Akuapem Twi: Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Yoɛl

Odiyifo

Nhoma

Chapter 1

1 Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.

Mmoadabi San Tue

     2 Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo;

         muntie, mo a mote asase no so nyinaa.

     Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere so

         anaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?

     3 Monka nkyerɛ mo mma,

         na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma

         na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.

     4 Nea mmoadabikuw no gyawee no,

         mmoadabi akɛse no awe;

     nea mmoadabi akɛse no gyawee no,

         mmoadabi nkumaa no awe;

     nea mmoadabi nkumaa no gyawee no,

         mmoadabi afoforo awe.

     5 Mo asabowfo, munnyan, na munsu!

         Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo;

     muntwa adwo, nsa foforo no nti,

         efisɛ wɔahuam afi mo ano.

     6 Ɔman bi atu mʼasase so sa;

         dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn;

     wɔn se te sɛ gyata se

         na wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo.

     7 Wasɛe me bobe

         ne me borɔdɔma nnua.

     Wawaawae nnua no ho bona,

         atow agu

         agyaw ne mman ho fitaa.

 

     8 Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatam

         na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu.

     9 Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde,

         wɔayi afi Awurade fi.

     Asɔfo no retwa adwo,

         wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.

     10 Mfuw asɛe,

         asase no so awo wosee

     aduan no asɛe

         nsa foforo no ayow

         ngo nyinaa asa.

     11 Mo ani nwu, mo akuafo,

         muntwa adwo, mo a mudua bobe;

     Munsi apini mma awi ne atoko,

         efisɛ otwabere no asɛe.

     12 Bobe no akisa

         na borɔdɔma nnua no awuwu.

     Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne

         nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew.

     Nokware, anigye a nnipa wɔ no

         atu ayera.

     13 Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo;

         mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo.

     Mumfura atweaatam mmesi pɛ,

         mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim;

     efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde no

         to atwa wɔ Onyankopɔn fi.

     14 Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru;

         momfrɛ nhyiamu kronkron.

     Momfrɛ mpanyimfo

         ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa

     mmra Awurade mo Nyankopɔn fi

         na wommesu mfrɛ Awurade .

 

     15 A, da no de!

         Awurade da no abɛn;

         Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ.

     16 So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua,

         anigye ne ahosɛpɛw to atwa

         wɔ yɛn Nyankopɔn fi ana?

     17 Aba no wu wɔ asase wosee mu,

         adekoradan abubu,

     aburowpata nso so nni mfaso,

         efisɛ nnuan no ahyew.

     18 Sɛnea anantwi su!

         na anantwikuw kyinkyin kwa.

     Nguankuw mpo rebrɛ

         efisɛ wonni didibea.

     19 Awurade , wo na misu frɛ wo,

         efisɛ ogya ahyew sare so adidibea,

         na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa.

     20 Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.

         Nsuwansuwa ayoyow,

         na ogya ahyew sare so adidibea.

Chapter 2

Mmoadabi Dɔm

     1 Hyɛn torobɛnto no wɔ Sion;

         hyɛn abɛn no wɔ me bepɔw kronkron no so.

     Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,

         efisɛ Awurade da no reba,

         na abɛn koraa.

     2 Sum ne kusukuukuu da. [1]Amos 5.18; Sef 1.15

         Omununkum ne sum kabii da.

     Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw wɔ mmepɔw so no,

         saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te.

     Wonhuu wɔn sɛso bi da,

         na wɔrenhu ne sɛso nso da.

 

     3 Ogya rehyew wɔ wɔn anim,

         ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi,

     asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,

         nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam,

         hwee nguan wɔn.

     4 Wɔte sɛ apɔnkɔ.

         Wohuruhuruw te sɛ apɔnkɔsotefo asraafo.

     5 Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam

         na wotu fa mmepɔw atifi,

     wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee

         wɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

 

     6 Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn;

         na wɔn anim hoa.

     7 Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofo;

         wɔforo afasu te sɛ asraafo

     na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee,

         na wɔmman benkum anaa nifa.

     8 Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu;

         obiara nantew kɔ nʼanim tee.

     Wobu fa abandennen so,

         na wɔpem kɔ wɔn anim ara.

     9 Wɔtow hyɛ kuropɔn no so

         wotu mmirika fa afasu no so

     wɔforo kɔ afi mu,

         wɔfa mfɛnsere mu te sɛ akorɔmfo.

 

     10 Asase wosow wɔ wɔn anim,

         na ɔsoro hinhim.

     Owia ne ɔsram duru sum,

         na nsoromma nhyerɛn bio.

     11 Awurade bobɔ mu

         de di nʼasraafo no anim.

     Nʼakofo no dɔɔso bebree,

         ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so.

     Awurade da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu;

         hena na obetumi agyina ano?

Ahonu

     12 “Na afei,” sɛnea Awurade se ni,

         “San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn,

         wɔ akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu.”

 

     13 Sunsuan wo koma

         na ɛnyɛ wo ntade mu.

     San bra Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn,

         efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye.

     Ne bo kyɛ fuw na ne dɔ boro so,

         na ɛnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.

     14 Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ

         na wagyaw nhyira,

     a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde

         a mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.

 

     15 Hyɛn torobɛnto wɔ Sion!

         Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru,

     momfrɛ nhyiamu kronkron.

     16 Mommoaboa nnipa no ano

         montew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;

     mommoaboa mpanyimfo,

         mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano.

         Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra.

     17 Asɔfo a wɔsom wɔ Awurade anim no,

         nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam;

     na wɔnka se, “ Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn.

         Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade

         anaa fɛwdi wɔ aman no mu.

     Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se,

         ‘Wɔn Nyame no wɔ he?’ ”

Awurade Mmuae

     18 Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho

         na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.

     19 Awurade bebua se,

         “Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo,

     a ɛbɛso mo ama moamee pintinn.

         Merenyɛ mo ahohorade

         mma aman no bio.

 

     20 “Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,

         mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so.

     Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu,

         na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu.

     Na afunu no bɛbɔn

         na ne nka betu.”

 

     Nokware wayɛ nneɛma akɛse!

         21 Munnsuro, me nkurɔfo!

         Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho.

     Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.

         22 Munnsuro, mo wuram mmoa!

         Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm.

     Nnua no resow wɔn aba;

         borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba.

     23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma,

         Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu,

     efisɛ watɔ asusowsu ama mo,

         ne nokwaredi nti.

     Watɔ osu bebree ama mo

         wɔ ne bere mu te sɛ kan no.

     24 Aduan bɛyɛ awiporowbea hɔ ma,

         nsa foforo ne ngo bebu so wɔ kyi amoa mu.

 

     25 “Mɛhyɛ mo anan mu,

         nea mohweree

         mfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma,

     mmoadabi akɛse ne nkumaa,

         ne wɔn a aka no nyinaa,

         me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.

     26 Mubedidi amee,

         na mubeyi Awurade mo Nyankopɔn din ayɛ.

     Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo;

         me nkurɔfo ani renwu bio.

     27 Afei, mubehu sɛ, mewɔ Israel,

         mubehu sɛ mene Awurade , mo Nyankopɔn,

     na obiara nni hɔ sɛ me;

         Me nkurɔfo ani renwu bio da.”

Awurade Da

     28 “Na akyiri no,

         mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so,

     mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,

         mo nkwakoraa bɛsoso adae,

     mo mmerante benya anisoadehu.

     29 Saa mmere no mu no,

         mehwie me Honhom agu

     mʼasomfo so, mmarima ne mmea.

     30 Mɛyɛ anwonwade wɔ ɔsoro ne asase so,

         mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn.

     31 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.

     32 Na obiara a ɔbɔ Awurade din no,

         wobegye no nkwa.

     Efisɛ nkwagye bɛba

         ama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu

         a Awurade afrɛ wɔn

         wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,”

     sɛnea Awurade aka no.


2:2 [1] Sum…da. Sum yɛ daa daa adiyisɛm a wɔka fa Awurade da no ho. ( ).

Chapter 3

Aman No Atemmu

     1 “Saa nna no mu,

         mede Yuda ne Yerusalem ahonyade bɛsan aba.

     2 Mɛboa aman nyinaa ano,

         na mede wɔn aba Yehosafat bon mu.

     Ɛhɔ na mebu wɔn atɛn

         wɔ nea wɔyɛɛ mʼagyapade, a ɛyɛ Israelfo ho,

     efisɛ wɔbɔɔ me nkurɔfo hwetee aman so,

         na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.

     3 Wɔbɔɔ me nkurɔfo so ntonto,

         Wɔtɔn mmerantewa de mu sika bɔɔ aguaman.

     Wɔtɔn mmeawa nso de gyee nsa,

         a wɔbɛnom.

4 “Dɛn na mowɔ tia me, Tiro ne Sidon ne mo Filisti amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so were ana? Sɛ saa na ɛte de a, monhwɛ yiye. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. 5 Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu. 6 Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafo [1] sɛnea ɛbɛyɛ a, wobefi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7 “Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka. 8 Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade , na makasa.

     9 Mompae mu nka eyi wɔ aman so:

         Munsiesie mo ho mma ɔko!

     Monkanyan asraafo!

         Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko.

     10 Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa,

         na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw.

     Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se,

         “mewɔ ahoɔden!”

     11 Monyɛ ntɛm mmra,

         mo amanaman a moatwa ahyia,

     mommɛboa mo ho ano wɔ hɔ.

 

     Fa wʼakofo bra, Awurade !

 

     12 “Wɔnkanyan aman no;

         wontu nteɛ nkɔ Yehosafat bon no mu,

     efisɛ ɛhɔ na mɛtena

         na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.

     13 Munhwim kantankrankyi no,

         efisɛ otwabere no adu so.

     Mommra, muntiatia bobe no so,

         efisɛ nsakyiamoa no ayɛ ma

     na ahina no ayɛ ma abu so.

         Saa ara na wɔn amumɔyɛ dɔɔso!”

 

     14 Nnipadɔm, nnipadɔm

         wɔ gyinaesi subon no mu!

     Awurade da no abɛn

         wɔ gyinaesi subon no mu.

     15 Owia ne ɔsram beduru sum,

         na nsoromma renhyerɛn bio.

     16 Awurade bɛbobɔ mu afi Sion,

         ne nne gyegyeegye afi Yerusalem,

         asase ne ɔsoro bɛwosow.

     Nanso Awurade bɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo,

         ɔbɛyɛ abandennen ama Israelfo.

Onyankopɔn Nkurɔfo Nhyira

     17 “Afei mubehu sɛ, me Awurade , mo Nyankopɔn,

         mete Sion, me bepɔw kronkron so.

     Yerusalem bɛyɛ kronkron;

         na ananafo rentu wɔn so sa bio.

 

     18 “Saa da no, nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no mu,

         na nufusu ateɛ wɔ nkoko so;

     Nsu bɛba Yuda nsuwansuwa mu,

         na asuti betue afi Awurade fi,

         na agugu akasia subon no so nsu.

     19 Nanso Misraim bɛdan amamfo,

         na Edom nso bɛyɛ nweatam,

     esiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda nti.

         Ɛhɔ na wohwiee mogya a enni fɔ gui.

     20 Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ

         na Yerusalem de, wɔbɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.

     21 So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana?

         Mɛtɔ kɛ.” Awurade te Sion!


3:6 [1] Helafo ne Foenikefo dii gua fi afe 800 AWA.