hyɛ me awerɛhow wɔ abɔnten so;

         ofie nso yɛ owu nko ara.

 

     21 “Nnipa ate mʼapinisi,

         nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.

     Mʼatamfo nyinaa ate mʼamanehunu

         wɔn ani gye nea woayɛ no ho.

     Ma nna a woahyɛ no mmra

         sɛnea wɔbɛyɛ sɛ me.

 

     22 “Fa wɔn atirimɔdensɛm nyinaa si wʼanim;

         na wo ne wɔn nni

     sɛnea wo ne me adi;

         esiane mʼamumɔyɛ no nti.

     Mʼapinisi dɔɔso

         na me koma abotow.”

 

 

Chapter 2

     1 Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkum

         akata Ɔbabea Sion so ni?

     Watow Israel anuonyam

         afi ɔsoro abɛhwe fam;

     wankae ne nan ntiaso

         wɔ nʼabufuw da no.

 

     2 Awurade annya ahummɔbɔ

         na wamene Yakob atenae nyinaa;

     nʼabufuwhyew mu, wadwiriw

         Yuda Babea abandennen no agu fam.

     Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma

         ho fi.

 

     3 Ɔde abufuwhyew atwitwa

         Israel mmɛn nyinaa.

     Wayi ne bammɔ

         wɔ bere a atamfo no reba.

     Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa

         a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.

 

     4 Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo;

         ne nsa nifa ayɛ krado.

     Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum

         wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa;

     wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya

         agu Ɔbabea Sion ntamadan so.

 

     5 Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo;

         wamene Israel.

     Wamene nʼahemfi nyinaa

         asɛe nʼabandennen.

     Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso

         ama Yuda Babea.

 

     6 Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo;

         wasɛe nʼaguabɔbea.

     Awurade ama Sion werɛ afi

         nʼafahyɛ ne homenna;

     nʼabufuwhyew mu no

         wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.

 

     7 Awurade apo nʼafɔremuka

         na wagyaa ne kronkronbea mu.

     Ɔde nʼahemfi afasu

         ahyɛ nʼatamfo nsa.

     Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi

         te sɛ afahyɛ da.

 

     8 Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe

         Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no.

     Ɔde susuhama too ho

         na wannyae ɔsɛe no.

     Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo;

         wɔn nyinaa sɛee.

 

     9 Nʼapon amem fam;

         wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.

     Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu,

         mmara nni hɔ bio,

     na nʼadiyifo nnya anisoadehu a

         efi Awurade hɔ bio.

 

     10 Ɔbabea Sion mpanyimfo

         tete fam ayɛ komm;

     wɔde mfutuma agu wɔn tirim

         afurafura atweaatam.

     Yerusalem mmabaa

         asisi wɔn ti ase.

 

     11 Mʼani rentumi nnyae nisutew,

         me yafunu mu retwa me,

     me koma retew atɔ fam,

         efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo,

     efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti

         wɔ kuropɔn no mmɔnten so.

 

     12 Wobisa wɔn nanom se,

         “Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?”

     Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo

         wɔ kuropɔn no mmɔnten so,

     bere a wɔn nkwa resa

         wɔ wɔn nanom abasa so.

 

     13 Asɛm bɛn na metumi aka ama wo?

         Dɛn ho na metumi de wo atoto,

     Ɔbabea Yerusalem?

         Dɛn na metumi de asusuw wo,

     de akyekye wo werɛ,

         Sion Babea Ɔbabun?

     Wʼapirakuru so sɛ po.

         Hena na obetumi asa wo yare?

 

     14 Wʼadiyifo anisoadehu

         yɛ atoro a so nni mfaso;

     wɔanna mo amumɔyɛ adi

         ansiw mo nnommumfa ano.

     Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no

         yɛ atoro ne nnaadaa.

 

     15 Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa

         bobɔ wɔn nsam gu wo so;

     wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti

         gu Yerusalem Babea so ka se,

     “Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no

         ahoɔfɛ a edi mu no?

         Asase nyinaa anigyede no ni?”

 

     16 Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom

         tɛtrɛɛ tia wo;

     wɔserew na wɔtwɛre wɔn se

         na wɔka se, “Yɛamene no.

     Da a na yɛretwɛn no ni;

         Yɛatena ase ahu.”

 

     17 Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe;

         wama nʼasɛm a

     ɔhyɛɛ dedaada no aba mu.

     Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ,

         wama ɔtamfo no ani agye

         wama wʼatamfo no mmɛn so.

 

     18 Nnipa no koma

         su frɛ Awurade .

     Ɔbabea Sion afasu,

         momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten

         awia ne anadwo;

     munnye mo ahome

         momma mo ani nso nnya ɔhome.

 

     19 Sɔre, su dennen anadwo,

         ɔdasu mu mfiase;

     hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu

         gu Awurade anim.

     Ma wo nsa so kyerɛ no

         wo mma nkwa nti,

     wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw

         wɔ mmɔnten so.

 

     20 “Hwɛ na dwene ho, Awurade:

         Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn?

     Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana,

         mma a wɔahwɛ wɔn?

     Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo

         wɔ Awurade kronkronbea ana?

 

     21 “Mmofra ne mpanyin da adabum

         wɔ mmɔnten so mfutuma mu so,

     me mmerante ne mmabaa

         atotɔ wɔ afoa ano.

     Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda;

         woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.

 

     22 “Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no,

         saa ara na wofrɛfrɛɛ

         amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me.

     Awurade abufuw da no,

         obiara anguan na anka obiara:

     wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no,

         me tamfo adwerɛw wɔn.”

 

 

Chapter 3

     1 Mene ɔbarima a mahu amane

         wɔ nʼabufuw abaa ano.

     2 Wapam me afi ne ho ama manantew

         sum mu na ɛnyɛ hann mu;

     3 Ampa ara wama nsa so atia me

         mpɛn bebree, da mu nyinaa.

 

     4 Wama me were ne me nam anyin

         Na wabubu me nnompe.

     5 Waka me ahyɛ mu, na watua me ano

         ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.

     6 Wama matena sum mu

         sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.

 

     7 Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;

         wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.

     8 Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a

         osiw me mpaebɔ ano.

     9 Ɔde abotan asiw me kwan;

         wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

 

     10 Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,

         te sɛ gyata a watɛw,

     11 ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me

         na ogyaw me a minni mmoa biara.

     12 Okuntun ne ta mu

         na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.

 

     13 Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu

         hwirew me koma mu.

     14 Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa;

         wɔto akutia nnwom

         de di me ho fɛw da mu nyinaa.

     15 Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma.

         Wama me bɔnwoma anom.

 

     16 Ɔde mmosea abubu me se;

         na watiatia me so wɔ mfutuma mu.

     17 Wɔama asomdwoe abɔ me;

         na me werɛ afi yiyedi.

     18 Enti mise, “Mʼanuonyam asa,

         nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”

 

     19 Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu,

         nweenwen ne bɔnwoma mu.

     20 Mekae yiye,

         na me kra abotow wɔ me mu.

     21 Nanso midwen eyi ho;

         saa nti mewɔ anidaso.

 

     22 Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ.

         Nʼayamhyehye nni huammɔ.

     23 Ɛyɛ foforo anɔpa biara;

         wo nokwaredi yɛ kɛse.

     24 Meka kyerɛ me ho se,

         “ Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”

 

     25 Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu,

         onipa a ɔhwehwɛ no no;

     26 Eye sɛ wɔyɛ komm

         de twɛn Awurade nkwagye.

     27 Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua no

         wɔ ne mmerantebere mu.

 

     28 Ma ɔntena ase komm,

         efisɛ Awurade de ato ne so.

     29 Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu,

         ebia anidaso wɔ hɔ.

     30 Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no no

         na ɔnhyɛ no aniwu.

 

     31 Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.

     32 Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye.

         Ne dɔ kɛse no to rentwa da.

     33 Ofi amemenemfe mu de amanehunu

         anaa awerɛhow brɛ nnipa mma.

 

     34 Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛw

         nneduafo a wɔwɔ asase no so a,

     35 sɛ wotiatia obi ahofadi so

         wɔ Ɔsorosoroni no anim a,

     36 anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a,

         Awurade renhu saa nneɛma yi ana?

 

     37 Hena na obetumi aka na wama aba mu

         wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?

     38 Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom

         na mmusu ne nnepa fi ana?

     39 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwii

         bere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?

 

     40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,

         na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.

     41 Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so,

         nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:

     42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua

         na wamfa ankyɛ.

 

     43 “Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn;

         na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.

     44 Wode wo ho asie omununkum mu

         nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.

     45 Woayɛ yɛn atantanne ne nwura

         wɔ amanaman no mu.

 

     46 “Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ

         de tia yɛn.

     47 Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease,

         mmubui ne ɔsɛe.”

 

     48 Me nusu sen sɛ asuten

         efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.

 

     49 Me nusu bɛsen ara,

         na ɛrennyae,

     50 kosi sɛ Awurade bɛhwɛ

         afi ɔsoro, na wahu.

     51 Nea mihu no ma me kra werɛ how,

         me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.

 

     52 Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee

         pampam me sɛ anomaa.

 

     53 Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa so

         na wosiw me abo wɔ amoa mu;

     54 nsu bu faa me ti so,

         na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.

 

     55 Mebɔɔ wo din, Awurade

         fii amoa no ase tɔnn.

     56 Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼaso

         wɔ me gye sufrɛ ho.”

     57 Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no,

         na wokae se, “Nsuro.”

 

     58 Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;

         na wugyee me nkwa.

     59 Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade .

         Di mʼasɛm ma me!

     60 Woahu wɔn aweretɔ no mu den,

         wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.

 

     61 Awurade , woate wɔn ntwirii,

         wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,

     62 nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo

         de tia me da mu nyinaa.

     63 Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ,

     wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.

 

     64 Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade ,

         nea wɔn nsa ayɛ nti.

     65 Pirim wɔn koma,

         na ma wo nnome mmra wɔn so.

     66 Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn

         fi Awurade ɔsorosoro ase.

 

 

Chapter 4

     1 Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni

         Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa!

     Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete

         wɔ abɔnten biara so.

 

     2 Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu

         na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ,

     mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku,

         ɔnwemfo nsa ano adwuma!

 

     3 Mpo adompo yi wɔn nufu

         ma wɔn mma num,

     nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo

         sɛ sohori a ɔwɔ sare so.

 

     4 Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma

         fam ne dodo mu;

     mmofra no srɛ aduan,

         nanso obiara mfa mma wɔn.

 

     5 Wɔn a na anka wodi nnuan pa no

         ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so.

     Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no

         mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.

 

     6 Me nkurɔfo asotwe

         so sen Sodom a

     wotuu wɔn mpofirim no,

         a wɔannya ɔboafo biara de.

 

     7 Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma,

         na wɔnan sen nufusu,

     na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,

         na wɔte sɛ hoabo.

 

     8 Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ;

         na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so.

     Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so;

         ho awo wosee sɛ abaa.

 

     9 Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa

         sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn;

     ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu,

         esiane aduan a enni mfuw so nti.

 

     10 Mmea a wɔwɔ ayamhyehye

         de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,

     ayɛ wɔn aduan,

         bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.

 

     11 Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi;

         wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no.

     Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion

         ma ɛhyew ne fapem.

 

     12 Asase so ahemfo annye anni,

         wiase mu nnipa nso annye anni

     sɛ atamfo betumi ahyɛn

         Yerusalem apon mu.

 

     13 Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne

         ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti,

     wɔn na wohwiee atreneefo mogya

         guu wɔ kuropɔn no mu.

 

     14 Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so

         te sɛ nnipa a wɔn ani afura.

     Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti

         obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.

 

     15 Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!”

         “Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”

     Sɛ woguan kɔnenam a

         amanaman no mu nnipa ka se,

         “Wɔrentumi ntena ha bio.”

 

     16 Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;

         nʼani nni wɔn so bio.

     Wɔmmfa nidi mma asɔfo,

         na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.

 

     17 Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,

         yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;

     yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too

         ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

 

     18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu,

         enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so.

     Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna,

         efisɛ na yɛn awiei adu so.

 

     19 Yɛn ataafo ho yɛ hare

         sen akɔre a wɔwɔ wim;

     wɔtaa yɛn faa mmepɔw so

         na wɔtɛw yɛn wɔ sare so.

 

     20 Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no,

         kɔtɔɔ wɔn mfiri mu.

     Yegye dii sɛ ne nwini ase,

         yebenya nkwa wɔ amanaman no mu.

 

     21 Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea,

         wo a wote Us asase so.

     Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;

         wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.

 

     22 Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei;

         ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu.

     Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka

         na wada wʼamumɔyɛ adi.

 

 

Chapter 5

     1 Awurade , kae nea aba yɛn so;

         hwɛ, na hu yɛn animguase.

     2 Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho,

         wɔde yɛn afi ama ananafo.

     3 Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom,

         yɛn nanom yɛ akunafo.

     4 Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom;

         yebenya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.

     5 Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;

         Yɛabrɛ na yennya ahomegye.

     6 Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria

         sɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn.

     7 Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio,

         na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.

     8 Nkoa di yɛn so,

         na obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.

     9 Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan,

         afoa a ɛwɔ sare so no nti.

     10 Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.

         Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn.

     11 Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion,

         ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so.

     12 Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;

         wɔmmfa nidi mma mpanyimfo.

     13 Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so;

         na mmerantewa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.

     14 Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio;

         mmerante agyae wɔn nnwonto.

     15 Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu;

         yɛn asaw adan agyaadwotwa.

     16 Ahenkyɛw afi yɛn ti so.

         Yɛn ara, yennue sɛ yɛayɛ bɔne!

     17 Eyi nti yɛn koma atɔ beraw,

         eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu

     18 wɔ Sion bepɔw a ada mpan

         na sakraman nenam so no nti.

 

     19 Wo, Awurade , di hene afebɔɔ;

         wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.

     20 Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi?

         Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi?

     21 Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade , na yɛatumi asan aba wo nkyɛn;

         yɛ yɛn nna foforo sɛ tete no

     22 gye sɛ woapo yɛn koraa

         anaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.