Akuapem Twi: Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Sefania

Odiyifo

Nhoma

Chapter 1

1 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so.

Atemmu A Etia Yuda

     2 “Mɛpra biribiara afi asase so”

         nea Awurade se ni,

     3 “Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;

         mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim

     ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa.

         Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara,

     sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,”

         nea Awurade se ni.

     4 “Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda

         ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;

     na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,

         na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din

     5 wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi,

         de sɔre abɔde a ɛwɔ wim,

     wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntam

         na wɔde Molek nso ka ntam,

     6 wɔn nso a wogyae Awurade akyidi

         na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.”

 

     7 Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,

         efisɛ, Awurade da no abɛn.

     Awurade asiesie afɔrebɔde;

         wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

 

     8 Awurade afɔrebɔ da no,

         mɛtwe mmapɔmma

         ne ahenemma

     ne wɔn a wɔhyehyɛ

         ananafo ntade nyinaa aso.

     9 Saa da no mɛtwe wɔn

         a wɔkwati apongua no nyinaa aso.

     Wɔn a wɔde akakabensɛm

         ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no.

 

     10 “Saa da no,”

         sɛnea Awurade se ni,

     “Osu befi Mpataa Pon ano,

         agyaadwotwa befi Atenae Foforo

         na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba.

     11 Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no

         wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase,

         dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

     12 Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu

         na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso,

         wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no,

     a wodwen se, ‘ Awurade renyɛ hwee

         sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’

     13 Wɔbɛfom wɔn ahonyade,

         na wɔabubu wɔn afi agu.

     Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu

         wɔbɛyɛ bobe mfuw

         nanso wɔrennom mu nsa.”

Awurade Da Kɛse No

     14 Awurade da kɛse no abɛn,

         abɛn na ɛreba ntɛm so.

     Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw,

         ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara.

     15 Saa da no bɛyɛ abufuw da,

         ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da;

             ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da,

         ɛyɛ esum ne kusukuukuu da

             ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da,

         16 ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu

     a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ

         ne ntwɔtwɔw so abantenten da.

 

     17 “Mede awerɛhow bɛba nnipa no so

         na wɔbɛnantew sɛ anifuraefo,

         efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade .

     Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma,

         na wɔn ayamde nso sɛ atantanne.

     18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ

         rentumi nnye wɔn nkwa

     wɔ Awurade abufuw da no.”

 

         Ne ninkutwe mu gya no

     bɛhyew ɔman no nyinaa,

         na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa

         aba awiei mpofirim.

Chapter 2

     1 Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,

         mo, animguaseman,

     2 ansa na bere a wɔahyɛ no adu,

         na da no resen te sɛ ntɛtɛ,

     ansa na Awurade abufuwhyew no

         aba mo so,

     ansa na Awurade abufuw da no

         aba mo so.

     3 Monhwehwɛ Awurade , ahobrɛasefo a mowɔ asase so,

         mo a moyɛ nʼahyɛde.

     Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase;

         ebia ɔbɛkora mo so

         Awurade abufuw da no.

Atemmu A Etia Filistia

     4 Wobegyaw Gasa

         na wɔagyaw Askelon sɛ amamfo.

     Owigyinae na wɔbɛma Asdod ada mpa mu

         na wɔatutu Ekron ase.

     5 Munnue, mo a mote mpoano,

         mo Keretifo;

     Awurade asɛm tia mo.

         Kanaan, Filistifo asase.

     Mɛtɔre mo ase,

         na obiara renka.

     6 Asase a ɛda mpoano, faako a Keretifo te

         bɛyɛ atenae ama nguanhwɛfo

         ne wɔn nguannan.

     7 Saa asase no bɛyɛ Yudafi nkae no de;

         ɛhɔ na wobenya mmoa adidibea.

     Anwummere, wɔbɛdeda wɔ

         Askelon afi mu.

     Na Awurade , wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn,

         na ɔde wɔn ahonyade nyinaa bɛsan ama wɔn.

Atemmu A Etia Moab Ne Amon

     8 “Mate Moab nsopa ne

         Amonfo atweetwee;

     wɔn a wɔsopaa me nkurɔfo

         na wohunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

     9 Enti sɛ mete ase yi,”

         sɛnea Asafo Awurade ,

         Israel Nyankopɔn, se ni,

     “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,

         na Amonfo ayɛ sɛ Gomora,

     faako a nwura ne nkyene amoa wɔ,

         bɛyɛ asase a ɛda mpan afebɔɔ.

     Me man nkae bɛfow wɔn afa;

         me manfo a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛfa wɔn asase.”

 

     10 Wɔn ahantan so akatua a wobenya ni,

         sɛ wɔyeyaw na wodi Asafo Awurade nkurɔfo ho fɛw nti.

     11 Awurade ho suro bɛba wɔn so

         bere a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.

     Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,

         wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

Atemmu A Etia Kus

     12 “Mo Etiopiafo nso,

         mʼafoa ano na wobekunkum mo.”

Atemmu A Etia Asiria

     13 Awurade bɛteɛ ne nsa wɔ atifi aman so

         na wasɛe Asiria,

     na wama Ninewe ada mpan koraa

         na so awo wosee sɛ nwea pradada so.

     14 Nguankuw ne anantwi bɛdeda hɔ,

         mmoadoma nyinaa.

     Sare so patu ne abonsamnoma

         bɛtena nʼadum no so.

         Wɔn su begyigye afa mfɛnsere mu,

     nnwiriwii besisiw apon ano akwan,

         mpuran a wɔde sida ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

     15 Eyi ne kuropɔn a edi ahurusi

         na ɛte asomdwoe mu.

     Ɔhoahoaa ne ho se,

         “Me ne no, obiara nte sɛ me.”

     Hwɛ sɛnea atetew apansam,

         na ayɛ nkekammoa atenae!

     Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no,

         him ne nsa fɛwdi so.

Chapter 3

Yerusalem Daakye

     1 Nnome nka nhyɛsofo kuropɔn

         atuatew kuropɔn a ho agu fi!

     2 Ɔnyɛ osetie mma obiara

         onnye nteɛso biara nto mu.

     Ɔmfa ne ho nto Awurade so.

         Ontwiw mmɛn ne Nyankopɔn.

     3 Nʼakannifo yɛ gyata a wɔbobɔ mu,

         ne sodifo yɛ mpataku a wɔnam anadwo,

     a wonnya biribiara mma adekyee.

     4 Ne nkɔmhyɛfo yɛ ahantan;

         wɔyɛ afatwafo.

     Nʼasɔfo gu kronkronbea ho fi.

         Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.

     5 Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni;

         ɔnyɛ mfomso biara.

     Adekyee biara, ɔda ne trenee adi,

         na onni huammɔ da,

         nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu.

     6 “Masɛe amanaman;

         madwiriw wɔn abandennen agu.

     Wɔn mmorɔn so adeda mpan,

         a obiara ntwa mu hɔ.

     Wɔasɛe wɔn nkuropɔn;

         a obiara renka.

     7 Meka kyerɛɛ kuropɔn no se,

         ‘ampa ara wubesuro me

     na woagye nteɛso ato mu!’

     Na afei ne tenabea rensɛe,

         na mʼasotwe biara nso remma no so.

     Nanso wɔn ho peree wɔn

         sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu.

     8 Enti twɛn me,” sɛnea Awurade se ni,

         “na da no mɛsɔre adi adanse.

     Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman

         ne ahenni ano

     na mahwie mʼabufuw agu wɔn so

         mʼabufuwhyew nyinaa.

     Me ninkutwe abufuw gya mu no,

         asase nyinaa bɛhyew.

 

     9 “Afei medwira nnipa no ano,

         na wɔn nyinaa abɔ Awurade din

         na wɔaka abɔ mu asom no.

     10 Mʼasomfo, me nkurɔfo a wɔabɔ ahwete no

         befi nsubɔnten a ɛwɔ Kus nohɔ

         de wɔn afɔrebɔde abrɛ me.

     11 Saa da no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase

         wɔ nneyɛe bɔne a woayɛ atia me ho,

     efisɛ meyi afi saa kuropɔn yi mu,

         wɔn a wodi ahantan mu ahurusi,

     na worenyɛ ahantan bio

         wɔ me bepɔw kronkron no so.

     12 Nanso megyaw wɔ wo mu

         wɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,

         na wɔde wɔn ho to Awurade so no.

     13 Wɔrenyɛ bɔne biara;

         wɔrenka nkontomposɛm,

     na wɔn ano renka nnaadaasɛm

         wobedidi na wɔada,

         na obiara renyi wɔn hu.”

 

     14 To dwom, Ɔbabea Sion;

         teɛ mu dennen, Israel!

     Ma wʼani nnye, na di ahurusi wɔ wo koma nyinaa mu,

         Ɔbabea Yerusalem!

     15 Efisɛ Awurade ayi wʼasotwe afi wo so,

         wama wo tamfo asan nʼakyi.

     Awurade , Israelhene ka wo ho;

         worensuro ɔhaw biara bio.

     16 Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se,

         “Nsuro, Sion!

         Mma wo nsa mu ngow.

     17 Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ,

         Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo.

     Nʼani begye wo ho

         ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio,

         ɔde nnwonto bedi wo ho anigye.”

 

     18 “Meyi wɔn a wodi awerɛhow

         wɔ wʼafahyɛnna ahorow a woahwere;

         a ayɛ adesoa ne animguase ama wo no ho.

     19 Saa bere no me ne wɔn

         a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bedi.

     Megye mmerɛwyɛfo

         na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.

     Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn anuonyam

         asase biara a woguu wɔn anim ase wɔ so no so.

     20 Saa bere no, mɛboaboa mo ano;

         saa bere no, mede mo bɛba fie.

     Mɛhyɛ wo anuonyam na makamfo mo

         wɔ asase so nnipa nyinaa mu

     bere a mede mo ahonyade bɛsan ama wo

         na mode mo ani behu no,”

         sɛnea Awurade se ni.