Akuapem Twi: Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™

Updated ? hours ago # views See on DCS

Nahum

Odiyifo

Nhoma

Chapter 1

1 Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.

Awurade Abufuw A Etia Ninewe

     2 Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn,

         Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma.

     Awurade tɔ nʼatamfo so were,

         na nʼabufuw tena wɔn so.

     3 Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so,

         na ɔtwe ɔfɔdifo aso.

     Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu,

         omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma.

     4 Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow;

         ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow.

     Basan ne Karmel twintwam,

         na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa.

     5 Mmepɔw wosow biribiri nʼanim

         na nkoko nan.

     Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa

         wosow nʼanim.

     6 Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano?

         Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu?

     Nʼabufuw hwie te sɛ ogya;

         abotan yam wɔ nʼanim.

     7 Awurade ye,

         ɔyɛ ahohia mu guankɔbea.

     Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.

         8 Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so

     bɛma Ninewe aba awiei.

         Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.

 

     9 Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,

         ɔbɛsɛe no;

         ɔhaw biara remma nto so mprenu.

     10 Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho,

         na bere a wɔn nsa abow wɔn no

         wɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano.

     11 Ninewe, wo mu na

         nea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awurade

     na otu fo bɔne no fi.

     12 Nea Awurade se ni:

         “Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de,

     nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.

         Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so,

         nanso merenyɛ saa bio.

     13 Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn mu

         na matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”

 

     14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:

         “Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so.

     Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu

         a esisi wʼabosonnan mu no.

     Mesiesie wo da

         efisɛ woadan ayɛ atantanne.”

 

     15 Hwɛ mmepɔw no so,

         nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn

         ɔno na ɔka asomdwoesɛm!

     Yuda di wʼafahyɛ na

         di wɔ bɔhyɛ so.

     Nnipabɔne rentu wo so sa bio;

         Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

Chapter 2

Ninewe Asehwe

     1 Ɔtamfo reba wo so, Ninewe

         bɔ aban no ho ban,

     wɛn ɔkwan no,

         bɔ wo ho so

     na boa wʼahoɔden nyinaa ano!

 

     2 Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama no

         te sɛ Israel de no,

     ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpan

         na wɔasɛe ne bobe mfuw.

 

     3 Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ;

         akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade.

     Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no

         twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no;

         mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.

     4 Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so,

         na wodi akɔneaba.

     Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw;

         wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.

 

     5 Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu,

         nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu.

     Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho;

         na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.

     6 Wobuebue asubɔnten apon no,

         na ahemfi no dwiriw gu fam.

     7 Wɔhyɛ mmaraden sɛ

         wɔmfa kuropɔn no nnommum

     na wɔmfa wɔn nkɔ.

         Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so

         su te sɛ mmorɔnoma.

     8 Ninewe te sɛ ɔtare a

         mu nsu resen kɔ.

     Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!”

         Nanso, obiara ansan nʼakyi.

     9 Momfom dwetɛ no!

         Momfom sikakɔkɔɔ no!

     Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa!

         Na ahonyade no dɔɔso.

     10 Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa!

         Koma botow, na nkotodwe wosowosow,

         nnipa ho popo na wɔn anim hoa.

 

     11 Mprempren he na gyata buw no wɔ,

         faako a wɔma wɔn mma aduan no,

     faako a gyatanini ne gyatabere kɔe

         na wɔn mma nso kɔ a wonsuro?

     12 Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma.

         Wabobɔ hanam ama gyatabere no.

     Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon ma

         na ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.

     13 “Me ne wo nka,”

         sɛnea Asafo Awurade se ni,

     “Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiw

         na afoa bekunkum wo gyatamma.

     Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so.

         Wɔrente wʼasomafo no nne bio.”

Chapter 3

Ninewe Nnome

     1 Nnome nka mogya kuropɔn

         a atoro ne korɔn ahyɛ no ma

         na amanehunufo mpa mu da!

     2 Apɔnkɔkafo abaa regyigye,

         nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi

     Apɔnkɔ rehuruhuruw

         ne nteaseɛnam redankyidankyi.

     3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim;

         afoa twa yerɛw yerɛw,

         na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw.

     Atɔfo bebree,

         awufo a bi deda bi so,

     afunu a wontumi nkan wɔn dodow

         a nnipa tiatia so.

     4 Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ,

         ntafowayifo no nnaadaa dodow no.

     Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanaman

         na ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa.

     5 “Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni,

         “Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro.

     Mɛma amanaman ahu wʼadagyaw

         na ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase.

     6 Mede fi bɛsra wo ho,

         mebu wo animtiaa

         na mama nnipa ahwɛ wo.

     7 Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se,

         ‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’

         Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?”

 

     8 Wuye sen Tebes a

         ɛda Asubɔnten Nil ho a

         nsu atwa ne ho ahyia ana?

     Asubɔnten bɔ ne ho ban

         na nsu yɛ ne fasu.

     9 Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wontumi nkan wɔn.

         Put ne Libia ka nʼadomfo ho.

     10 Nanso wɔfaa no nnommum

         twaa no asu.

     Wɔtow ne nkokoaa hwehwee fam

         ma wɔtetee wɔ mmɔnten so.

     Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto,

         na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.

     11 Wo nso wobɛbow

         Na wubehintaw wo ho

         de akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn.

 

     12 Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua

         a asow aba foforo:

     sɛ wɔwosow a

         aba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi.

     13 Hwɛ wʼakofo

         wɔn nyinaa yɛ mmea!

     Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo;

         ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.

 

     14 Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no.

         Yere wo bammɔ mu!

     Wɔw dɔte no

         na siesie ntayaa a wɔato no!

     15 Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo;

         afoa betwa wo ahwe fam,

     wobedi wo nam sɛ mmoadabikuw.

         Monnɔ sɛ tɛwtɛw,

         mo ase mfɛe sɛ mmoadabi!

     16 Woama wʼaguadifo adɔɔso,

         wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma,

     nanso wɔte sɛ mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwa

         na afei wotu kɔ.

     17 Wʼawɛmfo te sɛ mmoadabi.

         Wʼadwumayɛfo te sɛ mmoadabi akuw

         a wɔsensam ban ho awɔw da.

     Nanso sɛ owia pue a wotu kɔ,

         na obi nnim faako a wɔkɔ.

 

     18 Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko.

         Wʼanuonyamfo deda hɔ rehome.

     Wo nkurɔfo abɔ apete wɔ mmepɔw no so

         a wonni anoboaboafo.

     19 Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no;

         wo kuru no bekum wo.

     Obiara a ɔte wo nka no

         bɔ ne nsam wɔ wʼasehwe ho,

     Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛm

         no bi nkaa no da?